Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp19 nɔma 2 kr. 12-13
  • Bere a Wote Nka Sɛ W’anidaso Nyinaa Asa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Wote Nka Sɛ W’anidaso Nyinaa Asa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BAABI A WUBENYA MMOA AFI
  • DƐN NA EBEYI SAA ƆHAW YI NYINAA AFI HƆ?
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛn Nyinaa Yi Onyankopɔn Ayɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Adwenemhaw Redi Mmabun Nya—Adɛn Ntia? Dɛn na Ɛbɛboa?
    Nyan!—2017
  • Sɛ Minya Adwene Sɛ Minkum Me Ho a, Bible Betumi Aboa Me Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Adwenemhaw
    Nyan!—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
wp19 nɔma 2 kr. 12-13
Ɔbaa bi te ɔpon ho, wabue Bible mu, na ɔredwen nea wakenkan no ho

Bere a Wote Nka Sɛ W’anidaso Nyinaa Asa

Adriana fi Brazil. Ɔkaa sɛ: “Ná mereteetee dodo. Enti meyɛɛ m’adwene sɛ, mekum me ho ama asɛm asa.”

ASETENA AFONO wo araa ma wunyae a anka woawu afi wiase? Sɛ saa a, ɛnde ebia wobɛte Adriana ase. Ná adwinnwen ahyɛ no so pa ara. Wei nti, ɛyɛ a ne werɛ tumi how ma ɛyɛ sɛ nea anidaso nyinaa asa no. Adɔkotafo ka kyerɛɛ Adriana sɛ wanya adwenemhaw.

Yɛnhwɛ ɔbarima bi a ofi Japan a wɔfrɛ no Kaoru asɛm yi. Ná ɔhwɛ n’awofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔyare. Ɔkaa sɛ: “Saa bere no na nneɛma pii gu me so wɔ adwumam. Eduu baabi no, na mintumi nnidi, na na mintumi nna koraa. Minyaa adwene sɛ, sɛ mawu koraa a, anka eye.”

Ojebode nso yɛ ɔbarima bi a ɔte Nigeria. Ɔkaa sɛ: “Ná me werɛ tumi how me ho araa ma metew nusu, enti afei na merepɛ ɔkwan a mɛfa so akum me ho.” Anigyesɛm ne sɛ, Ojebode, Kaoru, ne Adriana mu biara nni hɔ a okum ne ho. Nanso afe biara, nnipa mpempem pii na wokum wɔn ho.

BAABI A WUBENYA MMOA AFI

Nnipa a wokum wɔn ho no, mmarima na wɔdɔɔso pa ara. Wɔn mu pii wɔ hɔ a, ɛyɛ a wɔfɛre sɛ wɔbɛhwehwɛ mmoa. Yesu kaa sɛ ayarefo hia ɔyaresafo. (Luka 5:31) Enti sɛ adwinnwen ahyɛ wo so araa ma ɛyɛ wo sɛ kum wo ho a, yɛsrɛ wo, mfɛre sɛ wobɛhwehwɛ mmoa. Nnipa pii a wɔanya adwenemhaw ahu sɛ, mmoa a adɔkotafo de ma no, ɛso wɔ mfaso pa ara. Adɔkotafo aboa Ojebode, Kaoru, ne Adriana nyinaa ma seesei nneɛma rekɔ yiye ma wɔn.

Wɔn a wɔwɔ adwenemhaw no, nea adɔkotafo yɛ de boa wɔn ne sɛ, wotumi ma wɔn nnuru, anaa wɔne wɔn kasa. Wotumi nso yɛ mmienu no nyinaa. Afei nso, ɛsɛ sɛ saafo no abusuafo ne wɔn nnamfo nya wɔn ho abotare, na woyi wɔn yam boa wɔn. Obiara nni hɔ a obetumi aboa yɛn asen Yehowa Nyankopɔn. Ɔno ne yɛn adamfo a ɔsen biara, na ɔnam n’Asɛm Bible no so de mmoa a ɛfata ma yɛn.

DƐN NA EBEYI SAA ƆHAW YI NYINAA AFI HƆ?

Sɛ obi nya adwenemhaw a, mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ adɔkotafo de bere tenten boa no. Saa ara nso na ɛho behia sɛ ɔyɛ nsakrae ahorow bi wɔ n’asetenam. Nanso sɛ adwenemhaw abɛtena wo so a, wubetumi ahwɛ kwan sɛ daakye, nneɛma bɛyɛ yiye. Saa na Ojebode nso hwɛ kwan. Ɔkaa sɛ: “Merehwɛ kwan sɛ asɛm a ɛwɔ Yesaia 33:24 no bɛbam. Ɛka sɛ bere bi bɛba a, obiara nni asase so a ɔbɛka sɛ ‘Meyare.’” Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ “asase foforo” a ɛreba no, “ɛyaw” nyinaa befi hɔ. Ma saa asɛm no nkyekye wo werɛ sɛnea ɛkyekyee Ojebode werɛ no. (Adiyisɛm 21:1, 4) Saa bɔhyɛ no kyerɛ sɛ, obiara remfa yaw ne ateetee biara mu bio. Nneɛma a ɛreteetee wo nyinaa befi hɔ koraa. Ateetee biara a woafa mu no, ‘worenkae bio, na ɛremma wo komam bio.’​—Yesaia 65:17.

Bible Mu Nsɛm a Ebetumi Aboa Wo

Onyankopɔn te wo ase.

“Me Yehowa wo Nyankopɔn, mikura wo nsa nifa mu; na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro, na me ara mɛboa wo.’”​—Yesaia 41:13.

Sɛnea yɛte nka no, Onyankopɔn te ase sen obiara, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn.

Kenkan Bible na dwinnwen ho.

‘Elia srɛe sɛ ne kra nwu, na ɔkae sɛ: ‘Afei de, mabrɛ! O Yehowa, gye me kra fi me nsam.’’​—1 Ahene 19:4.

Ojebode kaa sɛ: “Onyankopɔn Asɛm a midwinnwen ho no boaa me. Mibehui sɛ, sɛnea na mete nka no, saa ara na bere bi na Elia nso te nka.”

Wɔn a Bible ka wɔn ho asɛm no, sua biribi fi wɔn hɔ.

Yesu kaa sɛ: ‘Masrɛ ama wo [Petro] na wo gyidi ansa.’​—Luka 22:32.

Bere a ɔsomafo Petro kaa no mprɛnsa sɛ onnim Yesu no, Petro dii yaw pa ara, na osui. Kaoru kaa sɛ: “Mede Petro asɛm no kɔɔ adwinnwen mu, na ɛboaa me ma mibehui sɛ na Yehowa ne Yesu te Petro ase. Wei hyɛɛ me den.”

Ateetee biara a woafa mu no, ‘worenkae bio, na ɛremma wo komam bio.’​—Yesaia 65:17

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena