Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 5/1 kr. 20-21
  • Bere A Wɔkenkan Ne Sɛnea Wonya Mfaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere A Wɔkenkan Ne Sɛnea Wonya Mfaso
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible a Yɛbɛkenkan no Daa so Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Bata Akenkan Ho
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Ama Bible Akenkan Ayɛ Anigye Kɛse?
    Nyan!—2001
  • Wopɛ Sɛ Wunya Bible No So Mfaso Paa a, Dɛn Na Wobɛyɛ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 5/1 kr. 20-21

Bere A Wɔkenkan Ne Sɛnea Wonya Mfaso

Anɔpatutuutu:

Awarefo bi a wɔn baanu nyinaa fi fie kɔyɛ adwuma sii gyinae sɛ anɔpa biara wɔbɛsɔre ntɛm asen sɛnea wɔyɛ daa no na wɔanya simma du pɛ abom akenkan Bible ansa na wɔayɛ ntɛm afi fie. Nea wɔkenkan no ma wonya biribi gyina so bɔ nkɔmmɔ a ɛfata bere a wɔafi fie no.

Ɔpanyin bi a ɔwɔ Nigeria de Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi nhyehyɛe no na ɛyɛ abusua Bible akenkan ho nhyehyɛe wɔ ne fie. Da biara sɛ wosusuw daa asɛm a wɔtaa yɛ no anɔpa no ho wie a, wɔkenkan ɔfã bi. Ɔma mmofra no kenkan afã horow a wɔde si hɔ no bi nnidiso nnidiso. Afei ɔma wobisabisa nsɛm wɔ nkyekyem a wɔkenkan no ho.

Efi 1985 no, afe biara, ɔbea warefo bi a ɔwɔ Japan kenkan Bible mũ no nyinaa pɛnkoro. Nhyehyɛe a wayɛ ne sɛ, da biara ɔbɛkenkan no simma 20 kosi 30, na ofi ase anɔpa 5:00. Ɔka mfaso horow a afi mu aba ho asɛm sɛ: “Ahyɛ me gyidi den. Ɛboa me ma miyi m’adwene fi me yare so de m’adwene si Paradise anidaso no so.”

Onuawa bi a wayɛ ɔkwampaefo mfe 30 nanso ne kunu nyɛ Ɔdansefo sɔre anɔpa nnɔnnum biara yɛ ne Bible akenkan. Ne nhyehyɛe no hwehwɛ sɛ ɔkenkan bɛyɛ nkratafa anan fi Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, eti biako fi Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu, ne nkyekyem biako fi Mmebusɛm mu. Efi 1959 no, ɔkenkan Bible mũ no nyinaa wie afe biara. Ɔka sɛ: “M’akenkan no ama mete nka sɛ Yehowa dɔ me . . . Minya nkuranhyɛ, awerɛkyekye, ne ateɛteɛ.” Ɔde ka ho sɛ: “Bible a mekenkan no ma ɛyɛ te sɛ nea Yehowa hyɛ me den wɔ m’asetra mu da biara.”

Onuawa bi a osuaa nokware no wɔ ɔman bi a na wɔabara Yehowa Adansefo dwumadi wɔ hɔ wɔ okunu a ɔsɔre tia ne gyidi ahorow no nso. Otumi yɛ ne Bible akenkan no fi Dwoda kosi Fida, bɛyɛ anɔpa 6:00 kosi 7:00. Eyi ahyɛ no den. Bere a ɔrekyerɛ sɛnea n’akenkan no aka no no, ose: “Wɔ ɔhaw ne nsɛnnennen mpo mu no, yesua sɛ yɛbɛdɔ Yehowa ne Yesu de anigye atra ase, a yenim sɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow nni huammɔ.”

Onuawa bi a ɔkɔɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no bi sii ne bo sɛ ɔde afotu a wɔde maa wɔn wɔ hɔ sɛ wɔmma Bible akenkan nyɛ daa adeyɛ no bedi dwuma. Mfiase no, na otumi kenkan no bɛyɛ anɔpa 5:00 kosi 6:00. Bere a adwumam nsakrae kaa nhyehyɛe no, ɔde kɔhyɛɛ bɛyɛ anadwo 9:00 kosi 10:00. Bere a tebea dennen afoforo sɔree no, ɔka sɛ: “Mekɔɔ so yɛɛ nsakrae wɔ me bere nhyehyɛe mu sɛnea ɛne me nsɛm tebea hyia.”

Adekyee no Mu Bere Foforo:

Nea honam fam anuanom baanu a wɔyɛ Brazil Betel abusua no mufo bi yɛ ne sɛ da biara sɛ wodidi wie awia a, wɔbom kenkan Bible no bɛyɛ simma 20. Wɔakenkan Bible mũ no nyinaa bɛyɛ mpɛn 25; nanso wɔkyerɛw sɛ: “Bere nyinaa yenya biribi foforo, enti Bible akenkan mfono yɛn da.”

Onuawa ɔhokwafo bi a ɔwɔ Japan hui sɛ ɛwom sɛ wɔtetee no sɛ Ɔdansefo de, nanso na onnim Kyerɛwnsɛm no mu papa; bere a ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo no, ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛkenkan Bible no daa. Seesei ɔyɛ ne Teokrase Ɔsom Sukuu no mu akenkan bere a ɔrekɔhwɛ ne ho yare wɔ ayaresabea da koro wɔ dapɛn biara mu no. Akyiri yi, sɛ ɔkɔ fie a ɔyɛ nhwehwɛmu ka ho. Sɛ dapɛn no rekɔ n’awiei a, ɔtoa Bible akenkan so, paw nhoma ahorow no nnidiso sɛnea wɔahyehyɛ no no.

Seesei abarimaa bi a wadi mfe 13 a wakenkan Bible mũ no nyinaa mprɛnsa dedaw kenkan ti biako da biara bere a ofi sukuu aba fie. Ɔka sɛ eyi aboa no ma wanya “ɔdɔ kɛse ama Yehowa.”

Ɔdansefo bi a onni adagyew koraa a ɔyɛ ɔbarima a ɔyɛ adwuma, ɔpanyin, okunu, ne agya, tie Bible akenkan a ɛwɔ kasɛt so bere a ɔte keteke mu rekɔ adwuma no. Afei sɛ ɔba fie a, n’ankasa kenkan nsɛm koro no ara.

Nea ɔkwampaefo bi a ɔwɔ France ankasa kenkan akyi no, otie Bible akenkan a ɛwɔ kasɛt so bere a ɔrenoa aduan, ɔreka kar, bere a nsɛnnennen bi ato no, anaa ɔde gyigye n’ani kɛkɛ.

Ɔkwampaefo bi a ɔwɔ Japan a wadi mfe 21 ka sɛ na ne maame kɔ so ka sɛ ɛsɛ sɛ onya honhom fam aduan bi da biara, na efi bere a odii mfe abiɛsa no, ɔkenkan Bible da biara, ɛwom sɛ ɔnyɛ no bere koro mu de. Sɛ ɔkenkan ɔfã a wapaw no saa da no wie a, ɔhwɛ hu sɛ ɔbɛkenkan nkyekyem atitiriw no bio, na afei ɔde simma kakraa bi kaakae nea wakenkan no.

Ɔdansefo foforo a ɔyɛ ɔkwampaefo akenkan Bible mũ no nyinaa bɛyɛ mpɛn du wɔ mfe 12 a atwam no mu. Ne kunu nyɛ gyidini, enti ɔde n’akenkan no ahyɛ awiabere.

Anwummere:

Ɔpanyin bi a ɔyɛ ɔkwampaefo nso a ɔwɔ Japan a ɔkenkan ne Bible anadwo biara ansa na wada, ayɛ saa mfe awotwe a atwam ni. Ose: “Kyerɛw nsɛm a m’ani gye ho titiriw ne nea ɛkyerɛ sɛnea Yehowa susuw nneɛma ho, ɔte nka wɔ nsɛm ho, na odi tebea horow ho dwuma. Kyerɛw nsɛm yi ho a masusuw no aboa me ma manya Yehowa nsusuwii no bi, na mede aboa me nuanom Kristofo mmarima ne mmea ne m’abusuafo.”

Efi 1979 no, ɔpanyin bi a ɔwɔ France kenkan Bible no dɔnhwerew biako anwummere biara. Ɔtaa de nkyerɛase ahorow anum anaa asia gu n’anim de yɛ ntotoho. Ɔka sɛ n’akenkan a ɔtɔ ne bo ase yɛ no aboa no ma ohu “ɔkwan a wɔfa so de Bible mu nimdeɛ di dwuma wɔ da biara tebea horow mu.” Eyi nso aboa no ma otumi fi Kyerɛwnsɛm no mu de afotu ma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.

Mfe 28 a atwam ni no, onua bi a ɔwɔ Nigeria de ayɛ ne su sɛ anwummere biara ɔbɛkenkan Kyerɛwnsɛm mu asɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa a wobesusuw ho anɔpa a edi hɔ no. Ɔkenkan Bible no mu ti a woyii asɛm no fii mu no nyinaa ka ho. Ɔwaree akyi no, ɔtoaa saa adeyɛ yi so, na ɔne ne yere kenkan nsɛm no susuw ho.

Ababaa bi a n’awofo nyɛ Adansefo de ayɛ ne su sɛ ɔbɛkenkan no simma anum kosi du anadwo biara ansa na wada. Onni saa mmere no ho agoru, na ɔde mpaebɔ fi akenkan no ase de wie nso. Ne botae ne sɛ obehu asɛm a Yehowa maa Bible akyerɛwfo no mu biara kyerɛw too hɔ no.

Onua warefo bi a ɔsom wɔ Betel ka sɛ ɔkenkan Bible no pɛnkoro afe biara wɔ mfe awotwe a atwam no mu. Ɔkenkan no simma 20 kosi 30 ansa na wada anadwo. Sɛ wabrɛ mpo a, ohu sɛ sɛ wanyɛ akenkan no a, ontumi nna. Ehia sɛ ɔsɔre kodi saa honhom mu ahiade no ho dwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena