Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 11/15 kr. 21-24
  • Ná Henanom ne Maccabeefo No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ná Henanom ne Maccabeefo No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hela Nkɛntɛnso a Enyaa Nkɔanim
  • Asɔfo no Bra Bɔne
  • Antiochus Keka ne Ho
  • Maccabeefo no Ko Tia
  • Wɔsan Gye Asɔrefie No
  • Amammuisɛm Bunkam Nyamesuro So
  • Hasmonaeanfo ne Nea Wɔde Gyawee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Yudasom—Kyerɛwnsɛm ne Atetesɛm a Wɔfa So Hwehwɛ Onyankopɔn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Ahene Baanu a Wɔredi Ako
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Hann Ma Esum Mmere Bi Ba Awiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 11/15 kr. 21-24

Ná Henanom ne Maccabeefo No?

WƆ NNIPA pii fam no, Maccabeefo bere no ayɛ sɛ ahintasɛm bere bi fi bere a wɔkyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma horow a etwa to no wiei kosi bere a Yesu Kristo bae no. Sɛnea sɛ wimhyɛn bi hwe ase a, wobetumi ahwehwɛ ne mfiri mu nneɛma a ahintaw mu ahu nea ɛbae no, saa ara na Maccabeefo bere no—nea na ɛyɛ nsakrae bere ma Yuda man no—mu nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri a yɛbɛyɛ no betumi ama yɛahu nneɛma bi ani so.

Ná henanom ne Maccabeefo no? Ɔkwan bɛn so na wonyaa Yudasom so nkɛntɛnso ansa na Mesia a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no reba?—Daniel 9:25, 26.

Hela Nkɛntɛnso a Enyaa Nkɔanim

Alexander Ɔkɛseɛ ko gyee nsase fii Greece kɔkaa India nohoa (336-323 A.Y.B.). N’ahenni a emu bae no ka ho bi na Hela nkɛntɛnso—Greece kasa ne wɔn amammerɛ—trɛwee. Alexander mmapɔmma ne n’asraafo no warewaree mmeae ananafo, na ɛmaa Helafo amammerɛ frafraa ananafo amammerɛ. Alexander wu akyi no, n’asahene kyekyɛɛ n’ahenni no mu fae. Wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. no mfiase no, Antiochus III a na ofi Seleucid Hela Ahemman no adehye abusua a na wɔwɔ Syria mu no ko gyee Israel fii Ptolemy Hela Ahemman no sodifo a na wɔwɔ Misraim no nsam. Helafo nniso no kaa Yudafo a na wɔwɔ Israel no dɛn?

Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛw sɛ: “Esiane sɛ na Yudafo ntumi ntew wɔn ho mfi wɔn a wɔne wɔn te a Helafo amammerɛ akɛntɛn wɔn so no ho, na afei wɔannya kwan ne wɔn nuanom a wɔwɔ amannɔne ammɔ pii nti, na wɔrentumi nkwati sɛ wobegye Helafo amammerɛ ne wɔn nsusuwii atom. . . . Ná tra a wɔbɛtra nkwa mu wɔ Hela nkɛntɛnso bere no mu kɛkɛ mpo hwehwɛ sɛ wogye Helafo amammerɛ tom!” Yudafo faa Helafo din totoo wɔn ho so. Wosuasuaa Helafo amanne ne wɔn ntadehyɛ wɔ akwan horow so. Ná afoforo amammerɛ a etumi kɛntɛn nkurɔfo so nkakrankakra no renya wɔn so tumi kɛse.

Asɔfo no Bra Bɔne

Yudafo a Hela nkɛntɛnso tumii wɔn paa no bi ne asɔfo no. Wɔn mu pii fam no, na Hela nkɛntɛnso a wobegye atom no bɛma Yudasom anya nkɔanim bere a nsakrae reba no. Yudafo a na wɔtete saa no mu biako ne Jason (a na wɔfrɛ no Joshua wɔ Hebri kasa mu), ɔsɔfo panyin Onias III no nuabarima. Bere a Onias tuu kwan kɔɔ Antiokia no, Jason kɔmaa Hela aban mpanyimfo no adanmude. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔapaw Jason asi Onias ananmu sɛ ɔsɔfopanyin. Seleucid Hela Ahemman no sodifo Antiochus Epiphanes (175-164 A.Y.B.) gye toom ntɛm so. Ná anka Hela sodifo ahorow no mfa wɔn ho nnyigye Yudafo asɔfo panyin dibea mu, nanso na Antiochus hia sika a ɔde bɛyɛ akodi ho nnwuma. Afei nso na n’ani gye ho sɛ obenya Yudafo kannifo a ɔbɛboa ama Hela nkɛntɛnso anya nkɔso paa. Jason de adesrɛ no kɔtoo Antiochus anim ma ogye toom faa Yerusalem sɛ Helafo kurow (polis). Na Jason nso sii agodibea bi a Yudafo mmerante ne mmabaa ne asɔfo mpo besii akan wɔ agodie ahorow no mu.

Nea otwa nkurɔfo nkontompo no, afoforo nso twa no nkontompo. Mfe abiɛsa akyi no, Menelaus a ebia na omfi asɔfokuw abusua mu no kɔmaa adanmude a emu yɛ duru sen nea edi kan no, na Jason guanee. Sɛnea ɛbɛyɛ a Menelaus benya sika atua Antiochus ka no, oyii sika pii fii asɔrefie tow adaka no mu. Esiane sɛ Onias III (a na waka akwantu mu wɔ Antiokia no) kasa tiaa saa adeyɛ yi nti, Menelaus bɔɔ pɔ sɛ onya no a obekum no.

Bere a Jason tee huhuhuhu sɛ Antiochus awu no, ɔfaa mmarima apem kaa ne ho san kɔɔ Yerusalem sɛ ɔrekogye sɔfopanyin no afi Menelaus nsam. Nanso na Antiochus nwui. Bere a Antiochus tee nea Jason ayɛ ne basabasa a ɔde aba Yudafo mu a na ɛne ne nhyehyɛe a ɛbɛma Helafo akɛntɛn afoforo so no nhyia nti, ɔde bɔne tuaa no ka.

Antiochus Keka ne Ho

Moshe Pearlman kyerɛw wɔ ne nhoma The Maccabees mu sɛ: “Ɛwom sɛ kyerɛwtohɔ no nkyerɛkyerɛ biribiara mu de, nanso ɛkame ayɛ sɛ Antiochus benyaa adwene sɛ nyamesom ahofadi a ɔde maa Yudafo no yɛ amanyɔ mu mfomso. Obuu atuatew foforo a na asɔre wɔ Yerusalem no sɛ ɛnyɛ ɔsom mu adeyɛ kɛkɛ, na mmom egyina Misrifo adwene a na nkurɔfo kura wɔ Yudea no so, na na wɔada amammui adwene yi adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so, a nea enti a ɛte saa ankasa ne sɛ na Yudafo no nkutoo ne nkurɔfo a wɔhyɛ n’ase a wɔahwehwɛ nyamesom mu ahofadi pii ma ɔde ama wɔn. . . . Osii gyinae sɛ obesiw eyi ano.”

Israelini manyɛfo ne nhomanimfo Abba Eban bɔ nea esii wɔ ɛno akyi no mua sɛ: “Wɔ afe 168 ne 167 [A.Y.B.] mu no, nsɛm sisii ntɛmntɛm toatoaa so ma wokunkum Yudafo bebree, fow Asɔrefie hɔ, na wɔbaraa Yudasom. Sɛ obi twa twetia anaa odi Homeda a, na wobu no kumfɔ. Awerɛhosɛm a ɛkyɛn biara no bae wɔ December 167 mu bere a Antiochus hyɛɛ mmara ma wosii Zeus afɔremuka sii Asɔrefie no mu, na ɔhyɛe sɛ Yudafo mfa prakonam—ade a na Yudafo mmara kyerɛ sɛ ɛho ntew koraa—mmɔ afɔre mma Helafo nyame no.” Saa bere yi nyinaa no, Menelaus ne Yudafo foforo a wɔyɛ wɔn ade sɛ Helafo no kɔɔ so kuraa wɔn dibea mu, som wɔ asɔrefie a afei de na wɔagu ho fĩ no mu.

Bere a Yudafo pii gyee Helafo amammerɛ toom no, kuw foforo a wɔfrɛɛ wɔn ho Hasidfo—nyamesurofo—hyɛɛ Mose Mmara no a wobedi so denneennen ho nkuran. Esiane sɛ afei de na nea asɔfo a wɔyɛ wɔn ade sɛ Helafo no reyɛ no yɛ mpapahwekwa no abofono nti, wɔde nkakrankakra kɔɔ Hasidfo no afã. Nkurɔfo pii bɛyɛɛ mogya adansefo saa bere no bere a wɔhyɛɛ Yudafo a na wɔwɔ ɔman no mu nyinaa sɛ, sɛ wɔamfa wɔn ho anhyɛ abosonsom amanne ne afɔrebɔ ahorow mu a, wobekum wɔn no. Maccabeefo nhoma ahorow a wonhu nea efi bae no ka nsɛm pii fa mmarima, mmea, ne mmofra a wɔpaw owu mmom sen sɛ wobegyae mu asiesie ho.

Maccabeefo no Ko Tia

Sɛnea Antiochus dii Yudafo ani ma ɛboroo so no kaa wɔn mu pii ma wɔko maa wɔn som. Wɔ Modiʼin a ɛbɛn nnɛ bere yi kurow Lod, wɔ Yerusalem atifi fam atɔe no, wɔfrɛɛ ɔsɔfo bi a ne din ne Mattathias begyinaa kurow no mfinimfini. Esiane sɛ na kuromma no bu Mattathias nti, ɔhene no nanmusifo bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan ne ti ma ɔde ne ho ahyɛ abosom afɔrebɔ bi mu—sɛnea ɛbɛyɛ a wonkum no, na asan ayɛ nhwɛsode ama kuromma nkae no. Bere a Mattathias popoo ne ti no, Yudani foforo sɔre gyinae, a na wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ saa. Abufuw kaa Mattathias ma ɔfaa akode kum no. Esiane sɛ nea ɔbarima a ne mfe akɔ anim yi yɛe no maa Hela asraafo no ho dwiriw wɔn nti, wɔampere wɔn ho anyɛ ho biribi. Anni gyina, na Mattathias akum Helani aban panyin no nso. Ansa na Hela asraafo no betumi abɔ wɔn ho ban no, na Mattathias mmabarima baanum no ne kurow no mufo adi wɔn so nkonim.

Mattathias teɛɛm sɛ: ‘Obiara a ɔmpɛ sɛ obebu Mmara no so no nni m’akyi.’ Nea ɛbɛyɛ na wommekunkum wɔn ntua ka no, ɔne ne mmabarima no guan kɔɔ bepɔw so. Na bere a nea wɔyɛe no ho asɛm trɛwee no, Yudafo (a Hasidfo bebree ka ho) no kɔkaa wɔn ho.

Mattathias paw ne babarima Judah sɛ asafohene. Ɛbɛyɛ sɛ mmɔden a na Judah bɔ wɔ sraadi mu nti na wɔfrɛɛ no Maccabee a ɛkyerɛ “abɔsobaa” no. Wɔfrɛɛ Mattathias ne ne mmabarima no Hesmonfo, edin a wonya fii Hesmon kurow anaa wɔn nana bi a na wɔfrɛ no saa mu. (Yosua 15:27) Nanso esiane sɛ Judah Maccabee bɛyɛɛ onipa titiriw wɔ atuatew bere no mu nti, wɔbɛfrɛɛ abusua no nyinaa Maccabeefo.

Wɔsan Gye Asɔrefie No

Wɔ afe a edi kan wɔ atuatew no mu no, Mattathias ne ne mmabarima no tumi hyehyɛɛ asraafo kuw ketewa bi. Ná Hela asraafo no taa tow hyɛ Hasidfo asraafo akuw so Homeda. Ɛwom sɛ na wobetumi abɔ wɔn ho ban de, nanso na wɔmpɛ sɛ wobu Homeda no so. Ne saa nti, wokunkum wɔn nkurɔfo pii. Mattathias—a afei de na wabɛyɛ otitiriw wɔ ɔsom mu no—hyɛɛ mmara sɛ Yudafo wɔ hokwan sɛ wɔbɔ wɔn ho ban Homeda. Ɛnyɛ atuatew no nko na saa mmara yi kaa mu gya, na mmom ɛbɛyɛɛ nhwɛsode nso wɔ Yudasom mu sɛ nyamesom akannifo no tumi sesa Yudafo mmara mu ma ɛne nsɛm tebea a ɛsakra no hyia. Saa adeyɛ yi da adi wɔ asɛm bi a akyiri yi Talmud no kae mu sɛ: “Wotumi gu Homeda biako ho fĩ de yɛ Homeda pii kronkron.”—Yoma 85b.

Bere a Judah Maccabee papa akwakoraa no wui no, ɔbɛyɛɛ atuatew no kannifo a obiara ne no ampere ho. Esiane sɛ ohui sɛ ontumi nni n’atamfo so nkonim wɔ petee mu nti, ɔfaa akwan foforo so, te sɛ ɔsa a wɔkɔ no sum ase a ɛkɔ so nnɛ no. Okunkum Antiochus dɔm no wɔ tebea a na wontumi mfa akwan a wɔtaa fa so no so mmɔ wɔn ho ban mu. Judah faa saa kwan yi so dii asraafo dɔm a na wɔboro ne dɔm so koraa no so nkonim ntoatoaso.

Akameakame a ɛkɔɔ so wɔ Seleucid Ahemman no mu ne Romafo tumi a ɛyɛɛ kɛse nti, ahemman no sodifo no anhaw wɔn ho pii bio sɛ wɔbɛhyehyɛ mmara atia Yudafo. Eyi buee hokwan maa Judah koe araa koduu Yerusalem apon akyi pɛɛ. Wɔ December 165 A.Y.B. (anaasɛ ebia 164 A.Y.B.) mu no, ɔne ne dɔm no ko gyee asɔrefie no dwiraa emu nneɛma ho, na wɔsan hyiraa so—bere a woguu ho fĩ no akyi mfe abiɛsa pɛpɛɛpɛ. Yudafo no di Hanukkah, ahosohyira afahyɛ no, afe biara de kae saa adeyɛ no.

Amammuisɛm Bunkam Nyamesuro So

Ná botae a wɔde tew atua no awie nkonimdi mu. Yudasom ho anohyeto ahorow no fii hɔ. Wɔsan de asɔrefie hɔ som ne afɔrebɔ ahorow no sii hɔ. Afei a na Hasidfo no nsa aka nea wɔhwehwɛ no, wofii Judah Maccabee asraafo dɔm no mu san kɔɔ wɔn afie mu. Nanso na Judah afa adwene foforo. Ná ɔwɔ asraafo dɔm a wɔn ho akokwaw yiye, enti dɛn nti na na ɔmfa nko nnye Yuda nsi hɔ sɛ ɔman a ɛde ne ho? Afei de na wɔde amammui fam mfasopɛ abesi nyamesom adwene a wɔde fii atuatew no ase no ananmu. Enti ɔko no annyae.

Bere a Judah Maccabee rehwehwɛ mmoa a ɔde bɛko atia Seleucid nkɛntɛnso no, ɔne Roma yɛɛ apam. Ɛwom sɛ wokum no wɔ ɔsa bi mu wɔ 160 A.Y.B. mu de, nanso ne nuanom toaa ɔko no so. Judah nuabarima Jonathan dueduee mu maa Seleucid mu sodifo no penee so sɛ wɔmpaw no sɔfopanyin ne sodifo wɔ Yudea, ɛwom sɛ na ɔbɛda so ara ahyɛ wɔn ase de. Bere a Siriafo bi bɔɔ pɔ daadaa Jonathan kyeree no kum no no, ne nuabarima Simeon—Maccabee anuanom no mu nea otwa to—bedii n’ade. Wɔ Simeon nniso ase no, woyii Seleucid nkɛntɛnso no fii hɔ korakora (wɔ 141 A.Y.B. mu). Simeon hyɛɛ wɔne Roma apam no mu den, na Yudafo mpanyimfo no gyee no toom sɛ wɔn sodifo ne wɔn sɔfopanyin. Enti wɔde Hesmonfo adehyedi a ɛhyɛ Maccabeefo nsa sii hɔ.

Maccabeefo no san de asɔrefie hɔ som sii hɔ ansa na Mesia no reba. (Fa toto Yohane 1:41, 42; 2:13-17 ho.) Nanso sɛnea asɔfo a wɔyɛɛ wɔn ade sɛ Helafo no suban maa ahotoso a nkurɔfo wɔ wɔ asɔfodi mu sae no, saa ara na Hesmonfo no sɛee asɛm no koraa. Nokwarem no, asɔfo a na amammuisɛm adi wɔn ti a wodii Yudafo so sen sɛ anka ɔnokwafo Dawid aseni bi bedi wɔn so hene no amfa nhyira papa biara ammrɛ wɔn.—2 Samuel 7:16; Dwom 89:3, 4, 35, 36.

[Kratafa 21 mfonini]

Mattathias, Judah Maccabee papa, teɛɛm sɛ: ‘Obiara a ɔmpɛ sɛ obebu Mmara no so no nni m’akyi’

[Asɛm Fibea]

Mattathias appealing to the Jewish refugees/The Doré Bible Illustrations/Dover Publications

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena