Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
Ná Onyankopɔn reyɛ nyiyim sɛ ɔpaw mmarima a na wofi abusua ne ɔman koro mu—Yudafo nkutoo—de wɔn hyehyɛɛ sodikuw a edi kan no?
Dabi, ɛda adi sɛ wanyɛ nyiyim. Ná wɔn a Yesu dii kan frɛɛ wɔn sɛ n’asuafo no nyinaa yɛ Yudafo. Afei, wɔ Pentekoste 33 Y.B. no, Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo ne wɔn a wodii kan de honhom kronkron sraa wɔn, na ɛma wɔfatae sɛ wɔne Kristo bedi hene wɔ soro. Akyiri yi ansa na wɔde Samariafo ne Amanaman Mufo momonotofo a wɔbɛyɛɛ gyidifo bɛkaa ho. Enti, ntease wom sɛ saa bere no na sodikuw no mufo yɛ Yudafo, ‘asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem,’ sɛnea wɔka wɔ Asomafo no Nnwuma 15:2 no. Ná mmarima yi wɔ Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ a emu dɔ ne osuahu a ɛkɔ anim kɛse wɔ nokware som mu, na na wɔanya bere pii de anyin ayɛ Kristofo mpanyimfo a wɔn ho akokwaw.—Fa toto Romafo 3:1, 2 ho.
Eduu bere a sodikuw no yɛɛ saa nhyiam a wɔaka ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma ti 15 no, na Amanaman Mufo pii abɛyɛ Kristofo. Ná Afrikafo, Europafo, ne nnipa a wofi mmeae foforo ka eyinom ho. Nanso kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔde saa Amanaman Mufo no bi kaa sodikuw no ho na ama nnipa a wɔnyɛ Yudafo ani agye Kristosom ho. Ná saa Amanaman Mufo a wɔbɛyɛɛ Kristofo nkyɛe no ne “Nyankopɔn Israel” mufo nyinaa wɔ gyinabea koro de, nanso na wobenya obu ama Yudafo Kristofo, te sɛ asomafo no a na wɔyɛ sodikuw no mufo saa bere no ahokokwaw ne wɔn suahu kɛse no. (Galatifo 6:16) Hyɛ sɛnea na wɔwɔ obu kɛse ma osuahu a ɛte saa no nsow wɔ Asomafo no Nnwuma 1:21, 22.—Hebrifo 2:3; 2 Petro 1:18; 1 Yohane 1:1-3.
Mfehaha pii na Onyankopɔn ne Israel man no a Yesu paw n’asomafo no fii mu no adi nsɛm wɔ ɔkwan soronko bi so. Na ɛnyɛ mfomso anaa asisisɛm biara sɛ asomafo no mu biara mfi nea ɛnnɛ wɔfrɛ no Amerika Kesee Fam anaa Afrika anaa Apuei Fam Akyirikyiri no. Bere kɔɔ so no, na mmarima ne mmea a wofi saa mmeae no benya hokwan akɛse koraa asen sɛ wɔbɛyɛ asomafo wɔ asase so, afeha a edi kan sodikuw no mufo, anaasɛ wɔbɛma wɔn dibea foforo biara wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu nnɛ.—Galatifo 3:27-29.
Wɔkanyan ɔsomafo biako ma ɔkae sɛ “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Yiw, obiara nsa betumi aka Kristo agyede no mu mfaso horow a animhwɛ biara nnim. Na wɔde abusua ne ɔkasa ne ɔman biara mu nnipa bɛka ɔsoro Ahenni no ne nnipakuw kɛse a wɔbɛtra ase daa wɔ asase so no ho.
Nnipa pii nya nkate a emu yɛ den a ɛfa abusua, kasa, anaa ɔman a obi fi mu ho. Eyi da adi wɔ nea yɛkenkan wɔ Asomafo no Nnwuma 6:1 a ɛfa asɛm bi a ɛmaa anwiinwii baa Kristofo a na wɔka Hela kasa ne wɔn a na wɔka Hebri kasa ho mu no. Ebia wɔde kasa, mmusua anaa bɔbeasu ho adwene a ɛnteɛ na ɛtetee yɛn anaasɛ yesuae. Esiane sɛ ebetumi aba saa nti, nyansa wom sɛ yɛbɔ mmɔden kɛse sɛ yebenya Onyankopɔn adwene a ɛkyerɛ sɛ nnipa nyinaa yɛ pɛ wɔ n’anim, a yɛn honam ani hwɛbea mfa ho, no de siesie yɛn nkate ne yɛn nneyɛe. Bere a Onyankopɔn ma wɔkyerɛw nneɛma a wɔhwehwɛ wɔ mpanyimfo ne asafo mu asomfo ho no, wanka abusua ne ɔman a obi fi mu ho asɛm. Dabi, ɔtwee adwene sii nneɛma a ɛma wɔn a wobetumi asom no fata wɔ honhom mu no so. Ɛte saa ara wɔ asafo mu mpanyimfo, ahwɛfo akwantufo, ne baa dwumadibea adwumayɛfo fam nnɛ, sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu sodikuw no ho no.