Minyaa Nokware Ahonyade wɔ Australia
NÁ ƐYƐ April 1971. Ná masan aba Greece foforo rebɛsra m’abusua bere a makodi mfe ason wɔ Australia no. Ná ɛyɛ anwummere, na na mete didipon ho komm wɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Karies abɔnten so adidibea bi bere a ɛhɔ sɔfo ne kurow no sohwɛfo bae bɛtraa ase ne me dii nhwɛanim. Ná ɛda adi pefee sɛ wɔpɛ sɛ wɔne me ham.
Bere a wɔankyia me mpo no, ɔsɔfo no bɔɔ me sobo sɛ sikapɛ ara nti na mituu kwan kɔɔ Australia. Sɛ meka sɛ me ho annwiriw me a, na meboa. Miyii ano brɛoo sɛnea metumi sɛ bere a na mete Australia no, mitumi nyaa agyapade a ɛsom bo koraa sen sika.
Me mmuae no maa ne ho dwiriw no, nanso ɔpɛe sɛ ohu nea na mekyerɛ no. Mibuae sɛ nneɛma a masua no mu biako ne Onyankopɔn din. Mehwɛɛ n’anim ka kyerɛɛ no pen sɛ: “Na eyi ne ade a wubuu w’ani guu so sɛ wobɛkyerɛ me.” Ansa na ɔbɛka biribi no, mibisaa no sɛ, “Mesrɛ wo, wobetumi akyerɛ me Onyankopɔn din a Yesu kaa ho asɛm bere a ɔkyerɛɛ yɛn mpaebɔ wɔ mpaebɔ nhwɛso no mu sɛ: ‘Wo din ho ntew’ no?”—Mateo 6:9.
Anobaabae no ho asɛm trɛw kɔɔ akuraa no abɔnten so ntɛmntɛm, na simma du pɛ mu no na nnipa bɛyɛ 200 atwa ahyia hɔ. Ɔsɔfo no ho fii ase yeraw no. Wanyi m’asemmisa a ɛfa Onyankopɔn din ho no ano, na wantumi amma mmuae papa biara wɔ Bible nsemmisa foforo a mibisabisaa no no hɔ. Kɔ a ɔkɔɔ so frɛɛ adidibea hɔ somfo no sɛ ɔmmrɛ no ouzo a ɛyɛ Greecefo mmosa bi pii no daa adi sɛ na n’ani awu.
Nnɔnhwerew abien a ɛyɛ anika twaam. Me papa bɛhwehwɛɛ me, nanso bere a ohuu nea na ɛrekɔ so no ɔkɔtraa baabi komm hwɛɛ yɛn. Nkɔmmɔbɔ no kɔɔ so ara kosii anadwo 11:30, bere a ɔbarima bi a waboro nsã fii ase teɛteɛɛm abufuw so. Ɔyɛɛ saa no meka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ esiane sɛ ade asã nti, wɔmma yɛnkɔ fie.
Dɛn na ɛde anobaabae yi bae? Dɛn nti na ɔsɔfo ne kurow no sohwɛfo no pɛe sɛ wɔne me ham? Sɛnea minyinii wɔ Greece man no fã ha ho asɛm kakra a mɛka no bɛboa wo ma woate ase.
Me Mmofraberem Ahokyere
Wɔwoo me wɔ Karies a ɛwɔ Peloponnisos December 1940. Ná yedi hia buruburoo, na bere a na menkɔ sukuu no, na me ne me Maame yɛ adwuma fi anɔpa kosi anwummere wɔ ɛmofuw mu, a na migyina nsu a ɛka me kotodwe mu. Bere a miwiee mfitiase sukuu a na madi mfe 13 no, m’awofo yɛɛ nhyehyɛe maa mikosuaa adwuma. Nea ɛbɛyɛ na wɔatete me ma mabɛyɛ dorobɛn dwumfo ne mfɛnsere hyehyɛfo no, m’awofo maa m’adwumawura no awi kilogram 500 ne anwa kilogram 20 a na ne bo reyɛ ayɛ wɔn afe biako akatua.
Ná adwumasuani asetra—bere a matu afi fie akɔtra akyirikyiri a metaa yɛ adwuma fi ahemadakye kosi ɔdasum—no yɛ den yiye. Ɛtɔ da bi a na mepɛ sɛ mesan kɔ fie, nanso na mintumi nyɛ m’awofo saa. Ná wɔafi wɔn pɛ mu abɔ afɔre a ɛte sɛɛ ama me. Enti manka me haw horow ho asɛm ankyerɛ wɔn da. Mekae wɔ me tirim sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ woyere wo ho, ɛmfa ho sɛnea ɛbɛyɛ den afã.’
Mfe no mu no, na mitumi kɔsra m’awofo bere ne bere mu, na awiei koraa no miwiee m’adwumasua no bere a na madi mfe 18. Afei misii gyinae sɛ mɛkɔ Athens, a ɛyɛ ɔman no ahenkuro, baabi a na adwuma hwehwɛ nyɛ den. Minyaa adwuma wɔ hɔ na megyee ɔdan bi tuaa ho ka. Sɛ mepɔn adwuma daa a, na meba fie bɛnoa m’aduan, siesie ɔdan no mu, na afei mede bere kakra a mewɔ no sua Engiresi, German, ne Italian kasa.
Ɔbrasɛe ho nkɔmmɔ a na mmofra foforo bɔ ne wɔn nneyɛe no haw me, enti mekwatii wɔn fekubɔ. Nanso eyi maa metee ankonamyɛ nka. Bere a midii mfe 21 no, wɔhwehwɛe sɛ mikosua asraadi, na mekɔɔ so suaa kasa horow no. Afei wɔ March 1964, bere a mifii asraadi mu no, mitu kɔɔ Australia, na metraa Melbourne.
Nyamesom a Mehwehwɛ wɔ Asase Foforo So
Ankyɛ na minyaa adwuma, na mihyiaa Greeceni bi a wɔfrɛ no Alexandra a watu abɛtra hɔ, na mikoduu hɔ asram asia akyi no, yɛwaree. Mfe pii akyi, wɔ 1969 mu no, ɔbea bi a ne mfe akɔ anim a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako baa yɛn fie bɛmaa yɛn Ɔwɛn-Aban ne Nyan! M’ani gyee nsɛmma nhoma no ho, enti mede siei ka kyerɛɛ me yere sɛ ɔnnto nngu. Afe akyi, Adansefo baanu foforo bae ne me bɛyɛɛ ofie Bible adesua a wontua hwee ho nhyehyɛe. Mepenee so, na nea misua fii Kyerɛwnsɛm no mu ne nea na merehwehwɛ ma adi nka a na mete sɛ m’asetra yɛ hunu no ho dwuma.
Bere a me fipamfo hui sɛ mene Adansefo no resua ade pɛ na ɔkyerɛɛ me Evangelistfo sɛ wɔn asɔre no na eye. Ɛno nti me ne Evangelist Asɔre no panyin nso suaa ade. Ankyɛ na mifii ase kɔɔ Evangelistfo ne Adansefo no nhyiam horow, efisɛ na masi me bo sɛ mɛhwehwɛ nokware som.
Saa bere no ara, esiane sɛ wɔtetee me sɛ Greeceni nti, mifii ase hwehwɛɛ Ortodɔks som no mu kɔɔ akyiri. Da bi mekɔɔ Greecefo Ortodɔks asɔre ahorow abiɛsa mu. Bere a mekyerɛkyerɛɛ me nsrahwɛ no atirimpɔw mu wɔ asɔre a edi kan no mu no, ɔsɔfo no kyerɛɛ me ɔpon no ano kwan brɛoo sɛ mimfi adi. Bere a ɔyɛɛ saa no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ me sɛ yɛyɛ Asɔre a agye ntini wɔ Greece no mufo, na enti ɛyɛ mfomso sɛ mede me ho bɛbɔ Adansefo anaa Evangelistfo no.
Ne nneyɛe no maa me ho dwiriw me, nanso misusuwii sɛ: ‘Ebia na saa sɔfo yi ankasa na ɔnyɛ asɔre no nanmusifo papa.’ Nea ɛyɛɛ me nwonwa no, ɔsɔfo a ɔwɔ asɔre a ɛto so abien no mu no nso yɛɛ saa ara. Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, nyamekyerɛfo bi yɛ Bible adesua wɔ n’asɔre no mu Memeneda anwummere biara. Mekɔɔ asɔre a ɛto so abiɛsa mu kɔyɛɛ nhwehwɛmu, na m’abam bui.
Nanso, misii gyinae sɛ mɛkɔ Bible adesua a wɔyɛ wɔ asɔre a ɛto so abien no mu no bi, na mekɔɔ hɔ Memeneda a edi hɔ no. M’ani gyee Bible mu nhoma a ɛne Asomafo no Nnwuma a wɔkenkan ma midii akyi no ho. Bere a wɔkenkanee ɔfã a ɛfa sɛnea Kornelio kotow Petro anim no, nyamekyerɛni no ma yegyaee akenkan na ɔkaee sɛ Petro yɛɛ no yiye sɛ ɔpow Kornelio ɔsom adeyɛ no. (Asomafo no Nnwuma 10:24-26) Ɛhɔ no memaa me nsa so kae sɛ mewɔ asemmisa.
“Aha, dɛn na wopɛ sɛ wuhu?”
“Wiɛ, sɛ ɔsomafo Petro powee sɛ ɔbɛma wɔasom no a, dɛn nti na yɛwɔ n’ahoni na yɛsom no?”
Ɛhɔ yɛɛ dinn anibu pii mu. Afei ɛyɛɛ sɛnea wɔato ɔtopae bi. Ne bo fuwii, na ɔteɛteɛɛm sɛ, “Ehe na wufi?” Yɛgyee akyinnye denneennen nnɔnhwerew abien a na nteɛteɛm pii ka ho. Awiei koraa no, merefi hɔ no, wɔmaa me nhoma bi sɛ memfa nkɔ fie.
Bere a mibuee mu no, nsɛm a edi kan a mekanee ne sɛ: “Yɛyɛ Greecefo, yɛn som no ahwie mogya agu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkora yɛn atetesɛm so.” Ná minim sɛ Onyankopɔn nni hɔ mma Greecefo nkutoo, enti migyaee Greecefo Ortodɔks Asɔre no ntɛm ara. Efi saa bere no me ne Adansefo no nkutoo na ɛkɔɔ so yɛɛ Bible adesua. Mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne wɔ April 1970 mu, na wɔbɔɔ me yere asu asram asia akyi.
Me ne Akuraa Sɔfo Nkitahodi
Ɛde rekɔ saa afe no awiei no, m’akuraa a ɛwɔ Greece no sɔfo kyerɛw me krataa a na ɔrebisa me sika de asiesie akuraa no asɔredan. Sɛ́ anka mede sika bɛmena no no, mede nhoma Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, kaa krataa a mede kyerɛkyerɛ mu sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako na afei na migye di sɛ mahu nokware no ho. Bere a ne nsa kaa me krataa no, ɔkaa no asɔredan mu sɛ obi a watu akɔtra Australia atew atua.
Ɛno akyi no, ɛnanom a wɔn mmabarima atu akɔtra Australia kɔɔ so bisaa ɔsɔfo no sɛ ebia ɛyɛ wɔn babarima anaa. Me maame kɔɔ ne fie mpo kɔsrɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ no. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ yaw, ɛyɛ wo babarima no.” Akyiri yi Maame ka kyerɛɛ me sɛ okum no a anka ɔpɛ sen sɛ ɔkaa me ho asɛm a ɛte saa kyerɛɛ no.
Mesan Kɔ Greece
Wɔ yɛn asubɔ akyi no, me ne me yere pɛe sɛ yɛsan kɔ Greece na yɛkɔka nneɛma pa a yɛasua afi Bible mu no kyerɛ yɛn mmusua ne nnamfonom. Enti wɔ April 1971 mu yɛne yɛn babea a na wadi mfe anum, Dimitria san kodii akwamma a ɛware, na yɛtraa Kiparissia a efi m’akuraa Karies kɔ hɔ yɛ kilomita 30 no mu. Na yɛn tekit a yebɛsan de aforo wimhyɛn akɔ Australia no yɛ nea edi mũ wɔ asram asia a yedii no.
Da a ɛto so abien anadwo no, Maame fii ase sui na ɔde nusu ka kyerɛɛ me sɛ mafa ɔkwammɔne so, na magu abusua no din ho fĩ. Ɔde nusu paa me kyɛw sɛ mensan mfi me “kwammɔne” no so. Afei ade tɔɔ ne so wɔ me nsam. Da a edi hɔ no, mebɔɔ mmɔden sɛ me ne no besusuw nsɛm ho, na mekyerɛkyerɛɛ no mu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ofi ɔdɔ mu akyerɛkyerɛ yɛn ne ho ade fi yɛn mmofraase no ho nimdeɛ a ɛkɔ akyiri na manya. Da a edi hɔ anwummere no na me ne akuraa hɔ sɔfo ne ɛsohwɛfo no dii anobaabae a me werɛ mfi da no.
Ná me nuabarimanom nkumaa baanu a wɔte Athens no aba yɛn kurom rebedi Easter. Wɔn baanu twee wɔn ho fii me ho te sɛ nea meyare kwata. Nanso, da bi, baanu no mu panyin fii ase tiee me. Bere a yɛde nnɔnhwerew pii bɔɔ nkɔmmɔ no, ɔkae sɛ ogye biribiara a mafi Bible mu akyerɛ no no di. Efi saa da no rekɔ no, ogyinaa m’akyi kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu wɔ abusuafo nkae no anim.
Ɛno akyi no na metaa kɔ Athens kɔtra me nuabarima no nkyɛn. Sɛ mekɔ hɔ bere biara a, na ɔto nsa frɛ mmusua afoforo ma wobetie asɛmpa no. Nea ɛyɛ me anigye ne sɛ, ɔne ne yere ne mmusua afoforo abiɛsa a wɔne wɔn yɛɛ Bible adesua no de nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ho so a wɔahyira ama Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne!
Adapɛn no twaam ntɛmntɛm, na aka kakraa ma yɛn asram asia no aso no, Ɔdansefo bi a ɔresom wɔ asafo a efi yɛn akuraa rekɔ hɔ yɛ kilomita 70 bɛsraa yɛn. Ɔkaa mmoa a ɛho hia wɔ asɛmpaka adwuma no mu wɔ mpɔtam hɔ no ho asɛm na obisae sɛ ebia masusuw ɛhɔ a mɛtra no ho a. Me ne me yere bɔɔ tra a yɛbɛtra hɔ no ho nkɔmmɔ saa da no anadwo.
Yɛn baanu nyinaa gye toom sɛ ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛtra hɔ. Nanso na ɛda adi sɛ mmoa ho hia kɛse na nkurɔfo no ate Bible mu nokware no. Awiei koraa no, yesii gyinae sɛ yɛbɛtra hɔ anyɛ yiye koraa no afe anaa mfe abien. Ná me yere bɛsan akɔ Australia akɔtɔn yɛn fie ne yɛn kar na ɔde yɛn nneɛma a obetumi no aba. Bere a na yɛasi yɛn gyinae no, ɛda a edi hɔ anɔpa no yɛkɔɔ kurom kɔhwehwɛɛ ɛdan a yɛbɛtra mu. Yɛkɔkyerɛw yɛn babea no din wɔ ɛhɔ mfitiase sukuu mu nso.
Ɔsɔretia Sɔre
Ankyɛ na wɔko tiaa yɛn. Ɔsɔretia no fii polisifo, sukuu sohwɛfo, ne tikyafo nkyɛn na ɛbae. Wɔ sukuu no, na Dimitria nyɛ mmeamudua sɛnkyerɛnne no. Sukuu mpanyimfo frɛɛ polisini bi sɛ ommehunahuna no ma onni so, nanso ogyinaa pintinn. Sukuu sohwɛfo no too nsa frɛɛ me, na ɔde krataa a efi ɔsɔfopanyin no hɔ a ɛhyɛ sɛ minyi Dimitria mfi sukuu no mu kyerɛɛ me. Nanso, bere a me ne sukuu sohwɛfo no bɔɔ nkɔmmɔ bere tenteenten akyi no, ɔpenee so ma ɔtraa hɔ.
Akyiri yi metee sɛ awarefo bi wɔ Kiparissia a wɔakɔ Yehowa Adansefo nhyiam, na yetumi kanyan wɔn anigye bio. Me ne me yere nso too nsa frɛɛ Adansefo a wɔwowɔ nkuraase a ɛbemmɛn hɔ baa yɛn fie ma yɛyɛɛ Bible adesua. Nanso, ankyɛ na polisifo bae bɛfaa yɛn nyinaa kɔɔ polisi adwumam kobisabisaa yɛn nsɛm. Wɔbɔɔ me sobo sɛ mede me fie ayɛ baabi a wɔsom bere a minni tumi krataa. Nanso esiane sɛ wɔamfa yɛn anto afiase nti, yɛkɔɔ so yɛɛ yɛn nhyiam horow no.
Wɔfaa me adwuma bi mu, nanso bere a ɔsɔfopɔn no tee ho asɛm pɛ, ohunahunaa m’adwumawura no sɛ ɔbɛma wɔato n’adwuma no mu kosi sɛ obeyi me adi. Ná wɔretɔn adwumayɛbea bi a wɔyɛ dorobɛn a nsu fa mu ne nkyɛnsee ho nneɛma, na yetumi tɔe. Ɛkame ayɛ sɛ amonom hɔ ara na asɔfo baanu baa hɔ behunahunaa yɛn sɛ wɔbɛto yɛn adwumayɛbea no mu, na adapɛn kakraa akyi no ɔsɔfopanyin no hyɛe sɛ wonnyi yɛn abusuafo no mfi asɔre no mu. Saa bere no na wɔne obi a woyi no fi Greecefo Ortodɔks Asɔre no mu no di no te sɛ nea wɔapam no afi ɔman no mu koraa. Wɔde polisi panyin bi begyinaa yɛn adwumayɛbea no ano de pamoo obiara a ɔbɛba hɔ abɛtɔ ade. Ɛwom sɛ na nkurɔfo mmɛto ade de, nanso yesii yɛn bo buee adwumayɛbea no da biara da. Ankyɛ na yɛn amanehunu no bɛyɛɛ nea wɔka ho asɛm kɛse wɔ kurow no mu.
Wɔkyere Yɛn Di Yɛn Asɛm
Memeneda bi me ne onipa foforo traa ne moto so sɛ yɛrekɔ adansedi wɔ kurow bi a ɛbɛn mu. Polisifo no gyinaa yɛn wɔ hɔ na wɔde yɛn kɔɔ wɔn adwumam, baabi a wɔde yɛn too afiase dapɛn awiei no nyinaa. Wɔde yɛn foroo keteke san kɔɔ Kiparissia Dwoda anɔpa. Yɛn kyere no ho asɛm trɛwee, na nnipadɔm baa keteke gyinabea hɔ bɛhwɛɛ yɛn a polisifo akyere yɛn no.
Bere a wɔde yɛn nsa tintimii krataa so wiei no, wɔde yɛn kɔɔ aban mmaranimfo hɔ sɛ wɔrekodi yɛn asɛm. Ofii n’asɛm no ase denam ka a ɔkaa sɛ ɔbɛkenkan sobo ahorow a wɔabɔ yɛn a wonya fii nkuraasefo a polisifo kobisabisaa wɔn nsɛm no hɔ akyerɛ yɛn. Sobo a edi kan no ni: “Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ Yesu Kristo adi Hene wɔ afe 1914 mu.”
Aban mmaranimfo no bisaa no anuɔdenso so sɛ: “Ɛhe na munyaa adwen foforo yi?”
Mekɔɔ m’anim na mefaa Bible a ɛda ne pon so no buee Mateo ti 24 maa no sɛ ɔnkenkan. Ɔtwentwɛn ne nan ase kakra na afei ɔfaa Bible no kenkanee. Ɔkenkan simma kakraa no, ɔde anigye kae sɛ: “Ei, sɛ eyi yɛ nokware a, ɛnde ɛsɛ sɛ migyae biribiara na mede me ho kɔhyɛ nkokora som bi mu!”
Mekaa no brɛoo sɛ: “Dabi, ɛsɛ sɛ wusua Bible mu nokware no na woboa afoforo nso ma wohu nokware no.”
Mmaranimfo kakraa baa hɔ, na yetumi dii wɔn mu binom adanse ɛda no. Nea ɛyɛ nwonwa no, eyi nso bɛdanee asɛm foforo—sɛ yɛsakra nkurɔfo!
Saa afe no mu no, wɔde yɛn kɔɔ asennibea mprɛnsa, nanso awiei koraa no wotwaa nsɛm a wɔka too yɛn so no nyinaa mu. Ɛyɛɛ te sɛ nea nkonim a yedii no yii adwemmɔne a nkurɔfo wɔ wɔ yɛn ho no afi hɔ. Efi saa bere no, wofii ase fii wɔn pɛ mu baa yɛn nkyɛn betiee Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a yɛka no.
Awiei koraa no, adesua kuw ketewaa a ɛwɔ yɛn fie wɔ Kiparissia no bɛyɛɛ asafo. Wɔde Kristoni panyin bi baa yɛn asafo foforo no mu, na wɔpaw me asafo mu ɔsomfo. Ankyɛ na Adansefo 15 a wɔyɛ nnam baa yɛn nhyiam daa.
Yɛsan Kɔ Australia
Bere a mfe abien ne asram abiɛsa twaam no, yesii gyinae sɛ yɛbɛsan akɔ Australia. Mfe atwam ntɛmntɛm wɔ ha. Me babea Dimitria akura ne gyidi mu na waware asafo mu ɔsomfo bi wɔ Melbourne asafo bi mu. Meresom sɛ ɔpanyin mprempren wɔ Greece kasa asafo bi mu wɔ Melbourne, baabi a me ne me yere ne yɛn babea a wadi mfe 15, Martha, kɔ asafo nhyiam horow no.
Asafo ketewaa a yegyaw wɔ Kiparissia no abɛyɛ kɛse mprempren, na nnipa pii a wɔfata abue wɔn komam ama Bible nokware ahorow no. Wɔ 1991 ahohuru bere mu no, mikodii adapɛn kakra wɔ Greece na memaa Bible baguam ɔkasa wɔ Kiparissia maa atiefo 70 baa ase. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ me nuabea kumaa Maria abɛyɛ Yehowa somfo ɛmfa ho sɛ abusua sɔre tia no.
Ɛyɛ me anigye sɛ matumi anya nokware ahonyade wɔ Australia—yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn ne n’Ahenni nniso no ho nimdeɛ ne ntease. M’asetra anya atirimpɔw ankasa afei, na me ne m’abusua retwɛn sɛ yebehu Onyankopɔn soro nniso no nhyira a ɛbɛtrɛw wɔ asase nyinaa so wɔ daakye bi a enni akyiri no mu.—Sɛnea George Katsikaronis ka kyerɛe.
[Kratafa 15 mfonini]
Kiparissia, faako a mifi Australia bae no na mete
[Kratafa 15 mfonini]
Me ne me yere Alexandra