Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 9/15 kr. 5-6
  • Anka Ninkuntwe Reyɛ Asɛe M’asetra

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anka Ninkuntwe Reyɛ Asɛe M’asetra
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔdɔ di Ninkuntwe a Ɛmfata So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Me Ninkuntwe Nkate No So?
    Nyan!—1985
  • Ninkunu a Wɔtwe ma Yehowa Nokware Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nea Ɛsɛ sɛ Wuhu Fa Ninkuntwe Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 9/15 kr. 5-6

Anka Ninkuntwe Reyɛ Asɛe M’asetra

BERE a mewaree me kunu a ɔto so abien, Mark, no, ninkuntwe fii ase haw me ankasa.a Nea na ɛsɛ sɛ yɛn baanu yɛ ne sɛ yɛbɛhwɛ mmanoma ne sɛnea yɛne yɛn ahokafo dedaw no bedi. Ɛtɔ mmere bi a, na tebea no mu tumi yɛ den kɛse. Bere biara a na akasakasa besi abusua no mu no, na ɛte sɛ nea Mark nnyina m’akyi. Mifii ase tee nka sɛ ɔda so ara dɔ ne yere dedaw no. Sɛ́ anka medi me ninkuntwe no so no, memaa kwan ma edii m’asetra so. Bere biara a Mark yere dedaw no bɛba hɔ no, na ehu ka me.

Ná metaa hwɛ Mark, na na mehwɛ n’aniwa mpo de hwɛ faako a ɔrehwɛ. Misusuw nneɛma bi a ennim mpo maa no. Ɛtɔ mmere bi a, na mebɔ no sobo ankasa sɛ ɔda so ara dɔ ne yere dedaw no. Da bi, eyi haw no ara ma ɔsɔre fii Kristofo nhyiam bi ase. Metee afobu nka wɔ Yehowa anim. Memaa m’abusua asetra yɛɛ awerɛhow efisɛ awiei koraa no, ɛkaa mmofra no nso. Ná mempɛ nea na mereyɛ no, nanso ɛmfa ho mmɔden biara a mebɔe no, na ɛte sɛ nea mintumi nni me ninkuntwe no so.

Sɛ́ anka Mark bɛboa me no, ofii ase tɔɔ me so were. Sɛ mebɔ no sobo a, na ɔteɛm gu me so sɛ, “Ninkufo, wotwe ninkunu dodo.” Ɔhyɛɛ da yɛɛ nneɛma a ɛbɛma matwe ninkunu mpo. Ebia osusuwii sɛ eyi bɛma magyae me ninkuntwe no, nanso ɛmaa asɛm no sɛee koraa. Ofii ase hwɛɛ mmea foforo, kaa sɛnea wɔn ho yɛ fɛ. Eyi ma metee nka mpo sɛ meba fam kɛse na ɔmpɛ m’asɛm. Eduu baabi a nkate foforo a ɛbɛma madi bɔne—nitan—yii ne ti. Eduu saa no, nneɛma haw me ara ma na mempɛ sɛ mehu ɔne ne mma.

Sɛ Bible ka sɛ “nitan yɛ nnompe mu porɔw” a, saa pɛpɛɛpɛ na ɛte. (Mmebusɛm 14:30) Efii ase kaa m’akwahosan. Minyaa yafunu mu akisikuru a egyee bere tenten ansa na ɛregyae. Mekɔɔ so maa m’asetra yɛɛ awerɛhow denam biribiara a Mark yɛe a na m’adwenem nteɛ me wɔ ho no so. Ná mehwehwɛ ne ntaade kotoku mu, na sɛ mihu telefon nɔma bi a, na me ne onipa no kasa wɔ telefon so de hwɛ onii ko a ɔyɛ. Ná mete afobu nka wɔ me mu, na misu esiane sɛ midi fɔ wɔ Yehowa anim nti. Nanso, mantumi annyae nea na meyɛ no. Ná m’ankasa ne me tamfo kɛse.

Ɛkaa me honhom mu yiyedi kosii baabi a na mintumi mmɔ mpae bio. Ná medɔ Yehowa, na na mepɛ sɛ meyɛ nea ɛteɛ. Ná minim kyerɛw nsɛm a ɛfa okununom ne ɔyerenom ho, nanso na mintumi mfa nni dwuma. Bere a edi kan wɔ m’asetra mu no, na mepɛ sɛ miwu, ɛwom sɛ na mewɔ mma a wɔn ho yɛ fɛ de.

Kristofo asafo mu mpanyimfo hyɛɛ me nkuran kɛse, na wɔbɔɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛboa me. Nanso, sɛ wɔka me ninkuntwe ho asɛm a, esiane fɛre nti, na meka sɛ ɛnyɛ nokware, na na mempɛ sɛ migye tom sɛ mewɔ ɔhaw a ɛte saa.

Awiei koraa no, m’akwahosan sɛee kosii baabi a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ me oprehyɛn wɔ ayaresabea. Bere a mewɔ hɔ no, mihui sɛ asetra rentumi nkɔ so saa ara. Me ne Mark sii gyinae sɛ yɛbɛtetew yɛn aware no mu asram abiɛsa de ahwehwɛ yɛn tebea no mu, a yɛrennya nkate a emu yɛ den mma yɛn ho yɛn ho. Saa bere yi mu no, biribi a ɛyɛ nwonwa sii. Asɛm bi a wɔato din “Mmoa ma Asadweam Mma a Wɔanyinyin” puee Nyan! nsɛmma nhoma mu.b

Nea ɛte ne sɛ na me maame yɛ ɔsadweam. Ɛwom sɛ m’awofo anyɛ me bɔne wɔ nipadua mu de, nanso wɔankyerɛ honam fam ɔdɔ amma wɔn mu biara anaa me. Menkae sɛ me maame yɛɛ me atuu ka kyerɛɛ me sɛ ɔdɔ me da. Enti minyinii ankasa a na minnim sɛnea mɛdɔ obi, anaa nea ɛho hia saa ara no, sɛnea obi bɛdɔ me.

Ná me maame taa ka me papa mmaapɛ ho asɛm kyerɛ me, na na ɛno nti na onnye no nni. Enti migye di sɛ ɛno nti na minyinii a mennye mmarima nni no. Esiane sɛnea wɔtetee me nti, na mete nka bere nyinaa sɛ meba fam sen afoforo, titiriw mmea foforo. Saa asɛm no a mekenkanee wɔ Nyan! mu no boaa me ma mihuu sɛnea saa nneɛma yi ho hia. Ɛno ne bere a edi kan a metee nea ɛma metwe ninkunu no ase.

Mede Nyan! mu asɛm no kyerɛɛ me kunu, Mark, na ɛboaa ɔno nso ma ɔtee me ase yiye. Ankyɛ, me ne no tumi fii ase dii Bible afotu a ɛfa awarefo a wɔresusuw ntetewmu ho no so. Yɛsan ka boom. (1 Korintofo 7:10, 11) Mprempren yɛn aware no asɔ sen bere biara a atwam. Yɛyɛ nneɛma pii bom, titiriw nea ɛfa Kristofo dwumadi ho no. Mark nya tema kɛse ma me. Ɛkame ayɛ sɛ ɔka sɛnea osi dɔ me ho asɛm kyerɛ me da biara, na seesei de migye di ankasa.

Bere biara a minim sɛ yɛrebehyia Mark yere dedaw no, mebɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmma me ahoɔden, na mesrɛ no sɛ ɔmmoa me na menyɛ m’ade wɔ Kristofo kwan a ahokokwaw wom so. Na ɛyɛ yiye. Tan a metan no no mpo refiri hɔ. Minnya adwemmɔne bio na saa ara na me nsusuwii nni me so.

Meda so ara nya ninkuntwe ho nkate a ɛnteɛ. Asetra a ɛyɛ pɛ wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu nkutoo na ebeyi me afi mu. Seesei de, masua sɛ medi ninkuntwe so sen sɛ mɛma no adi me so. Yiw, anka ninkuntwe reyɛ asɛe m’asetra, nanso esiane Yehowa ne n’ahyehyɛde no nti, mewɔ anigye kɛse seesei, na m’akwahosan ayɛ yiye. Masan ne me Nyankopɔn Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den bio.—Wɔkyerɛw mae.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa edin no.

b Hwɛ September 8, 1992, Nyan! no nkratafa 8-12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena