Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Yehowa Teokrase Ahyehyɛde no Mu a Yeguan Kɔ
HONHOM kaa odiyifo Yesaia tete hɔ ma ɔkae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ Yehowa anuonyam wɔ po nsupɔw so.’ (Yesaia 24:15) Yehowa Adansefo bu po nsupɔw no sɛ “wiase nyinaa” a Yesu kaa ho asɛm sɛ “etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ” wɔ so no fã.—Mateo 24:14; Marko 13:10.
Marquesas Nsupɔw no wɔ bɛyɛ kilomita 1,400 wɔ Tahiti atifi fam apuei. Ɛka nsupɔw akuw a atew ne ho wɔ South Pacific a wɔfrɛ no French Polynesia no ho. Wim tebea a ɛyɛ hyew ne ogya bepɔw mu dɔte pa a ɛwɔ hɔ no ma afifide tumi nyin yiye. Nanso, Marquesas resow aba foforo bi nso. Susuw abusua bi a wogyee Ahenni nkrasɛm no wɔ Hiva Oa supɔw so no ho hwɛ.
Ná Jean ne ne yere Nadine ani nnye nea wɔfrɛ no Europa Atɔe famfo anibue asetra no ho. Enti, wosii gyinae sɛ wobefi asetra kwan a adagyew nnim koraa no mu na wɔne wɔn ba atu akɔ Marquesas Nsupɔw no so. Ná mpampuro na wɔde asi wɔn fie foforo no wɔ bon bi a atew ne ho mu. Ná ɛsɛ sɛ wɔde nnɔnhwerew abien twa bepɔw so kwan a ɛyɛ mmonkyemmɔnka no ansa na wɔadu nnipa a wɔbɛn wɔn yiye no hɔ. Ná egye nnɔnhwerew abiɛsa na wɔatumi de jeep atwa kwan adu akuraa a ɛbɛn wɔn paa a oduruyɛfo, sukuu, ne aguadidan wɔ no.
Ná Jean ne Nadine ani nnye nyamesom ho. Nanso, na wodi nea nkwa fi bae ho nkɔmmɔ. Mpɛn pii no, na wogye bere yɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri wɔ adannandi nkyerɛkyerɛ a ɛkyere adwene no ho. Nanso, wɔn nkyerɛkyerɛ no mu biara amma wɔn abotɔyam.
Bere a na wɔatew wɔn ho atra mfe asia akyi no, wɔn ho dwiriw wɔn sɛ Yehowa Adansefo baanu bɛsraa wɔn. Nkuraasefo a wɔbɛn hɔ no na ɛkyerɛɛ Adansefo no baabi a Jean ne Nadine te. Ɛnyɛ nwonwa sɛ, nkɔmmɔbɔ no kosii adannandi nkyerɛkyerɛ so. Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii a na ɛwɔ Adansefo no nneɛma mu no maa awarefo no ani gyei. Jean ne Nadine ani gyei sɛ wonyaa nhoma a ɛkyerɛkyerɛ sɛnea nkwa bae mu kɔ akyiri.
Bere tiaa bi akyi no, wofii Bible adesua ase. Bɛyɛ mfe abiɛsa ntam no, Jean ne Nadine nyaa nkɔso nkakrankakra. Wobegye toom sɛ ɛrenkyɛ asase nyinaa bɛdan paradise. Bere a wɔn abusua no benyaa mmofra baasa kaa ho no, na nnɔnhwerew anan kwan a wobetwa akɔ Kristofo nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so no abɛyɛ asɛnnennen ankasa. Nanso, ɛno amma wɔannyae kɔ. Bere bi akyi no, Jean ne Nadine nam nsu mu asubɔ so yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne. Wɔyɛɛ eyi wɔ nhyiam kɛse bi a wɔyɛe wɔ akuraa kɛse no ase, na nnipa dodow a ɛsen biara a wɔbae yɛ 38!
Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaboa Ahenni adawurubɔfo kuw ketewa no, abusua no sii gyinae sɛ wobetu afi wɔn fie a atew ne ho no mu. Wotu kɔɔ akuraa bi a nnipa bɛyɛ apem wom, faako a mprempren Jean som sɛ asafo mu somfo wɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔnom no mu. Abusua a kan no woguan kɔɔ nsupɔw no so sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaguan anibue no, bu nokware guankɔbea koro pɛ, Yehowa teokrase ahyehyɛde, a wɔahu no sɛ ɛyɛ hokwan.