Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 3/15 kr. 29-31
  • Ehud—Ogyidini Ne Ɔkokodurufo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ehud—Ogyidini Ne Ɔkokodurufo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Moab Bedi Wɔn So
  • Ehud Hyia Eglon
  • Ehud San N’akyi
  • Asɛm no a Ɛda Adi ne Nkonim a Wodi
  • Asuade a Yenya Fi Ehud Nhwɛso no Mu
  • Ehud Bubuu Ɔhoguanfo No Kɔndua Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Ɔbarima Bi Daa Anifere Ne Akokoduru Adi
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Atemmufo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 3/15 kr. 29-31

Ehud—Ogyidini Ne Ɔkokodurufo

NÁ MFE pii atwam fi bere a Israelfo no duu Bɔhyɛ Asase no so foforo no. Ná Mose ne Yosua a obedii n’ade no awuwu dedaadaw. Bere a na saa agyidifo yi nni hɔ no, ɔsom kronn ho anisɔ a na nkurɔfo wɔ no kɔɔ fam. Ná Israelfo no afi ase mpo resom Baal anyame ne Asera nnua no.a Ne saa nti, Yehowa de ne nkurɔfo no hyɛɛ Siriafo nsa mfe awotwe. Afei Israelfo no su frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa wɔn. Ofi mmɔborohunu mu tiei. Yehowa maa ɔtemmufo bi a ɔne Otniel so ma ogyee Ne nkurɔfo.—Atemmufo 3:7-11.

Na ɛsɛ sɛ anka saa nsɛm yi kyerɛ Israelfo no nokwasɛm titiriw bi—osetie a wɔyɛ ma Yehowa no de nhyira ba, na asoɔden de nnome ba. (Deuteronomium 11:26-28) Nanso, Israelfo no annya saa asuade yi. Wonyaa asomdwoe mfirihyia 40 akyi no, wɔsan man fii ɔsom kronn ho.—Atemmufo 3:12.

Moab Bedi Wɔn So

Saa bere no Yehowa de ne nkurɔfo no hyɛɛ Ɔhene Eglon a ofi Moab no nsa. Bible ka ne ho asɛm sɛ na ɔyɛ “onipa bran pa ara.” Eglon nam Amonfo ne Amalekfo mmoa so tow hyɛɛ Israelfo so, na obesii n’ahemfie wɔ Yeriko, “nkyeresia kurow no.” Hwɛ sɛnea na ɛyɛ awerɛhow sɛ saa bere no, Kanaanfo kurow a edi kan a Israel dii so nkonim no bɛyɛɛ obi a na ɔsom atoro nyame Kemos no ahenkurow!b—Atemmufo 3:12, 13, 17.

Eglon hyɛɛ Israelfo so mfe 18 a edi hɔ no, na ɛda adi sɛ na ogye tow kɛse fi wɔn hɔ. Moabfo nam tow a wogyee no bere ne bere mu no so yɛɛ wɔn ankasa sikasɛm yiye, na wɔmaa Israelfo hweree wɔn ahode. Sɛnea ntease wom no, Onyankopɔn nkurɔfo su frɛɛ no sɛ ɔmma wɔn ahotɔ, na Yehowa san tiee wɔn. Ɔmaa ogyefo foforo so maa wɔn—saa bere yi de, Benyaminni a wɔfrɛ no Ehud. Nea ɛbɛyɛ a ɔbɛma nhyɛso a Eglon de baa Israelfo so no to atwa no, Ehud yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkeka ne ho wɔ bere a edi hɔ a wɔde ayɛyɛde bɛkɔ no mu.—Atemmufo 3:14, 15.

Bere a Ehud resiesie ne ho ama saa adeyɛ a egye akokoduru yi no, ɔyɛɛ nkrante anofanu bi a ne tenten yɛ basafa biako. Sɛ na eyi yɛ basafa tiatiaa no bi a, ɛnde na adwinnade no tenten bɛyɛ sɛntimita 38. Ebinom bebu no sɛ ɛyɛ sekantia. Ɛda adi sɛ na mmeamu biara nni dade no ne dua no ntam. Enti, na Ehud betumi de ne sekan ketewa no ahintaw n’atade mu. Afei nso esiane sɛ na Ehud yɛ abenkumma nti, na obetumi de ne nkrante no ahyɛ ne nifa so—baabi a na wɔntaa mfa akode nhyɛ.—Atemmufo 3:15, 16.

Ná asiane wɔ ɔkwan a Ehud pɛ sɛ ɔfa so no mu. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ ɔhene no asomfo hwehwɛ Ehud ho hwɛ sɛ ebia akode bi hyɛ ne ho ɛ? Sɛ wɔanyɛ saa mpo a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔrennyaw wɔn hene hɔ ma ɛnka ne nkutoo ne Israelni! Nanso sɛ wɔyɛ saa, ma wotumi kum Eglon a, Ehud bɛyɛ dɛn aguan? Ɛhe na na obetumi atu mmirika akodu ansa na Eglon asomfo no ahu nea asi?

Akyinnye biara nni ho sɛ Ehud susuw saa nsɛm nketenkete no ho, ma ebia ɔhaw a na ebetumi afi mu aba no pii baa n’adwene mu. Nanso, odii adwene a ɔfae no ho dwuma, daa akokoduru ne Yehowa mu gyidi adi.

Ehud Hyia Eglon

Ɛda no dui sɛ wɔde ayɛyɛde a edi hɔ no kɔ. Ehud ne ne mmarima no kɔɔ ɔhene no ahemfie. Bere tiaa bi akyi no, wokopuee Ɔhene Eglon ankasa anim. Nanso na bere nsoe sɛ Ehud bɛtow ahyɛ ne so. Bere a wɔde ayɛyɛde no ma wiei no, Ehud gyaa nkurɔfo a wɔsoso ayɛyɛde no kwan.—Atemmufo 3:17, 18.

Dɛn nti na Ehud twentwɛn ne nan ase sɛ obekum Eglon? Ehu na ɛkaa no anaa? Ɛnte saa koraa! Nea ɛbɛyɛ a Ehud betumi adi adwene a wafa no ho dwuma no, na ehia sɛ ɛka ɔne ɔhene no nkutoo—hokwan a wannya bere a ohyiaa no nea edi kan yi. Bio nso, na ɛho behia sɛ Ehud tumi guan ntɛm. Sɛ onipa biako reguan a, ɛbɛyɛ mmerɛw koraa asen sɛ wɔn a wɔsõsõ ayɛyɛde no nyinaa bɛka ne ho. Enti, Ehud twɛnee bere pa. Bere tiaa bi a odii wɔ Eglon nkyɛn no maa ohuu sɛnea ahemfie hɔ te de huu sɛnea wɔabɔ ɔhene no ho ban afa.

Bere a woduu “ahoni a ɛwɔ Gilgal no” ho no, Ehud gyaw ne mmarima no hɔ, na ɔsan kɔɔ Eglon ahemfie hɔ. Ɔkwan a na ne tenten bɛyɛ kilomita abien no maa Ehud bere ma ɔde susuw ne dwumadi no ho bɔɔ mpae srɛɛ Yehowa nhyira.—Atemmufo 3:19.

Ehud San N’akyi

Ɛda adi sɛ wɔyɛɛ Ehud atuu baa ahemfie hɔ bio. Ebia ayɛyɛde pii a na wadi kan de aba no maa Eglon koma tɔɔ ne yam. Ebetumi aba sɛ ɛmfa ho sɛ na nsrahwɛ a edi kan no yɛ tiawa no, ɛmaa Ehud hokwan a ɛsɛ a ɛbɛma ɔne ɔhene no anya abusuabɔ pa. Sɛnea na tebea no te biara no, Ehud san kɔɔ Eglon anim.

Ehud kae sɛ: “Ɔhene, mewɔ ahintasɛm bi meka mekyerɛ wo.” Nokwasɛm a ɛne sɛ otumi kaa saa no kyerɛe sɛ Yehowa na na ɔrekyerɛ no kwan. Nanso, na asɛnnennen bi wɔ hɔ. Ná Ehud rentumi nka “ahintasɛm” a okura no bere a ɔhene no asomfo wɔ hɔ. Sɛ na Yehowa de ne ho begye mu a, ɛnde na Ehud hia saa mmoa no ntɛm ara. Ɔhene no hyɛe sɛ: “Monyɛ komm.” Esiane sɛ na Eglon mpɛ sɛ afoforo te saa “ahintasɛm” yi bi nti, ɔmaa n’asomfo no fii hɔ. Hwɛ sɛnea Ehud ho bɛtɔ no afa!—Atemmufo 3:19.

Ná Eglon te n’abansoro so na Ehud baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Mewɔ Onyankopɔn asɛm bi meka mekyerɛ wo.” Bere a Ehud kae sɛ “Onyankopɔn” no, na Kemos ho asɛm na ɔreka anaa? Ɛbɛyɛ sɛ Eglon susuw saa. Esiane sɛ na ɔrepɛ asɛm ko no atie nti, ɔmaa ne mu so fii n’ahengua no so gyinaa hɔ a ɔretwɛn nea ɔbɛka. Ehud pinkyɛɛ no, a ɛbɛyɛ sɛ ɔde ahwɛyiye kɔɔ hɔ na ɔhene no annya adwene bi sɛ ɔrebɛyɛ no biribi. Afei ahoɔhare so no, “Ehud teɛɛ ne nsa benkum soo sɛpɔ a ɛwɔ ne dwonku nifa so no mu de wɔɔ [Eglon afuru] mu, na sɛpɔ dua no nso dii dade no akyi hyɛn mu, na srade sram dade no so. Na wantwe sɛpɔ no amfi ne yafunu no mu, na epue fii akyiri.”—Atemmufo 3:20-22.

Ná ɔhene no asomfo nenam hɔ, na wɔammosa. Nanso na Ehud da so ara wɔ asiane mu. Ná Eglon asomfo no betumi abɔ awura hɔ bere biara abehu sɛ wɔn hene a wawu no da hɔ. Ná ehia sɛ Ehud guan ntɛm! Ɔtotoo apon no mu guan faa abansoro no mframadan no kwan mu kɔe.—Atemmufo 3:23, 24a.

Asɛm no a Ɛda Adi ne Nkonim a Wodi

Ɛyɛɛ kakra no, na Eglon asomfo no pɛ sɛ wohu nea ɛrekɔ so. Nanso, na wosuro sɛ wɔbɛkɔ hɔ bere a ɔhene no ne obi reka kokoam asɛm ama ne bo afuw wɔn. Afei wohui sɛ wɔatoto abansoro dan no apon mu. Adwene a wonyae ne sɛ: “Ebia okogya ne nan mframadan pia mu.” Nanso ɛyɛɛ kakra no, asɛmpɛ no danee ehu. Eglon asomfo no antumi antwɛn bio. “Ɛnna wɔfaa safe de hiɛe, [abansoro dan no apon] na hwɛ, wɔn wura da fam awu.”—Atemmufo 3:24b, 25.

Saa bere no na Ehud aguan. Otwaam wɔ ahoni a ɛwɔ Gilgal no ho, na awiei koraa okoduu Seira a na ɛwɔ Efraim mmepɔw so mantam no mu. Ehud boaboaa Israel mmarima ano, na odii wɔn anim ne wɔn boom tow hyɛɛ Moabfo so. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ “wokunkum Moab mmarima bɛyɛ ɔpedu, mmarima akatakyi ahoɔdenfo ara nko, na wɔamma obiara amfi mu.” Bere a wodii Moab so no, ɔhaw biara amma Israelfo asase so bio mfirihyia 80.—Atemmufo 3:26-30.

Asuade a Yenya Fi Ehud Nhwɛso no Mu

Onyankopɔn mu gyidi na ɛkanyan Ehud. Hebrifo ti 11 mmɔ ne din pɔtee sɛ ɔka wɔn a “wɔnam gyidi so ko dii ahenni horow so nkonim, . . . yɛɛ ɔko mu ahoɔdenfo, kaa ananafo mpasua gui” no ho. (Hebrifo 11:33, 34) Nanso, Yehowa boaa Ehud bere a ɔde gyidi yɛɛ n’ade na ogyee Israelfo fii Ɔhene Eglon atirimmɔden nniso mu no.

Ehud su ahorow no mu biako ne akokoduru. Ná ohia akokoduru na watumi de nkrante ankasa adi dwuma ahokokwaw so. Sɛ́ Onyankopɔn nnɛyi asomfo no, yɛmfa nkrante a ɛte saa nni dwuma. (Yesaia 2:4; Mateo 26:52) Nanso yɛde “honhom nkrante,” Onyankopɔn Asɛm no, di dwuma. (Efesofo 6:17) Ná Ehud ho akokwaw wɔ sɛnea ɔde n’akode no di dwuma mu. Ɛho hia sɛ yɛn nso yɛn ho kokwaw wɔ Onyankopɔn Asɛm no a yɛde bedi dwuma mu bere a yɛka Ahenni no ho asɛmpa no. (Mateo 24:14) Bible a yebesua no kokoam, Kristofo nhyiam a yɛbɛkɔ daa, asɛnka a yɛde nsi benya mu kyɛfa, ne yɛn ho a yɛde bɛto yɛn soro Agya no so wɔ mpaebɔ mu no bɛboa yɛn ma yɛasuasua su ahorow a ogyidini ne ɔkokodurufo ankasa, Ehud, daa no adi no.

[Ase hɔ nsɛm]

a  Ɛbɛyɛ sɛ na Asera nnua no yɛ ɔbarima bɔbeasu ho sɛnkyerɛnne. Ná wɔde di dwuma wɔ nna mu adapaade ho apontow mu.—1 Ahene 14:22-24.

b  Ná Kemos yɛ Moabfo nyame kunini. (Numeri 21:29; Yeremia 48:46) Ɛbɛyɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, ebinom de wɔn mma bɔɔ afɔre maa saa atoro nyame a na ɔyɛ akyiwade yi.—2 Ahene 3:26, 27.

[Kratafa 31 mfonini]

Ehud ne ne mmarima no de ayɛyɛde kɔmaa Ɔhene Eglon

[Asɛm Fibea]

Wɔhwɛɛ Illustrirte Pracht - Bibel/Heilige Schrift des Alten und Neuen Testaments, nach der deutschen Uebersetzung D. Martin Luther’s so na ɛyɛe

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena