Onyankopɔn a Wotumi De Ho To Ne So a Mesom No
Sɛnea Kimon Progakis ka kyerɛe
Ná ɛyɛ anwummere bi a awɔw wom kɛse wɔ 1955 mu. Me ne me yere Giannoula fii ase hawee efisɛ na yɛn babarima George a wadi mfe 18 no mfii n’adwumayɛdan mu mmae. Mpofirim ara, polisini bi bɔɔ yɛn pon. Ɔkae sɛ: “Kar bi abɔ mo babarima no bere a na ɔte ne baesekre so reba fie no, na wawu.” Afei opinkyɛn yɛn kaa no brɛoo sɛ: “Wɔbɛka akyerɛ mo sɛ ɛyɛ akwanhyia, nanso munnye me nni, wɔboapa na wokum no.” Ná hɔnom asɔfo no ne asraafo aboafo akannifo bi apam ne ti so sɛ wobekum no.
WƆ SAA mfe no mu, bere a na Greece retetew ne ho afi basabasayɛ ne amanehunu ho no, na ɛyɛ hu sɛ obi bɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako. Ná minim tumi a Greek Ortɔdɔks Asɔre no ne ahyehyɛde ahorow a wɔboa asraafo wɔ no dedaw efisɛ na mede bɛboro mfe 15 ayɛ emuni a ɔbɔ mmɔden. Ma menka nsɛm a ɛmaa saa awerɛhosɛm yi sii yɛn abusua mu bɛboro mfe 40 a atwam no nkyerɛ wo.
Minyin Wɔ Greece
Wɔwoo me 1902 mu wɔ abusua bi a wodi yiye a ɛwɔ akuraa ketewa bi a ɛbɛn Chalcis kurow a ɛwɔ Greece no ase mu. Ná me papa yɛ obi a ɔbɔ mmɔden wɔ hɔnom amammuisɛm mu, na na yɛn abusua no yɛ Greek Ortɔdɔks Asɔre no mufo a wɔyɛ nsi. Mebɛyɛɛ obi a n’ani gye amammui ne nyamesom nhoma kenkan ho sen biara bere a na me man mufo dodow no ara nnim akyerɛw ne akenkan no.
Ohia ne atɛnkyea a na ɛkɔ so wɔ afeha a ɛto so 20 no mfiase no ma mepɛe sɛ minya wiase bi a tebea pa wom. Ná misusuw sɛ, ɛsɛ sɛ nyamesom tumi ma mpɔntu ba me manfo awerɛhow tebea no mu. Esiane sɛ na m’ani gye nyamesom ho nti, m’akuraa ase hɔ mpanyimfo kyerɛe sɛ memmɛyɛ Greek Ortɔdɔks Asɔre no sɔfo wɔ yɛn mpɔtam hɔ. Nanso, ɛmfa ho sɛ na makɔsra nkokorafi pii ne asɔfo mpanyin ne nkokorafo abɔ nkɔmmɔ pii no, na mete nka sɛ menyɛɛ ahoboa anaa minni ɔpɛ sɛ megye asɛyɛde a ɛte saa atom.
Wɔ Ɔmanko Mu
Mfe bi akyi wɔ April 1941 mu no, Nasifo kɔfaa Greece dii so. Eyi maa awerɛhow bere a na awudi, ɔkɔm, ahokyere, ne nnipa amanehunu a ɛso nni wom bae. Akofofo kuw bi sɔree, na mede me ho hyɛɛ akofofo akuw a wɔko tiaa Nasi ntuafo no biako mu. Enti, wɔde gya too me fi mu mpɛn pii, na wɔtow me tuo, na wɔsɛee me nnɔbae. Wɔ 1943 mfiase no, na me ne m’abusua nni hwee yɛ sɛ yebeguan akɔ mmepɔw a ɛso mmonkyimmɔnka so. Yɛtraa hɔ kosii sɛ tumi a Germanfo dii no baa awiei wɔ October 1944 mu.
Amammui mu basabasayɛ ne ɔmanko baa ɔman no mu bere a Germanfo no kɔe akyi no. Akofofo kuw a wɔko tia wɔn a na meyɛ muni no bɛyɛɛ asraafo dɔm atitiriw wɔ ɔmanko no biako mu. Ɛwom sɛ na m’ani gye Kɔmunist amammui adwene a ɛne atɛntrenee, pɛpɛɛpɛyɛ, ne ayɔnkofa ho de, nanso awiei no, nea eyi kyerɛ ankasa no maa m’abam bui koraa. Esiane sɛ na mewɔ gyinabea a ɛkorɔn wɔ kuw no mu nti, midii kan hui sɛ tumi taa ma nnipa abrabɔ sɛe. Ɛmfa ho sɛ ɛda adi sɛ wɔwɔ nsusuwii ne adwempa no, pɛsɛmenkominya ne sintɔ sɛe amammui nsusuwii biara a ɛkyɛn so.
Nea ɛmaa me ho dwiriw me titiriw ne sɛ wɔ ɔmanko afã nyinaa mu, na Ortɔdɔks asɔfo no fa atuo de kunkum wɔn ankasa som mufo! Mibisaa me ho sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na saa asɔfo yi atumi aka sɛ wogyina Yesu Kristo a ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu” no ananmu?’—Mateo 26:52.
Wɔ ɔmanko no mu wɔ 1946 mu no, na makohintaw wɔ Lamia kurow a ɛwɔ Greece mfinimfini fam no mu. Ná me ntade nyinaa atetew, enti misii gyinae sɛ mɛsesa me ho na makɔ ɔdepamfo bi nkyɛn wɔ kurow no mu ma wapam foforo ama me. Bere a miduu hɔ no, na akyinnye bi a emu yɛ den rekɔ so, na mekasae ntɛm ara faa nea na m’ani gye ho paa, ɔsom ho, na ɛnyɛ amammuisɛm ho. Bere a wɔn a wɔrehwɛ yɛn no huu m’adwenkyerɛ a egyina nimdeɛ so no, wɔkyerɛe sɛ me ne ‘nyamekyerɛ ho ɔbenfo’ bi nkɔkasa. Wɔkɔfrɛɛ no bae ntɛm ara.
Mihu Nokware Anidaso Bi
Wɔ nkɔmmɔ a yɛbɔe no mu no, “ɔbenfo” no bisaa me dekode a me gyidi horow no gyina so. Mibuae sɛ: “Agyanom Akronkronfo ne Asɔre Nkabom Bagua no.” Sɛ́ anka ɔbɛka sɛ ɛnyɛ nokware no, obuee Mateo 23:9, 10 wɔ ne Bible ketewa bi mu na ɔkae sɛ menkenkan Yesu nsɛm no: “Mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no. Nanso wɔmmfrɛ mo akyerɛkyerɛfo; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, ɔne Kristo no.”
Ɛno buee m’ani! Mihui sɛ ɔbarima yi reka nokware. Bere a ɔdaa ne ho adi sɛ Yehowa Adansefo mu biako no, mesrɛɛ no sɛ ɔmma me nhoma bi nkenkan. Ɔde Light nhoma a na ɛyɛ Bible mu Adiyisɛm nhoma no nkyerɛkyerɛmu no brɛɛ me, na mede kɔɔ baabi a makohintaw no. Ná mmoa a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm mu no ayɛ ahintasɛm ama me bere tenten, nanso afei de, mihui sɛ eyinom gyina hɔ ma amammui ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ wɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu no. Mifii ase tee ase sɛ Bible no kyerɛ sɛ biribi pa wɔ hɔ ma yɛn mmere yi, ne sɛ ɛsɛ sɛ misua na mesakra m’asetra ma ɛne nokware no hyia.
Wɔkyeree Me De Me Too Afiase
Ɛno akyi bere tiaa bi no, asraafo baa baabi a mahintaw no mpofirim bɛkyeree me. Wɔde me too asase ase afiase dan bi mu. Esiane sɛ bɛyɛ bere bi no, na meyɛ omumɔyɛfo a wɔrehwehwɛ me akyere me nti, mehwɛɛ kwan sɛ wobekum me. Wɔ afiase hɔ no, Ɔdansefo no a odii kan ne me kasae no bɛsraa me. Ɔhyɛɛ me nkuran sɛ memfa me ho nto Yehowa so koraa, na meyɛɛ saa. Wotwaa me asu asram asia kɔɔ Ikaria supɔw a ɛwɔ Aegean no so.
Miduu hɔ ara pɛ no, manna me ho adi sɛ Kɔmunistni, na mmom, sɛ Yehowa Ɔdansefo. Ná wɔatwa afoforo a wɔasua Bible mu nokware no nso asu aba hɔ, enti mehwehwɛɛ wɔn, na yesuaa Bible no boom daa. Wɔboaa me maa minyaa Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ pii ne yɛn Nyankopɔn, Yehowa, a wotumi de ho to ne so no ho ntease pa.
Bere a m’afiase nna no baa awiei wɔ 1947 mu no, wɔmaa mekɔɔ aban mmaranimfo no adwumayɛbea. Ɔka kyerɛɛ me sɛ me nneyɛe sɔ n’ani na ɔkae sɛ sɛ ɛba sɛ wɔsan twa me asu a, metumi abɔ ne din sɛ obi a obetumi akyerɛ sɛnea m’abrabɔ te. Bere a miduu Athens, baabi a na m’abusua atu akɔtra saa bere no, mifii ase de me ho bɔɔ Yehowa Adansefo asafo bi, na ankyɛ na wɔbɔɔ me asu de yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.
Wɔbɔ Me Sobo sɛ Mema Nkurɔfo Sakra Wɔn Som
Ná Greecefo agyina mmara a wɔhyɛɛ wɔ 1938 ne 1939 mu a na ɛbara obi a wɔsakra no kɔ ɔsom foforo mu no so de Yehowa Adansefo akɔ asɛnnibea mfe du du pii. Enti, efi 1938 kosi 1992 no, wɔkyeree Adansefo 19,147 wɔ Greece, na sɛ wɔkeka ne nyinaa bom a, asɛnnibea ahorow no de wɔn guu afiase mfe 753, na wotwaa mu 593 ankasa. Wɔkyeree m’ankasa bɛboro mpɛn 40 sɛ meka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, na ne nyinaa mu no, midii asram 27 wɔ afiase ahorow mu.
Ɔkyere no biako fi krataa bi a mekyerɛw kɔmaa Greek Ortɔdɔks sɔfo bi a ɔwɔ Chalcis no. Wɔ 1955 no, wɔhyɛɛ Yehowa Adansefo asafo ahorow no nkuran sɛ wɔmfa Christendom or Christianity—Which One Is “the Light of the World”? nhomawa no nkɔma asɔfo nyinaa. Asɔfo no mu biako a ne dibea korɔn a mekyerɛw no no samanee me sɛ meresakra no akɔ me som mu. Wɔ asɛnni no mu no, mmaranimfo a na ɔyɛ Ɔdansefo no ne hɔnom mmaranimfo no nyinaa de ahokokwaw twitwa gyee me, na wɔkyerɛkyerɛɛ ahyɛde a nokware Kristofo wɔ sɛ wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no mu.—Mateo 24:14.
Asɛnnibea temmufo no a odii asɛm no bisaa ɔsɔfo kumaa no sɛ: “Wokenkan krataa no ne nhomawa no?”
Ɔde ahoɔden buae sɛ: “Dabi, metetew mu tow gui bere a metew nhoma kotoku no ano ara pɛ no!”
Ɔtemmufo a ɔredi asɛm no bisae sɛ: “Ɛnde ɔkwan bɛn so na wubetumi aka sɛ na saa barima yi resakra wo akɔ ne som mu?”
Nea edi hɔ no, yɛn mmaranimfo no de abenfo ne afoforo a wɔde nhoma pii hyehyɛ ɔman nhomakorabea no yɛɛ nhwɛso. Obisae sɛ: “Wobɛka sɛ na saa nkurɔfo no rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra afoforo akɔ wɔn som mu?”
Ɛda adi pefee sɛ, na dwumadi a ɛte saa no nyɛ afoforo a wɔsakra wɔn kɔ ɔsom foforo mu. Medaa Yehowa ase bere a wobuaa asɛm no sɛ: “Onni fɔ” no.
Me Babarima no Wu
Mpɛn pii no, Ortɔdɔks asɔfo no ma wɔkɔɔ so haw me babarima George nso. Wɔkyeree ɔno nso mpɛn pii esiane nsi a na ɔde ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa sɛ aberante no nti. Awiei koraa no, asɔretiafo sii gyinae sɛ wobekum no, na bere koro no ara no, wɔahunahuna yɛn nyinaa ma yɛagyae asɛnka no.
Polisini a ɔbaa yɛn fie hɔ bɛbɔɔ George wu ho amanneɛ no kae sɛ hɔnom Greek Ortɔdɔks sɔfo no ne asraafo aboafo akannifo bi apam yɛn ba no ti so akum no. Ná “akwanhyia” a ɛtete saa no abu so wɔ saa mmere a na emu yɛ hu no mu. Ɛmfa ho sɛ ne wu no maa yedii awerɛhow, ɛmaa si a na yɛasi yɛn bo sɛ yɛde ɔhyew bɛyɛ asɛnka adwuma no na yɛde yɛn ho ato Yehowa so koraa no mu yɛɛ den mmom.
Afoforo a Yɛboa Wɔn Ma Wonya Yehowa Mu Ahotoso
Wɔ 1960 mfe no ntam hɔ no, na me ne me yere ne yɛn mma no kodi ahohuru bere mu asram no wɔ Skala Oropos akuraa a ɛda mpoano a efi Athens kɔ hɔ bɛyɛ kilomita 50 no ase. Saa bere no, na Ɔdansefo biara nni hɔ, enti na yedi hɔfo no bɔnnɔ so adanse. Hɔnom akuafo no bi yɛɛ ho biribi ɔkwampa so. Esiane sɛ na mmarima no de da no mu nnɔnhwerew pii yɛ wɔn afuw mu adwuma nti, na anadwo na yɛne wɔn yɛ Bible adesua, na wɔn mu bi bɛyɛɛ Adansefo.
Bere a yehui sɛ Yehowa rehyira yɛn mmɔdenbɔ so no, yɛde bɛyɛ mfe 15 tuu kwan kɔɔ hɔ dapɛn biara, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne anigyefo bɛyɛ Bible adesua. Ɛkame ayɛ sɛ nnipa 30 a na yɛne wɔn sua ade no anya nkɔanim ma wɔabɔ wɔn asu. Mfiase no, wɔhyehyɛɛ adesua kuw bi, na wɔma mehwɛɛ nhyiam horow no so. Akyiri yi, kuw no bɛyɛɛ asafo, na nnɛ, Adansefo bɛboro ɔha a wofi saa beae no na wɔbom yɛ Malakasa Asafo no. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ nnipa a yɛboaa wɔn no mu baanan resom sɛ bere nyinaa asomfo seesei.
Agyapade a Ɛsom Bo
Mihyiraa me ho so maa Yehowa bere tiaa bi akyi no, me yere fii ase nyaa honhom fam nkɔso na wɔbɔɔ no asu. Wɔ ɔtaa bere a na emu yɛ den mu no, ne gyidi kɔɔ so yɛɛ den na ogyinaa pintinn a wanhinhim wɔ ne mudi mu kura mu. Wannwiinwii wɔ amanehunu pii a ohyiae esiane afiase a na wɔtaa de me to no nti.
Wɔ mfe no mu no, yɛyɛɛ Bible adesua pii boom, na ɔnam akwantiaa a ɛyɛ anigye a ɔfa so no so boaa nnipa pii wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Seesei, ɔwɔ nnipa pii a ɔma wɔn Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma daa.
Esiane me yere a ɔwɔ ɔdɔ no mmoa titiriw nti, yɛn mma baasa a wɔte ase ne wɔn mmusua, a yɛn mmanana baasia ne nanakansoa baanan ka ho, no nyinaa reka wɔn ho denneennen wɔ Yehowa som mu. Ɛwom sɛ wonhyiaa ɔtaa ne ɔsɔretia a emu yɛ den a me ne me yere hyiae no bi de, nanso wɔde wɔn ho ato Yehowa so koraa, na wɔkɔ so nantew n’akwan so. Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ ama yɛn nyinaa sɛ yɛne yɛn dɔfo George behyiam bio bere a ɔsan ba wɔ owusɔre no mu no!
Masi Me Bo sɛ Mede Me Ho Bɛto Yehowa So
Wɔ mfe yi nyinaa mu no, mahu sɛ Yehowa honhom redi dwuma wɔ ne nkurɔfo so. N’ahyehyɛde a ne honhom kyerɛ no kwan no aboa me ma mahu sɛ yɛrentumi mfa yɛn ho nto nnipa mmɔdenbɔ so. Wɔn bɔhyɛ ahorow a ɛne sɛ wɔde daakye pa bɛba no yɛ nea mfaso nni so, na ɛyɛ atorodi kɛse kɛkɛ.—Dw. 146:3, 4.
Ɛmfa ho sɛ me mfe akɔ anim na minni ahoɔden koraa no, mede m’ani asi nokware a Ahenni anidaso no yɛ no so. Nokwarem no, manu me ho wɔ mfe a mede asom wɔ atoro som mu ne mmɔden a mebɔe sɛ mɛfa amammuisɛm so de tebea pa aba no ho. Sɛ mɛsan akofi m’asetra ase a, anka akyinnye biara nni ho sɛ mesi gyinae bio sɛ mɛsom Yehowa, Onyankopɔn a wotumi de ho to ne so no.
(Nnansa yi ara na Kimon Progakis wui. Ná ɔwɔ asase so anidaso.)
[Kratafa 26 mfonini]
Mfonini a Kimon ne ne yere Giannoula twae nnansa yi ara.