Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 9/15 kr. 14-19
  • Ɔdɔ di Ninkuntwe a Ɛmfata So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdɔ di Ninkuntwe a Ɛmfata So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ninkuntwe Wɔ Kristofo Mu
  • Wɔ Asafo no Mu
  • Wɔ W’abusua Mu
  • Ahoɔyaw Sodi Ho Nhwɛso Ahorow
  • Nhwɛso Ahorow a Ɛsen Biara
  • Wo Ninkuntwe so a Wubedi
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Me Ninkuntwe Nkate No So?
    Nyan!—1985
  • Nea Ɛsɛ sɛ Wuhu Fa Ninkuntwe Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Ninkunu a Wɔtwe ma Yehowa Nokware Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo Twe Ninkunu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 9/15 kr. 14-19

Ɔdɔ di Ninkuntwe a Ɛmfata So

“Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw.”—1 KORINTOFO 13:4.

1, 2. (a) Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo faa ɔdɔ ho? (b) So ebetumi ayɛ yiye sɛ obi beyi ɔdɔ adi akyerɛ na watwe ninkunu, na dɛn nti na wubua saa?

ƆDƆ yɛ nokware Kristosom agyiraehyɛde. Yesu Kristo kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Wɔde honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ ɔdɔ nya Kristofo abusuabɔ so tumi no mu. Nsɛm a ɔkyerɛwee no bi ne sɛ: “Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw.”—1 Korintofo 13:4.

2 Bere a Paulo kyerɛw saa nsɛm no, na ɔretwe adwene asi ninkuntwe a ɛmfata so. Sɛ ɛnte saa a, anka ontumi nka nkyerɛ asafo koro yi ara sɛ: “Ninkunu a metwe mo ho no, metwe no Onyankopɔn ninkunu.” (2 Korintofo 11:2) Wɔma ɔtee “Onyankopɔn ninkunu” nka, esiane mmarima a na wɔn nkɛntɛnso resɛe afoforo abrabɔ wɔ asafo no mu no nti. Eyi maa Paulo kyerɛw krataa a ɛto so abien a efi honhom mu a ekura afotu pii a ɔdɔ wom kɔmaa Korinto Kristofo no.—2 Korintofo 11:3-5.

Ninkuntwe Wɔ Kristofo Mu

3. Ɛyɛɛ dɛn na ahoɔyaw ho haw bi sɔree wɔ Korintofo Kristofo no mu?

3 Na ɛsɛ sɛ Paulo di ɔhaw bi a na ɛmma Korinto Kristofo abɛɛfo yi ntumi ne wɔn ho mmɔ no ho dwuma wɔ ne krataa a edi kan a ɔkyerɛw kɔmaa wɔn no mu. Na wɔrehyɛ mmarima bi anuonyam, ‘wɔahoran na wɔne wɔn ho wɔn ho di asi.’ Eyi de mpaapaemu baa asafo no mu, na na wɔkeka sɛ: “Me de, meyɛ Paulo de,” “Me de, meyɛ Apolo de,” “Me de, meyɛ Kefa de.” (1 Korintofo 1:12; 4:6) Wɔ honhom kronkron no akwankyerɛ ase no, ɔsomafo Paulo tumi huu nea na ɛde ɔhaw no aba no. Na Korintofo no reyɛ wɔn ade te sɛ nnipa a wokura honam adwene, na wɔnyɛ wɔn ade sɛ “honhom mufo.” Enti Paulo kyerɛwee sɛ: “Moda so yɛ ɔhonam mufo. Na seesei ara po ahoɔyaw ne kunsunkunsun ne mpaapaemu wɔ mo mu yi, monyɛ ɔhonam mufo, na monnantew nnipam anaa?”—1 Korintofo 3:1-3.

4. Mfatoho bɛn na Paulo de boaa ne nuanom na ama wɔanya wɔn ho wɔn ho adwene a ɛteɛ, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?

4 Paulo boaa Korintofo no ma wonyaa asafo no mufo dom akyɛde ne nea wotumi yɛ no ho adwene a ɛteɛ. Obisae sɛ: “Hena na obu sɛ ɛsono wo? Na ɛdɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wunyae a, adɛn na wohoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ onnya na wunyae?” (1 Korintofo 4:7) Paulo kyerɛkyerɛɛ mu wɔ 1 Korintofo ti 12 sɛ asafo no mufo te sɛ nipadua no akwaa, te sɛ nsa, aniwa, ne aso. Ɔdaa no adi sɛ Onyankopɔn yɛɛ nipadua akwaa no wɔ ɔkwan a ɛma ne nyinaa di boa wɔn ho wɔn ho so. Paulo san kyerɛwee sɛ: “Wɔhyɛ kwaa biako anuonyam a, ɛyɛ akwaa nyinaa fɛ.” (1 Korintofo 12:26) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa de nnyinasosɛm yi di dwuma wɔ wɔne wɔn ho wɔn ho ntam abusuabɔ mu. Sɛ anka yɛn ani bɛbere obi foforo esiane ne dwumadi anaa nea watumi ayɛ wɔ Onyankopɔn som mu nti no, ɛsɛ sɛ yɛne onii no ani gye.

5. Dɛn na wɔda no adi wɔ Yakobo 4:5, NW, na ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no si nokware a nsɛm yi yɛ so dua?

5 Nokwarem no, ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛka eyi sen sɛ yɛbɛyɛ. Bible kyerɛwfo Yakobo kae yɛn sɛ “ahoɔyaw su” wɔ onipa a bɔne wɔ ne ho biara mu. (Yakobo 4:5, NW) Ahoɔyaw a Kain maa ho kwan no na ɛde onipa wu a edi kan no bae. Filistifo no taa Isak efisɛ wɔn ani beree ne yiyedi a na ɛreyɛ kɛse no. Rahel ani beree mma pii a na ne nuabea rewo no. Yakob mmabarima no ani beree ɔdom a oyii adi kyerɛɛ wɔn nuabarima kumaa Yosef no. Ɛda adi sɛ Miriam ani beree n’akummaa a na ɔnyɛ Israelni no. Kora, Datan, ne Abiram fi ahoɔyaw mu pam Mose ne Aaron tiri so. Ɔhene Saul ani beree nkonim a Dawid dii wɔ ako mu no. Akyinnye biara nni ho sɛ ahoɔyaw ka ho bi na Yesu asuafo no gyee nea ɔyɛ wɔn mu ɔkɛse no ho akyinnye mpɛn pii no. Nokwasɛm ne sɛ onipa a ɔnyɛ pɛ biara nni hɔ a wade ne ho koraa afi “ahoɔyaw su” a ɛyɛ bɔne no ho.—Genesis 4:4-8; 26:14; 30:1; 37:11; Numeri 12:1, 2; 16:1-3; Dwom 106:16; 1 Samuel 18:7-9; Mateo 20:21, 24; Marko 9:33, 34; Luka 22:24.

Wɔ Asafo no Mu

6. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi adi su a ɛbɛma wɔayɛ ahoɔyaw no so?

6 Ehia sɛ Kristofo nyinaa hwɛ wɔn ho yiye wɔ ahoɔyaw ne ninkuntwe a ɛmfata ho. Mpanyimfo akuw a wɔpaw wɔn sɛ wɔnhwɛ Onyankopɔn nkurɔfo asafo ahorow so no ka ho. Sɛ ɔpanyin bi wɔ ahobrɛase adwene a, ɔremmɔ mmɔden sɛ ɔnam anuonyampɛ so benya nkɔanim asen afoforo. Wɔ ɔkwan foforo so no, sɛ ɔpanyin bi wɔ ɔdom akyɛde soronko bi sɛ obi a onim nhyehyɛe anaa baguam kasa a, afoforo ani begye wɔ eyi ho, na wɔabu no sɛ ɛyɛ nhyira ma asafo no. (Romafo 12:15, 16) Ebia na onua bi renya nkɔso fɛfɛ, na edi adanse sɛ ɔresow Onyankopɔn honhom aba no wɔ n’asetra mu. Sɛ mpanyimfo no resusuw fata a ɔfata sɛ asafo mu somfo anaa ɔpanyin ho a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔamma ne sintɔ ketewa anna adi sɛ ɛyɛ kɛse na wɔde akyerɛ sɛ ɔmfata sɛ wɔkamfo no kyerɛ. Ɛno bɛkyerɛ sɛ wonni ɔdɔ ne ntease.

7. Sɛ Kristoni bi nya teokrase dwumadi a, ɔhaw bɛn na ebetumi asɔre?

7 Sɛ obi nya teokrase dwumadi anaa honhom fam nhyira bi a, ɛho hia sɛ asafo no mufo afoforo hwɛ yiye na wɔanyɛ ahoɔyaw. Sɛ nhwɛso no, ebia na wɔma onuawa bi a ne ho akokwaw yɛ ɔyɛkyerɛ mpɛn pii wɔ Kristofo nhyiam horow ase sen obi foforo. Eyi betumi ama anuawanom bi ayɛ ahoɔyaw. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔhaw a ɛte saa ara wɔ Euodia ne Sintike a na wɔwɔ Filipifo asafo no mu ntam. Ebia ɛho behia sɛ mpanyimfo fi ayamye mu hyɛ nnɛyi mmea a wɔte saa no nkuran sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase na ‘wonnwen ade koro Awurade mu.’—Filipifo 2:2, 3; 4:2, 3.

8. Ahoɔyaw betumi ama wɔayɛ nnebɔne bɛn?

8 Ebia na Kristoni bi nim obi a mprempren wɔama wanya hokwan ahorow wɔ asafo no mu kan mfomso bi. (Yakobo 3:2) Ebia ahoɔyaw nti, ɔbɛpɛ sɛ ɔka eyi kyerɛ afoforo na wakyerɛ sɛ onii no dwumadi wɔ asafo no mu mfata no. Eyi nyɛ ɔdɔ a ‘ɛkata bɔne pii so’ no. (1 Petro 4:8) Nsɛm a ahoɔyaw ma wɔka no betumi asɛe asafo bi asomdwoe. Osuani Yakobo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Na sɛ mowɔ nitammɔne ne atutuw mo koma mu a, ɛnde monnhoahoa mo ho, na munni atoro nntia nokware. Saa nyansa yi mfi soro, na mmom ɛyɛ fam ne ɔkra ne ahonhommɔne de.”—Yakobo 3:14, 15.

Wɔ W’abusua Mu

9. Ɔkwan bɛn so na aware mu ahokafo betumi adi ninkunu nka a wɔte no so?

9 Aware pii gu esiane ninkuntwe a ɛmfata nti. Sɛ obi nni n’aware mu hokafo mu ahotoso a, ɛnkyerɛ ɔdɔ. (1 Korintofo 13:7) Nea ɛne eyi bɔ abira no, ebia obi hokafo bebu n’ani agu ninkunu a ɔtwe no so. Sɛ nhwɛso no, ebia ɔyere bi bɛtwe ninkunu esiane ne kunu ani a ɔma eku ɔbea foforo ho nti. Anaasɛ ebia okunu bi bɛtwe ninkunu esiane bere dodow a ne yere de hwɛ obusuani bi a ahia no nti. Esiane sɛ saa nkate no yɛ aniwu ma aware mu ahokafo nti, ebia wɔrenka ho hwee na wɔbɛda wɔn abasamtu no adi wɔ ɔkwan a ɛma ɔhaw no mu yɛ den so. Ɛsɛ sɛ aware mu hokafo a ɔtwe ninkunu no ka ho asɛm na ɔda sɛnea ɔte nka ankasa adi mmom. Ɛsɛ sɛ ne hokafo no nso da ntease adi na ɔsan ma onya awerɛhyem sɛ ɔdɔ no. (Efesofo 5:28, 29) Ebia ɛho behia sɛ wɔn baanu nyinaa ma ninkuntwe no brɛ ase denam tebea horow a ɛde ba a wɔbɛkwati no so. Ɛtɔ mmere bi a, ebia ɛho behia sɛ Kristoni ɔhwɛfo boa ne yere ma ɔte ase sɛ ɔrema n’ani aku mmea ho wɔ ɔkwan a ɛnkɔ akyiri na ɛfata so na ama wadi n’asɛyɛde sɛ Onyankopɔn nguankuw sohwɛfo no ho dwuma. (Yesaia 32:2) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɔpanyin hwɛ yiye na wamma kwan ma wɔantwe ninkunu a ntease wom. Eyi hwehwɛ sɛ ɔkari pɛ, na ɔhwɛ hu sɛ onya bere de hyɛ n’ankasa aware abusuabɔ mu den.—1 Timoteo 3:5; 5:1, 2.

10. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔagyina ahoɔyaw ano?

10 Ɛsɛ sɛ awofo boa wɔn mma nso ma wohu nea ahoɔyaw kyerɛ. Mmofra taa ne wɔn ho nya akasakasa ma ɛdan ntɔkwaw. Nea ɛtaa de eyi ba titiriw ne ahoɔyaw. Esiane sɛ abofra biara ahiade ahorow da nsow nti, wontumi mfa ɔkwan biako pɛ so ne mmofra no nyinaa nni. Bio nso, ɛho hia sɛ wɔte mmofra ase sɛ ɛsono obiara ahoɔden ne ne mmerɛwyɛ. Sɛ wɔhyɛ abofra bi nkuran bere nyinaa sɛ ɔnyɛ n’ade sɛ ɔfoforo no a, eyi betumi ama obiako ayɛ ahoɔyaw na ɔfoforo no ayɛ ahantan. Enti, ɛsɛ sɛ awofo tete wɔn mma na wɔde Onyankopɔn Asɛm mu nhwɛso ahorow hu wɔn nkɔso, na ɛnyɛ akane a wɔne wɔn ho wɔn ho besi. Bible ka sɛ: “Mommma yɛmmpɛ anuonyanhunu nnyiyi yɛn ho abufuw nntentan yɛn ho.” Mmom no, “ma obiara nsɔ n’ankasa n’adwuma nhwɛ, ɛno na obenya n’ankasa ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho.” (Galatifo 5:26; 6:4) Ne titiriw no, ɛho hia sɛ Kristofo awofo boa wɔn mma denam daa ofie Bible adesua so, na wɔtwe wɔn adwene si Onyankopɔn Asɛm mu nhwɛso pa ne nhwɛso bɔne so.—2 Timoteo 3:15.

Ahoɔyaw Sodi Ho Nhwɛso Ahorow

11. Ɔkwan bɛn so na Mose yɛɛ ahoɔyaw a wodi ho dwuma ho nhwɛso pa?

11 Esiane sɛ na ɔnte sɛ wiase yi akannifo a wɔn ani bere tumi nti, na “Mose de, odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” (Numeri 12:3) Bere a ɔkannifo a na Mose yɛ ma Israelfo no bɛyɛɛ adesoa a emu yɛ duru sɛ ne nkutoo betumi asoa no, Yehowa maa Ne honhom baa Israelfo foforo 70 so, na ɛmaa wɔn tumi a wɔde bɛboa Mose. Bere a mmarima yi baanu fii ase yɛɛ wɔn ade sɛ adiyifo no, Yosua tee nka sɛ eyi twe adwene fi Mose akanni so wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Yosua pɛe sɛ osiw mmarima no kwan, nanso Mose de ahobrɛase kae sɛ: “Woretwe me ho ninkunu? Ka me nko a, anka [Yehowa] man nyinaa adannan adiyifo, na [Yehowa] de ne honhom agu wɔn so.” (Numeri 11:29) Yiw, Mose ani gyei bere a afoforo nyaa ɔsom mu hokwan ahorow no. Wamfa ahoɔyaw anhwehwɛ anuonyam amfa.

12. Dɛn na etumi maa Yonatan kwatii ahoɔyaw?

12 Yonatan, Israel Hene Saul babarima no, de nhwɛso pa mae de kyerɛe sɛnea ɔdɔ di ahoɔyaw a yebetumi ayɛ no so. Na Yonatan na ɛsɛ sɛ osi n’agya ananmu tra ahengua no so, nanso na Yehowa apaw Yisai ba Dawid, sɛ ɔnyɛ ɔhene a odi hɔ. Sɛ nnipa pii ne Yonatan a, anka wɔn ani bɛbere Dawid, abu no sɛ wɔn tamfo. Nanso, ɔdɔ a na Yonatan wɔ ma Dawid no amma nkate a ɛte saa anni no so da. Bere a Dawid tee Yonatan wu no, otumi kae sɛ: “Wo nti me ho hia me, me nua Yonatan, w’asɛm yɛɛ me dɛ sɛ, wo dɔ yɛɛ me nwonwa sen mmea dɔ.”—2 Samuel 1:26.

Nhwɛso Ahorow a Ɛsen Biara

13. Hena na ɔyɛɛ ninkuntwe ho nhwɛso pa a ɛsen biara, na dɛn ntia?

13 Yehowa Nyankopɔn ne obi a ɔyɛɛ ninkuntwe a ɛfata mpo sodi ho nhwɛso a ɛsen biara. Odi saa nkate no so pɛpɛɛpɛ. Ɔsoro ninkuntwe biara a Onyankopɔn da no adi tumi so no ne ne dɔ, n’atɛntrenee, ne ne nyansa hyia.—Yesaia 42:13, 14.

14. Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe a ɛne Satan de bɔ abira?

14 Onyankopɔn Dɔba, Yesu Kristo, na ɔyɛɛ ninkuntwe sodi ho nhwɛso a ɛsen biara a ɛto so abien. Na ‘Yesu wɔ Onyankopɔn tebeam de, nanso wammu no mfasode sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ.’ (Filipifo 2:6) Hwɛ sɛnea ɛne ɔkwan a ɔbɔfo nuonyampɛfo a ɔbɛyɛɛ Satan Ɔbonsam faa so no bɔ abira! Te sɛ “Babel hene” no, Satan de ahoɔyaw pɛe sɛ ‘ɔyɛ ne ho sɛ Ɔsorosoroni no’ denam ne ho so a ɔmae sɛ onyame a ɔsɔre tia Yehowa no so. (Yesaia 14:4, 14; 2 Korintofo 4:4) Satan bɔɔ mmɔden mpo sɛ ɔbɛma Yesu ‘akotow asɔre no.’ (Mateo 4:9) Nanso biribiara antumi annan Yesu amfi ahobrɛase mu a ofi de ne ho hyɛɛ Yehowa tumidi ase no ho. Yesu anyɛ n’ade te sɛ Satan, na mmom “oyii ne mu guu hɔ faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’ade fae no, wohuu no sɛ onipa, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po.” Yesu kyerɛe sɛ n’Agya nniso fata, na ɔpow Ɔbonsam ahantan ne ahoɔyaw akwan no koraa. Yesu nokwaredi nti, “Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wadom ama no din a edi edin nyinaa so, sɛ Yesu din mu na ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa nkotow, na tɛkrɛma nyinaa mpaem nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade mma agya Onyankopɔn anuonyam.”—Filipifo 2:7-11.

Wo Ninkuntwe so a Wubedi

15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde ahwɛyiye siw ahoɔyaw nka a yɛte no ano?

15 Kristofo nyɛ pɛ efisɛ wɔnte sɛ Onyankopɔn ne Kristo. Esiane sɛ wɔyɛ abɔnefo nti, ɛtɔ mmere bi a, wɔde ahoɔyaw bɛyɛ ade. Enti, sɛ anka yɛbɛma ahoɔyaw aka yɛn ma yɛakasa atia yɛn yɔnko gyidini wɔ mfomso ketewaa bi anaa bɔne bi a yesusuw sɛ wayɛ ho no, ɛho hia sɛ yedwen asɛm a efi honhom mu yi ho: “Nyɛ wo ho ɔtreneeni bebrebe, na nyɛ onyansafo ntra so: ɛdɛn nti na wobɛsɛe wo ho?”—Ɔsɛnkafo 7:16.

16. Ninkuntwe ho afotu pa bɛn na wɔde mae wɔ nsɛmma nhoma yi biako a aba atwam mu?

16 March 15, 1911 The Watch Tower no de kɔkɔbɔ mae wɔ ninkuntwe ho sɛ: “Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yiye, yɛtwe ninkunu yiye ma Awurade de, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu no yiye sɛ ɛnyɛ obi kokoam asɛm ho; na ɛsɛ sɛ yesusuw ho sɛ ebia yɛyɛ ‘asɛmpɛfo’ anaa ɛnte saa. Afei nso, ɛsɛ sɛ yesusuw ho sɛ ebia ɛbɛfata sɛ mpanyimfo no di ho dwuma ne sɛ ebia ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛkɔ mpanyimfo no nkyɛn anaa ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa twe ninkunu kɛse ma Awurade ne Awurade adwuma no, nanso hwɛ yiye sɛ ɛnyɛ nea enye no . . . ɔkwan foforo so no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu no yiye sɛ ɛnyɛ yɛn ani na ɛbere obi, na mmom yɛtwe ninkunu ma obi foforo, ne nneɛma, ne ne yiyedi a ɛsen biara.”—1 Petro 4:15.

17. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati nnebɔne a ahoɔyaw ma wɔyɛ no?

17 Sɛ Kristofo no, yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati ahantan, ninkunu, ne ahoɔyaw? Ano aduru ne sɛ yɛbɛma kwan ma Onyankopɔn honhom kronkron no ayɛ adwuma wɔ yɛn asetra mu. Sɛ nhwɛso no, ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn honhom ne ne mmoa na ama yɛada n’aba adi. (Luka 11:13) Ɛho hia sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam horow a wɔde mpaebɔ bue ano na Onyankopɔn honhom ne ne nhyira wɔ so no. Bio nso, ɛho hia sɛ yesua Bible a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee no. (2 Timoteo 3:16) Na ɛho hia sɛ yɛyɛ Ahenni asɛnka adwuma a wɔnam Yehowa honhom kronkron tumi so yɛ no bi. (Asomafo no Nnwuma 1:8) Yɛn mfɛfo Kristofo a osuahu bɔne bi ama wɔayɛ mmerɛw a yɛbɛboa wɔn no yɛ ɔkwan foforo a yɛfa so brɛ yɛn ho ase hyɛ Onyankopɔn honhom no nkɛntɛnso pa ase. (Yesaia 57:15; 1 Yohane 3:15-17) Kristofo asɛyɛde ahorow yi nyinaa a yɛde nnamyɛ bedi ho dwuma no bɛboa abɔ yɛn ho ban afi ahoɔyaw mu nnebɔne ho, efisɛ Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Monnantew honhom mu, na munnni ɔhonam akɔnnɔ akyi.”—Galatifo 5:16.

18. Dɛn nti na yɛrenko ntia ahoɔyaw bere nyinaa?

18 Ɔdɔ na wɔbɔ din kan wɔ Onyankopɔn honhom kronkron no aba no mu. (Galatifo 5:22, 23) Ɔdɔ a yebeyi adi akyerɛ no bɛboa yɛn ma yɛadi bɔne su horow so nnɛ. Na daakye nso ɛ? Yehowa asomfo ɔpepem pii wɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase wɔ asase so Paradise a ɛreba no mu, faako a wobetumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛma wɔayɛ pɛ no. Wɔ saa wiase foforo no mu no, ɔdɔ bedi akoten na obiara renyɛ ahoɔyaw, efisɛ “abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.”—Romafo 8:21.

Nsɛm a Ɛsɛ sɛ Yedwennwen Ho

◻ Mfatoho bɛn na Paulo de dii dwuma na aboa ma wɔako atia ahoɔyaw?

◻ Ɔkwan bɛn so na ahoɔyaw betumi asɛe asafo no asomdwoe?

◻ Ɔkwan bɛn so na awofo betumi atete wɔn mma ma wɔagyina ahoɔyaw ano?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati nnebɔne a ahoɔyaw ma wɔyɛ no?

[Kratafa 16 mfonini]

Mma ahoɔyaw nnsɛe asafo no asomdwoe

[Kratafa 17 mfonini]

Awofo betumi atete wɔn mma ma wɔagyina ahoɔyaw ano

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena