1996 “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam
WƆ TETE mmere mu no, Yehowa nkurɔfo dii afahyɛ atitiriw abiɛsa afe biara. Saa ara na nnɛ mmere yi mu no, nnipa a Yehowa din da wɔn so no hyiam mprɛnsa afe biara di afahyɛ ahorow. Wohyiam yɛ da koro nhyiam titiriw, nnanu ɔmansin nhyiam, ne nnansa anaa nnanan ɔmantam nhyiam. Afe yi, ɔmantam nhyiam no asɛmti ne “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo.”
Hwɛ fata a saa asɛmti no fata! Yɛn Nyankopɔn, Yehowa, yɛ “asomdwoe Nyankopɔn,” yiw, “Onyankopɔn a ɔma asomdwoe.” Yɛn Kannifo, Yesu Kristo, yɛ “Asomdwoe Hene,” na asɛm a Yehowa nkurɔfo de ba no yɛ Onyankopɔn asomdwoesɛm. (Filipifo 4:9; Romafo 15:33, NW; Yesaia 9:6; Nahum 1:15) Wɔayɛ nhyiam ho nhyehyɛe fɛfɛ a ɛbɛboa ma obiara akyerɛ anisɔ wɔ hia a Onyankopɔn asomdwoe ho hia ho.
Afe yi, wɔbɛyɛ nhyiam 198 wɔ United States nkutoo. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛyɛ nhyiam no bi wɔ baabi a ɛbɛn wo. Dɛn nti na wummisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no mma wɔnkyerɛ wo bere ne beae pɔtee a wɔbɛyɛ no, na afei wonyɛ nhyehyɛe nkɔ bi? Wɔbɛma wɔn a wɔpɛ asomdwoe a ɛtra hɔ daa ankasa no akwaaba wɔ ɔdɔ mu.