Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 1/15 kr. 3-4
  • Henanom Ne Asomdwoe Ho Asomafo Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Henanom Ne Asomdwoe Ho Asomafo Ankasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware Asomdwoe Abɛn!
  • Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ma “Onyankopɔn Asomdwoe” Nhwɛ Wo Koma So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo a Yɛbɛyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • 1996 “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 1/15 kr. 3-4

Henanom Ne Asomdwoe Ho Asomafo Ankasa?

WƆ May 31, 1996 mu no, atesɛm amanneɛbɔ bi kaa nea na ɛte sɛ asomdwoesɛm. Aka kakra ma saa da no adu no, aban mpanyimfo de asɛm bi too gua de sii so dua sɛ Benjamin Netanyahu a na ɔrebɛyɛ Israel soafo panyin no “agye atom denneennen sɛ ɔbɛtoa asomdwoe nhyehyɛe no so, asomdwoe ne ahobammɔ a ɛda Israel man ne aman a ɛbemmɛn nyinaa, a Palestinefo ka ho ntam no.”

Netanyahu paw a wɔbɔɔ ho dawuru pii no maa nnipa pii susuwii sɛ ebia asomdwoe a wɔrepɛ wɔ Mediterranea Supɔw so no renyɛ adaeso. Sɛ saa a, aman foforo betumi asuasua, na wɔn werɛ afi wɔn ntam akameakame no anaa?

Nokwarem no, ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛhyɛ asomdwoe ho bɔ sen sɛ wobɛma aba. Esiane sɛ nnipa pii nim saa nti, wɔn adwenem yɛɛ wɔn nãã. Sɛnea sɛnkyerɛwfo Hemi Shalev ka no no, “seesei nnipa a wɔwɔ Israel no fã te nka sɛ wɔn gye abɛn, na wɔn a aka no gye di sɛ wɔasum wɔn afiri wɔ asase so hell bi mu.” Ne tiaatwa mu no, ɔkae sɛ: “Ebinom di ahurusi; afoforo su.”

Saa na ɛte wɔ mmɔden a onipa bɔ sɛ ɔde asomdwoe bɛba no ho. Nkonim a ɔkannifo bi ne n’aboafo di no kyerɛ nkogudi ma wɔn atamfo. Abotɔyam a wonni no kowie abasamtu mu, na abasamtu taa kowie atuatew mu. Sɛ ɛyɛ Mediterranea Supɔw so, Latin Amerika, Europa Apuei fam, anaa baabi foforo no—ɛte sɛ nea mmɔden a adesamma bɔ sɛ wɔde asomdwoe bɛba no yɛ nnaadaa koraa.

Nokware Asomdwoe Abɛn!

Bere a na wɔrepɛ asomdwoe denneennen wɔ Mediterranea Supɔw so no, wɔtee asomdwoe ho asɛm foforo. Ná eyi nyɛ amammui ho ɔkasa bi a wɔbɔɔ ho dawuru denneennen; saa ara na na ɛnyɛ amanaman ntam asomdwoe apam bi. Mmom no, saa asɛm yi kaa asomdwoe bi a Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ɛde bɛba ho asɛm. Ɛhe na wɔtee saa asɛm yi? Wɔ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam bɛboro 1,900 a Yehowa Adansefo yɛe wɔ wiase nyinaa wɔ 1996/97 mu no ase.

Wɔ saa nhyiam horow yi ase no, wɔmaa emu daa hɔ sɛ nnipa nniso biara rentumi mfa nokware asomdwoe ne ahobammɔ mma. Dɛn ntia? Efisɛ eyi bɛkyerɛ nneɛma a ɛmma yennya asomdwoe da biara no a wobeyi afi hɔ. Nokware asomdwoe kyerɛ sɛ wobɛsɔre anɔpa biara no, na ɔko ne nsɛmmɔnedi ho ahunahuna biara nni hɔ. Ɛkyerɛ basabasayɛ a enni hɔ bio, apon a wɔntom krɔkrɔ, suro a obi rensuro sɛ ɔbɛnantew abɔnten, na mmusua mu rempaapae bio. Nniso bɛn na ɛwɔ asase so a ebetumi ayɛ eyi nyinaa? Nokwarem no, nniso bɛn na ɛwɔ asase so a ensuro mpo sɛ ɛbɛhyɛ ho bɔ?

Nanso, Onyankopɔn Ahenni betumi, na ɛde saa nneɛma yi bɛba. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:3, 4) Hwɛ ahotɔ a ɛde bɛbrɛ adesamma a wɔrehu amane!

Yehowa Nyankopɔn bɔhyɛ nyɛ nnaadaa. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atoro, anaa onipa ba, na wanu ne ho. So ɔno de, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma entim?” (Numeri 23:19) Yiw, nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no bɛbam—ma wɔn a wogyina n’afã nyinaa anya nhyira.

Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo

Wonim Yehowa Adansefo yiye wɔ nsi a wɔde ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no ho. Afe biara, wɔn nyinaa de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem biako ka Bible mu asɛm a ɛma awerɛhyem no kyerɛ afoforo. Eyi ma Yesu nsɛm yi nya mmamu: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Nokwarem no, asɛm a Adansefo no de ba no yɛ “asɛmpa,” efisɛ ɛbɔ Onyankopɔn soro Ahenni no dawuru sɛ adesamma anidaso koro pɛ. Hwɛ daakye ho anidaso pintinn ara a ɛyɛ!

Seesei mpo, Onyankopɔn Ahenni no resow nokware asomdwoe ne onuadɔ aba wɔ ne nkoa mu. Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔde nokware Kristosom ho ahwehwɛde titiriw yi bɛtra ase. Ne saa nti, wɔn de no yɛ onuayɛ nwonwaso bi a ɛka Yudafo ne Arabfo, Croatiafo ne Serbfo, Hutufo ne Tutsifo bom. Saa asomdwoe yi a seesei abɔ adesamma mu fã kɛse no ara no wɔ Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa mu.

Wosii nkuranhyɛ a ɛbɛma wɔakɔ so de Bible nnyinasosɛm ahorow atra ase na wɔakɔ so aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no so dua wɔ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam dwumadi no mu. Yɛto nsa frɛ wo sɛ kenkan nnansa ɔmantam nhyiam a ɛyɛ anigye a nnipa ɔpepem pii kɔe no ho amanneɛbɔ a edi hɔ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena