“Sɛ́ Anka Menya Sika Kɔkɔɔ No, Minyaa Dɛnkyɛmmo”
SƐNEA MICHALIS KAMINARIS KA KYERƐE
Bere a midii mfe anum wɔ South Africa, baabi a mekɔe sɛ merekɔhwehwɛ sika kɔkɔɔ no, mesan baa fie a na manya biribi a ɛsom bo paa. Ma menka ahonyade a mewɔ seesei a mepɛ sɛ meka ho asɛm no nkyerɛ wo.
WƆWOO me 1904 mu wɔ Greece supɔw a ɛne Cephalonia a ɛwɔ Ionia Po so no so. M’awofo baanu nyinaa wui ɛno akyi bere tiaa bi, enti minyinii sɛ ayisaa. Ná mihia mmoa, na mebɔɔ Onyankopɔn mpae mpɛn pii. Ɛwom sɛ na mekɔ Greece Ortodɔks Asɔre no daa de, nanso na minnim Bible ho hwee. Mannya awerɛkyekye biara.
Wɔ 1929 mu no, meyɛɛ m’adwene sɛ metu kwan akɔhwehwɛ asetra pa. Bere a mifii me supɔw a ɛnsow aba so no, mede po so hyɛn faa England kɔɔ South Africa. Bere a midii nnafua 17 wɔ po so no, miduu Cape Town, South Africa, baabi a me man muni bi faa me ne me yɛɛ adwuma ntɛm ara. Nanso, mannya awerɛkyekye biara wɔ honam fam nneɛma mu.
Biribi a Ɛsom Bo Paa
Minyaa bɛyɛ mfe abien wɔ South Africa no, Yehowa Adansefo no mu biako baa m’adwumam bɛmaa me Bible ho nhoma ahorow wɔ Greek kasa mu. Ná Where Are the Dead? ne Oppression, When Will It End? nhomawa no bi ka ho. Mekae sɛnea mede ahopere kenkanee no yiye, na mpo mekyeree emu kyerɛw nsɛm no nyinaa guu me tirim amonom hɔ ara no. Da bi, meka kyerɛɛ me yɔnko dwumayɛni bi sɛ: “Mahu ade a mede mfe yi nyinaa ahwehwɛ no. Sika kɔkɔɔ nti na mebaa Afrika, nanso sɛ́ anka menya sika kɔkɔɔ mmom no, manya dɛnkyɛmmo.”
Mede anigye kɛse na esuae sɛ Onyankopɔn wɔ din ankasa, Yehowa, ne sɛ wɔde N’ahenni no asi soro dedaw, na afei yɛte nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri mu. (Dwom 83:18; Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10; 24:3-12; 2 Timoteo 3:1-5; Adiyisɛm 12:7-12) Hwɛ anigye a minyae sɛ mihui sɛ Yehowa Ahenni no de nhyira a enni awiei bɛbrɛ adesamma mmusua nyinaa! Nokwasɛm foforo a ɛmaa m’ani gyei ne sɛ na wɔreka saa nokwasɛm ahorow a ɛsom bo yi ho asɛm wɔ wiase nyinaa no.—Yesaia 9:6, 7; 11:6-9; Mateo 24:14; Adiyisɛm 21:3, 4.
Ankyɛ na mihuu Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Cape Town no address kogyee Bible ho nhoma pii. M’ani gyei yiye sɛ minyaa m’ankasa me Bible. Nea mekenkanee no kanyan me ma minyaa ɔpɛ sɛ medi afoforo adanse. Nea mede fii ase ne Bible ho nhoma ahorow a mede kɔmaa m’abusuafo, nnamfo ne amannifo a wɔwɔ me kurow Lixoúrion mu. Nkakrankakra, mebɛtee ase fii m’adesua no mu sɛ, sɛ obi bɛsɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ ohyira ne nkwa so ma no. Enti meyɛɛ saa ntɛm ara wɔ mpaebɔ mu.
Da bi, mekɔɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam bi, nanso esiane sɛ na minnim Engiresi kasa nti, mante hwee. Bere a mihui sɛ Greecefo pii wɔ Port Elizabeth no, mitu kɔɔ hɔ, nanso mannya Ɔdansefo biara a ɔka Greece kasa wɔ hɔ. Enti, misii gyinae sɛ mɛsan akɔ Greece na ama matumi abɛyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Mekae sɛ misee me ho sɛ, ‘Sɛ ɛsɛ sɛ mesan kɔ Greece adagyaw mu mpo a, mɛkɔ.’
Bere Nyinaa Som Adwuma Wɔ Greece
Wɔ 1934 fefɛw bere mu no, meforoo Italyfo po so hyɛn, Duilio, kɔe. Miduu Marseilles, France, na bere a midii dadu wɔ hɔ no, meforoo akwantufo hyɛn, Patris, kɔɔ Greece. Bere a na yɛwɔ po so no, hyɛn no baabi sɛee, na anadwo no, wɔde ahyɛde mae sɛ wɔmfa ahyɛmma a wɔde gye nkwa no nsisi po no so. Enti mekaee adwene a minyae sɛ mɛkɔ Greece adagyaw mu no. Nanso, awiei koraa no Italyfo ahyɛmma bi a wɔde twe hyɛn bae bɛtwee yɛn kɔɔ Naples, Italy. Akyiri yi, yeduu Piraiévs (Piraeus), Greece.
Mifi hɔ no, mekɔɔ Athens, baabi a mekɔsraa Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea hɔ. Bere a me ne Athanassios Karanassios, baa dwumadibea sohwɛfo no dii nkɔmmɔ no, mibisae sɛ wɔmma me dwumadi sɛ bere nyinaa ɔsɛnkafo. N’adekyee no ara na menam kwan so rekɔ Peloponnisos, a ɛwɔ Greece man no kesee fam. Wɔde ɔmantam no nyinaa hyɛɛ me nsa sɛ m’ankasa asasesin!
Mede anigye a enni kabea fii asɛnka adwuma no ase, wɔ nkurow, nkuraa, mfuw, ne afie a atew ne ho mu. Ankyɛ na wɔde Michael Triantafilopoulos, a ɔbɔɔ me asu wɔ 1935 ahohuru bere mu no bɛkaa me ho—bɛboro afe biako wɔ bere a mifii bere nyinaa som adwuma ase akyi no! Ná lɔre a ɔmanfo tra mu nni hɔ, enti na yɛnantew kɔ baabiara. Ná yɛn haw a ɛsen biara ne asɔfo no sɔretia no, na na wɔyɛ nea wobetumi biara sɛ wobesiw yɛn kwan. Ne saa nti, yehyiaa ɔtan pii. Nanso, ɛmfa ho akwanside ahorow no, yedii adanse, na yɛbɔɔ Yehowa din dawuru wɔ baabiara.
Ɔsɔretia Ano a Yegyina
Da bi anɔpa, bere a na mereka asɛm no wɔ Arcadia mantam a mmepɔw wɔ no, miduu akuraa a ɛne Magouliana ase. Midii adanse dɔnhwerew biako akyi no, metee sɛ wɔrebɔ asɔre dɔn, na ntɛm ara na mihui sɛ wɔrehwehwɛ me! Greece Ortodɔks sɔfo bi boaboaa basabasayɛfo kuw bi ano. Ntɛm ara na metoo m’adansedi bag mu, na mebɔɔ Yehowa mpae wɔ me tirim. Ɔsɔfo no a mmofra pii di n’akyi no baa me so tẽẽ. Ofii ase teɛteɛɛm sɛ, “Ɔne no! Ɔne no!”
Mmofra no betwaa me ho hyiae, na ɔsɔfo no bae de ne yafunu kakraka no bepiaa me kae sɛ ɔmpɛ sɛ ɔde ne nsa bɛka me ‘efisɛ ebia na me ho wɔ fĩ.’ Ɔteɛɛm sɛ, “Monhwe no! Monhwe no!” Nanso saa bere no ara na polisini bi baa hɔ bɛfaa yɛn baanu nyinaa kɔɔ polisifo adwumayɛbea. Wodii ɔsɔfo no asɛm sɛ ɔboaboaa basabasayɛfo kuw ano, na wɔma otuaa drachma 300 ne asɛnni no ho ka nyinaa. Wogyaee me.
Sɛ yedu beae foforo bi a, na yɛtra kurow kɛse bi mu, na yɛafi hɔ de nnɔnhwerew anan anantew akɔyɛ asasesin no nyinaa mu adwuma. Ná ɛno kyerɛ sɛ yefi hɔ anɔpa bere a anim nnya ntetewee, na na yɛsan ba fie bere a ade asa, a ne nyinaa mu no, na yɛsra nkuraa abien anaa biako da biara. Sɛ na yɛyɛ nkuraa a ɛwɔ hɔ no mu adwuma wie a, na yɛka asɛm no wɔ kurow a yɛte mu no mu, na afei yɛafi hɔ akɔ baabi foforo. Wɔkyeree yɛn mpɛn pii efisɛ na asɔfo no nunu nkurɔfo ma wɔsɔre tia yɛn. Wɔ Parnassus mantam a ɛwɔ Greece mfinimfini fam no, polisifo de asram pii hwehwɛɛ me. Nanso, wɔannya me ankyere me da.
Da bi, na me ne Onua Triantafilopoulos reka asɛm no wɔ Mouríki akuraa a ɛwɔ Boeotia mantam mu no ase. Yɛkyɛɛ akuraa no mu abien, na esiane sɛ na me na meyɛ aberante nti, mifii ase yɛɛ adwuma wɔ mmeae a ɛhɔ yɛ mmepɔw mmepɔw no. Ankyɛ na metee su bi wɔ ase hɔ. Bere a na meresian no, misee me ho sɛ, ‘Wɔrehwe Onua Triantafilopoulos.’ Ná akuraa no asefo aboa wɔn ho ano wɔ hɔnom kafetɔnbea hɔ, na na ɔsɔfo bi redi akɔneaba sɛ nantwi a ne bo afuw. Ná ɔreteɛteɛm sɛ, “saa nkurɔfo yi frɛ yɛn ‘Ɔwɔ no asefo.’”
Ná ɔsɔfo no adi kan de poma abɔ Onua Triantafilopoulos tirim ma abu, na na mogya resian n’anim. Bere a mepopaa mogya no akyi no, yetumi fii hɔ kɔe. Yɛnantew nnɔnhwerew abiɛsa ansa na yɛredu Thebes kurow no mu. Wɔhwɛɛ ne kuru no maa no wɔ ayaresabea bi mu wɔ hɔ. Yɛde asɛm no kɔmaa polisifo, na wɔde no kɔɔ asɛnnibea. Nanso, na ɔsɔfo no nim wɔn ma enti awiei koraa no, wogyaee no.
Bere a yɛreyɛ adwuma wɔ Leukas kurow no mu no, amanyɔfo a na wɔwɔ beae hɔ no mu biako akyidifo “kyeree” yɛn de yɛn baa akuraa no kafetɔnbea hɔ, baabi a yehui sɛ wɔrebɔ yɛn sobo wɔ asɛnnibea a enni mũ bi. Ɔmanyɔfo panyin no ne ne nkurɔfo nso ne yɛn bɛkasae—wɔkasa tiaa yɛn araa—na wɔde akuturuku hunahunaa yɛn. Ná wɔn nyinaa abow. Adapaatwa no kɔɔ so fi awia kosii owiatɔe, nanso anhaw yɛn, na yɛkɔɔ so serewee bere a yɛkyerɛɛ wɔn sɛ yɛnyɛɛ bɔne biara no, na yɛbɔɔ Yehowa Nyankopɔn mpae wɔ yɛn tirim sɛ ɔmmoa yɛn.
Anadwofa no, polisifo baanu begyee yɛn. Wɔde yɛn kɔɔ polisifo adwumayɛbea na wɔhwɛɛ yɛn yiye. Nea ɛbɛyɛ na ɔmanyɔfo panyin no akyerɛ sɛ nea wɔyɛe no teɛ no, ɔbaa hɔ da a edi hɔ no bɛbɔɔ yɛn sobo sɛ yɛrekeka Greece Hene no ho nsɛmmɔne. Enti polisifo no de mmarima baanu kaa yɛn ho kɔɔ Lamia kurow no mu kɔyɛɛ nhwehwɛmu bio. Wɔde yɛn guu afiase nnanson, na afei wɔde aban kaba guu yɛn nsa de yɛn kɔɔ Larissa kurow mu kodii yɛn asɛm.
Yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ Larissa, a na wɔadi kan abɔ wɔn amanneɛ no twɛnee sɛ yɛbɛba. Ɔdɔ kɛse a wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no yɛɛ adanse pa maa awɛmfo no. Ná yɛn mmaranimfo, a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako, a kan no na ɔyɛ asraafo panyin no yɛ nea wonim no yiye wɔ kurow no mu. Bere a ɔbaa asɛnnibea hɔ bedii asɛm no maa yɛn no, wobuu sobo a wɔde bɔɔ yɛn no sɛ ɛyɛ atoro, na wogyaa yɛn.
Nkonim kɛse a Yehowa Adansefo dii wɔ wɔn asɛnka adwuma mu no de ɔsɔretia a emu yɛ den bae. Wɔhyɛɛ mmara wɔ 1938 ne 1939 mu a etia sakra a wɔma obi sakra ne som, na wɔde me ne Michael kɔɔ asɛnnibea mpɛn pii wɔ saa asɛm yi ho. Akyiri yi, baa dwumadibea no tuu yɛn fo sɛ yɛnnyɛ adwuma mmmom na amma adwene amma yɛn dwumadi no so. Ɛyɛɛ me den sɛ na minni ɔhokafo. Nanso, esiane Yehowa mu ahotoso a minyae nti, mitwaa kwan kaa asɛm no wɔ Attica, Boeotia, Phthiotis, Euboea, Aetolia, Acarnania, Eurytania, ne Peloponnisos mantam mu.
Ade a ɛboaa me saa bere yi ne odwontofo no nsɛm dɛdɛ a ɛkyerɛ Yehowa mu ahotoso a onyae no: “Wo na mede wo metow mehyɛ asafo so, na mede me Nyankopɔn mihuruw metra ɔfasu. Onyankopɔn a ɔde ahoɔden bɔ me so, na ɔma me kwan yɛ pɛpɛɛpɛ. Ɔyɛ m’anan sɛ aforotebere de, na ɔde me gyina me srɔnsrɔmmea so.”—Dwom 18:29, 32, 33.
Wɔ 1940 mu no, Italy de ɔko bɛtoaa Greece, na ɛno akyi bere tiaa bi no, German asraafo ko faa ɔman no. Asraafo no hyɛɛ mmara, na wɔbaraa Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow. Ná ɛno yɛ mmere a emu yɛ den ma Yehowa Adansefo a wɔwɔ Greece; nanso, wonyaa nkɔanim a ɛyɛ nwonwa—efi Adansefo 178 wɔ 1940 mu koduu 1,770 wɔ Wiase Ko II no awiei wɔ 1945 mu!
Betel a Mesomee
Wɔ 1945 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛsom wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Athens no. Saa bere no, ná Betel, a nea ɛkyerɛ ne ‘Onyankopɔn Fie’ no yɛ ɔdan bi a wɔagye tua ho ka wɔ Lombardou Street so no. Ná ɔdan no fã a edi kan no yɛ adwumayɛbea, na na nhoma tintimbea no wɔ ase. Ná afiri ketewa bi a wɔde tintim nhoma ne nea wɔde twitwa nhoma ano na ɛwɔ hɔ. Na nnipa baanu pɛ na wɔyɛ adwuma wɔ nhoma tintimbea hɔ, nanso ankyɛ na anuanom foforo fii fie bɛboaa adwuma no.
Yɛne Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, no nyaa nkitahodi kwan bio wɔ 1945 mu, na saa afe no, yɛsan fii ase tintim Ɔwɛn-Aban no wɔ Greece kasa mu ɔsram biara. Afei, wɔ 1947 mu no, yeyii yɛn baa dwumadibea no kɔɔ 16 Tenedou Street, nanso nhoma tintimbea no kaa Lombardou Street hɔ ara. Akyiri yi, yeyii nhoma tintimbea no fii Lombardou Street kɔɔ adwinnan bi a ɛyɛ Ɔdansefo bi de a ɛwɔ akyiri bɛyɛ kilomita 5 no mu. Enti bere bi no, mmeae ahorow abiɛsa na na yedi hɔ akɔneaba.
Mekae sɛ na mifi beae a yɛte no kɔ Tenedou Street ahemadakye, na masan akɔ nhoma tintimbea hɔ. Sɛ na meyɛ adwuma wɔ hɔ kosi awia dɔn 1:00 a, na mekɔ Lombardou Street, baabi a na yɛfa nkrataa a yɛatintim so fi no. Ɛhɔ no, na yɛkeka nkrataa no bom yɛ no nsɛmma nhoma, de ade bobom, de yɛn nsa twitwa ano no siesie no. Ɛno akyi no, na yɛde nsɛmma nhoma a yɛawie no kɔ amanee, ɔdan no fã a ɛto so abiɛsa no, boa adwumayɛfo no ma wɔhyehyɛ, na yɛde stampo atetare nhoma kotoku no akyi de amena.
Eduu 1954 no, na Adansefo a wɔwɔ Greece no dodow boro 4,000, na na adan akɛse ho hia. Enti, yetu kɔɔ Betel dan foforo a ɛtoa so abiɛsa mu wɔ Athens kurotia wɔ Kartali Street. Wɔ 1958 mu no, wɔkyerɛɛ me sɛ minni gyaade dwumadi no anim, na ɛno ne adwuma a meyɛ de besii 1983 mu. Nanso, wɔ 1959 mu no, mewaree Eleftheria a wayɛ me mmoa ankasa wɔ Yehowa som mu no.
Ɔsɔretia Ano a Migyina Bio
Wɔ 1967 mu no, asraafo kuw bi bedii tumi, na wɔde anohyeto ahorow baa yɛn asɛnka adwuma no so bio. Nanso, esiane sɛ na yɛadi kan anya sɛnea wogyina yɛn dwumadi a wɔbara ano ho suahu nti, yɛyɛɛ nsakrae ntɛm ara, na yetumi toaa yɛn dwumadi so wɔ sum ase.
Ná yɛyɛ asafo nhyiam ahorow wɔ nkurɔfo afie, na na yɛyɛ ahwɛyiye wɔ apon apon ano asɛnka adwuma no mu. Nanso, na wɔkyere yɛn nuanom daa, na nsɛm a ɛkɔɔ asɛnnibea no yɛɛ pii. Bere biara, na yɛn mmaranimfo ho pere wɔn sɛ wobedi nsɛm a wodi no wɔ ɔman no mmeaemmeae no ho dwuma. Ɛmfa ho ɔsɔretia no, Adansefo dodow no ara kɔɔ asɛnka daa, titiriw, adapɛn awiei.
Sɛ na yefi asɛnka ba Memeneda ne Kwasida biara a, yɛhwɛ hu sɛ obi ayera afi yɛn kuw ahorow no mu anaa. Mpɛn pii no, ɛyɛ a na wɔakyere wɔn a wɔayera no agu afiase wɔ polisifo adwumayɛbea a ɛbɛn hɔ no mu. Enti na yɛde kuntu ne aduan kɔma wɔn hyɛ wɔn nkuran. Afei nso, na yɛbɔ yɛn mmaranimfo amanneɛ na wɔn nso aba aban mmaranimfo no hɔ Dwoda abetwitwa agye wɔn a wɔde wɔn agu afiase no. Yɛde anigye gyinaa saa tebea yi ano efisɛ na nokware no nti na yɛrehu amane!
Bere a na yɛwɔ anohyeto mu no, yegyaee nhoma tintim wɔ Betel. Enti ofie a na me ne Eleftheria te mu wɔ Athens borɔn so no na ɛbɛyɛɛ nhoma tintimbea ɔkwan bi so. Ná Eleftheria de tintim afiri a emu yɛ duru tintim Ɔwɛn-Aban mu nsɛm no bi. Ná ɔde nkrataa du hyɛ tintim afiri no mu bere koro mu, na wamiamia nkyerɛwde no so denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛba nkrataa du no nyinaa so. Ná migye nkratafa no afei, na mekeka bom pompam. Na eyi kɔ so anwummere biara kosi ɔdasum. Ná polisini bi te ɔdan a yɛte mu no ase, na ɛda so ara yɛ yɛn nwonwa sɛ n’adwene amma yɛn so da.
Ntrɛwmu a Ɛkɔ So Ba Ho Ahurusidi
Wɔde kwasafo nniso sii hɔ wɔ Greece wɔ 1974 mu, na yɛyɛɛ yɛn asɛnka adwuma no baguam bio. Nanso, wɔ mfe ason anohyeto mu no, Adansefo foforo bɛboro 6,000 a yenyae no yɛɛ nkɔanim a ɛyɛ nwonwa, na Ahenni adawurubɔfo dodow boroo 17,000.
Yɛsan fii yɛn nhoma tintim dwumadi no ase wɔ baa dwumadibea hɔ. Nanso, ankyɛ na Betel adan a ɛwɔ Kartali Street no bɛyɛɛ ketewa. Enti yɛtɔɔ asase bi a ne kɛse bɛyɛ hɛkta 1 wɔ Athens borɔn a ɛne Marousi so. Yesii Betel adan foforo a na mpia 27, adwinnan, adwumayɛdan, na adan foforo wom. Yehyiraa so wɔ October 1979 mu.
Bere kɔ so no, yebehiaa beae a ɛtrɛw. Enti yɛtɔɔ asase a ne kɛse yɛ hɛkta 22 wɔ Athens kusuu fam bɛyɛ kilomita 60. Asase no wɔ Eleona, wɔ koko bi a mmepɔw ne asu bon atwa ho ahyia so. Wɔ April 1991 mu no, yehyiraa ɔdan kɛse a adan akuw 22 wom a emu biara betumi afa nnipa baawɔtwe so wɔ hɔ.
Madi boro mfe 60 wɔ bere nyinaa som adwuma no mu, nanso meda so ara wɔ akwahosan pa. Anigye so no, ‘meresow aba nkwakoraa bere mu.’ (Dwom 92:14) Meda Yehowa titiriw ase sɛ matra ase de m’ankasa m’ani ahu nkɔanim kɛse a aba ne nokware asomfo mu no. Odiyifo Yesaia kaa nkɔanim a ɛte saa ho asɛm sɛ: “Wo nkurow apon ano bɛda hɔ daa yi, wɔrentoto mu awia ne anadwo, na nkurɔfo de amanaman ahonyade abrɛ wo.”—Yesaia 60:11.
Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ mahu sɛ nnipa ɔpepem pii a wofi aman nyinaa mu reba Yehowa ahyehyɛde no mu ma wɔakyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wobenya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse no mu akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu! (2 Petro 3:13) Metumi aka no nokwarem sɛ bere nyinaa som adwuma no som bo kɛse ma me sen biribiara a wiase yi wɔ de ma. Yiw, ɛnyɛ sika kɔkɔɔ na manya, na mmom, honhom fam dɛnkyɛmmo a ama m’asetra atu mpɔn sen biara.
[Kratafa 23 mfonini ahorow]
Michalis ne Eleftheria Kaminaris
(Nifa so) Nhomatintimbea a ɛwɔ Lombardou Street no