Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 12/1 kr. 20-23
  • Madi Mfe Ɔha na Meda so Ara wɔ Ahoɔden

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Madi Mfe Ɔha na Meda so Ara wɔ Ahoɔden
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mesakra Me Su
  • Sɔhwɛ Ahorow Ano a Migyina
  • Mpofirim Nsrahwɛ
  • Adehwere Ano a Migyinae
  • Awerɛhosɛm a Esii Memeneda a Ɛmaa M’abusua Gyigyae
    Nyan!—1987
  • Ɛyɛ Me Anigye Sɛ Meresom Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Bere Tenten Akodi a Emu Yɛ Den a Mede Huu Nokware Gyidi No
    Nyan!—1995
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 12/1 kr. 20-23

Madi Mfe Ɔha na Meda so Ara wɔ Ahoɔden

SƐNEA RALPH MITCHELL KA KYERƐE

Ná me papa a ɔnware pii no yɛ Methodistfo sɛnkafo. Ná woyi no fi asɔre biako mu kɔ foforo mu mfe abien anaa abiɛsa biara, na na wɔtaa de no kɔ nkurow nketewa mu toatoa so, a na Asheville, North Carolina, U.S.A., baabi a wɔwoo me wɔ February 1895 mu no ka ho. Enti minyinii a na minim Kristoman yiye.

MEKAE sɛ bere a meyɛ abofra no, wɔde me kɔɔ “nkɔmmɔdifo agua” ho wɔ asɔre a ɛkanyan nkate kɛse ase sɛnea ɛbɛyɛ a honhom kronkron bɛhyɛ me mã—na “manya ɔsom,” sɛnea na wɔfrɛ no no. Wɔka kyerɛɛ me sɛ menka me bɔne nkyerɛ, minni Mmara Nsɛm Du no so, na menyɛ papa. Sɛ meyɛ saa a, miwu a mɛkɔ soro. Misee me ho sɛ, ‘wiɛ, misusuw sɛ mɛkɔ hell efisɛ merentumi mfata sɛ mekɔ soro.’ Ná misusuw sɛ mpanyimfo nkutoo—titiriw asɛnkafo no—na wodu Bible gyinapɛn ahorow ho.

Nanso wɔ me mmofraberem mpo no, mifii ase huu nyamesom mu nyaatwomyɛ. Sɛ nhwɛso no, na me papa de n’abusua honam fam ahiade bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a obenya sika kɛse ato ɔsɔfo panyin no foto no mu wɔ asɔfo nhyiam kɛse no ase. Ná ɔhwɛ kwan sɛ eyi bɛma wɔapaw no sɛ ɔnhwɛ asɔre a emu nnipa dɔɔso so. Mekae kurow no mu ɔsɛnkafo bi a na ɔsan yɛ asaawafuw. Ná ɔde ahopere pɛ dibea a ɛkorɔn, enti ɔtɔn asaawa nnaka ɔha na ɔkɔɔ nhyiam no a na sika pii wɔ ne ho. Bere a na ɛte sɛ nea wɔn nsa aka sika a wobetumi anya afi nhyiamfo—na wɔn mu dodow no ara yɛ asɛnkafo—no hɔ nyinaa awie no, ɔsɛnkafo a ɔyɛ asaawafuw yi sɔre teɛɛm sɛ: “Eyi ara na mode rema mo sɔfo panyin? Sɛ ɔsɛnkafo bi de dɔla anum ba a, mede dɔla du bɛba!” Wɔn nsa kaa bɛboro dɔla apem na ɔsɔfo panyin no paw ɔbarima yi sɛ ɔpanyin wɔ me papa so. Mantumi annye anni sɛ paw a wɔpaw no yi fi Onyankopɔn. Efi saa bere no, mannye nyamesom ho adeyɛ biara anni.

Wɔhyɛɛ me yɛɛ me sraani bere a United States de ne ho hyɛɛ wiase ko a edi kan no mu no. Mekae yiye sɛ na mete sɛ asraafo asɔfo no ka kyerɛ yɛn asraafo no sɛ yɛmfa nokwaredi nko mma yɛn man, na nea eyi yɛe ara ne sɛ amma mampɛ nyamesom koraa. Ná me botae ne sɛ menya me ti adidi mu, mawie me nhomasua, na afei maware. Ná nyamesom nka me daakye nhyehyɛe ho.

Mesakra Me Su

Wɔ 1922 mu no, minyaa ababaa bi a ne din de Louise mu dɔ. Ɛbae sɛ na ɔyɛ Katolekni mmɔdenbɔfo, na bere a yesii gyinae sɛ yɛbɛware no, na ɔpɛ Katolekfo ayeforohyia. Wiɛ, na mempɛ ɔsom mu adeyɛ biara, enti ɔpenee so sɛ yɛbɛware wɔ aban dan bi mu wɔ New York Kurom.

Mfiase no, na yenni ɔsom ho ntawntawdi biara. Medaa no adi kyerɛɛ no tiawa sɛ minni gyidi wɔ nyamesom mu enti sɛ wammɔ din a, yɛbɛtra fɛfɛɛfɛ. Afei, wɔ 1924 ne 1937 mfe no ntam no, yɛwoo mma—yɛwoo wɔn toatoaa so kosi sɛ yenyaa mmarimaa baanum ne mmeawa baanum! Ná Louise pɛ sɛ yɛn mma no kɔ Katolekfo sukuu. Ná mempɛ sɛ wonya nyamesom mu ntetee biara, enti yegyee ho akyinnye.

Wɔ 1939 mfiase no, biribi sii a na ɛbɛsesã me su wɔ nyamesom ho koraa. Yehowa Adansefo baanu, Henry Webber ne Harry Piatt, baa me fie wɔ Roselle, New Jersey. Ɛbɛdaa adi ntɛm ara sɛ wɔpɛ sɛ yɛbɔ asɛm a minni ho anigye ho nkɔmmɔ—nyamesom. Ná asɛm a asraafo mu asɔfo kae sɛ, ‘Ko ma wo man,’ bere a asɔfo a na wɔwɔ fie no ka sɛ, ‘Nni awu’ no da so ara asɛe me gyidi. Nyaatwomyɛ bɛn ara ni! Misusuwii sɛ mɛma Adansefo baanu yi ahu mfomso a wodii. Misee wɔn sɛ: “Momma menka mo asɛm bi. Sɛ mo som no ne nokware no a, ɛnde na nea aka no nyinaa yɛ atoro. Na sɛ nea aka no mu biako pɛ na ɛyɛ nokware a, ɛnde na nea aka no nyinaa yɛ atoro, a mo de no ka ho bi. Nokware som biako pɛ na ɛbɛwɔ hɔ.” Nea ɛyɛɛ me nwonwa kɛse ne sɛ wɔne me yɛɛ adwene!

Afei, wɔka kyerɛɛ me sɛ memfa me Bible na mimmue 1 Korintofo 1:10. Mekenkan wɔ hɔ sɛ: “Na, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so mitu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.” Saa kyerɛwsɛm yi maa me ho dwiriw me. Bere koro no ara no, na misuro sɛ saa mmarima baanu yi rebɔ mmɔden de me ahyɛ atoro som bi mu. Nanso na masua biribi—ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ mpaapaemu ba Kristofo mu. Ná mewɔ nsemmisa foforo pii wɔ m’adwenem. Sɛ nhwɛso no, Dɛn na ɛba ɔkra no so wɔ owu mu? Hwɛ sɛnea na m’ani begye ho sɛ me ne wɔn bɛbɔ saa asemmisa no ho nkɔmmɔ! Nanso, misusuwii sɛ ɛno de ɔsom mu akyinnyegye pii bɛba fie hɔ.

Afei, mmarima baanu no mu biako kae sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛsan ba dapɛn a edi hɔ no ne wo bɛbɔ nkɔmmɔ bio.” Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛfa anifere kwan so abɔ wɔn agu, nanso me yere maa ne nne so kasae. Ɔkae sɛ: “Ralph, wɔpɛ sɛ wohu bere ko a wobetumi asan aba.” Eyi yɛɛ me nwonwa, efisɛ na ɔyɛ Katolekni a ɔbɔ mmɔden! Nanso, misusuwii sɛ, ‘Ebia yebetumi anya nsɛm bi a yɛn adwene behyia wɔ ho wɔ nyamesom ho.’ Enti mepenee so sɛ Henry Webber ne Harry Piatt nsan mmra Fida a edi hɔ no.

Enti ɛnam ɛno so na me ne Yehowa Adansefo fii Bible no sua ase. Eyi akyi bere tiaa bi no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra ɔmantam nhyiam wɔ Madison Square Garden wɔ New York Kurom. Mekae Joseph F. Rutherford ɔkasa, “Nniso ne Asomdwoe,” a ɔmaa no June 25, 1939 no yiye. Ná meka nnipa 18,000 a wɔwɔ hɔ no ho. Nokwarem no, sɛ wode wɔn a wɔnam radio ne telefon so tiei wɔ wiase nyinaa no ka ho a, nnipa 75,000 na wotiee ɔkasa no.

Nanso nneɛma anyɛ bɔkɔɔ. Katolek sɔfo Charles Coughlin akyidifo no yii yɛn hu sɛ wɔbɛsɛe nhyiam no, na nokwarem no, bere a Onua Rutherford kasa no duu bɛyɛ mfinimfini no, nnipa ɔhaha pii a wɔn bo afuw fii ase huroo yɛn na wɔteɛteɛɛm sɛ, “Heil Hitler!” ne “Viva Franco!” Ɛhɔ yɛɛ dede araa ma wɔtee basabasayɛ no wɔ telefon no so! Egyee bɛyɛ simma 15 ansa na wɔn a wogye ahɔho no rema basabasayɛfo ayɛ komm. Saa bere yi nyinaa no, Onua Rutherford kɔɔ so kasae akokoduru so, efisɛ nsambɔ pii a efi atiefo no hɔ hyɛɛ no den.

Afei, na mepɛ sɛ mihu nneɛma mu ankasa. Dɛn nti na Katolek sɔfo bɛhyɛ ɔtan ho nkuran atia Yehowa Adansefo saa? Misusuwii sɛ biribi wɔ nea na Rutherford reka no mu—biribi a na asɔfo no mpɛ sɛ nnipa bi te sɛ me bɛte. Enti mekɔɔ so suaa Bible no na minyaa nkɔso. Awiei koraa no, wɔ October 1939 mu no, menam nsu mu asubɔ so hyiraa me ho so maa Yehowa. Afe a edi hɔ no, wɔbɔɔ me mma no mu bi asu, na wɔbɔɔ me yere, Louise, asu wɔ 1941 mu.

Sɔhwɛ Ahorow Ano a Migyina

Migyee nokware no akyi bere tiaa bi no, me maame wui, na na ɛsɛ sɛ mesan kɔ North Carolina kɔyɛ n’ayi. Metee nka sɛ merentumi mfi ahonim pa mu nkɔ n’ayiyɛ ho asɔre a wɔbɛyɛ no Methodist asɔredan mu no. Enti me ne me papa kasae wɔ telefon so ansa na meretu kwan no, na meka kyerɛɛ no sɛ wɔmfa funu no nsi baabi a wɔdeda funu no. Ɔpenee so, nanso bere a miduu hɔ no, na wɔrekɔ asɔredan no mu, a na wosusuw sɛ, ɔkwan biara so no, me ne wɔn bɛkɔ.

Wiɛ, mankɔ bi, na eyi maa m’abusuafo bo fuwii. Ɛwom sɛ bere nyinaa na me ne me nuabea Edna bɔ paa de, nanso wɔ me maame ayi no akyi no, na ɔne me nkasa. Mekyerɛw no nkrataa, nanso wamma me ho mmuae. Sɛ na Edna ba akyerɛkyerɛfo sukuu wɔ City College wɔ New York ahohuru bere biara a, mebɔ mmɔden sɛ mehu no. Nanso na ɔmpɛ sɛ ohu me, na na ɔka sɛ onni adagyew. Awiei koraa no, mepaa abaw, efisɛ na ɛte sɛ nea merehaw no kɛkɛ. Mfe pii twaam ansa na merete ne nka bio.

Esiane sɛ me mma no mu baasia ankyia frankaa nti, wɔpam wɔn fii sukuu mu wɔ 1941 mu, sɛnea wɔyɛɛ mmofra foforo wɔ United States ne Canada no. Sɛnea na ɛbɛyɛ na Adansefo no adu nhomasua ho ahwehwɛde a mmara ma ho kwan ho no, wɔtew wɔn ankasa sukuu a wɔfrɛ no Ahenni Sukuu. Ná wɔyɛ sukuu a me mma no kɔ bi no wɔ kan ahɔhodan bi a ɛwɔ Lakewood, New Jersey, mu. Ná Ahenni Asa, sukuu dan, mukaase ne beae a wodidi wɔ abansoro a edi kan no so. Ná mmeawa no da abansoro a ɛto so abien no so, na na mmarimaa no da wɔ abansoro a ɛto so abiɛsa no so. Ná sukuu no yɛ papa. Ná mmofra a wɔda hɔ no mu dodow no ara kɔ fie dapɛn no awiei nkutoo. Ná wɔn a wɔte akyirikyiri no kɔ fie adapɛn a aka no biara awiei.

Efi mfiase a mihuu nokware no, na mewɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asɛmpakafo no. Wɔ 1941 nhyiam a wɔyɛe wɔ St. Louis ase no, Missouri, onua bi a onyaa dwumadi no mu kyɛfa kaa sɛnea otumi yɛɛ akwampae adwuma bere a na ɔrehwɛ mmofra 12 no. Mekae sɛ ‘sɛ otumi de mmofra 12 yɛɛ akwampae adwuma a, metumi de mma 10 ayɛ.’ Nanso, me nsɛm tebea amma mamfi akwampae adwuma ase kosi mfe 19 akyi. Awiei koraa wɔ October 1, 1960 no, mitumi fii ase som Yehowa sɛ daa ɔkwampaefo.

Mpofirim Nsrahwɛ

Wɔ 1975 mu no, me nuabea Edna frɛɛ me wɔ telefon so. Ná madi mfe 80 saa bere no, na na minhuu no anaa mentee ne nka bɛyɛ mfe 20. Ná ɔrefrɛ afi wimhyɛn gyinabea, na ɔkae sɛ memmɛfa ɔne ne kunu. Ɛyɛɛ me dɛ sɛ mihuu Edna bio, nanso na nea ɛyɛ nwonwa sen biara no reba. Bere a yɛrekɔ fie no, ne kunu kae sɛ: “Moanya obi a wasakra.” Ná minhu nea ɔrepɛ akyerɛ. Bere a yeduu fie no, ɔkae bio sɛ: “Moanya obi a wasakra wɔ ha.” Me yere tee ase ntɛm ara. Ɔdan ne ho bisaa me nuabea no sɛ, “Edna, woyɛ Ɔdansefo?” Edna buae sɛ: “Yiw, meyɛ Ɔdansefo.”

Ɛyɛɛ dɛn na Edna begyee nokware no? Wiɛ, wɔ 1972 mu no, wɔ mmɔden a na merebɔ sɛ mesiesie yɛn abusuabɔ a asɛe no mu no, mekraa Ɔwɛn-Aban kɔkyɛɛ no. Bɛyɛ afe akyi no, Edna yaree na ɔkaa fie. Ná nsɛmma nhoma no da so gu ne pon so a wɔakyekyere ho. Edna pɛe sɛ ohu nea ɛwom na obuee biako mu fii ase kenkanee. Bere a owiee kenkan no, ɔsee ne ho sɛ, ‘Eyi ne nokware no!’ Bere a Yehowa Adansefo kɔɔ ne fie no, na wakenkan Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma kuw no nyinaa. Ɔpenee Bible adesua so, na bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo mu biako.

Adehwere Ano a Migyinae

Awiei koraa no, me yere, Louise, nyaa asikre yare, na ne tebea yɛɛ den kosi sɛ owui 1979 mu, bere a na wadi mfe 82. Bere a Louise wui no, na eyi te sɛ nea me fã nso awu. M’anidaso nyinaa sae. Ná minhu nea menyɛ. Ná minni daakye ho nhyehyɛe biara, na na mihia nkuranhyɛ denneenen. Ɔhwɛfo kwantufo bi, Richard Smith, hyɛɛ me nkuran sɛ menkɔ so nyɛ m’akwampae adwuma no. Mihui sɛ sɛ mekyekye wɔn a wɔahwere wɔn adɔfo wɔ owu mu no werɛ a, minya awerɛkyekye a ɛsen biara.

Wɔ 1979 mu no, ná Ɔwɛn Aban Asafo no reyɛ nhyehyɛe ma nkurɔfo akɔsra Israel, enti mekyerɛw me din. Saa akwantu yi hyɛɛ me nkuran kɛse, na bere a mebaa fie no, mesan kɔyɛɛ akwampae adwuma no. Efi saa bere no, mede ayɛ me botae sɛ, afe biara mɛboa ma wɔayɛ adwuma wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa anaa wɔntaa nyɛ mu adwuma a ɛwɔ ɔman no fã foforo no mu. Ɛmfa ho sɛ me mfe akɔ anim no, meda so ara kura saa hokwan yi mu.

Mibu no sɛ manya anigye a ɛne sɛ maboa nnipa bɛyɛ 50 ma wɔabehu nkwa kwan no wɔ mfe a atwam no mu. Me mma no mu dodow ara wɔ nokware no mu. Me mmabea baanu som sɛ daa akwampaefo. Me babea foforo, Louise Blanton, ne ne kunu, George, som wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea no ti wɔ Brooklyn, New York, na me mma mmarima no mu biako de mfe pii asom sɛ ɔpanyin.

Nokwarem no, esiane sintɔ a yenya fii yɛn awofo baanu a wodi kan no hɔ nti, yɛn nyinaa yareyare na yewuwu. (Romafo 5:12) Nokwarem no, ɛnyɛ nea minhuu amanehunu ne ɛyaw wɔ m’asetram. Mprempren, meyare ɔkwaha wɔ me nan benkum mu. Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ me yaw pii, nanso ɛnkaa me ntoo hɔ ɛ. Na mebɔ mpae sɛ ɛremma saa. Mepɛ sɛ mitumi kɔ so nantenantew. Ɔpɛ a ɛsen biara a mewɔ ne sɛ mɛkɔ so ayɛ akwampae adwuma no akosi awiei, na mayɛ nea metumi nyinaa de ama wɔahu Yehowa din ne n’atirimpɔw.

[Kratafa 23 mfonini]

Me ne me babea Rita

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena