Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Meyɛ Abofra a Wɔagye No Ɔba?
“Ɛte sɛ dɛmdi. Ɛyɛ komam yare a wonnya ano aduru.”—Robert.
SAA na ɔbarima bi a wogyee no ɔba wɔ ne mmofraase ka n’asetra ho asɛm. Ɔtoa so sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ da biara da wopɛ sɛ wunya nsɛmmisa te sɛ, Henanom ne m’abusuafo ankasa? Ɛhe na wɔte? Dɛn nti na wɔpoo me?” ho mmuae denneennen.
Chantial a wogyee n’agya ɔba no ka sɛ onnim ne nananom ankasa. Ɔka sɛ: “Mete nka sɛ matom sɛ minni wɔfanom, sewaanom ne abusuafo a me ne wɔn bɛbɔ.” Ɛnyɛ mmofra a wɔagye wɔn ɔba nyinaa na ɛte nka saa. Nanso ebinom te nka saa. Dɛn ntia?
Ɛhyɛ Abufuw
Sɛ abofra bi hu sɛ wɔatew no afi n’abusuafo ankasa ho a, ebetumi ama wadi yaw pii. Catrina a wogyee no ɔba wɔ ne mmofraase no ka sɛ: “Ná me bo taa fuw efisɛ na mente nea enti a me maame ankasa poo me no ase. Metee nka sɛ esiane sɛ na me ho nyɛ fɛ na me maame mpɛ m’asɛm nti na ɔpoo me. Sɛ onyaa me ho abotare a, minim sɛ anka mɛma n’ani agye me ho. Bere biara a me maame ho asɛm besi me tirim no, ɛma me bo fuw kɛse.”
Abusuabɔ a na ɛda Catrina ne n’awofo a wogyee no ɔba no ntam nso sɛee koraa. Ɔka sɛ: “Ná mete nka sɛ m’awofo a wɔagye me ɔba no tew me fii me maame ankasa ho. Enti mede m’anibere soɛɛ wɔn so.” Yiw, ɛtɔ mmere bi a, abofra a wɔagye no ɔba no fa abufuw de tew ne tebea no so atua.
Abufuw a ɛte saa betumi asɛe ade. Sɛnea Catrina asɛm no kyerɛ no, ɛtɔ da bi a wobɛfa abufuw a ɛmfata anaasɛ wo bo befuw obi a ɛnsɛ sɛ anka wo bo fuw no. Bible de afotu ma sɛ: “Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ.” (Dwom 37:8) Ɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ yiye? Onyankopɔn Asɛm ka nso sɛ: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase.” (Mmebusɛm 19:11) Enti w’ankasa nsɛm a wubehu mu yiye no betumi adwudwo w’abufuw ano. Ɔkwan bɛn so?
Nsusuwii a Ɛmfata a Wobɛteɛ
Nimdeɛ betumi aboa wo ma woahwɛhwɛ nsusuwii a ɛhyɛ wo abufuw no mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ wogyee wo ɔba a, so ɛyɛ a wususuw sɛ w’awofo ankasa na ɛde wo maa obi esiane biribi a enye a wohuu wɔ wo ho nti? Saa na Catrina tee nka. Nanso, saa na ɛte bere nyinaa? Ebia wuntumi nhu nea enti a w’awofo poo wo no, nanso biribi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wokwati nsusuwii bɔne a ɛte saa. Nokwarem no, dɛn nti koraa na awofo taa gyaw wɔn mma ma abagye? Mpɛn pii no, wɔte nka sɛ wontumi nyɛ tebea no ho hwee.
Susuw Mose nhwɛso no ho hwɛ. Bible kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Exodus ti 2 no ka kyerɛ yɛn sɛ, bere a Farao a ɔwɔ Misraim no paee okunkɛse wɔ Israelfo mmofra a wɔyɛ mmarima no nyinaa so no, Yokebed de ne babarima, Mose a na ɔyɛ akokoaa no hintawee asram abiɛsa. Awiei koraa no, na ontumi mfa no nhintaw bio, nanso na ontumi nhwɛ sɛ wobekum ne ba no. Enti bere a na “ontumi nkora no so bio no, ɔfaa mmɛw adaka bi de ama ne mannɔ sraa ho, na ɔde abofra no too mu, na ɔde no kɔtoo wura mu wɔ asu no ano.”—Exodus 2:3.
Ɛda adi sɛ na ɛyɛ den paa ma no sɛ ɔbɛpo ne ba no wɔ saa kwan yi so. Nanso dɛn na na obetumi ayɛ? Ɔdɔ a na ɔwɔ ma ne ba no kaa no ma ɔyɛɛ nea na osusuw sɛ ɛbɛboa abofra no. Anigyesɛm ne sɛ, ne babea gyinaa akyiri baabi hwɛɛ abofra no ara kosii sɛ obi faa ne nua barima no a wanyɛ no bɔne. Ebia ne maame a na onhu nea ɔnyɛ no na ɔma ɔyɛɛ saa.
Nokwarem no, ɛnyɛ mmofra a wɔagye wɔn ɔba no nyinaa na wɔn tebea no gye ntɛmpɛ saa, nanso atirimpɔw a enti wɔyɛ saa no yɛ biako. Robert ka sɛ: “Me maame nyinsɛn me bere a na ɔnwaree. Ná ɛbɛyɛ adesoa kɛse ama me maame sɛ ɔbɛtete me esiane sɛ na mmofra afoforo wɔ abusua no mu nti. Ebia osusuwii sɛ eye sɛ ɔde me bɛma abagye.”
Nokwarem no, ɛwɔ nea enti a wɔde mmofra ma mmusua afoforo abagye. Nanso sɛnea nhwɛso ahorow yi da no adi no, ɛnyɛ sɛ ɛna no tan abofra no anaasɛ wadi dɛm bi nti. Wɔ nsɛm pii mu no, ɛna no gye di yiye sɛ, sɛ ogyaw no ma abusua foforo a, wɔbɛhwɛ no yiye.
Ɛbo a Ɔdɔ a Wɔda no Adi Kyerɛ Wo Som
Ebia nhumu a wubenya no bɛboa wo bio bere a wususuw nea enti a wɔde wo maa abagye ho no. Susuw Mose nhwɛso no ho bio hwɛ. Bere bi akyi no, “Farao babea kɔfaa no, na ɔyɛn no de no yɛɛ ne ba.” (Asomafo no Nnwuma 7:21) Dɛn na ɛkaa Farao babea no ma ɔbɔɔ abofra a na onim sɛ ɔyɛ Hebrifo a wɔabu wɔn fɔ no bi ba no ho ban? Bible ka sɛ: “Hwɛ, ɛyɛ abarimaa a ɔresu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ.” (Exodus 2:6) Yiw, ɛnyɛ ɔtan anaa po a na wɔapo Mose nti na wogyee no ɔba, na mmom ɔdɔ a wonya maa no ntia.
Mmofra a wɔagye wɔn ɔba no pii abehu sɛ wɔn awofo ankasa ampo wɔn kɛkɛ—ɛwom sɛ saa na ɛtaa si nnansa yi—na mmom, wɔde wɔn maa ahyehyɛde bi a wonim sɛ wobetumi ahwɛ wɔn so yiye. Na gye a wogyee wɔn ɔba no nso kyerɛ sɛ na obi dɔ wɔn ma enti ɔfaa wɔn sɛ ɔbɛhwɛ wɔn. So wobetumi aka biribi a ɛte saa afa wo ho? Adwene a wode besi ɔdɔ a wɔada no adi akyerɛ wo so ne ɛho anisɔ a wobɛkyerɛ no betumi aboa wo ma atew awerɛhow a ebia wudi no so.
Bio nso, abusua a wɔagye wo ɔba no akyi no, afoforo betumi ada ɔdɔ adi akyerɛ wo. Sɛ wowɔ Kristofo asafo no mu a, wubetumi anya mfaso horow esiane sɛ wowɔ honhom fam ɛnanom, agyanom ne anuanom mmarima ne mmea pii a wɔdɔ wo nti. (Marko 10:29-30) Kristofo mpanyimfo betumi ‘ayɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.’ (Yesaia 32:2) Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛhwehwɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw aka wo kokoam nsɛm akyerɛ wɔn. Ma wonhu nea ɛwɔ w’adwene ne wo koma mu.
Robert te nka sɛ ehia sɛ wode wo ho bɔ Kristofo asafo no denneennen. Ɔka sɛ: “Meda so te nka sɛ minni anidaso biara. Nanso ɔdɔ a me honhom fam abusua no da no adi kyerɛ me no ama mente nka kɛse.”
Wubetumi Adi Nkonim
Enti ko tia nsusuwii bɔne. Nea ɛka eyi ho bi ne adwene a ɛne sɛ wuntumi nni yiye wɔ asetram esiane sɛ wogyee wo ɔba no nti. Nsusuwii a ɛnteɛ a ɛte saa no betumi abu w’abam koraa! (Mmebusɛm 24:10) Ɛno da nkyɛn a, enni nnyinaso biara.
Kae sɛ Mose de hokwan a onyae no dii dwuma ma mfaso baa so. Bible ka sɛ: “Wɔkyerɛɛ Mose Misrifo nyansa nyinaa, na ɔyɛɛ den wɔ ne nsɛm ne nneyɛe mu.” (Asomafo no Nnwuma 7:22) Nea ehia sen biara no, Mose nyaa honhom fam nkyerɛkyerɛ—ma obehuu ne soro Agya, Yehowa yiye. (Hebrifo 11:27) So odii yiye wɔ asetra mu?
Akyiri yi no, Mose bɛyɛɛ ɔman a wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem abiɛsa anaa nea ɛboro saa no kannifo. Ɔbɛyɛɛ odiyifo, ɔtemmufo, ɔsahene, abakɔsɛm kyerɛwfo, Mmara apam no ntamgyinafo, ne Bible nhoma anum a edi kan no kyerɛwfo. Bio nso, nnipa pii kyerɛ sɛ ɔno na ɔkyerɛw Hiob nhoma no ne Dwom 90. Yiw, Mose dii yiye wɔ asetra mu. Mmofra a wɔagye wɔn ɔba pii adi yiye, na saa ara na wo nso ebetumi asi wo yiye.
Robert tumi tetee mmofra baanu, na mprempren ɔresom sɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu. Sɛ obu kɔmpɔ hwɛ mfe a na ɔwɔ abagye mu no a, ɔka sɛ: “Mabehu sɛ, ɛnsɛ sɛ mekɔ so de m’ani si nea mintumi nyɛ ho hwee no so, na mmom no, ɛsɛ sɛ mekyerɛ nhyira a manya no ho anisɔ.”
Sɛ mprempren wote baabi anaasɛ abusua bi agye wo ɔba a, ɛtɔ mmere bi a wubetumi anya adwemmɔne. Nanso bɔ mmɔden sɛ wubenya adwempa mmom. Filipifo 4:8, 9 hyɛ bɔ sɛ sɛ ‘mokɔ so dwennwen’ nneɛma a ɛsɔ Onyankopɔn ani ho a, “asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.” Nanso, akwampa bɛn na wubetumi afa so adi yiye bere a wo ne abusua a wɔagye wo ɔba no te no? Asɛm a ebedi so aba akyiri yi no bebua saa asɛm no.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 32]
Gye a wɔagye wo ɔba no kyerɛ sɛ na obi dɔ wo ma enti ɔfaa wo sɛ ɔbɛhwɛ wo