Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 6/1 kr. 32
  • Worempɛ sɛ Ɛbɛpa Wo Ti So!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Worempɛ sɛ Ɛbɛpa Wo Ti So!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wobɛkɔ Bi?
    Nyan!—1996
  • “Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wudwen Onyankopɔn Anwonwade Ho”
    Nyan!—2000
  • Bra “Onyankopɔn Asɛm Mu Gyidi” Ɔmantam Nhyiam!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Yɛma Wo Akwaaba Ba “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam Ase!
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 6/1 kr. 32

Worempɛ sɛ Ɛbɛpa Wo Ti So!

DƐN na ɛrempa wo ti so? Yehowa Adansefo “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam a ɛrebɛn ntɛmntɛm no! Wɔ mmeae pii no, wɔbɛbɔ nnwom de afi dwumadi no ase Fida anɔpa 9:30. Bere a woatie nsɛm a wobisabisa nkurɔfo wɔ ɔfã “Asomdwoe Ho Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi a Yebetie Wɔn” a ɛhyɛ gyidi den awie no, w’ani begye ɔkasa a ɛhyɛ nkuran “Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?” no ho.

Ade titiriw a ɛbɛba so Fida awia ne ɔkasa titiriw a emu yɛ hyew “Yɛn Afã sɛ Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo.” Afei ɔfã “Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔasua Onyankopɔn Ahwehwɛde Ahorow” no de sɛnea ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforofo ho nyansahyɛ bɛma. Ɔkasa a wɔakyekyem a ɛyɛ ne bere mu de “Hwɛ Yiye Wɔ Anigyede mu Mfiri a Ahintaw Ho” na ebedi eyi akyi. Fida dwumadi no de ɔkasa “Siw Ɔbonsam Kwan—Fa Ahofama a Edi Mu Ma” ne “Kura Nokware a Onyankopɔn Asɛm no Yɛ Mu Pintinn” na ebewie.

Memeneda anɔpa dwumadi no besi hia a asuafoyɛ adwuma no ho hia so dua wɔ ɔkasa a wɔakyekyem abiɛsa “Asomafo a Wɔde Asomdwoe Ho Asɛmpa Ba” so dua. Ɔkasa ahorow a wɔde bewie dwumadi no ne “Ɔma a Efi Animtew Mu Wɔ Yehowa Ahyehyɛde Mu” ne “Nkwa ne Asomdwoe Denam Ahosohyira ne Asubɔ So,” na ɛno akyi no asuafo afoforo benya hokwan abɔ asu.

Memeneda awia ɔkasa “Susuw Yehowa Adwene Wɔ Nsɛm Ho Ho” no bebua nsɛmmisa te sɛ ‘Kristofo Renya Kyɛfa Wɔ Mpaapaemu Adwuma Bi mu Nnɛ?’ ne ‘Dɛn Ne Bible Adwene Wɔ Kumfɔ Ho?’ Afei w’ani begye ɔkasa a wɔakyem abien a ɛka koma “Asomdwoe Nyankopɔn no Dwen Wo Ho,” ne ne titiriw no, ɔkasa a wɔde bewie dwumadi no, “Di Onyankopɔn Asomdwoe Akyi Wɔ Abusua Asetra Mu” no ho.

Ɔkasa a wɔakyekyem abiɛsa “Nokware Asomafo a Wobehu Wɔn” ne ɔkasa “Tie na Di Onyankopɔn Asɛm So” bɛka Kwasida anɔpa dwumadi no ho. Wɔde drama a wɔhyɛ tete ntade a ɛbɛma asuade a ɛwɔ Bible mu asɛm a ɛfa Ɔtemmufo Gideon ho no ada adi na ebewie anɔpa dwumadi no.

Wɔbɛma baguam ɔkasa a wɔato din “Nokware Asomdwoe Anya Aba!—Efi He?” wɔ nhyiam no fã a etwa to mu Kwasida awia. Awiei koraa no, ɔkasa a ɛkanyan nnipa “Anim a Yɛbɛkɔ sɛ Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” na ɛde nhyiam no bɛba awiei.

Yɛ nhyehyɛe seesei sɛ wobɛkɔ bi. Sɛ wopɛ sɛ wuhu beae a ɛbɛn wo fie kɛse a, kɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ, anaasɛ kyerɛw wɔn a wɔyɛɛ saa nsɛmma nhoma yi no. June 8 Engiresi Nyan! no de mmeae a wɔbɛyɛ nhyiam no wɔ United States, Canada, Britain, ne Ireland no address ahorow bɛma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena