Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 1/1 kr. 3-5
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛn Nyinaa Yi Onyankopɔn Ayɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛn Nyinaa Yi Onyankopɔn Ayɛ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Yehowa Nkutoo na Otumi Maa Me Anidaso’
  • ‘M’ani Afura De, Nanso Mihu Ade’
  • Obiara ‘Nyi Yah Ayɛ’
  • Bere a Wote Nka Sɛ W’anidaso Nyinaa Asa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Fi Adwenemhaw Mu Kɔ Anigye Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ka Kyerɛ Wɔn Sɛ Wodɔ Wɔn
    Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • Ma Yɛnkamfo Yehowa
    To Dwom Ma Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 1/1 kr. 3-5

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛn Nyinaa Yi Onyankopɔn Ayɛ?

HALELUIA! Kristoman asɔrekɔfo dodow no ara nim saa asɛmfua yi yiye. Wɔn mu bi teɛm ka saa asɛm no wɔ wɔn Kwasida asɔre mu. Nanso, wɔn mu baahe na wonim nea asɛmfua no kyerɛ ankasa? Nokwarem no, ɛyɛ Hebri asɛmfua ma “Munyi Yah ayɛ!” Ɛyɛ nkamfo pefee a wofi anigye mu de ma Ɔbɔadeɛ a ne din ne Yehowa no.a

Asɛmfua “Haleluia” no pue mpɛn pii wɔ Bible mu. Adɛn? Efisɛ nneɛma pii wɔ hɔ nti a ɛsɛ sɛ yeyi Onyankopɔn ayɛ. Yah (Yehowa) ne amansan kakraa no Bɔfo ne Sohwɛfo. (Dwom 147:4, 5; 148:3-6) Ɔno na ɔyɛɛ tebea horow a ɛma nkwa tumi kɔ so wɔ asase so no. (Dwom 147:8, 9; 148:7-10) Na ɔwɔ adesamma ho anigye soronko. Sɛ yɛyɛ n’apɛde a, ohyira yɛn gyina yɛn akyi wɔ asetra yi mu, na ɔma yɛn daakye asetra a ɛkyɛn so ho anidaso a huammɔdi nnim. (Dwom 148:11-14) Yah (Yehowa) home mu na saa nsɛm yi fi: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.

Enti wɔhyɛ obiara nkuran sɛ: “Haleluia!” “Munyi Yah ayɛ!” (Dwom 104:35; NW ase hɔ asɛm) Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔpɛ sɛ wotie. Ɛnnɛ, nnipa rehu amane. Nnipa pii di kɔm, wɔyareyare, anaa wɔhyɛ wɔn so. Ebinom di awerɛhow kɛse esiane nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so anaa sadweamyɛ anaasɛ esiane wɔn brasɛe anaa atuatew nti. Biribi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ saafo no yi Onyankopɔn ayɛ?

‘Yehowa Nkutoo na Otumi Maa Me Anidaso’

Yiw, ntease wom. Yehowa to nsa frɛ obiara biara sɛ onnya ne ho nimdeɛ, onsua sɛ ɔbɛyɛ n’apɛde, na onnya nhyira horow a ɛma nkurɔfo nya ɔpɛ sɛ wobeyi no ayɛ no. Na nnipa pii yɛ saa. Susuw Adriana a ɔwɔ Guatemala no ho sɛ nhwɛso. Adriana maame wui bere a na wadi mfe ason. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ne papa guan gyaa no. Bere a odii mfe du no, ofii ase yɛɛ adwuma hwɛɛ ne ho. Esiane sɛ na Adriana maame aka akyerɛ no sɛ ɔnsom Onyankopɔn ne asɔre nti, ɔde ne ho bɔɔ Katolek akuw ahorow, nanso odii mfe 12 no, na wayɛ basaa, na ɔkɔdɔm abɔnten so kuw bi. Ofii ase nom sigaret, faa nnubɔne, na owiawiaa nneɛma. Ɛbɛyɛ dɛn na abeawa ketewa a ɔte saa anya ɔpɛ sɛ obeyi Onyankopɔn ayɛ?

Adriana nuabea fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible, nanso Adriana serew no. Afei wɔn maame nuabea wui. Adriana maame nuabea no ayi ase no, nsɛmmisa a ɛkyere adwene haw no. Ɛhe na ne maame nuabea no kɔe? Ná ɔwɔ soro anaa? Ɔkɔɔ hellgya bi mu? Ná Adriana adwenem ayɛ no basaa, na ɔkɔɔ amusiei asɔredan no mu kɔbɔɔ mpae srɛɛ mmoa, na ɔde Onyankopɔn din Yehowa, a na ne nuabea no akyerɛ no no dii dwuma.

Ankyɛ na Yehowa Adansefo ne no fii ase suaa Bible, na ɔkɔɔ wɔn Kristofo nhyiam horow. Eyi ma obenyaa asetra ho adwene foforo koraa, na ɔde akokoduru twee ne ho fii abɔnten so akuw no ho. Adriana a seesei wadi boro mfe 20 no ka sɛ: “Yehowa ho dɔ nkutoo na ɛma migyaee saa asetra kwan bɔne no. Yehowa nkutoo na ɔnam ne mmɔborohunu kɛse no so tumi maa me daa nkwa ho anidaso no.” Ɛmfa ho sɛ na Adriana asetra mfiase nyɛ mmerɛw no, ɔwɔ ntease a ɛkyɛn so nti a ɛsɛ sɛ oyi Onyankopɔn ayɛ.

Wɔde tebea bi a awerɛhyem nnim kyɛn eyi mpo ho amanneɛbɔ fi Ukraine bae. Ná ɔbarima bi da afiase retwɛn sɛ wobekum no. Ná ɔresu ne ho anaa? Ná wanya adwenemhaw? Dabi, ɛnte saa koraa. Bere a nnansa yi ara ohyiaa Yehowa Adansefo na onyaa Yehowa ho nimdeɛ bi no, ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔsra ne maame. Esiane sɛ ɔtee sɛ wɔadi n’abisade no ho dwuma nti, afei wakyerɛw wɔn. Ɔka sɛ: “Meda mo ase sɛ mokɔsraa me maame. Ɛno ne anigyesɛm a ɛsen biara a metee wɔ afe a etwaam no mu.”

Bere a ɔreka n’ankasa ne mfɛfo nneduafo a wadi wɔn adanse ho asɛm no, ɔkyerɛw sɛ: “Seesei yɛwɔ Onyankopɔn mu gyidi na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ ade ma ɛne yɛn gyidi ahyia.” Ɔde ne krataa no ba awiei sɛ: “Yɛda mo ase sɛ moaboa yɛn ma yɛahu nea ɔdɔ kyerɛ ma yɛanya gyidi. Sɛ minya me ti didi mu a, me nso mɛboa mo. Aseda nka Onyankopɔn sɛ mowɔ hɔ na moreboa afoforo ma wɔadɔ Onyankopɔn na wɔagye no adi.” Ɔbarima yi asrɛ sɛ wɔnhwehwɛ ne kumfɔ no mu bio. Nanso sɛ wokum no anaasɛ odi mfe pii wɔ afiase a, ɛda adi pefee sɛ ɔwɔ biribi a obetumi agyina so ayi Onyankopɔn ayɛ.

‘M’ani Afura De, Nanso Mihu Ade’

Afei susuw abeawa a ne ho yɛ den bi a na onnii mfe aduonu a n’ani furaa mpofirim no ho. Ɛno ne asɛm a ɛtoo Gloria, a ɔte Argentina no. Gloria ani furae mpofirim bere a na wadi mfe 19 no, na wanhu ade bio. Bere a odii mfe 29 no, ofii ase ne ɔbarima bi twee mpena, na ankyɛ na onyinsɛnee. Afei de na ɔte nka sɛ atirimpɔw wɔ n’asetram. Nanso bere a ne ba no wui no, ofii ase bisabisaa nsɛm bi. Obisae sɛ, ‘Dɛn nti na eyi reto me? Dɛn na mayɛ? Onyankopɔn wɔ hɔ ampa?’

Saa bere no, Yehowa Adansefo baanu baa ne fie. Ofii ase suaa Bible no, na ohuu bɔhyɛ a ɛwom a ɛne sɛ anifuraefo behu ade bio wɔ wiase foforo no mu. (Yesaia 35:5) Hwɛ anidaso nwonwaso a Gloria nyae! N’ani gyei kɛse, titiriw bere a ne kunu penee so sɛ ɔde wɔn aware no bɛhyɛ mmara ase no. Afei ne kunu hyiaa akwanhyia na edii no dɛm ma ɔkaa mmubuafo akongua mu. Ɛnnɛ ɛsɛ sɛ saa ɔbea nifuraefo yi yɛ adwumaden na watumi ahwɛ ne ho. Nea ɛka ho no, ɔno na ɔyɛ fie nnwuma nyinaa, a ne kunu a ɔbɛhwɛ no nso ka ho. Ne nyinaa akyi no, Gloria yi Yehowa ayɛ! Ɛdenam ne nuanom Kristofo mmarima ne mmea mmoa so no, osua Anifuraefo Bible, na Kristofo nhyiam horow a ɔkɔ wɔ Ahenni Asa so no hyɛ no nkuran kɛse. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ den sɛ metumi akyerɛkyerɛ mu, nanso ɛwom sɛ m’ani afura de, nso mihu ade.”

Ɛtɔ mmere bi a sɛ nkurɔfo yi Onyankopɔn ayɛ a, wɔtaa wɔn. Bere a ɔbea bi a ɔwɔ Croatia suaa Onyankopɔn ho ade no, n’ani gyei, nanso ne kunu sɔre tiaa ne gyidi foforo no, gyaee no, na ɔfaa wɔn babea a wadi afe biako no. Bere a ne kunu ne n’abusua pow no a ɔnenam na onni baabi te, nni adwuma, na ne ba no mpo nka ne ho no, mfiase no ɔyɛɛ bosaa. Nanso ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn no wowaw no, ɛwom sɛ na ɔntaa nhu ne babea no kosii sɛ abofra no nyinii de. Ná saa ɔbea yi anya “ahene biako a ne bo yɛ den” no, na wampɛ sɛ ebefi ne nsa. (Mateo 13:45, 46) Ɛyɛɛ dɛn na otumi kuraa n’anigye mu wɔ saa ɔhaw mmere yi mu? Ɔka sɛ: “Anigye yɛ Onyankopɔn honhom aba. Obi betumi anya a tebea a ohyia mfa ho, sɛnea afifide tumi nyin wɔ ahwehwɛ mu a sɛnea abɔnten tebea te no mfa ho no.”

Wɔ Finland no, wohui sɛ Markus a wadi mfe asia no anya ntini mu yare bi a enni sabea. Ankyɛ na ɔkaa mmubuafo akongua mu. Mfe kakraa bi akyi no, ne maame de no kɔɔ Pentekosteni bi a na ɔregye din denam kyerɛ a na ɔkyerɛ sɛ ɔsa nkurɔfo yare so no hɔ. Nanso wannya anwonwakwan so ayaresa biara. Enti Markus gyaee Onyankopɔn akyidi, na ɔkosuaa nyansahu ne wiase nhomanim afoforo. Afei bɛyɛ mfe anum a atwam ni no, ɔbea bi a ɔte mmubuafo akongua mu ne aberante bi baa fie a na Markus te mu no mu. Ná wɔyɛ Yehowa Adansefo. Saa bere no na Markus nnye Onyankopɔn nni, nanso na ɛnhaw no sɛ wɔne no bɛbɔ nyamesom ho nkɔmmɔ, enti ɔma wɔbaa dan mu.

Akyiri yi, awarefo bi kɔsraa no, na wofii Bible adesua ase. Bere rekɔ so no, tumi a Bible mu nokware wɔ no sakraa Markus adwene wɔ nneɛma ho, na ohui sɛ ɛmfa ho sɛ wadi dɛm no, na ɔwɔ biribi ankasa a ɛsɛ sɛ ogyina so yi Onyankopɔn ayɛ. Ɔkae sɛ: “M’ani agye paa efisɛ mahu nokware no ne ahyehyɛde a Yehowa de redi dwuma no. Seesei m’asetra wɔ botae ne atirimpɔw. Wɔahu oguan a wayera foforo, na ɔmpɛ sɛ ofi Yehowa nguankuw mu!”—Fa toto Mateo 10:6 ho.

Obiara ‘Nyi Yah Ayɛ’

Eyinom yɛ osuahu ahorow a enni ano a yebetumi aka de akyerɛ sɛ ɛmfa ho nnipa nsɛm tebea no, ɛnnɛ wobetumi anya biribi agyina so ayi Onyankopɔn ayɛ no mu kakraa bi. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu saa kwan yi so: “Onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.” (1 Timoteo 4:8) Sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde a, ɔbɛma yɛn “nkwa a ɛwɔ hɔ yi . . . ho bɔhyɛ” no. Nokwarem no, ɔrenyɛ ahiafo adefo anaa ɔmma ayarefo nnya apɔwmuden wɔ saa nneɛma nhyehyɛe yi mu. Nanso ɔde ne honhom ma wɔn a wɔsom no na ama wɔanya anigye ne abotɔyam, a tebea a wɔwom biara mfa ho. Yiw, wɔ “nkwa a ɛwɔ hɔ yi” mpo mu no, ayarefo, wɔn a wɔhyɛ wɔn so, ne ahiafo betumi anya biribi agyina so ayi Onyankopɔn ayɛ.

Na nkwa a “ɛrebɛba” no nso ɛ? Hwɛ, sɛ yedwen ho kɛkɛ mpo a, ɛsɛ sɛ ɛma yɛde anigye a ɛkyɛn so yi Onyankopɔn ayɛ! Yedi ahurusi bere a yesusuw bere bi a ohia befi hɔ no ho no; bere a “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow” no; ne bere a Yehowa Nyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu ne awerɛhow ne su ne ɛyaw bi nni hɔ bio no, efisɛ kan nneɛma no atwam.’ (Yesaia 33:24; Adiyisɛm 21:3, 4; Dwom 72:16) Wubu Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow yi dɛn?

Ɔbarima bi a ɔwɔ El Salvador gyee Bible kratawa bi a ɛkyerɛkyerɛɛ saa nneɛma yi bi mu. Ɔka kyerɛɛ Ɔdansefo a ɔde maa no no sɛ, “Awuraa, kratawa yi mu nsɛm ntumi nyɛ nokware da.” Saa na nnipa pii yɛ wɔn ade. Nanso, eyinom yɛ bɔhyɛ ahorow a efi Nea ɔbɔɔ amansan yi, a ofii yɛn asase so nneɛma a ɛno ankasa di kyinhyia ase, na ɔboa ahiafo ne ayarefo mpo ma wonya anigye no hɔ. Yebetumi agye nea ɔka no adi. Aberante a yɛaka ne ho asɛm wɔ atifi hɔ no ne Yehowa Adansefo suaa Bible na ohui sɛ eyi yɛ nokware. Sɛ wonyɛɛ saa dedaw a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ yɛ saa ara. Enti ɛmmra sɛ wobɛwɔ hɔ bere a mprempren nneɛma nhyehyɛe yi atwam, na abɔde nyinaa bom teɛm sɛ: “Haleluia” ‘Munyi Yah ayɛ!’ no.—Dwom 112:1; 135:1.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ Bible mu no, ɛtɔ mmere bi a wotwa “Yehowa” tiaa yɛ no “Yah.”

[Kratafa 5 mfonini]

Ɛmmra sɛ wobɛwɔ hɔ bere a abɔde nyinaa bom teɛm sɛ: “Haleluia” no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena