Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 3/1 kr. 23-27
  • Yɛayɛ Biako Wɔ Onyankopɔn Som Mu—Bere A Eye ne Nea Enye Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛayɛ Biako Wɔ Onyankopɔn Som Mu—Bere A Eye ne Nea Enye Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Baabi a Asɛnkafo Ho Hia a Yɛkɔsomee
  • Yɛsom Wɔ Pasifik Kesee Fam
  • Yɛn Nuanom Som Bo
  • Fi Supɔw Kɔ Supɔw So
  • Awiei Koraa, Afrika!
  • Yɛne Kokoram Akodi
  • Yɛsan Kɔ Benin
  • Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa​—Wɔ Afrika Atɔe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 3/1 kr. 23-27

Yɛayɛ Biako Wɔ Onyankopɔn Som Mu—Bere A Eye ne Nea Enye Mu

Sɛnea Michel ne Babette Muller ka kyerɛe

ODURUYƐFO no kae sɛ: “Mewɔ asɛmmɔne ma mo. Mubetumi ayi mo adwene afi mo asetra sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Afrika no so.” Ɔhwɛɛ me yere, Babette, kae sɛ: “Woanya nufu mu kokoram.”

Yɛn ho dwiriw yɛn yiye. Nneɛma pii baa yɛn adwene mu. Ná yesusuw sɛ oduruyɛfo no nkyɛn a yɛkɔe no bɛyɛ yɛn akwahosan ho nhwehwɛmu a etwa to ara kwa. Ná yɛadi kan atwa yɛn wimhyɛn tekit a yɛde rekɔ Benin, Afrika Atɔe fam, no dedaw. Na yɛn ani da so sɛ yɛbɛsan akɔ nnawɔtwe no ara mu. Wɔ mfe 23 a yɛde aware mu no, yɛahyia mmere a eye ne nea enye. Bere a yɛn adwenem yɛɛ yɛn basaa na yɛbɔɔ hu no, afei yesiesiee yɛn ho sɛ yɛbɛko atia kokoram.

Momma yɛmfi ase. Wɔwoo Michel wɔ September 1947 mu, Babette wɔ August 1945 mu. Yenyinii wɔ France, na yɛwaree wɔ 1967 mu. Yɛtraa Paris. Da bi anɔpa wɔ 1968 mfiase mu no, Babette kaa akyiri wɔ adwumam. Awuraa bi baa yɛn pon ano bɛmaa no nyamesom ho nhomawa bi; ogyei. Afei awuraa no bisae sɛ: “Metumi ne me kunu asan aba ne wo ne wo kunu abɛkasa?”

Ná Babette redwene n’adwuma ho. Ná ɔpɛ sɛ awuraa no kɔ, enti ɔkae sɛ, “Mate, mate.”

Michel kaa sɛ: “Ná m’ani nnye nyamesom ho, nanso nhomawa no twee m’adwene, na mekenkanee. Nna kakraa bi akyi no, awuraa no, Joceline Lemoine, ne ne kunu Claude, san bae. Ná ne ho akokwaw yiye wɔ Bible no a ɔde di dwuma no mu. Ná ɔwɔ me nsemmisa nyinaa ho mmuae. M’ani gyee yiye.

“Ná Babette yɛ Katolekni amapa, nanso na onni Bible sɛnea ɛte wɔ Katolekfo pii fam no. Onyankopɔn Asɛm a ohui na ɔkenkanee no maa n’ani gyee yiye. Yebehu fii yɛn adesua no mu sɛ nneɛma a wɔakyerɛ yɛn wɔ nyamesom ho no mu pii yɛ atoro. Yefii ase kaa nea na yɛresua no ho asɛm kyerɛɛ yɛn abusuafo ne yɛn nnamfonom. Yɛbɛyɛɛ Yehowa Adansefo a wɔabɔ yɛn asu wɔ January 1969 mu. Ɛno akyi pɛɛ na wɔbɔɔ yɛn abusuafo ne yɛn nnamfonom baakron asu.”

Baabi a Asɛnkafo Ho Hia a Yɛkɔsomee

Yɛn asubɔ akyi pɛɛ no, yesusuw ho sɛ: ‘Yenni mma biara. Dɛn nti na yɛmfa yɛn ho nhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu?’ Enti wɔ 1970 mu, yegyaee yɛn nnwuma de yɛn ho hyɛɛ daa akwampae adwuma mu, na yetu kɔtraa Magny-Lormes a ɛyɛ kurow ketewaa bi a ɛbɛn Nevers wɔ France mfinimfini no mu.

Ná ɛyɛ dwumadi a ɛyɛ den. Ná ɛyɛ den sɛ yebenya nnipa a wɔpɛ sɛ wosua Bible. Yɛannya honam fam adwuma anyɛ enti na yɛn sika sua. Ɛtɔ mmere bi a na ntɔmmɔ nko na yedi. Ewim tumi yɛ nwini tra digrii -22 sɛntigred, wɔ awɔw bere mu. Yɛtoo bere a yedii wɔ hɔ no din anantwibere ason a wɔafomfon bere.—Genesis 41:3.

Nanso Yehowa wowaw yɛn. Da bi a ɛkame ayɛ sɛ na yɛn aduan nyinaa asa no, ɔbarima a ɔde nkrataa ne amenade ba no de kyiis adaka biako a efi Babette nuabea nkyɛn brɛɛ yɛn. Da foforo nso, yefi asɛnka bɛtoo nnamfonom bi a wɔde kaa atwa kilomita 500 sɛ wɔrebɛsra yɛn. Bere a na wɔate sɛnea nneɛma mu ayɛ den no, saa anuanom yi de nnuan guu wɔn kaa abien no mu brɛɛ yɛn.

Afe ne fã akyi no, Asafo ti no paw yɛn sɛ akwampaefo atitiriw. Mfe anan a edi hɔ no, yɛsomee wɔ Nevers, ne afei Troyes ne akyiri koraa no, Montigny-lès-Metz. Wɔ 1976 mu no, wɔpaw Michel sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ France kesee fam atɔe.

Mfe abien akyi, bere a na wɔreyɛ amansin so ahwɛfo sukuu bi no, yenyaa krataa fii Ɔwɛn Aban Asafo no nkyɛn a na ɛreto nsa frɛ yɛn sɛ yɛnkɔ amannɔne sɛ asɛmpatrɛwfo; krataa no kae sɛ yebetumi apaw Chad ne Burkina Faso (a saa bere no na wɔfrɛ no Upper Volta) mu biako. Yɛpaw Chad. Ankyɛ na yenyaa krataa foforo a na ɛrema yɛn dwumadi wɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Tahiti no ase. Yebisae sɛ wɔmfa yɛn nkɔ Afrika, asasepɔn a ɛso so, nanso ankyɛ biara, yehui no na yɛwɔ supɔw ketewaa bi so!

Yɛsom Wɔ Pasifik Kesee Fam

Tahiti yɛ beae a ɛyɛ fɛ a osu tɔ na awia bɔ kɛse wɔ hɔ a ɛwɔ Pasifik Kesee fam. Bere a yeduu hɔ no, na anuanom bɛyɛ ɔha wɔ wimhyɛn gyinabea hɔ rebehyia yɛn. Wɔde nhwiren a wanwene bɛmaa yɛn akwaaba, ɛwom sɛ na yɛabrɛ esiane kwan tenten a na yɛatwa fi France no nti de, nanso yɛn ani gyei yiye.

Bere a yeduu Tahiti akyi asram anan no, yɛfaa ahyɛmma ketewaa bi a wɔde kube guanee ahyɛ no ma. Nna num akyi no, yeduu beae a wɔmaa yɛn dwumadi foforo no—Nuku Hiva supɔw, a ɛwɔ Marquesas supɔw ahorow so no. Nnipa bɛyɛ 1,500 na ɛte supɔw no so, nanso na anuanom nni hɔ. Yɛn nkutoo.

Ná ɛhɔ tebea no yɛ nea ennyaa nkɔanim ahe biara. Ná yɛte dan a wɔde kɔnkrit ne mpampuro ayɛ mu. Ná anyinam nkanea nni hɔ. Ná yɛwɔ ɔdorobɛn mu nsu a ɛtɔ da bi a ɛba, nanso na nsu no mu ntew. Mpɛn pii no, na yɛnom nyankonsu a yɛasɔ agu asubura bi mu. Ná kwan a wɔagu so nni hɔ, anammɔn kwan a mfutuma wɔ so kɛkɛ na na ɛwɔ hɔ.

Sɛ yebetumi akɔ mmeae a ɛwɔ supɔw no so akyirikyiri a, na ɛsɛ sɛ yɛfa pɔnkɔ tua ho ka kɔ. Ná wɔde dua na ayɛ pɔnkɔ no so agua no enti na ɛma ɛso tra yɛ den, titiriw ma Babette, a na ɔntraa pɔnkɔ so da no. Ná yekura nkrantɛ a yɛde twitwa mpampuro a asum abegu kwan mu no. Ná asetra no yɛ soronko koraa wɔ nea ɛwɔ France no ho kɛse.

Yɛyɛɛ Kwasida nhyiam, ɛwom sɛ yɛn baanu pɛ na na yɛkɔ de. Mfiase no, na yɛnyɛ nhyiam horow a aka no esiane sɛ na ɛyɛ yɛn baanu pɛ nti. Mmom no, na yɛbom kenkan emu nsɛm no nyinaa.

Asram kakra akyi no, yesii gyinae sɛ ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ no saa kwan no so. Michel ka sɛ: “Meka kyerɛɛ Babette sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye. Tra hɔ, na me nso mɛtra ha. Mede mpaebɔ befi ase, na afei yɛayɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom nhyiam. Mebisa nsɛm no na woabua, sɛ wo nkutoo na woka me ho wɔ dan no mu mpo a.’ Ɛyɛ papa sɛ yɛyɛɛ saa, efisɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wubebu w’ani agu honhom mu nneɛma so bere a asafo biara nni hɔ no.”

Ɛkyɛe ansa na yenyaa nkurɔfo ma wɔbaa yɛn Kristofo nhyiam horow no ase. Asram awɔtwe a edi kan no, yɛn baanu nkutoo na yehyiae. Akyiri yi, na nnipa foforo biako, baanu anaa ɛtɔ da bi a baasa, bɛka yɛn ho. Afe bi, yɛn baanu pɛ na yefii afe afe Awurade Anwummeduan no di ase. Simma du akyi no, nnipa bi bae, enti migyae ɔkasa no san fii ase bio.

Ɛnnɛ, adawurubɔfo 42 ne asafo ahorow 3 na ɛwɔ Marquesas supɔw no so. Ɛwom sɛ wɔn a wodii yɛn akyi bae no na wɔbɛyɛɛ adwuma no fã kɛse de, nanso mprempren nnipa bi a yɛkɔɔ wɔn nkyɛn saa bere no abɔ asu.

Yɛn Nuanom Som Bo

Yesuaa boasetɔ wɔ Nuku Hiva. Ná ɛsɛ sɛ yɛtwɛn na yɛn nsa aka biribiara gye sɛ ahiade atitiriw bi. Sɛ nhwɛso no, sɛ wopɛ nhoma bi a, na ɛsɛ sɛ wokyerɛw bisa na wotwɛn asram abien anaa abiɛsa ansa na aba.

Asuade foforo a yenyae ne sɛ yɛn nuanom som bo. Sɛ yɛkɔ Tahiti na yɛkɔ asafo nhyiam ase kɔte sɛ anuanom reto dwom a na nusu gu yɛn. Ebetumi ayɛ nokware sɛ anuanom bi asetra yɛ den de, nanso sɛ ɛka wo nkutoo a, wuhu ye a eye sɛ wo ne anuanom bom tra. Wɔ 1980 mu no, asafo no yɛɛ sɛ yɛnsan nkɔ Tahiti nkɔyɛ ɔmansin adwuma. Ɛhɔ no, anuanom ahɔhoyɛ ne asɛnka adwuma no ho dɔ a wɔwɔ no hyɛɛ yɛn nkuran kɛse. Yɛde mfe abiɛsa yɛɛ ɔmansin adwuma no wɔ Tahiti.

Fi Supɔw Kɔ Supɔw So

Nea edi hɔ no, wɔmaa yɛn dwumadi wɔ asɛmpatrɛwfo fie wɔ Pasifik Supɔw foforo Raïatéa so, na yɛtraa hɔ bɛyɛ mfe abien. Raïatéa akyi no, wɔmaa yɛn ɔmansin adwuma wɔ Tuamotu nsupɔw kuw no so. Yɛde ahyɛmma kɔsraa supɔw 80 no mu 25. Babette de, na ɛyɛ den ma no. Bere biara a ɔde ahyɛmma betu kwan no, na abɔ no yare.

Babette ka sɛ: “Ná ɛyɛ hu! Meyaree bere dodow a yedii wɔ ahyɛmma no mu nyinaa. Sɛ yedii po so nna num a, meyaree nna num. Aduru biara annye me. Nanso me yare nyinaa akyi no, na ɛpo so yɛ me fɛ. Ná ɛyɛ ade a ne hwɛ yɛ fɛ yiye. Bonsu tu mmirika di ahyɛmma no nkyɛnmu. Sɛ wobɔ wo nsam a, wɔtaa huruw fi nsu no mu!”

Yedii mfe anum wɔ ɔmansin adwuma no mu no, wɔsan maa yɛn dwumadi wɔ Tahiti mfe abien, bio nso, yɛn ani gyee asɛnka adwuma no mu. Afe biako ne fã mu no, yɛn asafo no dɔree fi adawurubɔfo 35 kosii 70. Wɔbɔɔ nnipa a yɛne wɔn suaa Bible no mu 12 asu ansa na yefii hɔ. Mprempren ebinom yɛ mpanyimfo wɔ asafo no mu.

Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, yedii mfe 12 wɔ Pasifik Kesee fam. Afei yenyaa krataa fii Asafo ti no hɔ a ese wonhia asɛmpatrɛwfo wɔ supɔw no so bio esiane sɛ asafo ahorow no ayɛ den seesei nti. Bere a yeduu Tahiti no, na adawurubɔfo no bɛyɛ sɛ 450, na bere a yefii hɔ no, na wɔbɛboro 1,000.

Awiei Koraa, Afrika!

Yɛsan kɔɔ France, na ɔsram biako ne fã akyi no, Asafo no maa yɛn dwumadi foforo—Benin, Afrika Atɔe fam. Yɛpɛe sɛ yɛbɛkɔ Afrika mfe 13 a atwam ni, enti yɛn ani gyee yiye.

Yeduu Benin wɔ November 3, 1990, na na yɛka asɛmpatrɛwfo a wodi kan a bere a wogyaee bara a wɔbaraa Ahenni asɛnka adwuma no mfe 14 akyi no, wɔbae no ho. Ná ɛyɛ anigye yiye. Ankyɛ na yɛn ani kaa hɔ esiane sɛ ɛhɔ asetra te sɛ Pasifik Supɔw ahorow so de no ara. Ɛhɔfo no anim tew na wɔwɔ ahɔhoyɛ su. Wubetumi agyina ne obiara akasa wɔ kwan so.

Dapɛn kakraa bi a yeduu Benin akyi no, Babette hui sɛ biribi ahon ne nufu mu. Enti yɛkɔɔ ayaresabea ketewa bi a ɛwɔ baa dwumadibea foforo no akyi no. Oduruyɛfo no hwɛɛ no na ɔkae sɛ ehia sɛ wɔyɛ no oprehyɛn ntɛm ara. Da a edi hɔ no, yɛkɔɔ ayaresabea foforo, beae a yekohuu Europa oduruyɛfo bi a ɔhwɛ mmea a ofi France. Ɔno nso kae sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkɔ France ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ Babette oprehyɛn. Nnanu akyi no, na yɛte wimhyɛn mu rekɔ France.

Yɛn werɛ howee sɛ yɛrefi Benin. Esiane nyamesom mu ahofadi foforo a ɛwɔ ɔman no mu nti, na anuanom ani agye sɛ wɔwɔ asɛmpatrɛwfo foforo na ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛwɔ hɔ. Enti ɛhaw yɛn sɛ na ɛsɛ sɛ yɛkɔ bere a na yɛadi adapɛn kakraa bi wɔ ɔman no mu no.

Bere a yeduu France no, oduruyɛfo no hwɛɛ Babette na osii so dua sɛ ohia oprehyɛn. Nnuruyɛfo no yɛɛ ade ntɛmntɛm yɛɛ oprehyɛn ketewaa bi, na da a edi hɔ no, woyii Babette fii ayaresabea hɔ. Ná yesusuw sɛ asɛm no awiei ara nen.

Nnawɔtwe akyi no, yɛne oduruyɛfo no hyiae. Ɛhɔ na afei ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ Babette nyaa nufu mu kokoram.

Ɔreka sɛnea na ɔte nka saa bere no, Babette ka sɛ: “Mfiase no, ɛhaw Michel sen me. Nanso ade kyee awerɛhosɛm no so no, na mente nka biara. Ná mintumi nsu. Ná mintumi nsere. Ná misusuw sɛ, merebewu. Me fam de, na kokoram te sɛ owu. Ná me nsusuwii ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara.”

Yɛne Kokoram Akodi

Yɛtee awerɛhosɛm no Fida, na na wɔahyehyɛ sɛ wɔbɛyɛ Babette oprehyɛn a ɛto so abien Benada. Ná yɛte Babette nuabea fie, nanso na ɔno nso yare enti yɛantumi ankɔ so antra ne fie a ɛhɔ sua no mu.

Ná yenhu nea yɛnkɔ. Afei yɛkaee Yves ne Brigitte Merda, awarefo a na yɛne wɔn atra bere a atwam no. Awarefo yi daa ahɔhoyɛ su kɛse adi kyerɛɛ yɛn. Enti yɛfrɛɛ Yves wɔ tɛlefon so ka kyerɛɛ no sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyɛ Babette oprehyɛn ne sɛ yennya baabi a yɛbɛtra. Yɛsan ka kyerɛɛ no sɛ, Michel hia adwuma.

Yves maa Michel adwuma yɛe wɔ ne fie. Anuanom no boaa yɛn na ayamye su pii a wɔdaa no adi no kyekyee yɛn werɛ. Wɔboaa yɛn wɔ sika fam nso. Asafo no tuaa Babette ayarehwɛ ho ka horow no.

Ná ɛyɛ oprehyɛn kɛse. Ná ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo no yi ɛpɔw a ɛwɔ nufu no mu no na wotwa nufu no. Wofii ase maa no nnuru a ano yɛ den a wɔde kunkum ɔyare mmoawa ntɛm ara. Dapɛn akyi no, Babette fii ayaresabea hɔ, nanso na ɛsɛ sɛ ɔsan kɔhwɛ ne ho dapɛn abiɛsa biara.

Anuanom a wɔwɔ asafo no mu no yɛɛ yɛn mmoa kɛse bere a na Babette rehwɛ ne ho yare no. Onuawa biako a na wanya kokoram pɛn no yɛɛ nkuranhyɛ kɛse maa yɛn. Ɔkaa nea ɛsɛ sɛ Babette hwɛ kwan nyinaa kyerɛɛ no, na ɔkyekyee ne werɛ yiye.

Eyi nyinaa akyi no, na yɛdwen yɛn daakye ho. Bere a ohuu eyi no, Michel ne Jeanette Cellerier de yɛn kɔɔ adidibea bi adidi.

Yɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ yegyae asɛmpatrɛw adwuma ne sɛ yɛrentumi nsan nkɔ Afrika bio. Nanso, Onua Cellerier kae sɛ: “Ɛdɛn? Hena na ose ɛsɛ sɛ mogyae? Sodikuw no? Anuanom a wɔwɔ France no? Hena na ɔkae?”

Mibuae sɛ: “Ɛnyɛ obi na ɔkae, m’ankasa na mereka.”

Onua Cellerier kae sɛ: “Dabida! Mobɛsan akɔ!”

Nnuru a ano yɛ den a wɔde kunkum ɔyare mmoawa no akyi no, wɔde kanea a ano yɛ den a wɔde hwete yare mmoawa toaa so, na ebeduu August 1991 awiei no, na wɔawie. Nnuruyɛfo no kae sɛ, sɛ Babette bɛkɔ France daa akɔhwɛ sɛnea n’akwahosan te a, ɛnde wonhu akwanside biara wɔ Afrika a yɛbɛsan akɔ no ho.

Yɛsan Kɔ Benin

Enti yɛkyerɛw kɔmaa Brooklyn adwumayɛbea ti kobisaa hokwan a yɛbɛsan de akɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no. Na yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛte wɔn mmuae. Ɛte sɛ nea na nna no nkɔ ntɛm. Awiei koraa no, Michel antumi antwɛn bio, enti ɔfrɛɛ Brooklyn bisae sɛ ebia wɔn nsa aka yɛn krataa no anaa. Wɔkae sɛ wɔapene so—yebetumi asan akɔ Benin! Hwɛ sɛnea yɛdaa Yehowa ase!

Merda abusua no too pon kɛse maa yɛde gyee yɛn ani wɔ asɛm no ho. Yɛsan kɔɔ Benin wɔ November 1991 mu na anuanom no too pon de maa yɛn akwaaba!

Afei de na ɛte sɛ nea Babette ho ye. Yefi bere ne bere mu akɔ France akɔhwɛ yare no yiye, na nnuruyɛfo no anhu kokoram ho sɛnkyerɛnne biara. Yɛn ani agye sɛ yɛasan aba yɛn asɛmpatrɛw adwuma no mu bio. Yɛte nka sɛ yɛn ho hia wɔ Benin na Yehowa nso ahyira yɛn adwuma so. Efi bere a yɛsan kɔe no, yɛaboa nnipa 14 ma wɔabɔ wɔn asu. Wɔn mu anum yɛ daa akwampaefo, na wɔapaw biako sɛ asafo mu ɔsomfo. Yɛn asafo ketewaa no ayɛ kɛse wɔ yɛn anim na wɔakyɛm ma abɛyɛ asafo horow abien.

Yɛde mfe a atwam no asom Yehowa sɛ okunu ne ɔyere, na yɛanya nhyira pii na yɛabehu nnipa a wɔn ho yɛ anigye pii. Nanso Yehowa atete yɛn ahyɛ yɛn den na ama yɛatumi agyina ahohia ano. Te sɛ Hiob no, yɛante nea enti a nneɛma sisii saa no ase, nanso na yenim sɛ bere nyinaa Yehowa wɔ hɔ a ɔbɛboa yɛn. Ɛte sɛnea Onyankopɔn Asɛm ka no: “Hwɛ, Awurade nsa nyɛ tiaa a ɛnso ogye, na n’aso nyɛ duru a ɛrente asɛm.”—Yesaia 59:1.

[Kratafa 23 mfonini]

Michel ne Babette Muller a wɔhyɛ Beninfo ntade

[Kratafa 25 mfonini ahorow]

Asɛmpatrɛw adwuma wɔ Polynesiafo mu wɔ Tahiti a osu tɔ na awia bɔ kɛse no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena