Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 8/15 kr. 8-11
  • Yesu Ho Adwenem Nnaayɛ no Fata?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Ho Adwenem Nnaayɛ no Fata?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Woduaa Yesu Ho Adwenem Nnaayɛ No
  • Adanse Ahorow a Eyi Adwenem Nnaayɛ Fi Hɔ
  • Nea Enti a Ebinom Nnye Yesu Anwonwade no Nni
  • Yesu Wusɔre Ho Adwenem Nnaayɛ no Fata?
  • Dɛn Nti na Ebinom Adwenem Yɛ Wɔn Nnaa Wɔ Yesu Mprempren Dibea no Ho?
  • Yesu Anwonwade No Dɛn Na Wubetumi Asua Afi Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Yesu Awonwade Ahorow—So Esisii Ankasa?
    Nyan!—1984
  • Yesu Wusɔre​—Nea Ɛkyerɛ Ma Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yesu Kristo​—Yɛn Nsɛmmisa no Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 8/15 kr. 8-11

Yesu Ho Adwenem Nnaayɛ no Fata?

YESU a ofi Nasaret no yɛɛ anwonwade ankasa? Ɔsɔre fii awufo mu sɛnea n’asuafo no kae no? Ɔtraa ase koraa mpo? Wɔ yɛn nnɛ mmere yi mu no, ɛte sɛ nea nnipa pii ntumi mfa ahotoso mmua nsemmisa a ɛtete saa no. Dɛn ntia? Efisɛ wɔwɔ Yesu ho adwenem nnaayɛ bi, na adwenem nnaayɛ yɛ ahotoso a wonni, a wonnim sɛ biribi yɛ nokware anaasɛ ebetumi ayɛ yiye. Nanso, Yesu mu ahotoso a wonni no fata? Ma yɛnhwɛ.

Sɛnea Woduaa Yesu Ho Adwenem Nnaayɛ No

Afeha a ɛto so 19 no awiei ne afeha a ɛto so 20 no mfiase German nyamekyerɛfo bi kaa Yesu ho asɛm sɛ “tete Asɔre no mu nipa bi a wantra ase pɛn.” Yesu abakɔsɛm ho kyim a wogyei no de akyinnyegye baa nhomanimfo mu wɔ afeha yi mfiase maa nnipa pii tee ho asɛm saa bere no, na ɛda so ara wɔ nkɛntɛnso nnɛ. Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Germany nnansa yi daa no adi sɛ nkurɔfo bi a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 3 na wogye di sɛ Yesu “antra ase da” na “asomafo no na wɔbɔɔ wɔn tirim kaa ne ho asɛm.” Yiw, Yesu ho adwenem nnaayɛ ho aba a woguu no afeha yi mfiase no gu asase pa mu wɔ nnipa komam ɛnnɛ mpo.

Dɛn nti na ka a wɔka sɛ “wɔbɔɔ wɔn tirim” na ɛkaa Yesu ho asɛm no ntumi nyɛ nokware? Bible ho nimdefo Wolfgang Trilling ka sɛ: “Wɔayi akyinnyegye a ɛne sɛ ebia Yesu atra ase pɛn, sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, sɛ́ ɔyɛ abakɔsɛm mu nipa anaa ayɛsɛm mu nipa no afi hɔ. Woyii akyinnyegye no fii hɔ wɔ nimdeɛ kwan so, anyɛ yiye koraa no, wɔ ɔkwan a ɛmma nnipa a wosusuw nsɛm ho yiye mmu no bio sɛ asɛm a wɔabɔ tirim aka.” Nanso, ebinom da so ara wɔ adwenem nnaayɛ bi sɛ Yesu antra ase pɛn. Enti, ma yɛnhwehwɛ sɛnea obi betumi ama abakɔsɛm mu nipa a Yesu yɛ no atim, na wayi ne ho adwenem nnaayɛ foforo afi hɔ mu.

Adanse Ahorow a Eyi Adwenem Nnaayɛ Fi Hɔ

Trilling ka sɛ, kum a wokum Yesu animguase mu sɛ ɔbɔnefo a wokyiri no no ne “nkyerɛkyerɛmu a ntease wom sen biara a etia wɔn a wogye abakɔsɛm mu nipa a Yesu yɛ ho kyim no.” Dɛn ntia? Efisɛ ne kum no “gyee Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo a afei na na wɔagye no adi no asabawmu, na ɛtoo wɔn hintidua mpo.” (Fa toto 1 Korintofo 1:23 ho.) Sɛ na Yesu, Mesia no, a wokum no no yɛ animguasede a ɛte saa ma Yudafo ne Amanaman mufo no a, ɛbɛyɛ den sɛ asomafo no na wɔbɔɔ wɔn tirim kaa ho asɛm! Bio nso, ɛnyɛ Nsɛmpa anan no nko na edi Yesu wu no ho adanse sɛ ɛyɛ abakɔsɛm mu asɛm, na mmom, Romafo abakɔsɛm kyerɛwfo Tacitus ne Yudafo Talmud no nso.a

Wobu nsɛm foforo a esisii Yesu bere so a ɛwɔ Nsɛmpa no mu nso ho adanse sɛ ɛyɛ nokware, na saa ara na ne ho nsɛm a ɛka kyerɛ yɛn no yɛ nokware. Sɛ nhwɛso no, na Yesu akyidifo no bɛbɔ wɔn tirim aka sɛ ofi Nasaret, beae a ɛte sɛ nea adepa biara mfi hɔ mma no? Anaasɛ na wobetumi abɔ wɔn tirim aka sɛ Yuda, n’akyidini a ɔwɔ ne mu ahotoso no na obeyi no ama? Ebetumi ayɛ nokware sɛ Yesu asuafo no bɛbɔ wɔn tirim aka sɛ ehu maa asuafo a aka no gyaw no wɔ ɔkwan a ɛte saa so? Nokwarem no, ɛyɛ nea nyansa nnim sɛ asuafo no bɛbɔ wɔn tirim aka nsɛm bi a ebetumi apira kɛse na afei wɔaka ho asɛm baabiara! Nea ɛka ho no, ɔkwan a Yesu nam so kyerɛkyerɛe no yɛ soronko. Biribiara nni afeha a edi kan no Yudafo nhoma mu a wobetumi de atoto ne mfatoho horow no ho. Onipa a yennim no bɛn na “obetumi abɔ ne tirim” aka nsɛm a nyansa wom, te sɛ Bepɔw so Asɛnka no? Saa nsɛm yi nyinaa yɛ nea wɔka de foa nokware a Yesu asetra ho nsɛm a Nsɛmpa no bɔ ho amanneɛ no yɛ so.

Nea Kyerɛwnsɛm no ka fa abakɔsɛm mu nipa a Yesu yɛ ho akyi no, adanse foforo nso wɔ hɔ. Nsɛmpa anan no ka ne ho asɛm sɛ ɔtraa ase wɔ abakɔsɛm mu bere pɔtee bi a ɛde ho nkyerɛkyerɛmu ma pɛpɛɛpɛ. Mmeae te sɛ Betlehem ne Galilea; ankorankoro ne nnipakuw bi a wɔagye din te sɛ Pontio Pilato ne Farisifo no; ne Yudafo amammerɛ ne nneɛma a ɛtete saa no nyɛ nea wɔbɔɔ tirim kae ara kwa. Ná ɛyɛ afeha a edi kan no mu asetra no fã, na nsɛm a emfi Bible mu ne fam a wotutu de hwehwɛ tetefo nneɛma asi so dua.

Enti, adanse a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu ne nea afoforo aka wɔ hɔ a ɛyɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Yesu yɛ abakɔsɛm mu nipa.

Nanso, nnipa dodow bi nnye anwonwade ahorow a ɔyɛe no nni. Nokwarem no, sɛnea nhwehwɛmu a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ kyerɛ no, German asɔrekɔfo no mu kakraa bi pɛ na wogye di ankasa sɛ Yesu anwonwade ne ne wusɔre no “sii ankasa.” Yesu anwonwade ne ne wusɔre no ho adwenem nnaayɛ no fata?

Nea Enti a Ebinom Nnye Yesu Anwonwade no Nni

Mateo 9:18-36 bɔ amanneɛ sɛ Yesu nam anwonwakwan so saa ayarefo yare, nyan awufo, na otuu ahonhommɔne. Ɔbenfo Hugo Staudinger, abakɔsɛm kyerɛwfo bi, ka sɛ: “Ɛyɛ nwonwa ankasa, na ɛyɛ abakɔsɛm mu asɛm a ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛka sɛ wɔbɔɔ wɔn tirim ara na wɔkyerɛw eyinom.” Dɛn ntia? Efisɛ ɛte sɛ nea wɔkyerɛw Nsɛmpa a edi kan no wɔ bere a na wɔn a wohuu anwonwade yi bi da so ara te ase! Wohu adanse foforo nso, efisɛ sɛnea Staudinger kɔ so ka no, Yudafo a na wɔtan no no “annye Yesu anwonwade a ɔyɛe no ho kyim.” Sɛ yɛpow adanse afoforo nyinaa na yɛde yɛn asɛm no gyina adanse a afoforo aka yi nkutoo so a, yehu sɛ ɛfata sɛ yegye Yesu anwonwade no di ɔkwan biara so.—2 Timoteo 3:16.

Ɛwom sɛ “Germanfo mu dodow no ara na wogye di sɛ Yesu saa ayarefo yare” de, nanso wɔn mu bebree nnye tumi a ɔde saa yare yi nni. Sɛ nhwɛso no, Germanni nyamekyerɛfo bi a wonim no yiye kaa no baguam sɛ, Yesu ayaresa no fi tumi a na nnipa a wɔwɔ adwenemhaw no susuw sɛ ɔwɔ no. Eyi yɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfata?

Susuw eyi ho hwɛ. Marko 3:3-5 bɔ amanneɛ sɛ Yesu saa ɔbarima bi a ne nsa awu yare. Nanso adwenemhaw na ɛma obi nsa wu? Ɛda adi sɛ ɛnte saa. Enti wɔrentumi nka ayaresa yi ho asɛm sɛ ɛyɛ tumi a na nnipa bi susuw sɛ ɔwɔ nti. Enti dɛn na ɛmaa Yesu tumi yɛɛ anwonwade? Ɔbenfo Staudinger gye tom sɛ: “Sɛ mmara bi a edi mu koraa nni hɔ, na sɛ obi mpow Onyankopɔn koraa a, ɛnde na ɛda adi sɛ obi ntumi mmu n’ani ngu nokware a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn a ne tumi boro onipa de so tumi yɛ anwonwade no so.” Yiw, nokwarem no, ɛdenam “Onyankopɔn tumi” so no, Yesu saa nnipa a wɔyareyare no yare ankasa. Enti ntease biara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ wogye nokware a n’anwonwade no yɛ ho kyim.—Luka 9:43; Mateo 12:28.

Sɛnea The American Peoples Encyclopedia kyerɛ no, sɛ anwonwade a ɛsen biara—Yesu wusɔre no—sii a, ɛnde na anwonwade foforo a wɔaka ho asɛm wɔ Nsɛmpa no mu no “betumi asi.” Wonyan Yesu fii awufo mu ampa?

Yesu Wusɔre Ho Adwenem Nnaayɛ no Fata?

Di kan susuw adanse kakra bi a emu yɛ den a ɛfoa nokware a Yesu wusɔre no yɛ so no ho—ɔda a biribiara nnim no. Yesu bere sofo ne n’atamfo mpo annye nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wohui sɛ biribiara nni ne damoa mu no ho kyim. (Mateo 28:11-15) Anka wɔbɛda nnaadaasɛm no adi ntɛm ara! Nhoma a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no de ba awiei wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ: “Wɔmfaa ɔda a na biribiara nnim no ho nkyerɛkyerɛmu biara mmae pɛn, gye nea Bible ka no, ‘Onni ha; na wanyan’ (Mat. 28:6).”

Ebinom pow saa asɛm no, na wɔka sɛ Yesu ankasa asuafo no na wɔkaa no baabiara sɛ ɔyɛ Mesia a wɔanyan no. Saa na ɛte. Nanso wɔansi nokware a wɔn asɛm no yɛ so dua wɔ abakɔsɛm mu, titiriw Yesu wu ne ne wusɔre no? Ɛte saa. Ná ɔsomafo Paulo nim eyi ho biribi bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ wɔannyan Kristo a, ná yɛn asɛnka yɛ ɔkwa, na mo gyidi nso yɛ ohunu. Na wobehu yɛn nso sɛ Onyankopɔn ho adansekurumfo, efisɛ yedi Nyankopɔn adanse sɛ onyan Kristo a sɛ awufo nnyan a, anka wannyan no” no.—1 Korintofo 15:14, 15; fa toto Yohane 19:35; 21:24; Hebrifo 2:3 ho.

Wɔ afeha a edi kan mu no, na nnipa pii wɔ hɔ a wɔagye din yiye, a na wobetumi adi yi a Yesu yii ne ho adi wɔ ne wu akyi no ho adanse. Wɔn mu bi ne asomafo 12 no ne Paulo, ne bɛboro nnipa 500 a wohuu no no.b (1 Korintofo 15:6) Kae nea enti nso a na Matia fata sɛ osi ɔsomafo Yuda a wanni nokware no ananmu no. Asomafo no Nnwuma 1:21-23 bɔ amanneɛ sɛ na Matia betumi adi Yesu wusɔre ne Ne ho nsɛm a edii kan sisii no ho adanse. Sɛ na Yesu wusɔre no nyɛ nokwasɛm a, anka ahwehwɛde a ɛte saa a wogyina so paw obi no ho renhia koraa.

Esiane sɛ na wɔn a wohuu Yesu wusɔre no wɔ afeha a edi kan mu no betumi adi n’asetra, n’anwonwade, ne wu, ne ne wusɔre ho adanse nti, Kristosom de kakrankakra trɛwee wɔ Roma Ahemman mu nyinaa, ɛmfa ho sɛ na akwanside a wɔabobɔ din wɔ atifi hɔ no wɔ hɔ. Ná n’akyidifo no wɔ ɔpɛ sɛ wobegyina nsɛnnennen, ɔtaa, ne owu mpo ano sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka ne wusɔre no ne nokware titiriw a ɛfa ho no ho asɛm baabiara. Nokware titiriw bɛn? Sɛ́ ne wusɔre no nam Onyankopɔn tumi nkutoo so. Na dɛn nti na Yehowa Nyankopɔn nyan Yesu fii awufo mu? Saa asemmisa no ho mmuae no kyerɛ abakɔsɛm mu nipa ko a Yesu yɛ.

Wɔ Pentekoste da no, ɔsomafo Petro daa no adi pefee kyerɛɛ Yudafo a na wɔn ho adwiriw wɔn wɔ Yerusalem no sɛ: “Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no; ɛho adansefo na yɛn nyinaa yɛ. Afei wɔmaa no so kɔɔ Onyankopɔn nifa, na onyaa agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ no nti na wahwie nea muhu na mote yi agu. Na Dawid ankɔ ɔsoro; nanso ɔno ara kae sɛ: [Yehowa] ka kyerɛɛ me wura sɛ: Tra me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso. Enti ma Israel fi nyinaa nhu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo.” (Asomafo no Nnwuma 2:32-36) Yiw, Yehowa Nyankopɔn yɛɛ Yesu a ofi Nasaret no “Awurade ne Kristo.” Adwenem nnaayɛ a wonya wɔ ne dibea a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw fã yi mu no fata?

Dɛn Nti na Ebinom Adwenem Yɛ Wɔn Nnaa Wɔ Yesu Mprempren Dibea no Ho?

Wɔbɛyɛ dɛn atumi ayi Yesu nipasu ne ne dibea ho adwenem nnaayɛ nyinaa afi hɔ? Denam nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ɔyɛ nokware diyifo pefee no so. Ɔhyɛɛ akodi, ɔkɔm, asasewosow, basabasayɛ, ne ɔdɔ a wonni a yehu nnɛ no ho nkɔm. Nea ɛka ho no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:3-14) Nkɔmhyɛ ahorow yi a anya mmamu no kyerɛ sɛ Yesu ne Kristo a wɔanyan no no, na ɔredi tumi ‘wɔ n’atamfo mfinimfini’ a aniwa nhu no, na ɛnkyɛ na ɔde Onyankopɔn wiase foforo no aba.—Dwom 110:1, 2; Daniel 2:44; Adiyisɛm 21:1-5.

Adesamma hia Ɔgyefo a ɔwɔ nyansa a ɛboro nnipa de so mprempren sen bere biara. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn adwenem yɛ yɛn naa wɔ pa a wɔapaw Yesu sɛ ɔne obi a obegye adesamma nkwa no ho? Yohane a ohuu Yesu anwonwade ahorow a na ɛyɛ ahodwiriw ne ne wusɔre no kae sɛ: “Na yɛahu na yedi adanse sɛ: agya no asoma ɔba no sɛ wiase agyenkwa.” (1 Yohane 4:14; fa toto Yohane 4:42 ho.) Sɛnea yenni ntease pa biara a yebegyina so agye tra a Yesu traa ase, n’anwonwade, ne wu, ne ne wusɔre no ho kyim no, saara na yenni ntease biara a yebegyina so agye kyim sɛ Yehowa Nyankopɔn asi no Ɔhene a ɔfata wɔ Ne nifa so. Akyinnye biara nni ho sɛ, Yesu a ofi Nasaret no ne Onyankopɔn Ahenni no so Hene ne “wiase Agyenkwa” no.—Mateo 6:10.

[Ase hɔ nsɛm]

a Nhomanimfo bi gye Yesu ho asɛm a akyinnyegyefo aka wɔ Talmud mu no tom sɛ nokwasɛm. Wɔ ɔkwan foforo so no, wogye Yesu ho nsɛm a Tacitus, Suetonius, ne Pliny Akumaa, ne anyɛ koraa no nea Flavius Josephus kae no tom baabiara sɛ abakɔsɛm mu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu atra ase pɛn.

b Bere bi, Yesu a wɔanyan no no ne n’asuafo no wee mpataa, a ɛkyerɛ sɛ ne ho adi a oyii no nyɛ anisoadehu ara kwa, sɛnea ebinom gye di nnɛ no.—Luka 24:36-43.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena