Hann Ma Esum Mmere Bi Ba Awiei
NA YESU KRISTO ne n’asomafo no bere no yɛ soronko koraa wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mmere ho. Bible akenkanfo a wonnim eyi betumi asusuw sɛ asetra ne nyamesom mu nneɛma kɔɔ so sɛnea na ɛte fi odiyifo Malaki so kosi Asɛmpa kyerɛwfo Mateo so, a wonhu nea ɛkɔɔ so wɔ mfe 400 a ɛda ntam no mu no yiye.
Malaki, a ɛne Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma a etwa to wɔ nnɛyi Bible dodow no ara mu no asɛm a ɛde wie ne Israel nkaefo a wɔsan kɔtraa wɔn asase so bere a woyii wɔn fii nnommum mu wɔ Babilon akyi no. (Yeremia 23:3) Wɔhyɛɛ Yudafo a wɔwɔ ahofama no nkuran sɛ wɔntwɛn Onyankopɔn atemmu da a ɔde beyi bɔne afi wiase, na ɔde Mesia Mmere no aba no. (Malaki 4:1, 2) Saa bere no, na Persiafo tumidi na ɛwɔ so. Persia asraafo a na wɔte Yuda no kɔɔ so hwɛ maa asomdwoe traa hɔ, na wɔde akode hyɛɛ nkurɔfo ma wodii nniso no ahyɛde ahorow so.—Fa toto Esra 4:23 ho.
Nanso, asomdwoe ankɔ so antra Bible nsase so wɔ mfeha anan a edii hɔ no nyinaa mu. Honhom mu sum ne ntoto fii ase baa hɔ. Basabasayɛ, amumɔyɛ, nhyɛso, nyamesom nsusuwii katee, nyansapɛ hunu, ne amammerɛ foforo a ɛyɛ ahodwiriw, maa Aman a Ɛbɛn Mediteranea Supɔw so no ani tanee wɔn.
Wɔkyerɛw Mateo, Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nhoma a edi kan no, wɔ bere foforo mu. Roma asraafo hwɛ maa Pax Romana, anaa Roma Asomdwoe, no yɛɛ adwuma. Adefɛrefo hwɛɛ kwan denneennen sɛ Mesia no bɛba abeyi amanehunu, nhyɛso, ne ohia afi hɔ, na ɔde asetra, yiyedi, ne asomdwoe ho nimdeɛ aba. (Fa toto Luka 1:67-79; 24:21; 2 Timoteo 1:10 ho.) Momma yɛnhwɛ nniso horow a ɛyɛ den a ɛde nsakrae baa Yudafo asetra mu wɔ mfehaha a edii Yesu Kristo awo anim mu no yiye.
Yudafo Asetra Wɔ Persiafo Bere So
Wɔ Kores mpaemuka a ɛmaa Yudafo no nyaa wɔn ho tete fii Babilon nnomumfa mu wɔ 537 A.Y.B. mu akyi no, Yudafo ne wɔn ayɔnkofo a wɔnyɛ Yudafo dɔm fii Babilon kɔe. Saa nkaefo a wɔn ani da hɔ wɔ honhom mu yi san kɔɔ asasesin bi a wɔasɛe hɔ nkurow ma ɛhɔ da mpan mu. Na Edomfo, Foinikefo, Samariafo, Arabia mmusuakuw, ne afoforo afa Israel asase a kan no na ɛsõ no bi. Yuda ne Benyamin afã a ɛkae no bɛyɛɛ Yuda mantam a ɛhyɛ Persiafo nsa a wɔfrɛ hɔ Abar Nahara (Asuogya).—Esra 1:1-4; 2:64, 65.
The Cambridge History of Judaism ka sɛ wɔ Persia nniso ase no, Yuda fii ase “trɛwee ma wɔdɔɔso.” Ɛtoa so ka fa Yerusalem ho asɛm sɛ: “Akuafo ne akwantufo a wɔkodi ɔsom mu nneɛma ho dwuma de akyɛde baa hɔ, Asɔrefie ne kurow no benyaa ahode, na wɔn ahonyade no twetwee aguadifo ne adwumfo a wofi aman foforo mu bae.” Ɛwom sɛ na Persiafo no wɔ wɔn hɔnom nniso ne nyamesom ho koma pii de, nanso na wɔn tow ahorow a wogye no yeyɛ akɛse, na fagude a ne bo yɛ den nkutoo na na wobetumi de atua.—Fa toto Nehemia 5:1-5, 15; 9:36, 37; 13:15, 16, 20 ho.
Na Persia Ahemman no mfe a edi akyi no yɛ basabasayɛ mmere kɛse, a asahene no tew atua. Yudafo pii de wɔn ho hyɛɛ anidan bi mu wɔ Mediteranea Mpoano hɔ ma wotwaa wɔn asu kɔɔ kusuu fam nohoa, kɔɔ Hyrcania a ɛwɔ Caspia Po ho no. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ ɛho asotwe a Persiafo de baa nkurɔfo so no anka Yuda fã kɛse no ara.
Helafo Bere So
Alexander Ɔkɛse sɔree wɔ Mediteranea Supɔw no so te sɛ ɔsebɔ wɔ 332 A.Y.B. mu, nanso Helafo aguade ho anigye bae ansa na ɔreba. (Daniel 7:6) Esiane sɛ ohui sɛ Hela amammerɛ so wɔ mfaso ma amammuisɛm nti, ɔhyɛɛ da fii ase de Helafo adwene baa n’ahemman a na ɛretrɛw no mu. Hela bɛyɛɛ kasa a wɔka no amanaman mu. Alexander bere tiaa mu nniso no kanyan nkurɔfo ma wonyaa nsusuwii hunu ho anigye, agumadi ho anigye, ne afɛfɛde ho anisɔ. Helafo adwene mpo de nkakrankakra besii Yudafo amammerɛ ananmu.
Bere a Alexander wui wɔ 323 A.Y.B. mu akyi no, wɔn a ne dibea no bedii wɔn nsam wɔ Siria ne Misraim no na wodii kan benyaa gyinabea a odiyifo Daniel frɛɛ no “benkum fam hene” ne “nifa fam hene” no. (Daniel 11:1-19) Wɔ Misraim “nifa fam hene,” Ptolemy II Philadelphus nniso mu (285-246 A.Y.B.) no, wofii ase kyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase baa Koine, Hela kasa a na nnipa dodow no ara ka, mu. Wɔbɛfrɛɛ saa nkyerɛase yi Septuagint. Wɔfaa saa nkyerɛase yi mu nkyekyem pii kaa asɛm wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Na Hela kasa di mũ yiye wɔ nneɛma ahorow mu ntease a ɛmaa wiase a na ayɛ basaa na aduru sum no nyae mu.
Bere a Antiochus IV Epiphanes bɛyɛɛ Siria hene ne Palestina sodifo (175-164 A.Y.B.) akyi no, ɛkaa kakra bi sɛ wɔnam ɔtaa a aban hyɛ akyi so guu Yudasom. Wɔhyɛɛ Yudafo sɛ, sɛ wɔampa Yehowa Nyankopɔn ammɔ afɔre amma Helafo anyame nkutoo a, wobekum wɔn. Wɔ December 168 A.Y.B. mu no, wosii abosom afɔremuka bi sii Yehowa afɔremuka kɛse no so wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ, na wɔbobɔɔ so afɔre maa Olympia Seu. Mmarima akokodurufo a wɔtete nkuraase a ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw no boaa wɔn ho ano wɔ Judas Maccabaeus akanni ase tuu sa denneennen kosi sɛ Yerusalem bedii wɔn nsam. Wɔsan hyiraa asɔrefie no so maa Onyankopɔn, na ɛho guu fĩ akyi mfe abiɛsa pɛpɛɛpɛ no, wofii da biara da afɔrebɔ no ase bio.
Wɔ Helafo mmere a ɛkae no mu no, wɔn a na wɔtete Yudea mantam mu no bɔɔ mmɔden denneennen sɛ wɔbɛtrɛw wɔn asase mu ma n’ahye ayɛ sɛnea na ɛte tete mmere mu no. Wɔde wɔn sraadi tumi a wɔanya no foforo no dii dwuma ɔkwammɔne so de nkrante hyɛɛ wɔn sɛ wɔnsakra. Nanso, wɔkɔɔ so de Helafo amammui adwene na edii nkuropɔn ne nkurow so.
Saa bere no, na wɔn a wɔrepere ɔsɔfo panyin dibea no dodow no ara bra asɛe. Apɔw bɔne, nnipakum, ne amammui fam nnaadaasɛm guu wɔn dibea no ho fĩ. Dodow a Yudafo nyaa su bɔne no, dodow no ara na Helafo agumadi begyee din. Hwɛ sɛnea na ɛyɛ ahodwiriw sɛ wobehu sɛ asɔfo nkumaa regyae wɔn nnwuma gu hɔ na ama wɔatumi de wɔn ho ahyɛ agodie no mu! Yudafo agumadifo ma wɔyɛɛ wɔn oprehyɛn yayaw bi mpo na ama wɔabɛyɛ “momonotofo” sɛnea ɛbɛyɛ a bere a wɔda adagyaw na wɔne Amanaman mufo resi akan no, wɔn ani renwu.—Fa toto 1 Korintofo 7:18 ho.
Ɔsom mu Nsakrae Ahorow
Wɔ nkoasom no akyi pɛɛ no, Yudafo anokwafo ampene so sɛ wɔde abosonsom adwene ne nyansapɛ ahorow bɛfrafra nokware som a wɔada no adi wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no mu. Zoroastersom ho mframa kakraa bi mpo nni Ester nhoma a wɔkyerɛw no bere a na wɔne Persiafo no abɔ denneennen bɛboro mfe 60 no akyi mu. Afei nso, saa Persiafo som yi mu adwene biara nni Bible nhoma a ɛne Esra, Nehemia, anaa Malaki, a wɔkyerɛw ne nyinaa wɔ Persiafo mmere no mfiase (537-443 A.Y.B.), no mu.
Nanso nhomanimfo gye di sɛ wɔ Persiafo mmere no mfe a edi akyiri mu no, Yudafo bebree fii ase gyee wɔn a wɔsom Persiafo nyame kunini, Ahura Mazda, no adwenhorow toom. Eyi da adi wɔ Yudafo Nkokorafo atetesɛm ne gyidi ahorow a agye din mu. Hebri nsɛmfua a na wɔde di dwuma ma sare so akraman, sare so mmoa foforo, ne nnomaa a wotu anadwo kɛkɛ no bɛyɛɛ nea Yudafo nyaa adwene sɛ egyina hɔ ma ahonhommɔne ne anadwo mmoa a wɔn ho yɛ hu a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Babilon ne Persia anansesɛm mu no.
Yudafo fii ase nyaa abosonsomfo nsusuwii ho adwene wɔ ɔkwan foforo so. Adwene a ɛfa ɔsoro, hell, ɔkra, Asɛm no (Logos), ne nyansa ho, nyinaa benyaa ntease foforo. Na sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mu saa bere no, sɛ na Onyankopɔn wɔ akyirikyiri araa ma ɔne nnipa nni nkitaho bio a, ɛnde na obehia ntamgyinafo. Helafo no frɛɛ saa ahonhom a wɔyɛ ntamgyinafo ne ahwɛfo yi sɛ daimone. Esiane sɛ Yudafo no begyee adwene a ɛne sɛ yebetumi anya daimone (adaemone) a wɔyɛ papa anaa bɔne no toom nti, na ɛnyɛ den sɛ adaemone betumi anya wɔn so tumi.
Nsakrae pa bi bae ma ɛkaa wɔn som. Wobenyaa hyia adan pii prɛko pɛ te sɛ mmeae a Yudafo asafo ahorow hyiaam maa nyamesom nkyerɛkyerɛ ne ɔsom wɔ mmorɔn so no. Wonnim bere, beae, ne ɔkwan pɔtee a Yudafo hyia adan no fii ase. Esiane sɛ hyia adan no dii Yudafo a na wɔwɔ akyirikyiri nsase so ahiade ho dwuma bere a wɔantumi ankɔ asɔrefie hɔ no nti, nnipa pii gye di sɛ wɔde sii hɔ wɔ nnommumfa no mu anaa nnommumfa no akyi. Nea yɛbɛhyɛ no nsow ne sɛ ɛhɔ bɛyɛɛ ahyiae maa Yesu ne n’asuafo no ‘kaa nea ɔfrɛ nnipa fi esum mu ba ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ kyerɛe.’—1 Petro 2:9.
Yudasom Maa Akuw Ahorow Ho Kwan
Wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu no, wofii ase benyaa akuw ahorow. Na ɛnyɛ nyamesom ahyehyɛde soronko. Mmom no, na ɛyɛ Yudafo asɔfo, nyansapɛfo, ne amammui fam anuɔdenfo akuw nketewa a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobenya nkurɔfo no so tumi na wɔadi ɔman no so, na na wɔbɛyɛ ne nyinaa wɔ Yudasom din mu.
Na Sadukifo a wɔadan amammuifo no taa yɛ adefo a wobu wɔn ho, a nkurɔfo nim wɔn sɛ wɔn ho akokwaw wɔ amansɛmdi mu fi Hasmonaea atuatew no akyi wɔ afeha a ɛto so abien no mfinimfini A.Y.B. mu. Ɛwom sɛ na wɔn mu bi yɛ adwumawuranom ne nsasewuranom de, nanso na wɔn mu dodow no ara yɛ asɔfo. Eduu bere a wɔwoo Yesu no, na Sadukifo dodow no ara pɛ Roma nniso a edi Palestina so no efisɛ na wosusuw sɛ asomdwoe wom kɛse, na na ebetumi abɔ wɔn dibea ho ban. (Fa toto Yohane 11:47, 48 ho.) Na kuw ketewa bi (Herodefo) gye di sɛ Herode abusua no mufo nniso bɛma ɔmamfo no ho atɔ wɔn asen sɛnea na ɛte no. Sɛnea ɛte biara no, na Sadukifo no mpɛ sɛ ɔman no kodi Yudafo anuɔdenfo nsam, anaasɛ nnipa foforo biara bedi asɔrefie no so, gye asɔfo. Na Sadukifo gyidi ahorow yɛ atetesɛm a egyina sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ Mose nkyerɛwee no mu so titiriw, na ɛdaa sɛnea na wɔne Farisifo fekuw a na ɛyɛ den no ani nhyia adi. (Asomafo no Nnwuma 23:6-8) Sadukifo no pow Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmhyɛ ahorow no sɛ ɛyɛ bɔsrɛmka. Wɔkyerɛkyerɛe sɛ Bible nhoma ahorow a abakɔsɛm, anwensɛm, ne abebusɛm wom no mfi honhom mu, na ɛso nni mfaso.
Farisifo no fii ase wɔ Helafo mmere no mu sɛ wɔn a wɔsɔre tia Yudafo a wokura Helafo adwene mu no denneennen. Nanso, eduu Yesu bere so no, na wɔadan wɔn a wɔyɛ katee, atetesɛm agye wɔn adwene, wɔn a wɔpɛ mmarasɛm, ahantanfo, wɔn a wɔsakra afoforo a wobu wɔn ho atreneefo, ne akyerɛkyerɛfo a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔnam hyiadan mu nkyerɛkyerɛ so bedi ɔman no so. Na wɔyɛ nnipa a wofi adantam kuw no mu titiriw, na wobuu mpapahwekwa no animtiaa. Yesu buu Farisifo dodow no ara sɛ pɛsɛmenkominyafo, sikapɛfo atirimɔdenfo a wɔdaa nyaatwomyɛ adi. (Mateo, ti 23) Wogyee Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa toom sɛnea wɔn ankasa nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ ho no te, nanso wɔmaa wɔn atetesɛm a wɔde ano ka kyerɛ no ho hiaa wɔn saa ara, anaa ehiaa wɔn sen saa. Wɔkae sɛ wɔn atetesɛm no yɛ “ɔfasu a ɛbɔ Mmara no ho ban.” Nanso sɛ́ anka wɔn atetesɛm ahorow no bɛyɛ ɔfasu mmom no, ɛmaa Onyankopɔn Asɛm yɛɛ hunu, na ɛmaa ɔmamfo no adwene tu frae.—Mateo 23:2-4; Marko 7:1, 9-13.
Na Yudafo Nkokorafo no yɛ nyankonnekyerɛfo a ɛda adi sɛ wɔtraa mmeae kakraa bi a na atew ne ho. Wobuu wɔn ho sɛ wɔne Israel nkaefo amapa, a wɔde ahotew retwɛn agye Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Yudafo Nkokorafo no traa ase sɛ ahotuafo a wɔyɛ wɔn ho kronn, na na wɔn gyidi ahorow no pii da Persiafo ne Helafo adwene adi.
Yudafo Anuɔdenfo a wɔyɛ katee akuw pii a ɔmampɛ adi wɔn ti na nyamesom kanyan wɔn no buu obiara a obesiw ahofadi a Yuda benya sɛ ɔman no kwan sɛ ɔtamfo a wonya no a wɔmfa ne ho nkyɛ no koraa. Wɔde wɔn atoto Hasmonaeafo ho, na mmerante a wɔwɔ nsusuwii hunu na wodi akakabensɛm titiriw na wɔn ani gyee ho. Wobuu wɔn sɛ atɛwfo a wokum nnipa anaa asidifo a wodi ako, na na wɔtow hyɛ nkurɔfo so mpofirim wɔ akwan so wɔ wuram ne mmeae a wɔbɔ gua a ɛmaa hɔ bɛyɛɛ hu, na osuro a na ɛwɔ hɔ saa bere no yɛɛ kɛse.
Wɔ Misraim no, Helafo nyansapɛ nyaa nkɔanim wɔ Yudafo a wɔwɔ Alexandria no mu. Efi hɔ trɛw kɔɔ Palestina de kopuee Yudafo a na wɔahwete Mmaa Nyinaa no mu. Yudafo adwenkyerɛfo a wɔkyerɛw Apocrypha ne Pseudepigrapha no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Mose nkyerɛwee no yɛ ayɛsɛm a ɛnyɛ dɛ na ntease nnim.
Eduu Romafo mmere no so no, na Helafo adwene ama Palestina asetra, amammui, ne ntease asakra koraa. Na wɔde Yudasom, a ɛyɛ Babilonfo, Persiafo, ne Helafo adwenhorow a ɛne Kyerɛwnsɛm mu nokware kakra adi afra no, abesi Yudafo no som a egyina Bible so no ananmu. Nanso sɛ wɔka Sadukifo, Farisifo, ne Yudafo Nkokorafo no nyinaa bom a, na wonnu ɔman no mu nnipa ɔha biara mu nkyem 7. Na Yudafo a “wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo” no adwene atu afra wɔ atumfoɔ nsusuwii a enhyia no ho.—Mateo 9:36.
Saa wiase a na aduru sum no mu na Yesu Kristo bae. Nsa a ɔto frɛɛ wɔn awerɛhyem mu yi ma wonyaa awerɛkyekye: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome.” (Mateo 11:28) Hwɛ sɛnea wɔn ani begye sɛ wɔbɛte sɛ ɔreka sɛ: “Mene wiase hann” no! (Yohane 8:12) Na nokwarem no, na ne bɔhyɛ a ɛhyɛ nkuran yi yɛ anigye: “Nea odi m’akyi no rennantew sum mu, na obenya nkwa hann.”—Yohane 8:12.
[Kratafa 26 mfonini]
Yesu kyerɛe sɛ na Yudafo nyamesom akannifo no wɔ honhom mu sum mu
[Kratafa 28 mfonini]
Dwetɛ sika a Antiochus IV (Epiphanes) mfonini wɔ so
[Asɛm Fibea]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.