Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 7/15 kr. 5-7
  • Ɔkwan Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Yɛfa So Bɔ Onyankopɔn Mpae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Yɛfa So Bɔ Onyankopɔn Mpae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Edin a Ɛsɛ sɛ Wɔtew Ho
  • Nneɛma a Ɛfata sɛ Wɔbɔ Ho Mpae
  • Mpaebɔ Ho Afotu Foforo
  • Mpaebɔ a Onyankopɔn Tie
  • Sɛn Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ Mpae?—Awurade Mpaebɔ No Ara Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • So Onyankopɔn Tie Wo Mpaebɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Sɛnea Wubenya Mmoa Denam Mpaebɔ So
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 7/15 kr. 5-7

Ɔkwan Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Yɛfa So Bɔ Onyankopɔn Mpae?

BERE a osuani bi bisaa mpaebɔ ho akwankyerɛ no, Yesu amfa ankame no. Sɛnea Luka 11:2-4 kyerɛ no, obuae sɛ: “Mobɔ mpae a, monka sɛ: Agya, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ. Na fa yɛn bɔne horow firi yɛn, efisɛ yɛn nso de firi obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu.” (Katolek Douay Version) Wonim eyi yiye sɛ Awurade Mpaebɔ. Ekura nsɛm pii.

Ade biako ne sɛ asɛm a edi kan no kyerɛ yɛn onii ko a ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae​—yɛn Agya. Hyɛ no nsow sɛ Yesu ammɔ kwan biara amma mpae a wɔbɛbɔ onipa foforo biara, ohoni, “ɔhotefo,” anaa n’ankasa mpo. Anyɛ yiye koraa no, Onyankopɔn kae sɛ: “Meremfa m’anuonyam mma obi, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.” (Yesaia 42:8) Enti yɛn soro Agya no rentie mpae a wɔbɔ biribi anaa obi foforo biara, ɛmfa ho sɛ ɔsomfo no fi komapa mu na ɛbɔ no. Yehowa Nyankopɔn nkutoo na wɔfrɛ no “Mpaebɔ tiefo” wɔ Bible mu.​—Dwom 65:2.

Ebia ebinom bɛka sɛ “ahotefo” yɛ wɔn a wɔfa wɔn so bɔ Onyankopɔn mpae ara kwa. Nanso Yesu ankasa kyerɛe sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so. Na biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na agya no anya anuonyam ɔba no mu.” (Yohane 14:6, 13) Enti Yesu yii adwene a ɛne sɛ obi a wɔfrɛ no ɔhotefo betumi agyina hɔ sɛ ntamgyinafo biara fii hɔ. Hyɛ nea ɔsomafo Paulo nso ka faa Kristo ho no nsow: “Wanwu amma yɛn nko​—ɔsɔre fii awufo mu, na ogyina Onyankopɔn nifa so hɔ di ma yɛn.” “Ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no.”​—Romafo 8:34; Hebrifo 7:25, Katolek Jerusalem Bible.

Edin a Ɛsɛ sɛ Wɔtew Ho

Yesu mpaebɔ no mu nsɛm a edi hɔ ne: “Wo din ho ntew.” Sɛ obi nnim Onyankopɔn din na ɔmfa nni dwuma a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi atew ho, kyerɛ sɛ obedi no ni, anaa obeyi asi hɔ? Wɔde edin Yehowa no nim Onyankopɔn bɛboro mpɛn 6,000 wɔ “Apam Dedaw” no mu.

Katolek Douay Version ka fa Onyankopɔn din ho wɔ Exodus 6:3 ase hɔ asɛm bi mu sɛ: “Nnɛɛmmafo bi na wɔafa edin Yehowa no . . ., efisɛ sɛnea wɔbɔ [Onyankopɔn] din ankasa wɔ Hebri mu no, wogyaee bɔ akyɛ nti, sɛnea wɔbɔ no ankasa no ayera seesei.” Enti Katolek New Jerusalem Bible no de edin Yahwe na edi dwuma. Ɛwom sɛ nhomanimfo bi pɛ edin no a wɔbɔ no saa no de, nanso “Yehowa” ne sɛnea wogye tom fi bere tenten sɛ wɔbɔ Onyankopɔn din no wɔ Twi mu. Kasa horow wɔ akwan a wɔfa so bɔ Onyankopɔn din no. Nea ɛho hia titiriw ne sɛ yɛde din no bedi dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtew ho. So w’asɔre akyerɛkyerɛ wo sɛ fa edin Yehowa di dwuma wɔ mpaebɔ mu?

Nneɛma a Ɛfata sɛ Wɔbɔ Ho Mpae

Nea edi hɔ no, Yesu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra.” Mateo Asɛmpa no de nsɛm: “Nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” ka ho. (Mateo 6:10) Onyankopɔn Ahenni yɛ nniso a ɛwɔ Yesu Kristo nsam. (Yesaia 9:6, 7) Sɛnea Bible nkɔmhyɛ kyerɛ no, ɛrenkyɛ ebeyi nnipa nniso nyinaa afi hɔ na ɛde asomdwoe aba wiase nyinaa. (Dwom 72:1-7; Daniel 2:44; Adiyisɛm 21:3-5) Enti nokware Kristofo ma Ahenni no a ɛbɛba no yɛ asɛmti a woti mu wɔ wɔn mpaebɔ mu. W’asɔre akyerɛkyerɛ wo sɛ yɛ saa?

Nea ɛyɛ anigye no, Yesu kyerɛe nso sɛ yebetumi de yɛn ahiasɛm aka yɛn mpaebɔ ho. Ɔkae sɛ: “Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ. Na fa yɛn bɔne horow firi yɛn, efisɛ yɛn nso de firi obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu.” (Luka 11:3, 4, Dy) Yesu nsɛm no kyerɛ sɛ yebetumi ahwehwɛ Onyankopɔn apɛde wɔ da biara da nsɛm mu, ne sɛ yebetumi de biribiara a ɛhaw yɛn adwene akɔ Yehowa anim. Yɛn abisade a yɛde bɛto Onyankopɔn anim saa kwan yi so daa no boa yɛn ma yenya anigye sɛ yɛde yɛn ho to ne so. Yɛnam saayɛ so behu ne nkɛntɛnso wɔ yɛn asetra mu. Yɛn mfomso horow a yɛsrɛ Onyankopɔn daa sɛ ɔmfa mfiri yɛn no nso ho hia saa ara. Ɛma yɛn ani ba yɛn mmerɛwyɛ horow so​—na yenya afoforo sintɔ ho koma. Yesu afotu a ɛse yɛmmɔ mpae ma wonyi yɛn mfi sɔhwɛ mu no nso fata, titiriw esiane wiase yi mu abrabɔ a ɛresɛe no nti. Nea ɛne saa mpaebɔ no hyia no, yɛhwɛ yiye sɛ yɛbɛkwati tebea a ebetumi ama yɛakɔyɛ bɔne.

Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ Awurade Mpaebɔ no ka asɛm pii wɔ sɛnea yɛbɛbɔ mpae a ɛsɔ Onyankopɔn ani ho kyerɛ yɛn. Nanso, nea na Yesu rekyerɛ ne sɛ yeti mpae yi mu bɔ no daa kɛkɛ?

Mpaebɔ Ho Afotu Foforo

Yesu de mpaebɔ ho akwankyerɛ foforo mae. Wɔ Mateo 6:5, 6 no, yɛkenkan sɛ: “Sɛ mobɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no; na wɔpɛ sɛ wogyina hyia adan mu ne mmɔnten twea so bɔ mpae, na nnipa ahu wɔn. . . . Na wo de, wobɔ mpae a, hyɛn wo piam, na to wo pon mu bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpae, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.” Saa nsɛm yi kyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ mpaebɔ yɛ guasodeyɛ a wɔde pɛ obi anim anuonyam. Wuyi wo yam bɔ Yehowa mpae kokoam sɛnea Bible ka no?​—Dwom 62:8.

Yesu de kɔkɔbɔ yi mae: “Monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfo; na wosusuw sɛ wɔn kasa dodow nti wobetie wɔn!” (Mateo 6:7) Ɛda adi sɛ, Yesu ampene mpae a wɔkyere gu tirim bɔ so​—na ɛnkampɛsɛ nea wɔbɛkenkan afi nhoma bi mu. N’asɛm no nso bɔ rosary a wɔde di dwuma no gu.

Katolek nhoma bi gye eyi tom: “Yɛn mpae a etu mpɔn betumi ayɛ nea yɛbɔ no mpofirim de yɛn ankasa nsɛm ka bere a yɛde aseda kɔ n’anim anaa bere a biribi ahia yɛn, bere a yɛn werɛ ahow, anaa wɔ ɔsom a yɛde ma daa no mu.” Ná Yesu ankasa mpaebɔ yɛ nea ɔbɔ no mpofirim de n’ankasa nsɛm ka, na ɛnyɛ nea wakyere agu ne tirim. Sɛ nhwɛso no, kenkan Yesu mpae a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane ti 17 no. Edi mpaebɔ nhwɛso no akyi, na esi ɔpɛ a na Yesu wɔ sɛ ɔbɛtew Yehowa din ho no so dua. Ná Yesu mpae yɛ nea ɛyɛ mpofirim de a ɔde n’ankasa nsɛm bɔ, na ɛyɛ nea ɛka koma yiye.

Mpaebɔ a Onyankopɔn Tie

Sɛ wɔakyerɛ wo sɛ kyere mpae gu wo tirim bɔ, bɔ “ahotefo” anaa ahoni mpae, anaa fa nyamesom mu nneɛma te sɛ rosary di dwuma a, ebia mfiase no, mpae a wobɛbɔ sɛnea Yesu kyerɛe no bɛma ehu aka wo. Nanso ade titiriw ne sɛ wubehu Onyankopɔn​—ne din, n’atirimpɔw horow, ne ne nipasu. Wubetumi ayɛ eyi denam Bible a wubesua no yiye so. (Yohane 17:3) Yehowa Adansefo ayɛ krado na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa wo wɔ eyi mu. Hwɛ, wɔaboa ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa ma ‘wɔaka ahwɛ ahu sɛ Yehowa ye’! (Dwom 34:8) Dodow a wubehu Nyankopɔn no, dodow no ara na ɛbɛka wo ma woayi no ayɛ wɔ mpaebɔ mu. Na dodow a wobɛn Yehowa wɔ mpaebɔ mu wɔ nidi mu no, dodow no ara na wo ne ne ntam abusuabɔ mu bɛyɛ den.

Enti wɔhyɛ Onyankopɔn nokware asomfo nyinaa nkuran sɛ ‘wonnnyae mpaebɔ da.’ (1 Tesalonikafo 5:17) Hwɛ hu sɛ wo mpaebɔ ne Bible no hyia, a Yesu Kristo akwankyerɛ ahorow no nso ka ho. Wɔ saa kwan yi so no, wubetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn betie wo mpaebɔ.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Dodow a yesua Yehowa ho ade no, dodow no ara na ɛkanyan yɛn ma yefi komam bɔ no mpae

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena