Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 6/15 kr. 3
  • Wubetumi Adɔ Onyankopɔn Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi Adɔ Onyankopɔn Ankasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware Nyankopɔn no a Yɛne no Bɛnantew
  • ‘Monnodɔ Mo Ho Yiye’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Dɔ Onyankopɔn A Ɔdɔ Wo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Dɔ a Obi Bɛdɔ Nyankopɔn no Kyerɛ Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ɔdɔ Kwan a Ɛkyɛn so a Yebesua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 6/15 kr. 3

Wubetumi Adɔ Onyankopɔn Ankasa?

ONYANKOPƆN ka sɛ: “Onipa renhu m’anim nnya nkwa.” (Exodus 33:20) Bio nso, efi Bible mmere no akyi no, adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ onipa bi ne no nyaa nkitahodi tẽẽ. Ɛnte sɛ nea ɛyɛ den—nea ɛrentumi nyɛ yiye mpo—sɛ wubenya ɔdɔ a emu yɛ den ama obi a wunhuu no tee anaa wontee ne kasa da? Ebetumi ayɛ yiye ankasa sɛ wo ne amansan Bɔfo no benya abusuabɔ a ɔdɔ wom?

Ɛnsɛ sɛ yɛn adwene mu yɛ yɛn naa sɛ yebetumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a ɔdɔ wom. Yɛkenkan wɔ Deuteronomium 6:5 sɛ wɔhyɛɛ Israel man no sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn.” Akyiri yi, Yesu Kristo hyɛɛ saa mmara yi mu den maa n’akyidifo no, na ɔde kaa ho sɛ: “Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan.” (Mateo 22:37, 38) Sɛ yɛrentumi nnya abusuabɔ a ɛte saa a, anka Bible no betu yɛn fo sɛ yɛnnɔ Onyankopɔn anaa?

Nanso, so Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛdɔ no esiane sɛ ɔhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa kɛkɛ nti? Dabi. Onyankopɔn bɔɔ nnipa baanu a wodi kan no wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔatumi adɔ no so. Wɔanhyɛ Adam ne Hawa sɛ wɔne wɔn Bɔfo no nnya abusuabɔ a ɔdɔ wom. Mmom no, Onyankopɔn de wɔn too tebea pa a na ɛbɛma wɔanya ɔdɔ a emu yɛ den ama no mu. Ná wɔn ankasa na ɛsɛ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ—sɛ́ wɔbɛbɛn Onyankopɔn anaasɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi ne ho.

Adam ne Hawa fii wɔn pɛ mu tew atua. (Genesis 2:16, 17; 3:6, 7) Nanso, na wɔn asefo betumi ne wɔn Bɔfo no anya abusuabɔ a ɔdɔ wom.

Nokware Nyankopɔn no a Yɛne no Bɛnantew

Sɛ nhwɛso no, wɔka Abraham ho asɛm wɔ Bible mu sɛ ɔyɛ Onyankopɔn “adamfo.” (Yakobo 2:23) Nanso nokwarem no, ɛnyɛ Abraham nkutoo ne obi a ɔne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Bible ka nnipa foforo pii a wɔnyɛ pɛ a wɔdaa nokware dɔ adi maa Yehowa na ‘wɔne Nyankopɔn nantewee’ ho asɛm.—Genesis 5:24; 6:9; Hiob 29:4; Dwom 25:14; Mmebusɛm 3:32.

Ɛnyɛ sɛ wɔwoo Onyankopɔn tete asomfo no a na wɔdɔ Onyankopɔn pɛ n’asɛm. Ná ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden nya. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam hu a wɔnam n’ankasa din, Yehowa, so behuu no so. (Exodus 3:13-15; 6:2, 3, NW) Ɛdenam hu a wohui sɛ ɔwɔ hɔ na ɔne Nyankopɔn no so. (Hebrifo 11:6) Ɛdenam ne nnwuma a ɔdɔ wom a wosusuw ho mpɛn pii no so. (Dwom 63:6) Ɛdenam wɔn koma mu nsusuwii a wɔdaa no adi kyerɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu no so. (Dwom 39:12) Ɛdenam ne papayɛ a wohui no so. (Sakaria 9:17) Ɛdenam osuro pa a na wobenya sɛ wɔremfom no so.—Mmebusɛm 16:6.

Wubetumi abɛyɛ Onyankopɔn adamfo na wo ne no anantew? Ɛyɛ nokware, worentumi nhu Onyankopɔn anaa wonte ne kasa. Nanso, Yehowa to nsa frɛ wo sɛ ‘bɛsoɛ ne ntamadan mu,’ na bɛyɛ n’adamfo. (Dwom 15:1-5) Enti, ebetumi ayɛ yiye sɛ wobɛdɔ Onyankopɔn. Nanso wobɛyɛ dɛn ne no anya abusuabɔ a emu yɛ den na ɔdɔ wom?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena