Abagye—Ɛsɛ sɛ Woyɛ Bi?
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRITAIN HƆ
ƆMAN dwumayɛni bi a ofi Britain kyerɛ sɛ: “Abagye yɛ nhyehyɛe a wɔyɛ ma mmofra, ɛnyɛ nhyehyɛe a wɔyɛ sɛ wɔbɛma awarefo a wonni ba anya bi.” Sɛ saa mpo a, hokwan bɛn na abofra nya bere a obi gye no de no yɛ ne ba no?
Woresusuw ho sɛ wubegye abofra bi de no ayɛ wo ba? Ɛnde ɛnyɛ gyinaesi a ɛka nkate nkutoo na ɛda wo so, na mmom nea wuntumi nsesa no nso. Ɔkwan bɛn so na abofra no betumi ne w’abusua ayɛ biako?
Sɛ woyɛ abofra a obi agye wo ayɛ ne ba a, wunim w’awofo ankasa? Sɛ ɛnte saa, na sɛ wunim a, wususuw sɛ anka ɛbɛka wo dɛn?
Woyɛ ɛna a woresusuw ho sɛ wode wo ba bɛma obi ayɛ ne ba? So abagye nkutoo ne ano aduru ankasa a ɛbɛboa wo ba no sen biara?
Wɔ 1995 mu no, wogyee mma bɛboro 50,000 wɔ United States, na wɔwoo wɔn mu bɛyɛ 8,000 wɔ amannɔne. Nea ɛrenya nkɔanim ne sɛ, nkurɔfo regye mmofra fi amannɔne ayɛ wɔn mma. Sɛnea Time nsɛmma nhoma kyerɛ no, wɔ mfe 25 a atwam mu no, mmusua a wɔwɔ United States agye mmofra bɛboro 140,000 a wɔwoo wɔn amannɔne ayɛ wɔn mma. Akontaabu a ɛte saa ara wɔ Europa kyerɛ sɛ, Sweden yɛ 32,000, Holland yɛ 18,000, Germany yɛ 15,000, na Denmark yɛ 11,000.
Woresusuw biribi a ɛte saa ho anaa? Abofra a wubegye ayɛ wo ba no kyerɛ sɛ w’asetra—ɛnyɛ abofra no asetra nko—renyɛ sɛnea ɛte bio. Wɔ ɔkwan a ɛfata so no, awofo a wogye mmofra yɛ wɔn mma no hwɛ anigye pii kwan, nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahoboa ma ɔhaw ne huammɔdi pii. Saa ara na ebia koma mu yaw a ɛna a ɔde ne ba ma obi di no remfi hɔ koraa da.
Asɛm no mu biara de ɔdɔ a wode bɛhyɛ abofra ketewa no asetra mu anaa wode bɛtete no ho asɛnnennen ba. Nsɛm a edidi so no bɛka anigye—ne nsɛnnennen—a abagye de ba no bi ho asɛm.