So Wokae?
So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Sɛ ɛte saa a, ɛbɛyɛ wo anigye sɛ wobɛkaakae nea edidi so yi:
▫ Wubetumi ahu nyamesom mu nokware? Yesu Kristo kae sɛ: “Mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.” (Yohane 8:32) Yesu anna no adi nkõ sɛ yebetumi ahu nokware no, na mmom, ɔkyerɛe sɛ hu a yebehu no hia wɔ Onyankopɔn a yɛsom no no mu. Ɔka kyerɛɛ Samariani bea bi sɛ: “Nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:23)—4/15, kratafa 5.
▫ Hena ne Robert Estienne, na ɔkwan bɛn so na ɔbɔɔ mmɔden kɛse? Ná Robert Estienne yɛ nhomatintimfo a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 16 no mu. Ɔde ne nkwa nna nyinaa sii hɔ de tintim Kyerɛw Kronkron no, na ɔyeree ne ho denneennen maa Bible nsɛmfua daa adi sɛnea wɔkyerɛw no mfiase no. Ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ Bible no nkyekyem maa ebiara nɔma no ne ɔkwan a wɔde di dwuma wɔ baabiara nnɛ.—4/15, nkratafa 10, 14.
▫ Ɔkwan bɛn so na yenya da biara Bible akenkan so mfaso? Yenya Kyerɛwnsɛm no mu ntease foforo bere nyinaa, na nea yɛahu, yɛate, na yɛn ankasa anya mu suahu no ma nna a edi akyiri ho nkɔmhyɛ ahorow bɛyɛ nea edi mũ kɛse ma yɛn. Bere a yɛn ankasa asetra mu osuahu yɛ kɛse na yedi nsɛnnennen ho dwuma no, yenya Bible afotu ho anisɔ kɛse. (Mmebusɛm 4:18)—5/1, kratafa 14.
▫ Wobɛyɛ dɛn atumi akae Bible mu nsɛm yiye? Bere a worekenkan Bible no, hyɛ kyerɛw nsɛm bi a wobɛpɛ sɛ wokae no agyirae, anaa kyerɛkyerɛw gu nkrataa so fa gu baabi a wubehu no da biara. Bere a wobɔ mmɔden sɛ wobɛkyere nkyekyem ahorow no agu wo tirim no, dwennwen ho na fa di dwuma. Mmɔ mmɔden sɛ wobɛkyere nsɛm a ɛdɔɔso dodo agu wo tirim prɛko pɛ, ebia wubetumi ayɛ no biako anaa abien pɛ dapɛn biara.—5/1, nkratafa 16, 17.
▫ Nsɛm bɛn na ɛwɔ Luka Asɛmpa no mu a enni nea Nsɛmpa akyerɛwfo foforo no kae mu? Bere a nsɛm a Luka kyerɛwee no dodow no ara te sɛ nea ɛwɔ Mateo kyerɛwtohɔ no mu no, emu ɔha biara mu nkyekyem 59 yɛ soronko. Luka yɛɛ anwonwade ahorow asia ho kyerɛwtohɔ a ne nhoma no mu nkutoo na ɛwɔ, na ɔbɔɔ Yesu mmebu no dodow a ɛboro saa mmɔho abien a Nsɛmpa akyerɛwfo foforo no anka ho asɛm ho amanneɛ.—5/15, kratafa 12.
▫ Hann a ɛhyerɛn soronko bɛn na ɛdaa adi wɔ 1935 mu? Saa afe no, Yehowa nkurɔfo bɛtee ase sɛ nnipakuw kɛse a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9, 14 no nyɛ ɔsoro kuw a ɛto so abien, na mmom wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no. (Yohane 10:16)—5/15, kratafa 20.
▫ Akwan a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi afa so akyekye wɔn a wodi awerɛhow werɛ? Tie. Ma awerɛhyem. Tu wo ho ma. Fi wo pɛ mu yɛ ade wɔ bere a ɛfata mu. Kyerɛw krataa anaa fa awerɛkyekye krataa mena. Wo ne wɔn mmɔ mpae. (Yakobo 5:16) Kɔ so boa wɔn.—6/1, nkratafa 13, 14.
▫ Dɛn na honhom fam anuanom mmarima ne mmea betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔwɔ mmusua a obiara wɔ ne som mu? Ka nsɛm a ɛhyɛ nkuran, ɛyɛ papa, na ɛma awerɛkyekye kyerɛ wɔn bere nyinaa. (1 Tesalonikafo 5:14) Eyi ma wonya adwene ne nipadua mu ahotɔ. Sɛ ebetumi ayɛ yiye na sɛ ɛfata a, ma wɔnka wo ho wɔ wo teokrase ne asetram dwumadi ahorow mu. Kae wɔn wɔ wo mpaebɔ mu. (Romafo 1:9; Efesofo 1:16)—6/1, kratafa 29.
▫ Mfaso horow bɛn na efi boasetɔ a wɔde yɛ asɛnka adwuma no mu ba? Boasetɔ boa Ahenni dawurubɔfo no ma ogyina anibiannaso ne ɔsɔretia biara a ohyia ano. Sɛ́ anka asomfo a wɔwɔ boasetɔ ne ofiewuranom a wɔn bo afuw begye akyinnye no, wobetumi ama mmuae a odwo wom anaa wɔafi hɔ komm na ama wɔakɔ so anya asomdwoe ne anigye. (Mateo 10:12, 13) Bio nso, ɛbɛtwetwe nnipa a wɔte sɛ nguan aba Ahenni asɛm no ho.—6/15, kratafa 12.
▫ Dɛn nti na Bible mu nokware a yebehu so wɔ mfaso saa? Nokware no a yehu no ma yɛde yɛn ho fi atosɛm, nnaadaa, ne gyidihunu ho. Sɛ yɛde nokware no bɔ yɛn bra a, ɛhyɛ yɛn den ma yegyina ɔhaw ahorow ano, na ɛma yɛn anidaso a ɛma yetumi gyina sɔhwɛ ano.—7/1, kratafa 8.
▫ Asɛyɛde titiriw bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn asafo no gye fii honam fam Israel nsam? Hokwan a ɛne Yehowa kɛseyɛ ho adanse a wodi kyerɛɛ amanaman no. (Yesaia 43:21; 1 Petro 2:9)—7/1, kratafa 19.
▫ Dɛn na ɔsomafo Petro asɛm a ese okunu mfa ‘nidi mma’ ne yere no kyerɛ? (1 Petro 3:7) Okunu a odi ne yere ni no mmrɛ no ase anaa ommu no animtiaa. Mmom no, ɔnam ne nsɛm ne ne nneyɛe so da no adi—wɔ kokoam ne baguam—sɛ obu no. (Mmebusɛm 31:10-31)—7/15, kratafa 19.
▫ Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛkyerɛ ɔdɔ sɛ wobetu ɔbɔnefo a onnu ne ho afi Kristofo asafo no mu? Tu a wotu obi no da Yehowa ne n’akwan ho dɔ adi. (Dwom 97:10) Ɛkyerɛ ɔdɔ ma wɔn a wɔreyɛ adetrenee no, efisɛ eyi obi a obetumi anya wɔn so nkɛntɛnso bɔne fi wɔn mu; eyi kora asafo no ahotew nso so. (1 Korintofo 5:1-13)—7/15, kratafa 25.
▫ Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ahu “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ Mateo 24:45-47 no nnɛ? Nea wɔde hu wɔn titiriw ne adwuma a wɔyɛ, a ɛne Bible ho nhoma ahorow a wɔyɛ, “ahenni no ho asɛmpa” no ho nkyerɛkyerɛ ne asɛnka, ne sɛnea wɔbata Onyankopɔn Asɛm, Bible no, ho denneennen no. (Mateo 24:14; 28:19, 20)—8/1, kratafa 16.