Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Adansedi Sow Aba Wɔ Fie ne Sukuu Mu
KRISTONI asetra hwehwɛ sɛ ɔyɛ afoforo yiye, titiriw denam Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a ɔbɛka akyerɛ afoforo no so. Mmebusɛm 3:27 ka sɛ: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.” Wɔ Argentina no, Ɔdansefo kumaa bi a ɔwɔ n’afe a ɛto so abiɛsa wɔ ntoaso sukuu mu no pɛe sɛ ɔne n’adamfo sukuuni bi kyɛ Ahenni ho asɛmpa no. Saa a ɔyɛe no sow aba pii.
Da koro Ɔdansefo kumaa yi ka kyerɛɛ n’adamfo no sɛ, ɛnyɛ ɔsom ahorow nyinaa na eye. Bere a aberante no buae sɛ ɔnyɛɛ ade bɔne biara no, Ɔdansefo no kae sɛ: “Saa ara nso na wonyɛ hwee mma Onyankopɔn.” Eyi maa aberante no susuw nneɛma ho. Akyiri yi, Ɔdansefo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ saa bere yi ne nna a edi akyi no na sɛnea obi benya Onyankopɔn anim dom no, ɛsɛ sɛ onya Bible mu nimdeɛ a edi mu na ɔde di dwuma. N’adamfo a ɔne no kɔ sukuu no penee so. Nanso so na n’abusuafo bɛma no kwan ma wasua Bible? Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma n’adamfo no biribi asusuw ho no, Ɔdansefo no maa no nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So sɛ ɔnkenkan.
Bere bi twaam, na n’damfo yi gyaee sukuu. Wante ne nka bɛboro afe. Afei da koro bi, Ɔdansefo kumaa no ho dwiriw no sɛ n’adamfo no frɛɛ no wɔ telefon so sɛ otumi hu sɛ Bible nkɔmhyɛ renya ne mmamu ampa. Ntɛm ara na Ɔdansefo no yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔne no besua Bible no.
Bere a ɔkɔɔ ne sukuu bere mu adamfo yi fi no, ohui sɛ n’adamfo no awofo pɛ sɛ wohu dekode a wɔn ba no de ne ho ahyem no. Mpo n’adamfo no nua kumaa susuwii sɛ ɔrebɔ dam. Enti awofo no maa ne nua kumaa no traa adesua a edi hɔ a wɔyɛe no mu. Ɛno akyi no, bere a nusu wɔ aberante yi aniwam no, ɔbɔɔ n’awofo amanneɛ sɛ ne nua panyin no mmɔɔ dam, na afei ne maame kae sɛ, “Ɔhaw biako adan abien afei!”
Ne saa nti, adesua a edi hɔ no, maame no ankasa traa mu bi, na obegye toom sɛ mmerante no mmɔɔ dam. Akyiri yi wɔyɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe maa ɔne ne kunu. Ankyɛ, abusua no nyinaa fii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so. Akyiri yi, ne nananom nso fii ase suaa Bible kɔɔ nhyiam ahorow. Seesei wɔabɔ aberante a odi kan no asu. Waware, a ɔne ne yere yɛ adwurubɔfo a wɔyɛ nnam.
Bio nso, Ɔdansefo kumaa no nam bɔnnɔ so adansedi so aboa ne mfɛfo sukuufo baanu aka ho, na waboa obiako maame ne ne nuabea nso ma wɔafi Bible no sua ase. Ne nyinaa mu no, nnipa 11 na asua Bible mu nokware no esiane sɛ Ɔdansefo kumaa no amfa yiyeyɛ ankame ne mfɛfo sukuufo nti. Hwɛ anigye a afi mu aba! Nokwarem no, “Nhyira ne ɔman a [Yehowa] ne wɔn Nyankopɔn.”—Dwom 144:15.