Yehia Nnamfo Pa
JENNY ne Sue rebɔ nkɔmmɔ anigye so. Wɔbɔ nserehehe, wɔn ani agye—wɔn nneyɛe nyinaa da no adi sɛ wɔn mu biara ani gye nea ne yɔnko wɔ ka ho. Ɛwom sɛ womfi faako de, nanso ɛda adi sɛ wɔn adwene hyia wɔ nneɛma pii mu, na wɔn mu biara bu ne yɔnko kɛse.
Eric ne Dennis nso wɔ baabi foforo de biakoyɛ reyɛ adwuma bi a wɔayɛ bebree wɔ mfe a atwam no mu. Wɔwɔ abotɔyam, na wɔtaa serew. Sɛ nkɔmmɔbɔ no dan kɔ nsɛm a ɛyɛ anibere so a, wɔn mu biara fi nokwaredi mu kyerɛ n’adwene. Obiara bu ne yɔnko. Te sɛ Jenny ne Sue no, Eric ne Dennis yɛ nnamfo pa.
Ebia saa nsɛm yi bɛka wo koma na ama w’adwene akɔ w’ankasa wo nnamfo so. Ebi nso a, ebetumi ama w’ani agyina adamfofa a ɛtete saa. Wo nso wubetumi anya bi!
Nea Enti a Yehia Nnamfo Pa
Adamfofa pa ho hia ma yɛn adwene ne honam fam yiyedi. Nanso sɛ yɛte ankonamyɛ nka a, eyi nkyerɛ sɛ biribi nkɔ yiye wɔ yɛn fam. Nhwehwɛmufo bi ka sɛ ankonamyɛ yɛ anigyina, awosu mu ade a ɛkyerɛ sɛ yehia fekubɔ. Nea ɛte biara no, sɛnea aduan brɛ ɔkɔm ase anaa eyi fi hɔ no, saa pɛpɛɛpɛ na nnamfo a ɛfata betumi abrɛ ankonamyɛ ase anaa ayi afi hɔ mpo. Bio nso, nnamfo pa a yɛsom bo ma wɔn a yebenya wɔn no nyɛ ade kɛse bi a yɛn nsa ntumi nka.
Wɔde ayɔnkofa ho ahiade bɔɔ nnipa. (Genesis 2:18) Bible ka sɛ adamfo anaa ɔyɔnko pa yɛ nea “wɔwoo no maa hiada.” (Mmebusɛm 17:17) Enti, ɛsɛ sɛ nnamfo pa tumi hwehwɛ mmoa fi wɔn ho wɔn ho hɔ bere a ɛho hia no. Nanso adamfofa kyerɛ pii sen sɛ wubenya obi a wubetumi adan akɔ ne nkyɛn anaasɛ obi a wo ne no yɛ adwuma anaa wo ne no di agoru kɛkɛ. Nnamfa pa ma wɔn ho wɔn ho su pa da adi. Mmebusɛm 27:17 ka sɛ: “Dade sew dade ano, na onipa sew ne yɔnko anim.” Sɛnea wobetumi de dade asew sekan a ɛno nso yɛ dade ano no, saa ara na adamfo bi betumi asew ɔfoforo adwene ne ne honhom fam tebea ano. Sɛ huammɔdi ma yɛhaw a, hwɛ a yɛn adamfo bi befi mmɔborohunu mu ahwɛ yɛn, na ɔde Kyerɛwnsɛm mu nkuranhyɛ ama no betumi ahyɛ yɛn nkuran kɛse.
Bible mu no, wɔde adamfofa bata ɔdɔ, amannibɔ, atirimsɛmdi, ne ayɔnkofa ho. Ebia yɛn nnamfo bɛyɛ yɛn afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, ne nea ɛtete saa. Ebinom nso bu wɔn abusuafo bi sɛ wɔn nnamfo paa. Nanso, wɔ nnipa pii fam nnɛ no, ɛyɛ den sɛ wobenya nnamfo papa na wɔakɔ so ne wɔn abɔ. Dɛn nti na eyi te saa? Wubetumi ne afoforo anya adamfofa pa a ɛtra hɔ kyɛ?