Abagye—Dɛn Ntia, na Ɔkwan Bɛn So?
DƐN nti na mmofra dodow a nkurɔfo gye wɔn yɛ wɔn mma no so atew koraa wɔ Britain wɔ mfe 20 a atwam no mu? Wɔakyerɛ sɛ efi nneɛma abien—nyinsɛn a mmara ma kwan ma wɔsɛe no ne ɛna a ɔbɛtete ne ba a okunu bi nka ho a nnipa dodow no regye atom. Seesei wobu mmusua a ɔwofo biako na ɔwom sɛ ɛyɛ asɛnnennen a wobetumi adi ho dwuma wɔ nnɛ wiase yi mu.
Nanso, mfe 100 ne kakra a atwam no, na nneɛma yɛ soronko. Bere a nsɛmmɔne ho nhoma kyerɛwfo, Edgar Wallace, a ofi England, maame Polly, ne n’adwuma wura ba nyinsɛnee no, ɔkɔɔ baabi kɔwoo kokoam. Bere a Edgar dii nna akron no, ɔwogyefo no yɛɛ nhyehyɛe ma George Freeman, a ɔyɛ ɔponanohwɛfo wɔ Billingsgate nam gua a ɛwɔ London so no yere hwɛɛ no. Ná Freeman ne ne yere ankasa wɔ mma du dedaw, na Edgar nyinii a na wɔfrɛ no Dick Freeman. Polly maa wɔn sika daa de boae wɔ ne ba no hwɛ mu, na ne papa anhu sɛ ɔwɔ ba bi wɔ baabi da.
Ɛnnɛ, sɛ wɔpow nkokoa a, ɔman mu atumfoɔ taa fa wɔn hwɛ wɔn. Wɔfa mmofra pii hwɛ wɔn esiane sɛ wohia basabasayɛ ho ahobammɔ anaa esiane sɛ wɔwɔ honam anaa adwene mu dɛmdi nti. Wɔn a ɔko mu nnipakum ama wɔayɛ nyisaa ne mmofra a wofi mmonnaato mu no ma mmofra a wohia awofo dɔ ne ahobammɔ denneennen—ne tiatwa mu no, abagye—no dɔɔso.
Wubegye Abofra Bi De no Ayɛ Wo Ba Anaa Wunnye?
Abagye nyɛ mmerɛw koraa, na ɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wubesi gyinae ntɛm bere a woresusuw ho no. Sɛ woahwere wo ba a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛtwɛn ma akomatu anaa awerɛhow no abrɛ ase ansa na awiei koraa no, woasi gyinae sɛ wubegye abofra bi ayɛ wo ba. Ɛno betumi ayɛ nokware nso wɔ awarefo a wɔaka akyerɛ wɔn sɛ wontumi nwo ho.
Abofra biara nya su soronko bi fi awo mu. Sɛ awofo hu sɛ wɔn ankasa mma wɔ nkate horow bi a, ɛtaa yɛ wɔn nwonwa, nanso sɛ yennim akokoaa bi awofo ankasa a, ɛyɛ den sɛ yebehu sɛnea ɔbɛyɛ wɔ adwene ne nkate mu.
Wode w’adwene si nhomasua mu mmɔdenbɔ so kɛse? Sɛ saa a, wobɛte nka dɛn bere a abofra a woakɔgye no ayɛ wo ba no annu w’akwanhwɛ ahorow ho no? Ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wobɛhwɛ abofra a wadi dɛm wɔ adwene ne honam mu?
Nnipa a wɔatete wɔn a wɔwɔ abagye nnwuma mu anaa aban adwumayɛfo bebisa wo saa nsɛm yi ansa na woasi gyinae. Nea ehia wɔn kɛse ne ahobammɔ ne anigye a abofra no benya.
Sɛ Wusi Gyinae sɛ Wubegye Abofra Bi Ayɛ Wo Ba a . . .
Ɔman biara wɔ n’ankasa abagye ho mmara ne ahyɛde a ehia sɛ wɔhwehwɛ mu. Abagye nnwuma ɔhaha pii na ɛwɔ Britain, na mpɛn pii no, wɔne hɔnom aban mpanyimfo no yɛ adwuma bom. Nnwuma no nyinaa wɔ wɔn ankasa mmara.
Nea abu so kɛse wɔ Britain ne abagye akuw, baabi a nkurɔfo dodow bi a wɔrehwehwɛ mma betumi ne mmofra dodow a wobetumi agye wɔn ayɛ wɔn mma no ahyiam, a wɔrenhyia nkate mu haw a ɛba bere a wohyia mmofra ankorankoro no. Tebea a akomatu nnim no ma ɛyɛ mmerɛw ma wɔn a wɔrehwehwɛ mma no sɛ wɔbɛpow ebinom, na ɛntaa mma abofra no nyɛ basaa efisɛ wonyi abofra biako bi nsi hɔ sɛ wɔresusuw ne ho.
Mpɛn pii no, wɔhyɛ mfe a ɛsɛ sɛ obi di ansa na wagye abofra bi ayɛ ne ba, a ebia ɛbɛyɛ mfe 35 anaa 40—ɛwom sɛ eyi taa fa nkokoa a nkurɔfo gye wɔn yɛ wɔn mma no ho de, nanso ɛnte saa ankasa wɔ mmofra a wɔanyin ho. Abagye nnwuma no ka sɛ wosusuw wɔn a wɔrehwehwɛ mma no nkwa nna ho na wɔahyɛ mfe a ɛsɛ sɛ wodi no. Nanso, wonim sɛ onyin ne osuahu a ɛsom bo na ɛnam.
Mfe bi a atwam no, na awarefo nkutoo na wotumi yɛ abagye ho nhyehyɛe. Ɛnnɛ, wɔn a wɔnyɛ awarefo betumi abisa hokwan agye mmofra bi ayɛ wɔn mma ma wɔde wɔn ama wɔn. Afei nso, wɔnhyɛ da nnyina adwuma a obi a ɔpɛ ba nyɛ ne dɛm a wadi so nsiw no kwan. Asɛmmisa titiriw ne sɛ, Dɛn na nhyehyɛe no betumi de ama abofra no?
Sɛ awiei koraa, wɔyɛ abagye ho nhyehyɛe no wie mpo a, wobetumi akɔ so ahwehwɛ awofo no akwan mu ahwɛ ahu sɛ nneɛma rekɔ so pɛpɛɛpɛ.
Obi a Ofi Abusuakuw Foforo Mu?
Mfe aduasa a atwam no, na ɛyɛ den sɛ wɔde abibifo mmofra bɛma abibifo mmusua ayɛ wɔn mma wɔ Britain, ma enti, wɔn mu pii kodii awofo a wɔyɛ aborɔfo nkyɛn. Efi 1989 no, ayɛ ɔman mmara wɔ Britain sɛ wɔde mmofra bɛma awofo a wɔne wɔn fi abusuakuw koro mu ma wɔde wɔn ayɛ wɔn mma. Wɔte nka sɛ, wɔ saa kwan yi so no, abofra bi behu n’abusua ne n’amammerɛ ntɛm. Nanso, eyi akowie tebea foforo koraa mu.
Nnansa yi, The Sunday Times bɔɔ amanneɛ sɛ awofo a wɔyɛ aborɔfo bi yɛ nea “wɔabu wɔn sɛ wɔyɛ ‘abibifo’” sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agye abibifo mmofra ayɛ wɔn mma. Ɛnyɛ nwonwa sɛ awofo a wɔyɛ aborɔfo bɛtete obibini abofra, a ɛkyerɛ sɛ wɔhwɛ no bere tiaa bi. Nanso akyiri yi, sɛ wɔamma no hokwan ma wɔamfa saa abofra no sɛ ɔba koraa a, nea efi mu ba ne sɛ abofra no ne awofo no nyinaa nya nkate mu haw.
Nnansa yi, awarefo bi a wofi Scotland, a wɔde mfe asia tetee Indiafo mmofra baanu hyiaa abusuakuw soronko mu abagye ho haw. The Times bɔ amanneɛ sɛ, asɛnnibea no maa abagye no ho kwan wɔ ntease a ɛne sɛ awofo no “de wɔn mmɔdenbɔ nyinaa bɛhwɛ ahu sɛ wɔbɛma mmofra no ahu [abusuakuw] a wofi mu, na wɔde abusua a wofi mu adwene ne wɔn amammerɛ atete wɔn.” Wɔ saa asɛm yi mu no, na awofo a wogyee mmofra no yɛɛ wɔn mma no reyɛ saa dedaw. Ná wɔrekyerɛ mmofra no Punjabi kasa, na na ɛtɔ mmere bi a, wɔde wɔn man mu ntade siesie wɔn ho.
Nnipa pii bɛte asɛm a Britain yiyedi kuw kasamafo a ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔma abusuakuw soronko mu abagye ho kwan kɛse kae no ase. Ɔkae sɛ: “Yɛte ɔman bi a amammerɛ pii wom mu, na ɛsɛ sɛ mmofra a wogye wɔn tete wɔn ne wɔn a wɔde wɔn yɛ mma da no adi saa.”
Obi a Ofi Amannɔne?
Sɛnea The Independent atesɛm krataa kyerɛ no, mmofra a afoforo gye wɔn fi amannɔne de wɔn yɛ wɔn mma no yɛ ‘aguadi a ɛrenya nkɔso kɛse.’ Ɛwom sɛ amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ mmara mma aguadi no bi ho kwan de, nanso Europa Apuei fam yɛ beae titiriw a Britain nya mmofra fi.
Sɛ nhwɛso no, wɔapow mmofra bi a mmonnaato maa wɔwoo wɔn bere a kan Yugoslavia gui no. Wɔkyerɛ sɛ, sɛ ɛnyɛ “mmofra ho oguadifo” bi a ɔhyɛɛ bɔ sɛ sɛ wɔwo mmofra no ɔkwampa so a obegye wɔn ayɛ ne mma a, anka wobetu afoforo nso agu. Nanso Atɔe fam aman mu nniso no dwen ka a nkurɔfo bɔ de gye mmofra no bi yɛ wɔn mma no ho.
Nea ɛyɛ wɔn asɛnhia kɛse ne sobo a nkurɔfo bɔ sɛ nkrataa a nnuruyɛfo yɛ bere a wɔwo abofra bi no yɛ atoro no. The European atesɛm krataa no bɔɔ amanneɛ sɛ, ɛnanom bi a wɔwɔ Ukraine bɔɔ sobo sɛ wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn mma no wui wɔ yafunu mu ansa na wɔrewo wɔn. Wɔkyerɛe nso sɛ akyiri yi, wɔtɔn saa mmofra yi. Ebia wɔka kyerɛɛ ɛnanom foforo sɛ wɔn mma no adi dɛm wɔ adwene mu. Wɔ nhyɛso a ɛte saa mu no, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔbɛdaadaa ɛnanom a wɔn adwene ayɛ wɔn basaa no ma wɔapene so sɛ wɔmfa wɔn mma no mma afoforo nyɛ wɔn mma. Nanso ebia wɔmfa mmofra foforo nkɔ beae a wɔhwɛ nyisaa a wɔkyerɛ sɛ wɔmfa wɔn nkɔ no, na mmom wokopue amannɔne.
Ɛde abufuw ba aman a wɔrenya nkɔso mu. Wɔkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Atɔe fam aman a wodi yiye no yɛ pii boa mmusua a wɔwo mmofra no ma wɔhwɛ wɔn mma no wɔ wɔn afie mmom sen sɛ wobegye wɔn akɔtete wɔn wɔ amannɔne amammerɛ mu.
Ɛsɛ sɛ Atɔe fam aman no te abusua tenten ho amammerɛ a akyɛ, a aman pii asetra kwan gyina so no ase. Mpɛn pii no, sɛ abofra bi te abusuakuw mu, na sɛ n’awofo wu mpo a, wɔbɛhwɛ no. Wɔ abusuafo a wɔbɛn no pɛɛ, te sɛ nananom, akyi no, sewaa ne wɔfanom a wɔwɔ abusua santen no mu no bɛfa abofra no ayɛ wɔn ba, na abagye ho adwene a abɔntensofo de bɛba biara nni hɔ a wɔbɛte ase, na wobebu no sɛ wɔn nsɛm mu a obi de ne ho hyehyɛ sɛnea ɛmfata.a
Abagye ho nhyehyɛe a wobɛyɛ no nyɛ mmerɛw, na wuwie ho biribiara mpo a, adwumaden ho hia na ama ayɛ yiye. Nanso sɛnea yebehu no, anigye kɛse nso wom.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ adeyɛ a ɛne mmofra a wɔde wɔn ma abusuafo foforo bere tiaa bi no ho asɛm a ɛkɔ akyiri a, hwɛ September 1, 1988, Ɔwɛn-Aban (Engiresi de) a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. yɛe no nkratafa 28-30.
[Kratafa 7 mfonini]
Mmofra pii hia awofo hwɛ ne ahobammɔ denneennen
[Kratafa 5 adaka]
Me Ba no Bɛhwehwɛ Me?
M’AWOFO gyaee aware bere a na madi mfe 11. Ná mihia ɔdɔ denneennen. Bere a na mewɔ kɔlege no, mede me ho hyɛɛ ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa mu; na ɛno ne ɔkwan a mefa so nya ɔdɔ. Nea ɛyɛ me nwonwa no, mihui sɛ meyem. Ná ɛyɛ abotesɛm kɛse. Na me ne me yɔnko sukuuni no ho nkokwawee. Na memfaa nnuru, mmosa, anaa tawa nnii dwuma da, nanso na aduru bi a wɔfrɛ no LSD a bere bi na me mpena de di dwuma no ama wasɛe koraa.
Wotuu me fo sɛ mintu nyinsɛn no ngu, nanso me papa ne me kasae na manyɛ saa. Na mempɛ sɛ meyɛ ɔpemfo, nanso na mempɛ sɛ medi awu nso. Bere a mewoo me ba barima no wɔ 1978 mu no, misii gyinae sɛ meremfa ne papa din nhyɛ n’awo krataa no so sɛnea ɛbɛyɛ a papa no renhu no. Nokwarem no, meyɛɛ nhyehyɛe sɛ sɛ mewo a, obi mfa abofra no nyɛ ne ba; enti wɔbɛfaa no fii me nkyɛn ntɛm ara kɔɔ baabi kɔhwɛɛ no bere tiaa bi. Manhu no mpo. Nanso afei mesesãã m’adwene. Mekɔfaa me ba no fii beae a wɔrehwɛ no no, na mebɔɔ mmɔden biara sɛ m’ankasa mɛhwɛ no. Nanso mantumi, na ɛkaa kakra na minyaa adwene mu haw ntraso.
Bere a wɔpenee abagye ho nhyehyɛe no so no, na me ba no adi bɛyɛ asram asia, na na ɛsɛ sɛ mede no ma. Mekae sɛ metee nka sɛ nea obi de sekan awɔ me. Meyɛɛ sisirii wɔ nkate fam. Adwene ne nneyɛe ho afotu a manya fi mfe abien a atwam no nkutoo na ama matumi ne afoforo anya fekupa. Mantumi ansu—na me ba no nwui. Nanso mantumi annwen ne ho nso—mehyɛɛ da yii m’adwene fii so. Ná ɛyɛ den yiye.
Nea ɛhaw me sen biara ne sɛ mɛte sɛ nkurɔfo reka sɛ: “Sɛ wode wo ba ma obi yɛ ne ba a, na wonnɔ wo ba no.” Nanso na ɛno nyɛ nokware wɔ me fam! Esiane dɔ a medɔ me ba no nti na mede no mae! Mekɔɔ so bisaa me ho bere nyinaa sɛ: ‘Dɛn koraa na mɛyɛ? Dɛn na metumi ayɛ?’ Ná biribiara nni hɔ a metumi ayɛ. Ná minim sɛ merentumi nyɛ ho hwee, na sɛ mebɔ mmɔden sɛ mɛhwɛ me ba no a, obehu amane.
Wɔ England no, ɔman no gye awofo a wonni ahokafo mmusua tom mprempren—nanso bere a mewoe no na ɛnte saa. Minyae a anka mitumi hwɛɛ me ba no yiye. Misusuw sɛ, anka afotu a manya nnansa yi no bɛboa me, nanso mprempren aka akyi dodo. Me ba no da so te ase? Abarimaa bɛn na wanyin abayɛ? Mmara ma kwan sɛ, sɛ mmofra a nkurɔfo agye wɔn sɛ wɔn mma no di mfe 18 a, wɔwɔ hokwan sɛ wɔhwehwɛ wɔn awofo. Misusuw ho bere nyinaa sɛ ebia me ba no bɛhwehwɛ me anaa.—Wɔkyerɛw mae.
[Kratafa 8 adaka/mfonini]
Ɛyɛɛ Yiye Maa Yɛn
NÁ YƐN ankasa wɔ mmarimaa a wonnii mfe aduonu, na na yɛyɛ Engiresi abusua a akomatɔyam ne biakoyɛ wom. Ná ɔbabea a yebenya—a ofi abusuakuw foforo mu—ho nsusuwii mmaa yɛn adwene mu da. Afei Cathy bɛkaa yɛn ho. Wɔwoo Cathy wɔ London, England. Roman Katolekni bi na ɔtetee no, nanso sɛ abofra ketewa no, na ɔne ne maame kɔ nhyiam nkakrankakra wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Nanso, bere a onyaa mfe 10 no, wɔde no kɔɔ baabi a wɔhwɛ mmofra.
Ɛwom sɛ na nneɛma mu yɛ den ma no wɔ hɔ de, nanso n’ankasa bɔɔ mmɔden kɔɔ nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so, na ɛhɔ na yehyiaa no. Ná Cathy yɛ abeawa a osusuw nsɛm ho. Bere a me ne me yere kɔsraa no wɔ beae a wɔhwɛ mmofra no, yehui sɛ, nea ɛnte sɛ mmeawa foforo a na wɔde nnwontofo a wɔagye din mfonini atetare wɔn fasu ho no, na ɔde mmoa ne nkurow nketewa mfonini atetare ɔfasu a ne mpa si ho no ho.
Bere bi akyi no, na ɛsɛ sɛ Cathy kɔ nhwehwɛmu boayikuw bi anim, na wobisaa no sɛ ebia ɔpɛ sɛ ofi beae a wɔhwɛ mmofra no na ɔne abusua bi kɔtra anaa. Obuae sɛ: “Me ne Yehowa Adansefo abusua nkutoo na ɛbɛtra!” Bere a Cathy kaa eyi ne nea ɔkae no ho asɛm kyerɛɛ yɛn no, ɛma yesusuw nsɛm ho. Ná yɛwɔ ɔdan bi a emu da hɔ kwa. So na yebetumi agye saa asɛyɛde a ayamye wom yi ato yɛn ho so? Sɛ́ abusua no, yedii ho nkɔmmɔ na yɛbɔɔ ho mpae. Akyiri yi koraa ansa na yɛrehu sɛ saa adeyɛ yi—sɛ wobebisa abofra bi adwene no—yɛ adeyɛ foforo a yiyedi ho adwumayɛfo no de asi hɔ, adeyɛ a na afei na wɔresɔ ahwɛ.
Yiyedi ho adwumayɛfo no hwehwɛɛ yɛn ho nsɛm fii polisifo ne yɛn duruyɛfo hɔ, na wonyaa nsɛm a ɛfa yɛn ho. Ankyɛ na yewiee nhyehyɛe no. Wɔkae sɛ yebetumi de Cathy akɔ akɔsɔ no ahwɛ na sɛ yɛmpɛ no a, yebetumi de no asan aba! Eyi bɔɔ yɛn hu, na yegyinaa pintinn kae sɛ yɛrenyɛ saa da. Ná Cathy adi mfe 13 bere a yɛnam mmara kwan so de no kɔɔ yɛn fie no.
Ɔdɔ soronko a ɛka yɛn nyinaa bom no mu kɔ so yɛ den. Mprempren Cathy som sɛ ɔkwampaefo (bere nyinaa ɔsɛmpakafo) wɔ Yehowa Adansefo Franse kasa asafo a ɛwɔ London kusuu fam bi mu. Afe a ofii fie kɔyɛɛ akwampae adwuma no, ɔkyerɛw yɛn asɛm a ɛka koma yi: “Wɔka asɛm bi sɛ ‘worentumi mpaw w’abusua.’ Nanso, mepɛ sɛ mifi me koma mu da mo ase sɛ mopaw me.”
Ɛyɛ yɛn anigye kɛse sɛ Cathy bɛkaa yɛn ho! Yɛn abusua no ho a yɛde no kae no maa yɛn asetra tuu mpɔn. Ɛyɛɛ yiye maa yɛn!—Wɔkyerɛw mae.
[Mfonini]
Cathy ne n’awofo a wogyee no yɛɛ wɔn ba no ne ne nua mmarima