Sakaria
10 “Monsrɛ Yehowa na ɔmma osu ntɔ wɔ fefɛw bere* mu.
Yehowa na ɔyɛ omununkum a ɛde osuframa ne aprannaa ba,
Na ɔno na ɔma osu tɔ ma nnipa,+
Na ɔma obiara nya afuw mu aduan.
Adae hunu na wɔka ho asɛm,
Na wɔde nsɛnhunu kyekye nnipa werɛ.
Eyi nti, wobekyinkyin te sɛ nguan.
Wobehu amane, efisɛ wonni hwɛfo.
3 Me bo afuw nguanhwɛfo no denneennen,
Na atumfo a wɔn tirim yɛ den* no beyi wɔn ano akyerɛ me;
Efisɛ asafo Yehowa atwa n’ani abɛhwɛ ne nguan,+ watwa n’ani abɛhwɛ Yuda fi.
Na wayɛ wɔn sɛ ɔpɔnkɔ nuonyamfo a ɔde no kɔ ɔko.
4 Ne mu na otitiriw* no befi aba,
Ne mu na sodifo a ɔyɛ okyigyinafo* no befi aba,
Ne mu na agyan a wɔde kɔ ɔko no befi aba;
Ne mu na ɔhwɛfo* biara bepue akɔ; wɔn nyinaa bɛbom afi ne mu.
5 Wɔbɛyɛ te sɛ akatakyi
A wotiatia abɔnten so atɛkyɛ mu wɔ ɔko mu.
Mɛma wɔasi wɔn dedaw mu bio,
Efisɛ mehu wɔn mmɔbɔ;+
Na wɔbɛyɛ sɛ nnipa a mentow wɔn nkyenee da;+
Efisɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.
Wɔn mma behu eyi na wɔadi ahurusi;
Wɔn koma ani begye wɔ Yehowa mu.+
8 ‘Mɛbɔ hwirema afrɛ wɔn, na maboa wɔn ano;
Efisɛ megye wɔn,+ na wɔbɛyɛ bebree,
Na wɔbɛkɔ so ara adɔɔso.
9 Mɛpete wɔn te sɛ aba agu aman horow so,
Nanso bere a wɔwɔ akyirikyiri mpo wɔbɛkae me;
Wɔne wɔn mma begyina wɔn nan so bio na wɔasan aba.
10 Mede wɔn befi Egypt asaase so aba,
Na maboaboa wɔn ano afi Asiria aba.+
Mede wɔn bɛba Gilead+ ne Lebanon asaase so,
Na ɛhɔ mpo, wɔn dodow nti wɔrenkɔ hɔ.+
11 Ɔbɛfa ɛpo no mu, na ɔbɛma ɛpo no ho ayeraw no;
Na ɔde ade bɛbɔ asorɔkye no wɔ ɛpo no mu;+
Nil bɛyow akodu ase tɔnn.
Nea Asiria de hoahoa ne ho no, wɔbɛbrɛ no ase,
Na Egypt ahempoma bɛkɔ.+