Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 9/15 kr. 30
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma W’ani Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • “Ɛsɛ Sɛ Moyɛ Akyerɛkyerɛfo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • ‘Monkae Wɔn A Wodi Mo Anim No’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Mpanyimfo​—Mommɔ Nea Wɔde Ahyɛ Mo Nsa No Ho Ban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 9/15 kr. 30

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na na osuani Yakobo kyerɛ bere a ɔkae sɛ: “Me nuanom, monnyɛ akyerɛkyerɛfo bebree, na munim sɛ yebenya afobu kɛse mmom” no?—Yakobo 3:1.

Ɛda adi sɛ ɛnyɛ sɛ na Yakobo reka akyerɛ Kristofo sɛ wɔmmfa nokware no nnkyerɛkyerɛ afoforo. Yesu de ahyɛde maa n’asuafo no wɔ Mateo 28:19, 20 sɛ “monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. . . . Monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” Enti, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfo. Ɔsomafo Paulo tuu Hebrifo Kristofo no fo efisɛ na wonnya mmɛyɛɛ akyerɛkyerɛfo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛbere a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo no, ehia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ wɔn a ehia wɔn nufu, na ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den.”—Hebrifo 5:12.

Ɛnde, dɛn na na Yakobo reka ho asɛm? Na ɔreka wɔn a wɔwɔ ɔkyerɛkyerɛ hokwan soronko wɔ asafo no mu ho asɛm. Yɛkenkan wɔ Efesofo 4:11 sɛ: “[Yesu Kristo, asafo no Ti, ama] ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo.” Ná wɔwɔ ɔkyerɛkyerɛ dibea soronko wɔ afeha a edi kan no mu asafo ahorow no mu sɛnea ɛte nnɛ no. Sɛ nhwɛso no, Sodikuw no gyina hɔ ma “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no, na ɛwɔ asɛyɛde soronko sɛ ɛhwɛ wiase nyinaa asafo no nkyerɛkyerɛ so. (Mateo 24:45) Ahwɛfo akwantufo ne asafo mu mpanyimfo nso wɔ ɔkyerɛkyerɛ ho asɛyɛde soronko.

So na Yakobo reka akyerɛ Kristofo mmarima a wɔfata sɛ ɛnsɛ sɛ wogye ɔkyerɛkyerɛ ho asɛyɛde tom esiane osuro a wɔwɔ sɛ wobenya Onyankopɔn afobu kɛse nti? Ɛnte saa koraa. Ɔpanyin adwuma yɛ hokwan kɛse sɛnea 1 Timoteo 3:1 kyerɛ no, na ɛka sɛ: “Sɛ obi pɛ hwɛfodwuma a, wapɛ adwuma pa.” Nneɛma a wɔhwehwɛ wɔ obi ho ansa na wɔapaw no sɛ asafo mu ɔpanyin no biako ne sɛ “ohu kyerɛkyerɛ.” (1 Timoteo 3:2) Yakobo ammɔ Paulo nsɛm a efi honhom mu no angu.

Nanso, ɛkame ayɛ sɛ wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, na ebinom reyɛ wɔn ho sɛ akyerɛkyerɛfo, ɛwom sɛ na wɔmfata, na na wɔmpaw wɔn de. Gyama na wɔte nka sɛ nidi bi wɔ saa adwuma no mu, na na wɔhwehwɛ wɔn ankasa anuonyam. (Fa toto Marko 12:38-40; 1 Timoteo 5:17 ho.) Ɔsomafo Yohane bɔɔ Diotrefe din sɛ ‘ɔpɛ afoforo mu panyin adi, na wamfa obu annye biribiara a efi Yohane hɔ antom.’ (3 Yohane 9) Timoteo nhoma a edi kan 1:7 ka biribi a ebinom a na ‘wɔpɛ sɛ wɔyɛ mmarakyerɛfo, nanso wɔnte nea wɔka ne nea wɔhyɛ mu den no ase’ ho asɛm. Wɔn a nsɛm a ɛwɔ Yakobo 3:1 fa wɔn ho kɛse ne mmarima a wɔpɛ sɛ wɔyɛ akyerɛkyerɛfo nanso wonni adwempa. Saafo no betumi apira nguankuw no kɛse ma wɔde afobu kɛse aba wɔn ho so.—Romafo 2:17-21; 14:12.

Yakobo 3:1 yɛ nkaebɔ papa nso ma wɔn a wɔfata a wɔsom sɛ akyerɛkyerɛfo no. Esiane sɛ wɔde pii ahyɛ wɔn nsa nti, wɔbɛhwehwɛ pii afi wɔn hɔ. (Luka 12:48) Yesu kae sɛ: “Asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wobebu ho akontaa atemmu da.” (Mateo 12:36) Wɔn a eyi fa wɔn ho kɛse ne wɔn a afoforo bu wɔn nsɛm aniberesɛm, mpanyimfo a wɔapaw wɔn no.

Mpanyimfo bebu akontaa wɔ ɔkwan a wɔfa so ne Yehowa nguan no di nsɛm no ho. (Hebrifo 13:17) Nea wɔka no ka nnipa nkwa. Enti, ɛsɛ sɛ ɔpanyin hwɛ yiye na wankamfo n’ankasa nsusuwii ankyerɛ anaa wanyɛ nguan no basabasa sɛnea Farisifo no yɛe no. Ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden yi ɔdɔ a Yesu nyae no bi adi. Bere biara a ɔpanyin bɛkyerɛkyerɛ, ne titiriw no, bere a ɔka ho na wɔredi asɛm bi no, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ne kasa yiye, na wammɔ ne tirim ankeka nsɛm bi anaa wankeka n’ankasa adwene kɛkɛ. Sɛ oguanhwɛfo no de ne ho to Yehowa, n’Asɛm, ne akwankyerɛ a ɔnam n’ahyehyɛde no so de ma no so korakora a, obenya Onyankopɔn nhyira pii, nyɛ “afobu kɛse.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena