Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 9/8 kr. 31
  • Wobɛkɔ Bi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wobɛkɔ Bi?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Worempɛ sɛ Ɛbɛpa Wo Ti So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • “Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wudwen Onyankopɔn Anwonwade Ho”
    Nyan!—2000
  • Bra “Onyankopɔn Asɛm Mu Gyidi” Ɔmantam Nhyiam!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • “Yehowa Mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam​—Mma Ɛmmpa Wo Ti So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 9/8 kr. 31

Wobɛkɔ Bi?

Afe a etwaam no, nnipa bɛboro 8,700,000 na wɔkɔɔ Yehowa Adansefo “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam no wɔ wiase nyinaa. Wobɛkɔ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam Horow no biako ase? Yɛde anigye to nsa frɛ wo.

Wɔ mmeae a wɔbɛyɛ nhyiam no mu dodow no ara no, wɔde nnwom befi dwumadi no ase Fida anɔpa 9:30. Wɔbɛma ɔkasa a ɛhyɛ nkuran, “Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?” wɔ nhyiam no fã a edi kan no mu. Wɔde nsɛm a yebetumi de adi dwuma de aboa nnipa ɔpepem foforo pii ma wɔayɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ bɛka eyi ho.

Ɔkasa a wɔbɛma no awia, “Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔasua Onyankopɔn Ahwehwɛde Ahorow” besiesie nhyiamfo no ma wɔanya asuafoyɛ adwuma mu kyɛfa wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Ɛno akyi no, ɔkasa a wɔakyekyem a ɛwɔ afã abien a wɔato din, “Hwɛ Yiye Wɔ Anigyede mu Mfiri a Ahintaw Ho” bɛbɔ kɔkɔ wɔ adaemone mfiri a ɛsɛ sɛ yɛkwati ho. Wɔde ɔkasa a ɛho hia, “Kura Nokware a Onyankopɔn Asɛm Yɛ Mu Pintinn” bewie Fida dwumadi no.

Wɔde ɔkasa a wɔakyekyem a ɛwɔ afã abiɛsa a wɔato din, “Asomafo a Wɔde Asomdwoe Ho Asɛmpa Ba” besi hia a asuafoyɛ adwuma ho hia so dua wɔ Memeneda anɔpa dwumadi no mu. Dwumadi no fã a edi akyiri bɛfa ahosohyira ne asubɔ ho, na wɔn a wɔyɛ foforo asubɔ bedi ɛno akyi.

Memeneda awia ɔkasa, “Susuw Yehowa Adwene Wɔ Nsɛm Ho Ho” bebua nsɛmmisa pii a ɛho nsɛm asɔre nnansa yi. Wubetie ɔkasa a wɔakyekyem a ɛwɔ afã abien a ɛka koma a wɔato din, “Asomdwoe Nyankopɔn no Dwen Wo Ho.” Afei yebenya biribi soronko wɔ ɔkasa a ɛde ɔfã no dwumadi bɛba awiei, “Ma Onyankopɔn Asomdwoe Ntra W’abusua Mu,” no mu.

Ɔkasa a wɔakyekyem a ɛwɔ afã abiɛsa a wɔato din, “Nokware Asomafo a Wobehu Wɔn” a wɔbɛma Kwasida anɔpa no nam Bible mu adiyifo nhwɛso horow a ɛbɛtwe adwene asi so no so besi nhyiam no asɛmti no so dua. Wɔde drama a wɔhyɛ tete ntade a ɛbɛda Ɔtemmufo Gideon kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu no mu asuade a mfaso wɔ so adi na ebewie anɔpa dwumadi no.—Atemmufo 6:11–8:28.

Wɔbɛma baguam ɔkasa a n’asɛmti ne “Nokware Asomdwoe Anya Aba!—Efi He?” wɔ nhyiam no fã a edi akyiri no mu wɔ Kwasida awia. Awiei koraa no, wɔde ɔkasa a ɛka koma “Yɛn Anim a Yɛbɛkɔ sɛ Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” bewie nhyiam no.

Esiane sɛ wɔbɛyɛ nhyiam ahorow 52 wɔ Afrika Atɔe fam aman a ɛne Benin, Burkina Faso, Cote d’Ivoire, Ghana, Niger, Togo, ne afoforo pii wɔ Nigeria nti, ɛda adi sɛ wɔbɛyɛ bi a ɛbɛn wo pɛɛ. Hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ na wɔnkyerɛ wo bere ne beae a wɔbɛyɛ nhyiam a ɛbɛn wo pɛɛ no. June 8 Nyan! nso de mmeae a wɔbɛyɛ nhyiam wɔ saa aman yi mu no address mae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena