Bere a Wɔrennya Afoforo ho Adwemmɔne Bio!
AMANNEƐBƆ kyerɛ sɛ nyansahufo Albert Einstein kae bere bi sɛ wɔ saa wiase a ɛyɛ awerɛhow yi mu no, ɛyɛ den sɛ wobedi adwemmɔne so sen sɛ wɔbɛpae atom mu. Saa ara na sɛnkyerɛwfo Edward R. Murrow a obegyee din yiye wɔ Wiase Ko II bere mu na akyiri yi ɔbɛyɛɛ U.S. Nsɛm Amanneɛbɔ Dwumadibea kwankyerɛfo no kae sɛ “obiara ntumi nyi afoforo ho adwemmɔne mfi hɔ—ɛsɛ sɛ wogye tom kɛkɛ.”
Saa nsɛm yi yɛ nokware? So wɔrentumi nyi animhwɛ ne abusua mu nyiyim mfi hɔ? Onyankopɔn te nka dɛn wɔ afoforo ho adwemmɔne ho?
Onyankopɔn Nhwɛ Nnipa Anim
Bible kasa tia animhwɛ. (Mmebusɛm 24:23; 28:21) Ɛka sɛ ‘nyansa a efi soro no de, nea edi kan ne sɛ ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw; mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no ma, ɛnyɛ nyiyim, ɛnyɛ nyaatwom.’ (Yakobo 3:17) Wosii nyansa a ɛte saa so dua kyerɛɛ tete Israel atemmufo no. Wɔhyɛɛ wɔn sɛ: “Munntwa atemmu mu nkontompo: nhwɛ ɔbrɛfo anim na nyɛ nea ɛbɛsɔ otumfo ani; trenee mu na bu wo yɔnko atɛn.”—Leviticus 19:15.
Yesu Kristo ne n’asomafo Petro ne Paulo sii Bible no gyinabea pintinn a etia animhwɛ ne afoforo ho adwemmɔne no so dua. Yesu anyɛ animhwɛ wɔ wɔn a na “wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo” no ho. (Mateo 9:36) Ɔkyerɛkyerɛe sɛ: “Mummmu ntɛn sɛnea muhu kwa; na mummu ntɛn a ɛteɛ!”—Yohane 7:24.
Petro ne Paulo ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn ankasa nhwɛ nnipa anim. Petro kae sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Ɔsomafo Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nnipa nyiyim ne animhwɛ nni Nyankopɔn fam.”—Romafo 2:11.
Bible no Nkɛntɛnso
Bible wɔ tumi a ebetumi asakra wɔn a ɛkyerɛ wɔn kwan no nipasu. Hebrifo 4:12 ka sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu.” Ɛdenam Yehowa mmoa so no, obi a ɔwɔ afoforo ho adwemmɔne mpo betumi asakra ne nsusuwii na wanyɛ animhwɛ wɔ ɔne afoforo nsɛnnii mu.
Fa Saulo a ofi Tarso asɛm no sɛ nhwɛso. Sɛnea Bible kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, bere bi ɔsɔre tiaa Kristofo asafo no denneennen esiane sɛ na odi nyamesom atetesɛm a ɛyɛ katee akyi nti. (Asomafo no Nnwuma 8:1-3) Na ogye Yudafo atetesɛm a ese Kristofo yɛ awaefo ne nokware som ho atamfo no di yiye. N’adwemmɔne no ma ɔboae ma wokunkum Kristofo. Bible ka sɛ na ‘ɔhome ateɛteɛ ne okum home gu Awurade asuafo no so.’ (Asomafo no Nnwuma 9:1) Bere a ɔreyɛ saa no, na osusuw sɛ ɔde resom Onyankopɔn.—Fa toto Yohane 16:2 ho.
Nanso, Saulo a ofi Tarso tumi gyaee n’adwemmɔne a na ɛkɔ akyiri no. Mpo, n’ankasa bɛyɛɛ Kristoni! Akyiri yi sɛ́ Paulo, Yesu Kristo somafo no, ɔkyerɛwee sɛ: “Me a kan meyɛ mmusubɔfo ne ɔtaafo ne onuɔdenfo, nanso wɔahu me mmɔbɔ, efisɛ minnim na meyɛe, ogye a mannye manni mu.”—1 Timoteo 1:13.
Ɛnyɛ Paulo nkutoo na ɔyɛɛ nsakrae kɛse a ɛte saa wɔ ne nsusuwii mu. Wɔ Paulo krataa a ɔde kɔmaa ne yɔnko sɛmpakafo, Tito mu no, otuu Kristofo fo sɛ “wonntwiri obi, wɔnnyɛ atutupɛfo, wonnwo bɛtɛɛ, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa. Efisɛ yɛn nso, kan no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfo, nnipa a wɔfomfom, som akɔnnɔ ne anigyede horow, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentan wɔn ho wɔn ho.”—Tito 3:2, 3.
Adwemmɔne a Wodi So
Ɛnnɛ, nokware Kristofo bɔ mmɔden sɛ wobedi saa afotu no akyi. Wɔkwati sɛ wobebu afoforo atɛn sɛnea wohu wɔn ara kwa. Eyi boa wɔn ma ‘wontwiri afoforo.’ Wɔwɔ amanaman ntam nuayɛ a ɛtra wiase yi ɔmampɛ, mmusuakuw ne abusua ahye nyinaa.
Susuw Henrique, Brasilni bi a ne honam ani biri no suahu ho. Sɛ́ obi a na n’ankasa hyia abusua mu mpaapaemu ho haw no, onyaa aborɔfo ho ɔtan a ɛkɔ akyiri. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Adansefo baanu a wɔyɛ aborɔfo baa me fie sɛ wɔrebɛka Onyankopɔn din ho asɛm. Mfiase no, na mempɛ sɛ mitie efisɛ na minni aborɔfo mu ahotoso. Nanso ankyɛ na mibehui sɛ wɔn asɛm no bɛyɛ nokware. Enti, mepenee Bible adesua so. Asɛm a midii kan bisae ne sɛ: ‘Abibifo pii wɔ mo asɔre no mu?’ Wobuae sɛ, ‘Yiw.’ Afei wɔde mfonini a etwa to wɔ Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛma nhoma no mu a ɛkyerɛ mmofra a wofi mmusua horow mu no kyerɛɛ me. Ná abarimaa bi a ɔyɛ obibini wom na eyi hyɛɛ me nkuran. Akyiri yi mekɔɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so, beae a mihuu nnipa a wofi mmusua horow mu a wɔkyerɛ obu ma wɔn ho wɔn ho. Ná eyi ho hia me yiye.”
Seesei, sɛ Yehowa Adansefo no mu biako no, Henrique ani gye sɛ ɔyɛ nokware Kristofo onuayɛ no muni. Ɔte ase sɛ ɛho anuonyam no nyɛ onipa biara de. Ɔka sɛ: “Meda Yehowa ne Yesu ase nnɛ wɔ biribiara a wɔayɛ ama me ho. Me ne Yehowa asomfo anokwafo ɔpepem pii a wofi mmusua, honam ani hwɛbea, ne asetram tebea horow nyinaa mu a wɔde biakoyɛ kura atirimpɔw koro mu, na ɛyɛ adwuma.”
Bere a na ɔrenyin no, na Dario yɛ wɔn a afoforo wɔ wɔn ho adwemmɔne no biako. Bere a na wadi mfe 16 no, ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Ɔkae sɛ: “Mahu sɛ Adansefo no mmu abusua bi sɛ ɛkyɛn bi.” N’ani gyee nokware dɔ a ɛwɔ wɔn ntam no ho. Ade titiriw a ɔhyɛɛ no nsow ne sɛ ankorankoro a wɔyɛ mmusua foforo mufo nyaa ɔsom mu asɛyɛde horow wɔ asafo no mu. Bere biara a wɔn a wɔwɔ asafo no akyi beyi adwemmɔne anaa animhwɛ su adi akyerɛ no no, Dario kae sɛ Yehowa dɔ nkurɔfo a wofi aman, mmusua, ne kasa nyinaa mu.
Sɛnea Wogyina Ano
Yɛn nyinaa pɛ sɛ wɔne yɛn di no nidi ne obu so. Ɛno nti na nya a afoforo nya yɛn ho adwemmɔne no yɛ sɔhwɛ a emu yɛ den sɛ yebegyina ano no. Kristofo asafo no mmɔ yɛn ho ban mfi wiase bɔne yi adwemmɔne nyinaa ho. Bere tenten a Satan Ɔbonsam di wiase yi nsɛm so no, ntɛnkyea bɛkɔ so ara. (1 Yohane 5:19) Adiyisɛm 12:12 bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” Ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔbɛma yɛn ho ahiahia yɛn kɛkɛ. Wɔde no toto akekaboa ho. Ɔsomafo Petro ka kyerɛ yɛn sɛ: “Mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.”—1 Petro 5:8.
Bible ka kyerɛ yɛn bio sɛ: “Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.” (Yakobo 4:7) Ɔkwan a eye sen biara a wɔfa so gyina adwemmɔne ano ne sɛ wɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn hɔ ahobammɔ, sɛnea Ɔhene Dawid yɛe no: “Me Nyankopɔn, gye me fi ɔbɔnefo nsam, gye me omumɔyɛfo ne otirimɔdenfo nsam.” (Dwom 71:4) Yebetumi abɔ mpae mpo te sɛ odwontofo no: “Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na ɔdesani pɛ me amene me, daa adesae ɔde ɔko hiahia me ho.”—Dwom 56:1.
Onyankopɔn bebua mpaebɔ a ɛtete saa dɛn? Bible bua sɛ: “Na obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa.” (Dwom 72:12, 13) Hwɛ ye a eye sɛ yebehu sɛ wɔ bere a ɛsɛ mu no Yehowa bɛma wɔn a wohyia atɛnkyea nyinaa ho atɔ wɔn!
“Wɔrenyɛ Bɔne”
Ebia wiase yi mu nniso horow bɛkɔ so de wɔn mmara ne dwumadi ahorow ako atia adwemmɔne. Ebia wɔbɛkɔ so ahyɛ bɔ sɛ wɔmma obi nsen ne yɔnko na atɛntrenee bɛba. Nanso wɔrentumi. (Dwom 146:3) Onyankopɔn nkutoo na obetumi, na obeyi afoforo a wɔne wɔn di no adwemmɔne kwan so no afi hɔ. Ɔbɛma adesamma adan abusua biako. “Nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” benya wɔn ti adidi mu wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei na wɔatra ase asomdwoe mu.—Adiyisɛm 7:9, 10.
Yehowa beyi nneɛma bɔne a abusua ne nnipa ntam adwemmɔne de ba nyinaa afi hɔ. Yɛ ho mfonini wɔ w’adwenem, wɔne obiara renni no ɔkwammɔne so! “Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.” (Mika 4:4) Na Yesaia 11:9 ka sɛ: “Wɔrenyɛ bɔne.”
Sɛ seesei afoforo wɔ wo ho adwemmɔne a, saa daakye anidaso a ɛyɛ nwonwa yi bɛhyɛ wo ne Yehowa ntam abusuabɔ mu den. Ɛbɛboa wo ma woagyina nhyehyɛe bɔne yi mu ntɛnkyea ano. Bere a wugyina adwemmɔne ano na wohwɛ daakye kwan no, di Bible afotu a nyansa wom yi akyi: “Monhyɛ mo ho den na mumpirim mo bo, mo a motwɛn Awurade nyinaa.”—Dwom 31:24.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]
U.S. National Archives mfonini