So Adaeso Betumi Ama Wɔahu Daakye?
EFI tete na adesamma akyerɛ adaeso ho anigye kɛse. Misrifo yɛɛ nhoma pii a ɛde dae ho nkyerɛkyerɛmu mae, na na Babilonfo wɔ wɔn dae asekyerɛfo. Wɔ Helafo mu no, na wɔtaa ma ayarefo kɔda Asclepius abosonnan mu kogye akwahosan ho akwankyerɛ wɔ wɔn adae a wɔso ho. Wɔ afeha a ɛto so abien mu wɔ Yɛn Bere Yi mu no, Artemidorus yɛɛ nhoma bi a ɔde dae mu nsɛm ho nkyerɛkyerɛmu mae wom. Efi saa bere no wɔagyina ne nhoma no so ayɛ nhoma a ɛtete saa pii. Ɛde besi nnɛ no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ adaeso ase, nanso ɛma yehu nsɛm a ebesisi daakye ankasa?
Sɛ ebetumi aka daakye ho nsɛm a ɛho hia akyerɛ a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea tumi bi a ɛkorɔn ho wom. Yehu nhwɛso pii wɔ Bible mu a Onyankopɔn de tumi a ɛte saa mae. Ɔmaa n’asomfo ne ebinom a na wɔnsom no sosoo nkɔmhyɛ kwan so adae. Nokwarem no, Hiob 33:14-16 ka sɛ: ‘Onyankopɔn kasa dae mu, anadwo adehu mu, nnahɔɔ a ɛtɔ nnipa so mu, nnae so nkotɔ mu, emu na obue nnipa asõ.’
Onyankopɔn yɛɛ eyi wɔ Misraim Farao asɛm no mu wɔ Yosef, a ɔtraa ase bɛboro 1,700 ansa na Yɛn Bere Yi reba no, nna no mu. Yehu Farao dae no wɔ Genesis 41:1-7, na wɔ nkyekyem 25 kosi 32 no, Yosef kyerɛ ase sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ “aduan bebree bɛba Misraim asase nyinaa so” mfe ason, na ɔkɔm aba ɛno akyi mfe ason. Yosef kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Farao sɛ: “Nea Onyankopɔn rebɛyɛ na ɔde akyerɛ Farao yi.” (Genesis 41:28) Ná dae no yɛ asɛm a esii ankasa ho nkɔmhyɛ.
Babilon hene kunini bi nyaa osuahu a ɛte saa ara. Nebukadnesar soo dae bi a ɛhaw no kɛse, nanso na ontumi nkae. Enti ɔfrɛɛ ne ntafoayifo sɛ wɔnka ne dae no ne ne nkyerɛase nkyerɛ no. Na eyi yɛ abisade a wontumi nni ho dwuma.—Daniel 2:1-11.
Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔmaa ɔhene no soo dae no nti, Ɔmaa odiyifo Daniel tumi kaa dae no ne ne nkyerɛase kyerɛe. Daniel 2:19 ka sɛ: “Ɛnna woyii ahintasɛm no kyerɛɛ Daniel anadwo anisoadehu mu.” Daniel de dae yi ho anuonyam maa Onyankopɔn sɛ: “Ahintasɛm a ɔhene bisa no, anyansafo, pɛadeahufo, akurukyerɛwfo, nyankonnekyerɛfo rentumi nkyerɛ ɔhene; nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnesar nea ɛbɛba daakye.”—Daniel 2:27, 28.
Onyankopɔn nam adaeso so de akwankyerɛ maa ne nkurɔfo wɔ mmere bi, na mmere foforo nso, ɔma wonyaa ɔsoro dom ho awerɛhyem anaasɛ ɔboaa wɔn ma wɔtee nea enti a na ɔreyɛ wɔn mmoa no ase. Wɔ Yakob fam no, Onyankopɔn nam dae so daa anisɔ a ɔwɔ ma no no adi.—Genesis 48:3, 4.
Bere a Yosef, Yesu papa a ɔtetee no, hui sɛ Maria anyinsɛn no, osii gyinae sɛ obegyaa no. Afei onyaa akwankyerɛ wɔ dae mu sɛ ɔnnyɛ saa. Mateo 1:20 ka sɛ: “Ɔredwennwene eyinom no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na nea ɔyem no fi Honhom Kronkron.” Akyiri yi wɔbɔɔ no kɔkɔ wɔ dae mu: “Awurade bɔfo bi yii ne ho kyerɛɛ Yosef ɔdae mu sɛ: Sɔre fa abofraa no ne ne na, na guan kɔ Misraim.”—Mateo 2:13.
Adaeso a Emfi Onyankopɔn Hɔ
Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na dae nkyerɛase abu so wɔ wɔn a na wɔnyɛ Onyankopɔn nkurɔfo mu no kyerɛ sɛ wontumi mfa ho nto adaeso so sɛ ade a wɔnam so hu nea ɛbɛba daakye. Wɔ Onyankopɔn diyifo Yeremia nna no mu no, atoro adiyifo kae sɛ: “Maso dae, maso dae!” (Yeremia 23:25) Ná wɔn botae ne sɛ wɔbɛdaadaa nkurɔfo no ma wɔasusuw sɛ Onyankopɔn nam wɔn so kasa. Ɛdefa saa adaesofo yi ho no, wɔde honhom kaa Yeremia ma ɔkae sɛ: “Sɛ asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Mommma mo adiyifo a wɔwɔ mo mu no ne mo nkɔmhyɛfo no nnsisi mo, na munntie mo adae a mososõ no, na atoro mu na wɔde me din hyɛ mo nkɔm, . . . Awurade asɛm ni.”—Yeremia 29:8, 9.
Esiane sɛ na atoro adiyifo no yɛ “nkɔmhyɛfo” nti, ebetumi aba sɛ ahonhommɔne na wɔma wɔsosoo adae no, na wɔnam so adaadaa nkurɔfo. Saa ara na wɔada no adi wɔ asɛm a wɔaka wɔ Sakaria 10:2 no: “Abusua honi no kaa ahuhusɛm, na nkɔmhyɛfo no huu atosɛm na wɔkaa adae hunu.”
Ɔbonsam ne ɔdaadaafo kɛse a ɔde nyamesom akannifo adi dwuma mfe mpempem pii ma wɔadi atoro sɛ Onyankopɔn nam anisoadehu ne adaeso so akasa akyerɛ wɔn, sɛnea atoro adiyifo no yɛe wɔ Yeremia ne Sakaria nna no mu no. Ɛdefa saafo no ho no, Yuda, Bible kyerɛwfo a wɔde honhom kaa no no kyerɛw krataa kɔmaa afeha a edi kan no mu Kristofo sɛ: “Nnipa bi awiawia wɔn ho abam a wofi tete akyerɛw wɔn ho asɛm ato hɔ ama saa atemmu yi, amumɔyɛfo a wɔdan yɛn Nyankopɔn dom ahohwi, na wɔpa otumfoɔ koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.” Sɛnea yɛbɛka no no, ɔkae sɛ, saa nnipa yi “yɛ adaesofo.”—Yuda 4, 8.
Monsɔ Nsɛm a Wɔka no Nhwɛ
Obi betumi akyerɛ sɛ Onyankopɔn akasa akyerɛ no wɔ dae mu anaa daakye ho dae a ɔsoe baam, nanso ɛno nyɛ adanse a edi mũ a ɛbɛma yɛagye no adi kɛkɛ na yɛadi n’akyi. Hyɛ akwankyerɛ ahorow a wɔkyerɛw maa Israelfo a ɛwɔ Deuteronomium 13:1-3, 5 no nsow: “Sɛ odiyifo anaa ɔdaesofo bi sɔre wo mu, na ɔma wo sɛnkyerɛnne anaa anwonwade bi, na sɛnkyerɛnne anaa anwonwade a ɔka kyerɛɛ wo no ba mu na ɔka sɛ: Ma yɛnkɔ nkodi anyame foforo a wunnim wɔn akyi nkɔsom wɔn, a, ntie odiyifo anaa ɔdaesofo no nsɛm no, . . . Na odiyifo anaa ɔdaesofo no, munkum no.” Onyankopɔn maa kwan ma wɔn a wɔte saa no kaa atosɛm de sɔɔ ne nkurɔfo nokwaredi hwɛe.
Sɛ́ anka yebegye adaesofo a wodi ahonhonsɛm nsɛm adi kɛkɛ no,nyansakwan a ɛwɔ hɔ ne sɛ yɛbɛsɔ wɔn nsɛm ahwɛ na yɛakwati ɔdaadaafo kɛse a aniwa nhu no no, na nea ‘ɔredaadaa amanaman nyinaa’ no annaadaa yɛn. (Adiyisɛm 12:9) Nanso ɔkwampa bɛn na yebetumi afa so asɔ wɔn ahwɛ?
Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no ne yɛn soro akwankyerɛ a ɛkyerɛ yɛn nokware no. Ɛdefa ɛno ho no, Yesu Kristo kae sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Enti wotu yɛn fo wɔ 1 Yohane 4:1 sɛ: “Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa? Efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.” Sɛ wode nsɛm a wɔka, wɔn nyansapɛ ahorow, ne wɔn nneyɛe toto Bible no ho yiye a, ɛne no renhyia. Onyankopɔn Asɛm na ɛkyerɛ nea ɛyɛ nokware.
So ɔdaesofo no a ɔkyerɛ sɛ ɔwɔ nimdeɛ soronko no hyɛ nkɔm anaa odi ahonhonsɛm foforo ankasa? Sɛ ɛte saa a, Onyankopɔn Asɛm kasa tia no. “Mma wonnhu wo mu . . . ɔkɔmfo a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafoayifo, ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu, efisɛ Awurade akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa.”—Deuteronomium 18:10-12.
Sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔkra a enwu wɔ ne mu a, na ɔrebɔ Onyankopɔn Asɛm a ɛka no pefee sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu” no, abira. (Hesekiel 18:4) So ɔrema ne ho so, na ɔretwe nkurɔfo adi n’akyi? Mateo 23:12 bɔ kɔkɔ sɛ: “Obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase.” Na Asomafo no Nnwuma 20:30 bɔ Kristofo kɔkɔ sɛ: “Mo ankasa mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.”
So ɔka nsɛm a ɛde basabasayɛ ba? Yakobo 3:17, 18 bu no fɔ: “Nyansa a efi soro no de, nea edi kan ne sɛ ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw; mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no ma, ennye akyinnye, ɛnyɛ nyaatwom. Na wogu trenee aba asomdwoe mu ma wɔn a wɔyɛ asomdwoe ade.” Ɔhwehwɛ amammuisɛm mu tumidi anaa nkɛntɛnso wɔ wiase no mu? Onyankopɔn Asɛm kasa tia no pefee, na ɛka sɛ: “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” Enti Bible no pa atoro ho ntama.—Yakobo 4:4.
Sɛ obi so obusuani anaa adamfo bi wu ho dae a, na efi dwen a ebia odwen saa nipa no ho ntia. Wu a onipa no wu saa anadwo a ɔsoo dae no ara no ankasa nkyerɛ sɛ na dae no yɛ nkɔmhyɛ. Efisɛ dae a ɛte saa yi mu biara a ɛte sɛ nea ɛyɛ hɔ no mu ɔhaha pii wɔ hɔ a ɛmma mu.
Ɛwom sɛ tete no Onyankopɔn nam adaeso so daa nkɔmhyɛ nsɛm adi de akwankyerɛ ahorow mae bere a na wɔrekyerɛw N’asɛm no de, nanso ɛho nhia no sɛ ɔyɛ saa nnɛ. Onyankopɔn akwankyerɛ ahorow a adesamma hia no nnɛ nyinaa wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, na emu nkɔmhyɛ ahorow no fa nsɛm a ebesisi daakye a ɛboro mfe apem ho. (2 Timoteo 3:16, 17) Enti yebetumi anya ahotoso sɛ dae ahorow a yɛso no nyɛ nsɛm a efi Onyankopɔn hɔ a ɛkyerɛ daakye nsɛm a ebesisi, na mmom ɛyɛ amemene no adeyɛ a ɛho hia a ɛma yɛn adwene tumi yɛ adwuma yiye.
[Kratafa 7 mfonini]
Sɛnea Farao dae kyerɛɛ nea na ɛrebɛba no, Onyankopɔn Asɛm ma yehu nea ɛbɛba daakye