Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 8/1 kr. 31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nya Koma A Esuro Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Onyankopɔn Suro​—So Ɛho Betumi Aba Wo Mfaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yesuro Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 8/1 kr. 31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Yohane nhoma a edi kan 4:18 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ehu nni dɔ mu, na mmom ɔdɔ a ɛyɛ pɛ no pam ehu.” Nanso Petro kyerɛwee sɛ: “Monnɔ anuanom! Munsuro Onyankopɔn!” (1 Petro 2:17) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama nkyekyem abien yi ahyia?

Ná Petro ne Yohane nyinaa yɛ asomafo a na wɔasua ade tee afi Yesu Kristo ankasa hɔ. Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ nea wɔkyerɛwee no mmɔ abira. Ɛdefa nkyekyem a wɔafa aka asɛm wɔ atifi hɔ ho no, mmuae no ne sɛ na asomafo baanu no reka osuro a ɛsono emu biara ho asɛm.

Ma yenni kan nsusuw Petro afotu no ho. Sɛnea nsɛm foforo a ɛka ho kyerɛ no, na Petro de honhom mu afotu a ɛfa su a ɛsɛ sɛ ne mfɛfo Kristofo nya wɔ atumfoɔ ho rema wɔn. Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, na ɔreka ahobrɛase wɔ nneɛma bi mu ho adwene a ɛfata ho asɛm. Enti otuu Kristofo fo sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ wɔn a wɔwɔ tumi wɔ nnipa nniso mu, te sɛ ahene ne amrado ase. (1 Petro 2:13, 14) Petro toaa so kyerɛwee sɛ: “Munni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom! Munsuro Onyankopɔn! Munni ɔhene ni!”—1 Petro 2:17.

Sɛ wususuw nsɛm foforo a ɛka ho no ho a, ɛda adi pefee sɛ bere a Petro kae sɛ Kristofo ‘nsuro Onyankopɔn’ no, na ɔkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yenya obu a nidi wom ma Onyankopɔn, suro a yesuro sɛ yɛbɛyɛ nea ɛnsɔ otumfoɔ a ɔkorɔn sen biara no ani.—Fa toto Hebrifo 11:7 ho.

Na nea ɔsomafo Yohane kae no nso ɛ? Ɔsomafo no dii kan kaa hia a ehia sɛ wɔsɔ “nsɛm a efi honhom mu” te sɛ nea atoro adiyifo ka hwɛ ho asɛm wɔ 1 Yohane ti 4, NW. Nokwarem no, saa nsɛm no mfi Yehowa Nyankopɔn hɔ; efi wiase bɔne no hɔ anaa ɛkyerɛ sɛnea ɛte.

Nea ɛne ɛno bɔ abira no, Kristofo a wɔasra wɔn no ‘fi Nyankopɔn mu.’ (1 Yohane 4:1-6) Esiane saa nti, Yohane hyɛɛ nkuran sɛ: “Adɔfo, momma yɛnnodɔ yɛn ho; na ɔdɔ fi Nyankopɔn mu.” Onyankopɔn na odii kan daa ɔdɔ adi—“ɔsomaa ne ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.” (1 Yohane 4:7-10) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ yɛne yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ dɔ no yɛ biako. Ɛnsɛ sɛ ehu ka yɛn anaa yɛn ho popo sɛ yɛbɛbɛn no wɔ mpaebɔ mu. Ná Yohane adi kan atu fo sɛ: “Sɛ yɛn koma mmu yɛn fɔ a, ɛnde yɛde nnam kɔ Onyankopɔn anim, na biribiara a yɛsrɛ no, yenya fi ne nkyɛn, efisɛ yedi n’ahyɛde so.” (1 Yohane 3:21, 22) Yiw, ahonim pa ma yenya hokwan a yɛde kɔ Onyankopɔn anim a yɛn ho mpopo esiane ehu nti. Yefi ɔdɔ mu te nka sɛ yɛwɔ hokwan a yɛde bɛkasa akyerɛ, anaa yɛafrɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu. Wɔ saa kwan yi so no, “ehu nni dɔ mu.”

Afei, ma yɛmma adwenhorow abien no nhyia. Ɛsɛ sɛ Kristoni de nidi suro Yehowa esiane obu a emu dɔ a yɛwɔ ma ne dibea, tumi, anaa n’atɛntrenee nti. Nanso yɛsan dɔ Onyankopɔn sɛ yɛn Agya na yɛte nka sɛ yɛbɛn no na yɛwɔ hokwan a yɛde bɛkɔ n’anim. Sɛ́ anka yɛbɛma ne ho hu asiw yɛn kwan no, yɛwɔ awerɛhyem sɛ yebetumi akɔ n’anim, sɛnea abofra de anigye kɔ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ anim no.—Yakobo 4:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena