Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Wɔkɔ so Ka Bible mu Nokware Ahorow Kyerɛ Wɔ Ireland
WƆ NNANSA yi mfe mu no, basabasayɛ pii akɔ so wɔ Ireland, ɔman a ɛhɔ yɛ fɛ no mu. Bere koro no ara no, Irelandfo atie Bible mu asɛm a ɛma anidaso a Yehowa Adansefo ka kyerɛ wɔn no. Osuahu ahorow a efi Ireland a edidi so no di eyi ho adanse.
■ Wɔ Dublin no, na Yehowa Adansefo no biako ne ne babea kumaa reka asɛm wɔ apon ano. Wohyiaa ɔbea bi a ne din de Cathy a na ɔreyɛ ne mma pii no ho ade a adagyew nnim koraa. Ɔdansefo no bisae sɛ ebia ne babea no a na ɔresua sɛnea wɔka asɛm no betumi aka asɛm tiawa bi akyerɛ no a. Cathy penee so, na abeawa kumaa no de asɛm a wɔka kyerɛ a wasua no yiye a emu da hɔ mae. Nokwaredi ne obu a abofra no daa no adi no kaa Cathy, na ogyee Bible ho kratawa a ɔde maa no no.
Cathy susuw ne hɔho kumaa no ahosiesie ne ne su pa no ho akyiri yi. Ɔkae sɛ: “Me ho dwiriw me sɛ abeawa kumaa no tumi kaa anigyesɛm saa kyerɛe a wɔantwe adwene ankɔ ne ho so. Misii gyinae sɛ bere foforo a Yehowa Adansefo bɛba me nkyɛn no, metie wɔn.”
Saa bere no, Cathy tu kɔtraa kurow ketewa bi mu wɔ Ireland kesee fam atɔe a ɛbɛn Cork ne Kerry amantam no hye so. Bere bi akyi no, Yehowa Adansefo kɔɔ ne pon ano, na ogyee wɔn kɔɔ mu. Ɔpenee Bible adesua a wɔbɛyɛ no daa so, na seesei ɔne ne mma no mu pii kɔ asafo nhyiam ahorow. Cathy ani sɔ ɔpɛ a emu yɛ den a abeawa kumaa no nyae de kaa asɛmpa no kyerɛɛ no no.
■ Wɔ Tullamore mpɔtam hɔ no, Adansefo no ne ɔbea bi a ne din de Jean bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ bɛboro mfe ason. Ɛtɔ mmere bi a na ɔkyerɛ anigye gye nhoma, nanso ɛtɔ mmere bi a na n’anigye so ahuan. Da koro, bere a Ɔdansefo bi a ne din de Frances ne ne hokafo kɔɔ Jean nkyɛn no, wohui sɛ na ne bo afuw kɛse. Ɔdansefo no bɔ amanneɛ sɛ: “Biribiara a yɛkae hyɛɛ no abufuw kɛse. Awiei koraa no, ɔkae sɛ yɛnyera, na ɔkaa ɔpon no hwee mu.”
Frances susuw ho sɛ sɛ ɔkɔ hɔ bio a, saa ara na ɔbɛyɛ anaa. Frances nyaa adwene sɛ, ‘Sɛ n’ani nnye asɛm no ho ankasa a, ebia ɛbɛyɛ nea mfaso nni so bio sɛ ɔbɛsan akɔ ne nkyɛn.’ Nanso, ɔne ne kunu, Thomas, susuw asɛm no ho, na ɔboaa no kɛse. Bere foforo a wɔkɔɔ mpɔtam hɔ no, wɔkɔɔ Jean nkyɛn bio. Oyii adamfofa su adi, na ogyee Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no bi. Nsrahwɛ foforo a wɔyɛe no yɛɛ anigye, na Thomas ne Frances ne no fii ofie Bible adesua a wɔyɛ no daa ase.
Dɛn nti na ɔsesae? Jean kyerɛkyerɛ mu sɛ bere a ɔyɛɛ aniammɔnhosɛm kyerɛɛ Adansefo no, na ɔwoe nkyɛe, ná na afei ara na wafi ayaresabea aba. Esiane sɛ na ɔma ne ba a wawo no foforo no nufu, na ɔsesa aduan ma ne ba a wawo n’akyi no nti, dɔnhwerew biako ne fã pɛ na na onya de da anadwo. Jean ka sɛ: “Ade a na mempɛ sɛ meka ho asɛm koraa ne nyamesom.”
Asram abien mu no, na Jean rekɔ asafo nhyiam ahorow nyinaa bi, na asram anan mu no na ɔrenya asɛnka adwuma mu kyɛfa. Wɔbɔɔ no asu wɔ bere a ofii ne Bible adesua ase no akyi asram du. Seesei Jean ankasa suahu no boa no wɔ ɔsom adwuma no mu. Ɔka sɛ: “Sɛ mihyia obi a ɔyɛ aniammɔnho paa a, mebɔ mmɔden sɛ mɛte no ase kɛse. Meyɛ ho kyerɛwtohɔ bere nyinaa. Ebia mɛsan akɔ hɔ no na tebea no asesa; ebia na onipa no ani so ada hɔ a ɔbɛyɛ aso atie.”