Adepa Bɛn na Ebetumi Afi Nyamesom a Wosusuw Ho mu Aba?
AWOFO de ahopere twɛn nsɛm a edi kan a wɔn ba bɛka. Sɛ wɔte sɛ abofra no ka asɛmfua bi toa so bere a ɔreworo nsɛm, ebia “Maame” anaa “Papa” a, wonya koma mu anigye kɛse. Wɔka eyi kyerɛ nnamfonom ne afipamfo nyinaa ntɛm ara. Abofra kasa a edi kan no yɛ asɛmpa ankasa a ɛde anigye ba.
Dede a abofra ketewa no te, nneɛma a ohu ne ade hua a ɔte no ka no ma ɔyɛ ho biribi ntɛm so. Nokwarem no, nea ɔyɛ wɔ ho no gu ahorow. Nanso sɛ bere bi akyi no, akokoaa no antumi anyɛ nneɛma a ɛkanyan yi ho biribi a, awofo no bedi awerɛhow ma afata sɛ wɔn ba no nyin ho betumi aba asɛm.
Mmofra gye nnipa a wonim wɔn so yiye. Sɛ ɛna de abofra fam ne bo a, ɔtaa serew kɛse. Nanso, obusuani bi a waba hɔ a oso no mu no betumi ama abofra no asu na ɔbɛpow koraa mpo sɛ ɔbɛma onii ko aso no mu. Abusuafo dodow no ara a wonim eyi no mpa abaw. Bere a abofra no hu wɔn yiye no, wɔn ani gye sɛ afei de abofra no nim wɔn na abofra no serew nkakrankakra.
Saa ara na mpanyimfo pii twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔne obi a wonnim no pii besusuw wɔn som ho gyidi ahorow ho wɔ baguam. Ebia wɔrente nea enti a obi a wonnim no bɛpɛ sɛ ɔne wɔn susuw wɔn kokoam asɛm bi—nyamesom ho. Nea efi mu ba ne sɛ wɔma kwan ma akwanside bi bɛda wɔne wɔn a wɔka Ɔbɔadeɛ no ho asɛm no ntam. Wɔpow mpo sɛ wobesusuw nea ɛyɛ onipa awosu a ɛne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛsom obi no ho.
Ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ankasa sɛ yebesua yɛn Bɔfo no ho ade, na afoforo a yɛne wɔn bɛbɔ ho nkɔmmɔ no betumi ama yɛasua pii. Ɛte saa efisɛ wofi bere tenten ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ obi a ɔne afoforo di nkitaho. Ma yɛnhwɛ sɛnea ɛte.
‘Tie na Sua’
Adam ne onipa a Onyankopɔn dii kan ne no dii nkitaho wɔ Eden turom hɔ. Nanso, bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne akyi no, wɔpɛe sɛ wobehintaw bere a na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔne wɔn kasa bio no. (Genesis 3:8-13) Nanso, Bible no ayɛ mmarima ne mmea a wɔne Onyankopɔn dii nkitaho ho kyerɛwtohɔ.
Onyankopɔn ne Noa dii nkitaho wɔ ɔsɛe a na ɛreba ne bere so wiase bɔne so no ho, na ɛnam ɛno so no Noa bɛyɛɛ “treneekafo.” (2 Petro 2:5) Sɛ́ Onyankopɔn kasamafo ma ne bere sofo no, ɛnyɛ sɛ Noa kyerɛɛ gyidi wɔ sɛnea Onyankopɔn ne nnipa dii mu nko, na mmom, ɔdaa ne ho adi wɔ baguam nso sɛ ɔwɔ Yehowa afa. Wogyee Noa so dɛn? Nea ɛyɛ awerɛhow no, ne bere sofo no mu dodow no ara ‘anhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.’ (Mateo 24:37-39) Nanso nea ɛyɛ yɛn anigye no, Noa abusua no mu nnipa baason tiei, wodii Onyankopɔn ahyɛde so, na wonyaa nkwa wɔ wiase nyinaa Nsuyiri no mu. Wɔn mu na nnipa a wɔte ase nnɛ nyinaa fi.
Akyiri yi, Onyankopɔn ne tete Israel ɔman mu no nyinaa dii nkitaho. Onyankopɔn nam Mose so de Mmara Nsɛm Du ne mmara 600 a ɛte sɛ ɛno ara maa wɔn. Yehowa hwɛɛ kwan sɛ Israelfo no bedi ne nyinaa so. Mose hyɛe sɛ mfirihyia ason biara, afe afe Asese Afahyɛ no mu no, wɔnkenkan Onyankopɔn Mmara no den. Ɔhyɛe sɛ: “Ma ɔman no mmarima ne mmea, mmofra ne wo hɔho a ɔwɔ wo nkurow mu mmɔ gua.” Wɔ atirimpɔw bɛn ho? “Na wontie, na wonsua, nsuro [Yehowa] wo Nyankopɔn, na wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.” Ná ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa tie na wosua. Susuw anigye ara a wonyae bere a wɔbɔɔ nea wɔtee no ho nkɔmmɔ no!—Deuteronomium 31:10-12.
Bɛboro mfeha anum akyi no, Yuda hene Yehosafat boaboaa mmapɔmma ne Lewifo ano wɔ ɔsatu a ɔyɛ de Yehowa som kronn sii hɔ bio no mu. Saa mmarima yi kɔɔ Yuda nkurow nyinaa mu de Yehowa mmara kyerɛkyerɛɛ emufo. Ɛdenam eyi a ɔhene no yɛɛ no baguam so no, ɔdaa n’akokoduru wɔ nokware som ho adi. Ɛdefa ne nkoa ho no, na ɛsɛ sɛ wotie na wosua.—2 Beresosɛm 17:1-6, 9.
Adanse a Wodi Denam Nkɔmmɔbɔ So
Onyankopɔn somaa n’ankasa Ba, Yesu, baa asase so sɛ Ne Kasamafo. (Yohane 1:14) Bere a asuafo baasa hui sɛ Yesu asakra ne ho wɔ wɔn anim no, wɔtee Onyankopɔn ankasa nne sɛ ɛreka sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!” (Mateo 17:5) Wotiei ntɛm ara.
Saa ara na Yesu maa n’asuafo no kaa Onyankopɔn atirimpɔw ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Nanso bere a ɛkaa bɛyɛ asram asia na Yesu awie n’asase so adwuma no, ɔma wohui sɛ Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no sõ ara ma asuafo bebree ho behia. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn mu 70 sɛnea wɔne nnipa a wonnim wɔn bɛbɔ Onyankopɔn Ahenni no ho nkɔmmɔ, na afei ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka saa asɛm no wɔ baguam. (Luka 10:1, 2, 9) Bere tiaa bi ansa na Yesu resan akɔ n’Agya nkyɛn wɔ soro no, ɔhyɛɛ n’asuafo no nkuran sɛ womfi wɔn pɛ mu nka asɛm yi nkyerɛ afoforo, na ɔhyɛɛ wɔn mpo sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, . . . na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Wɔ wiase nyinaa no, nnɛyi nokware Kristofo di saa ahyɛde no so denam Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a wɔne wɔn afipamfo anaasɛ wɔn mpɔtam hɔ nnipa bɔ ho nkɔmmɔ no so. Saa nkɔmmɔbɔ yi ma wodi nokware a ɛfa Ɔbɔadeɛ, Yehowa ho no ho adanse.—Mateo 24:14.
Nkɔmmɔ a Wɔbɔ no Asomdwoe mu, na Ɛma Denhyɛ
Ná ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no ne afoforo susuw wɔn gyidi ahorow ho? Ná ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ asɔretiafo abufuw, na na ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn gye akyinnye nso. Mmom, na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ wɔn a wobegye asɛmpa no atom, na afei wɔde Kyerɛnwsɛm mu adanse afoa so. Nokwarem no, Onyankopɔn huu wɔn a wɔne ne Ba no asuafo dii nkitaho no nneyɛe, sɛnea Yesu kae mpo no: “Nea ogye mo no gye me, na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no.” (Mateo 10:40) Hwɛ animtiaabu a na ɛyɛ bere a Yesu bere sofo no mu dodow no ara pow n’asɛm no!
Kristoni somafo Paulo tuu fo sɛ: “Ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, ohu kyerɛkyerɛ, ɔbrɛ ne ho ase bɔne ho, na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi, nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra akɔ nokware hu mu.” (2 Timoteo 2:24, 25) Ɔkwan a Paulo faa so kaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Atene wɔ Hela no yɛ ho nhwɛso fɛfɛ. Ɔne Yudafo no susuw nsɛm ho wɔ wɔn hyiadan mu. Da biara wɔ gua so no, ɔne “wɔn a onyaa wɔn” no kasae. Ɛwom sɛ akyinnye biara nni ho sɛ na ebinom pɛ sɛ wotie nsɛm foforo kɛkɛ de, nanso Paulo kasaa tee wɔ ayamye kwan so. Ɔne n’atiefo no susuw Onyankopɔn asɛm a ɛhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsakra wɔn adwene no ho. Wɔyɛɛ wɔn ade te sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no ara pɛ. “Ebinom dii fɛw, na ebinom kae sɛ: Yebetie wo asɛm yi ho bio.” Ná Paulo mpɛ sɛ kyenkyen ara ɔtoa nkɔmmɔbɔ no so. Ɔkaa n’asɛm no wiei no, ‘ofii wɔn mu kɔe.’—Asomafo no Nnwuma 17:16-34.
Akyiri yi, Paulo ka kyerɛɛ Kristofo asafo a ɛwɔ Efeso no mufo sɛ ‘wansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, sɛ ebia ɔrenka nkyerɛ wɔn, na ɔnkyerɛkyerɛ wɔn gua so ne afi mu.’ Afei nso, ‘ɔne Yudafo ne Helafo susuw Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi ho.’—Asomafo no Nnwuma 20:20, 21.
Saa Kyerɛnwsɛm mu nhwɛso ahorow yi da sɛnea Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no ne afoforo bɔɔ nyamesom ho nkɔmmɔ adi. Saa ara na nnɛ, Yehowa Adansefo fi osetie mu ne wɔn mpɔtam hɔ nnipa susuw nyamesom ho.
Nkɔmmɔbɔ a Ɛsow Aba Pii
‘Muntie Onyankopɔn Asɛm.’ ‘Muntie n’ahyɛde ahorow.’ Hwɛ sɛnea saa afotu ahorow yi taa pue Bible mu! Wubetumi atie Bible akwankyerɛ yi bere foforo a Yehowa Adansefo ne wo kasa no. Tie asɛm a efi Bible mu a wɔde brɛ wo no. Saa asɛm yi nyɛ amammuisɛm, na mmom, ɛkamfo Onyankopɔn soro nniso, n’Ahenni no kyerɛ. Eyi ne ɔkwan a Onyankopɔn nam so beyi nneɛma a ɛde nnɛyi ntawntawdi ba no afi hɔ. (Daniel 2:44) Ɛno akyi no, Onyankopɔn nniso a efi soro yi bɛyɛ nhyehyɛe ma asase no nyinaa adan paradise te sɛ Eden turo no.
Owura bi a na ɔyɛ polisini powee bere nyinaa sɛ obetie Yehowa Adansefo bere a wɔkaa Bible no mu asɛm kyerɛɛ no no. Nanso ɛdenam nsɛmmɔnedi a ɛrenya nkɔso a na ɛsɛ sɛ ogyina ano nti, n’abasam tui wɔ asetram. Enti ɔka kyerɛɛ Ɔdansefo a ɔkɔɔ ne nkyɛn bere foforo no sɛ ɔbɛhwehwɛ Bible mu nsɛm no ho adanse no mu. Wɔbɔɔ nkɔmmɔ daa. Ɛwom sɛ polisini no dii atutra mpɛn pii de, nanso Adansefo no de anigye hwehwɛɛ no wɔ beae foforo biara a ɔkɔtra no na ama wɔatoa nkɔmmɔbɔ no so. Awiei no, polisini no kae sɛ: “Ná adanse a merehwehwɛ no wɔ Kyerɛw Kronkron no mu bere nyinaa. Sɛ saa Adansefo no ankɔ so ne me ankasa a, anka meda so ara wɔ wiase no mu redwen nea asetra kyerɛ ho. Sɛnea ɛte no, mabehu nokware no, na mede me nkwa nna a aka nyinaa bɛhwehwɛ afoforo a wɔrehwehwɛ Onyankopɔn te sɛ nea na merehwehwɛ no no.”
Wɔn a wɔde anigye tie no pɛ ankasa sɛ wohu pii. Wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛma wɔahu nea enti a gyidi ahorow a wɔka ho asɛm kyerɛ wɔn no te saa ma ɛfata. (1 Petro 3:15) Sɛnea abofra ketewa taa bisa n’awofo nsɛm bere nyinaa na ɔhwɛ kwan sɛ wobebua no, saa ara na wohwɛ kwan sɛ Adansefo no bɛma wo mmuae a edi mu na ɛfata. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ wɔde anigye bɛsan aba ne wo abesusuw Bible mu nsɛm no ho bio.
Ebia wowɔ Bible mu nimdeɛ kakra dedaw. Wubetumi ahu sɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wo hɔ no bɛma woayɛ nsakrae bi wɔ sɛnea wobɔ wo bra mu. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛkɔ so ahwehwɛ nsɛm mu, efisɛ wusuro sɛ Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow no bɛma wode nneɛma pii abɔ afɔre. Ɛde nokware anigye nkutoo na ɛbɛbrɛ wo. Wubehu eyi bere a wunya nkɔanim nkakrankakra no.
Nea edi kan koraa no, susuw nipa ko a Yehowa yɛ, nea ɔhwehwɛ fi wo hɔ, ne nea ɔwɔ de ma no ho. Bisa Adansefo no ma wɔnkyerɛ wo nea Bible no ka wɔ eyi ho. Hwehwɛ nea wɔka no fi w’ankasa Bible mu. Sɛ wuhu sɛ ntease wɔ nea Adansefo no ka sɛ ɛyɛ nokwasɛm a ɛfa ɔsom ho no mu a, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛpɛ sɛ wohwehwɛ nneɛma pa pii a wobetumi afi Kyerɛwnsɛm mu ne wo asusuw ho no mu.—Mmebusɛm 27:17.
Yɛto nsa frɛ wo sɛ bɛhwɛ sɛnea Adansefo no yɛ wɔn ade wɔ wɔn nhyiambea, Ahenni Asa so. Ɛhɔ na wobɛte Onyankopɔn Asɛm ho nkɔmmɔbɔ a mfaso wɔ so. Wubehu sɛnea wɔn a wɔwɔ hɔ no ne wɔn ho wɔn ho kasa fa Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho. Ma Adansefo yi mmoa wo na sua nokware a ɛfa Onyankopɔn apɛde ma yɛn nnɛ no ho. Tie Onyankopɔn frɛ a ɛne sɛ susuw nokware som ho na woanya n’anim dom, ne daa nkwa mpo wɔ Paradise no.—Malaki 3:16; Yohane 17:3.
[Kratafa 5 mfonini]
Noa kaa Onyankopɔn atirimpɔw ho asɛm pefee
[Kratafa 7 mfonini ahorow]
Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ afoforo Bible mu nokware sɛnea Paulo yɛe wɔ tete Atene no