Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 10/1 kr. 3-4
  • Ɛsɛ Sɛ Yɛso Dae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛsɛ Sɛ Yɛso Dae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Adaeso Te
  • Dɛn Na Na Saa Daeso No Kyerɛ?
    Nyan!—1981
  • So Adaeso Fi Onyankopɔn?
    Nyan!—2001
  • Da a Wobɛda Ma Aso Wo
    Nyan!—2004
  • Onyankopɔn Maa Ebinom Soo Dae
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 10/1 kr. 3-4

Ɛsɛ Sɛ Yɛso Dae

WOSO dae? Ɛyɛ ne kwan so sɛ wobɛka sɛ woso dae, esiane sɛ yɛn nyinaa so dae bere a yɛada, sɛ yɛka mpo sɛ yɛnso bi a. Wɔabu akontaa sɛ bɛboro adae a yɛso nyinaa mu ɔha biara mu 95 na yɛnkae. Emu nea ɛwɔ he na wokae? Nokwarem no, nea yɛtaa kae ne nea yɛso bere a aka kakra na yɛanyan no.

Wɔn a wɔhwehwɛ dae mu ahu sɛ nna yɛ ade a ɛba nnidiso nnidiso a emu dɔ kɛse wɔ nnɔnhwerew kakra a edi kan no, na afei ɛbɛyɛ nea emu nnɔ pii akyiri yi. Yɛtaa so dae wɔ mmere a yebu yɛn aniwa ntɛmntɛm a wɔfrɛ no REM nna no mu. Eyi ne nna a ɛnyɛ REM di adannan. Nna a ɛnyɛ REM ne nea ɛyɛ bi mu biara di bɛyɛ simma 90, na adannandi yi kɔ so mpɛn anum anaa asia anadwo, na nea etwa to no ba bere a aka kakra ma yɛanyan no.

Ɛyɛ mfomso sɛ wubesusuw sɛ w’amemene nyɛ adwuma kɛse bere a woada no. Wɔahu sɛ amemene no yɛ adwuma kɛse wɔ adaeso mu sen mmere horow bi a yɛnnae mu, gye amemene mu ntini bi a ɛtoa berɛmo no so a ɛma wotumi de adwene si biribi so na wɔkae no. Ɛte sɛ nea eyinom nyɛ adwuma wɔ REM nna mu. Nanso ne nyinaa mu no, ehon ntini mu nkwammoaa a ɛwɔ amemene mu no kɔ so di nkitaho.

Yɛn amemene no yɛ nipadua no fã a emu dɔ ma ɛyɛ nwonwa kɛse a ɛwɔ afã horow ɔpepepem pii a ɛde nsɛnkyerɛnne bɛyɛ ɔha kosi ahanu anaa ahasa kɔ nipadua no afã horow. Afã horow a ɛwɔ nnipa biako amemene mu dɔɔso sen asase so nnipa. Nhwehwɛmufo bi bu akontaa sɛ afã horow no yɛ efi ɔpepepem 20 kosi bɛboro ɔpepepem 50. Sɛnea emu dɔ no si nea Bible kyerɛwfo Dawid ka faa nipadua ho no so dua: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa.”—Dwom 139:14.

Sɛnea Adaeso Te

Sɛ yɛnnae a, yɛn nkatede anum no de nsɛm ne mfonini kɔma amemene no bere nyinaa, nanso ɛnyɛ saa wɔ bere a yɛada no. Amemene no ankasa yɛ ne mfonini a nkatede biara mmoa nka ho. Enti, ɛtɔ mmere bi a, nneɛma a yehu wɔ adaeso mu, ne keka a yɛkeka yɛn ho te sɛ ani so hu ahorow. Eyi ma yetumi yɛ nneɛma bi a ɛne honam fam mmara horow nhyia, te sɛ tu a yetumi tu te sɛ Peter Pan, anaa abosam so a yefi hwe fam a yempira. Mmere tumi sesa ma yetumi hu biribi a aba atwam te sɛ nea afei na ɛrekɔ so. Anaasɛ yɛreguan a, ɛte sɛ nea ɛnyɛ yɛn ankasa na yɛretu mmirika no—ɛyɛ a yentumi ntu yɛn anan. Nokwarem no, yetumi de nneɛma a etumi ka yɛn adwenem ne osuahu ahorow a emu yɛ den a ebia yenya bere a yɛnnae no so adae. Nnipa pii a wɔahu ɔko mu atirimɔdenne a ɛyɛ hu no werɛ rentumi mfi ntɛm, na saa ara na ebinom werɛ rentumi mfi tow a ɔsɛmmɔnedifo bi tow hyɛɛ wɔn so no. Yebetumi de osuahu ahorow a ɛhaw adwene a ɛtete saa a yenya bere a yɛnnae no asoso adae, na abɔ yɛn hu. Yebetumi de nneɛma ahorow a yedwennwen ho bere a yɛrekɔda no asoso adae.

Ɛtɔ mmere bi na sɛ yɛrebɔ mmɔden adi ɔhaw bi ho dwuma a, yenya ano aduru bere a yɛada no. Eyi betumi akyerɛ sɛ, ɛnyɛ nna nyinaa na yɛso dae wom. Yɛde ɛfã bi dwennwen.

Adaeso ne amemene ho nhoma bi ka sɛ: “Dwuma a adwene di kɛse wɔ nna mu nyɛ daeso, na mmom adwennwen. Nkatede mu nnaadaa nni nna mu adwennwen mu, na ɛnyɛ nsusuwii hunu. Ɛyɛ ade a abu so, na ɛtaa fa asetram nsɛm a ɛfa nnɛra anaa ɔkyena ho, na mpɛn pii no ɛnyɛ nsɛm foforo, nea wonnim ho hwee, na ensii pɛn.”

Nnipa bi te nka sɛ nneɛma a wɔso ho dae no wɔ nsɛntitiriw bi ma wɔn. Nea ɛbɛyɛ na wɔakyerɛ adae no ase ama wɔn no, wɔde krataa to wɔn mpa ho na ama sɛ wonyan a wɔatumi akyerɛw ato hɔ. Ɛdefa mfaso a ɛwɔ nhoma ahorow a ɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛkyerɛ dae mu nsɛnkyerɛnne ase so ho no, The Dream Game a Ann Faraday yɛe ka sɛ: “Mfaso biara nni daeso nhoma ahorow a wohwehwɛ dae mu nsɛm ne nsɛnkyerɛnne ase wom no so saa ara, sɛ́ ɛyɛ nea egyina atetesɛm so anaa nnɛyi nyansakyerɛ bi so no.”

Esiane sɛ ɛte sɛ nea adaeso fi amemene mu titiriw nti, ɛyɛ nea ntease nnim sɛ yebesusuw sɛ ɛwɔ nsɛntitiriw bi ma yɛn. Ɛsɛ sɛ yebu no sɛ ɛyɛ dwuma kɛkɛ a amemene no di a ɛboa ma ɛkɔ so tra hɔ wɔ tebea a ɛfata mu.

Na wɔn a wɔka sɛ wɔaso obusuani anaa adamfo bi wu ho dae, na ɛda a edi hɔ no wohu sɛ saa nipa no awu no nso ɛ? So ɛno kyerɛ sɛ adaeso betumi ama wɔahu daakye asɛm? Asɛm a edi hɔ no mu no, yebesusuw nea ɛde nkɔmhyɛ dae ba no ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena