Afe Afe Nhyiam October 4, 1997
WƆBƐYƐ Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no mufo afe afe nhyiam no October 4, 1997, wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ 2932 Kennedy Boulevard, Jersey City, New Jersey no so. Emufo nkutoo bedi kan ayɛ nhyiam anɔpa 9:15, na ɛno akyi na wɔbɛyɛ afe afe nhyiam a afoforo tumi ba bi no anɔpa 10:00.
Ɛsɛ sɛ Adwumakuw no mufo ma Ɔkyerɛwfo no Dwumadibea aso te address mu nsakrae biara a wɔyɛe wɔ afe a etwaam no mu saa bere yi, na ama wɔn nsa atumi aka amanneɛbɔ ne ananmusifo nkrataa a wɔde brɛ wɔn daa no wɔ July mu.
Ɛsɛ sɛ Adwumakuw no mufo san de ananmusifo nkrataa a wɔde bɛka afe afe nhyiam no ho amanneɛbɔ ho abrɛ wɔn no mena ma ebedu Asafo ti no Kyerɛwfo Dwumadibea ansa na August 1 atwam. Ɛsɛ sɛ emuni biara hyehyɛ n’ananmusifo krataa no wie na ɔsan de mena ntɛm ara, na ɔkyerɛ sɛ n’ankasa bɛba nhyiam no anaa ɔremma. Ɛsɛ sɛ nsɛm a wɔkyerɛw wɔ ananmusifo krataa biara so no ka biribi pɔtee wɔ eyi ho, efisɛ ɛno so na wobegyina ahu wɔn a wɔn ankasa bɛba no.
Wɔhwɛ kwan sɛ wobewie nhyiam dwumadi no nyinaa a adwuma ho nhyiam ne amanneɛbɔ ahorow ka ho no awia 1:00 anaa ɛno akyi pɛɛ. Wɔrenyɛ nhyiam no bi awia. Esiane sɛ nhyiambea hɔ sua nti, wɔn a wokura tekiti nkutoo na wobetumi aba bi. Wɔrenyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔafa telefon so atie afe afe nhyiam no wɔ asa afoforo so.