Ɔwɛn Aban Adesuabea De Asɛmpatrɛwfo Kɔ Mmeaemmeae
ƆWƐN ABAN Gilead Bible Sukuu no akyerɛ adesua akuw ade wɔ mmeaemmeae pii. Adesua akuw 35 a adesuafo no fi nsase 95 so nyaa ntetee soronko wɔ South Lansing, New York, U.S.A., adan no mu wɔ 1943 ne 1960 ntam hɔ. Afei woyii sukuu no kɔɔ wiase adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, baabi a wɔyɛɛ no bɛyɛ mfe 28. Efi 1988 besi 1995 mfiase no, wɔyɛɛ Gilead Sukuu adesua no wɔ Wallkill, New York.
Wɔtrɛw sukuu no dwumadi ahorow mu wɔ saa mfe yi mu. Wɔ sukuu no akwankyerɛ ase no, wɔde adapɛn du kyerɛkyerɛɛ adesua akuw abiɛsa wɔ Mexico; wɔkyerɛkyerɛɛ adesua akuw a ɛte saa ara anum wɔ Germany; abien wɔ India. Efi 1987 no, wɔayɛ sukuu no fã bi a wɔato din Asomfo Ntetee Sukuu wɔ nsase 34 so de ntetee soronko ma mmerante a wɔfata, adapɛn awotwe. Nanso, nkyerɛkyerɛ a wɔde maa Gilead adesuakuw a ɛto so 99 no wɔ Ɔwɛn Aban Adesuabea foforo a ɛwɔ Patterson, New York, no yɛ adapɛn 20 adesua a nea ɛka ho ne Bible mũ no nyinaa a wosua kɔ akyiri, nnɛyi abakɔsɛm ne Yehowa Adansefo ahyehyɛde no ho a wosusuw, ne amannɔne asɛmpatrɛw adwuma ho afotu a ɛkɔ akyiri a wɔde ma.
Saa adesuakuw a ɛto so 99 no wiee wɔn adesua no September 2. Wɔyɛɛ adesua awiei dwumadi a wɔde nnɔnhwerew abiɛsa yɛe no wɔ Ɔwɛn Aban Adesuabea asa foforo no so. Ɛyɛɛ ma tɔ. Wɔmaa atiefo foforo a wɔwɔ Betel afie a ɛwɔ Patterson, Wallkill, ne Brooklyn hwɛɛ dwumadi no wɔ television so. Na ɛnyɛ anigye da mma adesuafo a wɔrewie wɔn adesua no ne wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo a wɔbɛn wɔn pɛɛ no nkutoo, na mmom nnipa ɔhaha pii a wotuu wɔn ho ma sii sukuu dan foforo fɛfɛ no bi no nso.
Wɔ Carey Barber a ɔyɛ Sodikuw no muni no nnianim kasa mu no, ɔtwee adwene sii mfaso a ɛwɔ ade a na wɔreyɛ no so so. Ɔkae sɛ: “Eyi bɛyɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ a ɛsen biara a wɔadi ho dwuma wɔ asase yi so pɛn no fã titiriw.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛrebɛn akodi a ɛda ɔbea no aseni ne ɔwɔ no aseni ntam no mpɔmpɔn so. (Genesis 3:15) Ɔkyerɛe sɛ, wɔn a wobefi akodi a ɛyɛ hu no mu aka wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu bɛyɛ wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ na wɔyɛ osetie ma no nkutoo.
Ɔkae sɛ: “Wɔayɛ yɛn mprempren adesua nhyehyɛe no na ama Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ mmaa nyinaa anya ahokokwaw a ɛfata a wɔaka ho asɛm wɔ Mmebusɛm 1:1-4 no—nea ɛfa nyansa ne nteɛso a wobehu ho, sɛ wobenya nsɛm mu nhumu, agye nteɛso a ɛma wonya nhumu, adetrenee, atemmu, teeyɛ, na wɔatumi asusuw nsɛm ho.” Hwɛ ahobammɔ a ɛyɛ sɛ yebenya honhom fam nneɛma a ɛte saa!
Afotu a Wɔde Ma Adesuakuw a Wɔrewie No
Ɔkasa ntiantiaa anum a edidii so a na ɛfa adesuafo a wɔrewie no ho dii nnianim nsɛm yi akyi bae. Harold Jackson a kan no na ɔyɛ Gilead ɔkyerɛkyerɛfo, na seesei ɔyɛ adwuma wɔ Brooklyn adwumayɛbea ti, no hyɛɛ adesuakuw no nkuran sɛ, “Munkura Onyankopɔn Fam Anigye a Mowɔ Mu.” Lloyd Barry, a ɔsomee sɛ ɔsɛmpatrɛwfo bere tenten, na seesei ɔyɛ Sodikuw no muni, kasa faa asɛmti a ɛne sɛ “Ahobrɛase a Yɛde Bɛsom Yehowa” ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ saa su yi ho behia ama adesuafo a wɔawie no wɔ nsakrae a wɔbɛyɛ ma ɛne nsɛm tebea foforo a wɔbɛkɔ mu, ne wɔne wɔn mfɛfo asɛmpatrɛwfo ntam abusuabɔ, asafo ahorow a wɔbɛsom wom, ne nkurɔfo a wɔtete mmeae a wɔbɛsom no, ahyia.
Karl Adams, a seesei ɔsom wɔ Gilead adesuabea, ne adesuakuw no susuw asemmisa a ɛne sɛ “Dɛn na Gyidi Bɛma Woayɛ?” ho. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnnyɛ sɛ Israelfo no a wonwiinwii wɔ sare no so asetra ho na wɔpɛe sɛ wɔsan kɔ Misraim no, na mmom wɔnyɛ sɛ Abraham, a ɔde n’ani too Onyankopɔn Ahenni so sen sɛ ɔbɛsan akɔ Kaldeafo kurow Ur mu sɛ ɔkwan a ɔnam so bedi nsɛnnennen ho dwuma no. (Exodus 16:2, 3; Hebrifo 11:10, 15, 16) Ulysses Glass, Sukuu no panyin, twee adwene sii Asaf suahu a ɛwɔ Dwom 73 no so de tuu adesuakuw a wɔrewie no fo sɛ, “Monkae Mo Nhyira Ahorow.” Na Albert Schroeder a ɔyɛ Sodikuw no Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no muni, kaa asɛmti a ɛne sɛ “Yehowa na Ɔma” ho asɛm. Ɔtwee adwene sii Gilead Sukuu no ankasa, ne dwuma a edi wɔ asɛmpaka ne asuafoyɛ adwuma kɛse a wɔreyɛ no mu so sɛ nsiesiei a ɛte saa ho adanse.
Akyiri yi, bere a Milton Henschel, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no, kaa asɛmti a ɛne sɛ “Yɛyeyɛ Yɛn Ho Yɛn Ho Akwaa” ho asɛm no, atiefo no de anigye kɛse tiei. Ɔkenkan Romafo ti 12 kaa ho asɛm kɔɔ akyiri. Nsɛm a ɔkae no bi ne sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛne yɛn mfɛfo asomfo a wɔwɔ asafo no mu wɔ abusuabɔ a emu yɛ den paa.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛyɛ papa ma yɛn sɛ yebedwen yɛn ho yɛn ho sɛ Yehowa agyapade bere nyinaa, na sɛ anka yɛbɛkasa atia yɛn ho yɛn ho, ahwehwɛ yɛn ho yɛn ho mfomso no, momma yɛmmoa yɛn ho yɛn ho mmom bere nyinaa. Sɛ yekura Kristofo asafo no honhom fam biakoyɛ mu a, na yɛreboa yɛn ho yɛn ho.” Ɔkyerɛɛ sɛnea wobetumi de mmoa a ɛte saa ama wɔ asɛmpatrɛwfo afie mu aduannoa mu, bere a wosusuw ho sɛ ebia ɛnyɛ obiara na obetumi adi aduan biara. Ɔhyɛɛ mmoa a yɛde bɛma ho nkuran nso sen sɛ yɛbɛkasa atia yɛn mfɛfo Kristofo a ahia wɔn no bere a yɛne wɔn yɛ asɛnka adwuma no. Onua Henschel daa no adi sɛ, sɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho mmoa, hyehyɛ yɛn ho yɛn ho den, na yɛhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran a, “Yehowa bɛdɔ yɛn wɔ eyi ho.” Afotu pa bɛn ara na ɔde maa asɛmpatrɛwfo a wɔrekɔ akɔsom wɔ nsase a ɛyɛ soronko koraa wɔ nea na wɔrebegyaw hɔ akɔ no ho no!
Adesuakuw no Mufo a Yebehu Wɔn Yiye
Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, na adesuakuw a ɛto so 99 no mufo 48 no mu biara adi mfe 32, na wɔde bɛboro mfe 11 ayɛ bere nyinaa som adwuma no dedaw.
Nsɛm a wobisabisae a ɛno yɛ adesua awiei dwumadi no fã no maa atiefo no nyaa hokwan huu wɔn mu bi. Nikki Liebl, a ofi United States, ne Simon Bolton, a ofi England, kaa nsɛm a asisi a asɔ wɔn gyidi a wɔwɔ sɛ Yehowa bɛma wɔn nsa aka wɔn honam fam ahiade no ahwɛ. Bere a wɔkɔɔ so de bere nyinaa som adwuma no dii kan wɔn asetram no, Yehowa hwɛɛ wɔn.
Isabelle Kazan a Franse ne ne kurom kasa no, kae sɛ na wasua Arab kasa sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adi wɔn a wɔka Arab kasa a wɔte ne man mu no adanse. Bere a ofii ase wɔ 1987 mu no, na anuanom a wɔka Arab kasa baanan pɛ na wɔwɔ kuw ketewaa bi a na ɛwɔ Paris no mu, ka ɔno ne onuawa foforo a na wɔresua kasa no ho. (Na ɛnna fam. Ná wɔde nnɔnhwerew awotwe na esiesie wɔn ho ma Ɔwɛn-Aban adesua dapɛn biara sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ama mmuae.) Mfaso baa wɔn mmɔdenbɔ no so? Wiɛ, ɛnnɛ Adansefo a wɔka Arab kasa a wɔde wɔn ahyehyɛ amansin anum na ɛwɔ France nyinaa. Osuani foforo, Miko Puro, kae sɛ Franse kasa a osuae wɔ sukuu no boaa no ma otumi kaa asɛm kyerɛɛ Afrikafo aguanfo a wɔwɔ ne man Finland mu, na ɛso bɛba mfaso nso wɔ ne dwumadi mu wɔ Benin. Bonny Bowes kaa mmɔden a ɔbɔe sɛ obetumi aka Franse kasa yiye sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asom wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ Quebec, Canada, ho asɛm kyerɛe. Na Bjarki Rasmussen, a ofi Denmark, kaa osuahu ahorow a ɔne ne yere anya dedaw wɔ mfe a wɔde somee wɔ Faeroe Islands no ho asɛm kyerɛe. Yiw, saa asɛmpatrɛwfo foforo yi yɛ bere nyinaa asomfo a wɔn ho akokwaw.
Wɔmaa adesuafo a wɔawie no dwumadi wɔ nsase 19 so—wɔ Afrika, Amerika Mfinimfini ne Kesee Fam, Europa Apuei Fam, ne Apuei Fam. Adesua akuw a wɔawie dedaw no mufo asom nsase bɛboro 200 so dedaw. Saa adesuafo no mu bebree da so reyɛ wɔn adwuma a adagyew nnim koraa. Seesei saa asɛmpatrɛwfo foforo yi rekɔka wɔn ho ma wɔatrɛw Ahenni adansedi yi mu bio ma akɔpem asase ano nohoa.—Asomafo no Nnwuma 1:8.
[Kratafa 25 mfonini ahorow]
Nneɛma ahorow a wɔyɛ wɔ Ɔwɛn Aban Adesuabea adesuadan mu
[Kratafa 26 mfonini]
Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 99 a Wɔawie Wɔn Adesua
Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.
(1) Heffey, S.; Riley, E.; Mortensen, D.; Honable, A.; Bolton, J.; Poole, J.; Siimes, G.; Sousa, L. (2) Pashnitski, B.; Shepherd, D.; Pashnitski, W.; Järvinen, J.; Paulsen, K.; Rasmussen, E.; Schewe, C.; Olsson, L. (3) Paulsen, E.; Samsel, T.; Bowes, B.; Harris, E.; Kazan, I.; Liebl, N.; Sousa, P.; Puro, J. (4) Lager, K.; Lager, V.; Golden, K.; Bolton, S.; Johnson, M.; Johnson, S.; Liebl, A.; Rasmussen, B. (5) Harris, D.; Samsel, W.; Schewe, O.; Heffey, R.; Kazan, L.; Riley, T.; Järvinen, O.; Puro, M. (6) Mortensen, D.; Golden, R.; Honable, L.; Shepherd, M.; Bowes, R.; Siimes, T.; Poole, E.; Olsson, J.
[Kratafa 27 mfonini ahorow]
Wɔn a wɔda so reyɛ wɔn adwuma: (benkum so) Charles Leathco ne ne yere, Fern, wɔ Brazil, Gilead adesuakuw a edi kan ne nea ɛto so asia no mufo; (ase hɔ) Martha Hess, wɔ Japan, Gilead adesuakuw a ɛto ason no muni