Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 7/1 kr. 22-25
  • Asetra a Minnuu Me Ho Wɔ Ho Da

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asetra a Minnuu Me Ho Wɔ Ho Da
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Maame Nhwɛso Pa No
  • Adwuma ne Honhom mu Nkɔso.
  • Betel Adwuma Wɔ Ɔhaw Bere Mu
  • Akwampae Adwuma Wɔ Ɔko Bere Mu
  • Hokwan Bebree a Ɛyɛ Anigye
  • ‘Yehowa Ne Me Nyankopɔn A Mede Me Ho Mɛto No So’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Eyi Betumi Ayɛ Adwuma a Eye Ma Wo Sen Biara?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Yɛto Nsa Frɛ Obiara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Anisɔ a Yɛde Bɛhwɛ “Onyankopɔn Fie”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 7/1 kr. 22-25

Asetra a Minnuu Me Ho Wɔ Ho Da

SƐNEA PAUL OBRIST KA KYERƐE

Wɔ 1912 mu, bere a na madi mfe asia no, Maame wui bere a na ɔrewo ne ba a ɔtɔ so anum no. Bɛyɛ mfe abien akyi no, ofisiesiefo kumaa bi a ne din de Berta Weibel, fii ase hwɛɛ yɛn abusua no. Bere a Paapa waree no afe a edi hɔ no, yɛn mmofra no ani gyei sɛ yɛanya maame bio.

YƐTRAA Brugg, kurow ketewa bi a ɛwɔ Switzerland a wɔka German kasa wɔ hɔ no. Nokwarem no, na Berta yɛ Kristoni ankasa, na na mepɛ n’asɛm paa. Ofii ase suaa Bible Asuafo (Yehowa Adansefo) nhoma horow wɔ 1908 mu, na na ɔka nea wasua no ho asɛm kyerɛ afoforo.

Wɔ 1915 mu, bere a Berta ne Paapa waree akyi bere tiaa bi no, me ne no kɔhwɛɛ “Photo-Drama of Creation” sini no bi. Amanaman Ntam Bible Asuafo Mmɔdenbɔfo no sini a woyi kyerɛe yi nyaa m’adwene ne me koma so nkɛntɛnso kɛse. Afoforo nso ani gyee ho yiye. Asa a ɛwɔ Brugg no yɛɛ ma ara ma polisifo no totoo apon no mu pamoo wɔn a wɔbaa akyiri no. Nnipa bebree bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa antweri so awura mfɛnsere bi a wɔabue mu abam, na wɔn mu kakraa bi na wotumi yɛɛ saa.

Maame Nhwɛso Pa No

Na Wiase Ko I rekɔ so saa bere no wɔ Europa, na na nkurɔfo abɔ hu wɔ daakye ho. Ɛno nti, na asɛmpa a ɛma awerɛkyekye a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no a wɔde kɔ afie mu, sɛnea Maame yɛe no, yɛ adwuma pa. Ɛtɔ da bi a na ɔma mekogya no, na m’ani gyee eyi ho kɛse. Wɔ 1918 mu no, Maame tumi yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho nsɛnkyerɛnne denam nsu mu asubɔ so.

Paapa ansɔre antia Maame som no kosii sɛ wɔbɔɔ no asu, nanso ofii ase sɔre tiaa no. Da koro bi ogyee ne Bible ho nhoma nyinaa tow guu ogya mu. Maame tumi yii ne Bible nkutoo fii ogya no mu. Nanso nea ɔyɛɛ akyiri yi no yɛɛ ahodwiriw. Ɔkɔbam Paapa. Wannya ne ho menasepɔw biara.

Esiane sɛ nea esii no maa Paapa ho dwiriw no nti, ɔyɛɛ komm. Nanso, ɔsɔre tiaa no wɔ bere ne bere mu, na na ɛsɛ sɛ yegyina ne nteɛteɛm no ano.

Adwuma ne Honhom mu Nkɔso.

Wɔ 1924 mu, bere a mede mfe abiɛsa suaa adwuma wiei sɛ obi a ɔyɛ ti no, mifii fie na mikonyaa adwuma wɔ Switzerland fã a wɔka Franse wɔ hɔ no. Eyi maa minyaa hokwan suaa Franse yiye. Ɛwom sɛ ɔkwan bi so no tu a mitui no siw me honhom mu nkɔso kwan de, nanso ɔdɔ a na mewɔ ma Bible mu nokware no anyera. Ɛno nti bere a mfe asia akyi mebaa fie no, mifii ase kɔɔ Kristofo asafo no nhyiam wɔ Brugg.

Bere tiaa bi wɔ ɛno akyi no, mitu kɔtraa Rheinfelden, kurow ketewa bi a ɛwɔ bɛyɛ kilomita 40 no mu. Meyɛɛ adwuma wɔ hɔ wɔ beae a na me nuabea yɛ ti na mikuraa me honhom mu nkɔso no mu denam Bible Asuafo kuw ketewa bi nhyiam a na mekɔ so. Bere a da koro bi yewiee yɛn dapɛn mfinimfini Bible adesua no, Onua Soder, ɔpanyin a ɔhwɛ so no bisae sɛ: “Hena na ɔpɛ sɛ ɔkɔ asɛnka Kwasida?” Metuu me ho mae a na misusuw sɛ medi obi akyi ma wakyerɛ me sɛnea wɔyɛ adwuma no.

Bere a Kwasida dui na yɛkɔɔ yɛn asasesin mu no, Onua Soder kae sɛ: “Owura Obrist bɛyɛ adwuma wɔ hɔnom.” Ɛwom sɛ me koma ntui pɛn saa da de, nanso mifii ase kɔɔ nkurɔfo afie mu kɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. (Asomafo no Nnwuma 20:20) Efi saa bere no, mantwentwɛn me nan ase da sɛ mɛyɛ asɛnka adwuma a Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ wie ansa na wiase awiei aba no. (Mateo 24:14) Wɔ March 4, 1934 mu bere a na madi mfe 28 no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho nsɛnkyerɛnne.

Wɔ mfe abien akyi no, minyaa adwuma sɛ obi a ɔyɛ ti wɔ Lugano, Switzerland kurow bi a wɔka Italia kasa wɔ hɔ. Ntɛm ara mifii ase kaa asɛmpa no wɔ hɔ, ɛwom sɛ na Italia kasa kakraa bi na mete de. Nanso Kwasida a edi kan a mekɔɔ asɛnka no, mede nhomawa 20 a mefae no nyinaa mae. Wɔ bere bi akyi no, mitumi boaboaa anigyefo kakra ano sɛ kuw ne wɔn yɛɛ Ɔwɛn-Aban adesua. Awiei koraa no wɔbɔɔ eyinom mu pii asu, na wɔ February 1937 mu no, yɛtew Yehowa Adansefo asafo wɔ Lugano.

Asram abien akyi, wɔ April 1937 mu no, me nsa kaa krataa bi a ɛsakraa m’asetra kɛse. Na ɛyɛ nsa a wɔto frɛɛ me sɛ memɛsom wɔ Betel, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ aman ahorow mu no. Migyee nsa a wɔto frɛe no so ntɛm ara—gyinaesi a minnuu me ho wɔ ho da. Saa na mifii adwuma a mede mfe 60 ayɛ wɔ bere nyinaa som adwuma no mu no ase.

Betel Adwuma Wɔ Ɔhaw Bere Mu

Saa bere no na Switzerland Betel no wɔ kuropɔn Bern a ɛyɛ Switzerland ahenkurow no mu. Na yetintim nhoma, nhomawa, ne nsɛmma nhoma wɔ kasa 14 mu wɔ hɔ de kɔ Europa nyinaa. Bere ne bere mu no, na mede nhoma a wɔatintim no bi gu wheelbarrow mu kɔ keteke gyinabea, esiane sɛ saa bere no na yennya bɔs bere nyinaa nti. Na me dwumadi a edi kan wɔ Betel ne Beae a Wotintim nhoma. Ankyɛ na mifii ase yɛɛ adwuma wɔ beae a wogye ahɔho, na na mesan yi Betel abusua no ti ma wɔn.

Wɔ September 1939 mu no, Wiase Ko II pae gui, na Nasi ntua no kanyan ehu wɔ Europa nyinaa. Na Switzerland yɛ ɔman a ennyina aman a na atwa ho ahyia a wɔreko no mu biara afa. Mfiase no yɛkɔɔ so yɛɛ yɛn Kristofo adwuma no a biribiara ansiw yɛn kwan. Na afei wɔ July 5, 1940 awia nnɔnabien no, bere a na mete m’agua so wɔ abrannaa so no, ɔbarima bi a ɔnyɛ ɔsraani ne ɔsraani bi a okura tuo a sekan tua ano baa hɔ.

Nea ɔnyɛ ɔsraani no teɛɛm sɛ: “Zürcher wɔ he?” Saa bere no na Franz Zürcher na ɔyɛ yɛn asɛnka adwuma wɔ Switzerland no so hwɛfo a ɔwɔ baa dwumadibea hɔ.

Mibisae sɛ: “Menka nkyerɛ hena?” Ntɛm ara wosoo me mu twee me foroo atrapoe no, na wɔkae sɛ memfa wɔn nkɔ Zürcher adwumayɛdan mu.

Wɔhyɛɛ Betel abusua no nyinaa—saa bere no na yɛyɛ 40—sɛ yenkohyia wɔ beae a yedidi no. Wɔde atuo anan a ɛtow ntɛmntɛm sisii ɔdan no akyi na amma obiara ammɔ mmɔden sɛ obeguan. Asraafo a wɔn dodow bɛyɛ sɛ 50 fii ase hwehwɛɛ ɔdan no mu. Nea ɛne nea wohwɛ kwan bɔ abira no, wɔannya adanse biara a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo siw sraadi adwuma ho kwan. Bere koro no ara, wogyee nhoma bebree fii yɛn nsam de guu asraafo lɔre kɛse anum mu kɔe.

Bere a yɛamma kwan amma aban mpanyimfo anyɛ Ɔwɛn-Aban no ho nhwehwɛmu no, wɔbaraa ne tintim wɔ Switzerland. Na eyi kyerɛ sɛ nnipa kakraa bi na na wobehia wɔn ma wɔayɛ Betel adwuma no, na wɔhyɛɛ abusua no mufo a wonnyinyinii pii no nkuran sɛ wɔnkɔ nkɔyɛ akwampaefo, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo a wɔde wɔn bere nyinaa ka asɛmpa no.

Akwampae Adwuma Wɔ Ɔko Bere Mu

Wɔ July 1940 mu no, mekɔɔ Switzerland beae a wɔka Italia kasa wɔ hɔ a ɛbɛn Lugano no, baabi a na mete ansa na mereba Betel no. Saa asasesin a Katolekfo agye hɔ afa, a saa bere no nso na ɛwɔ Fasistfo nkɛntɛnso kɛse ase no, bɛyɛɛ baabi a na meyɛ adwuma sɛ ɔkwampaefo.

Ɛkame ayɛ sɛ da koro pɛ mpo antwa mu a polisfo anka ankyerɛ me sɛ minnyae asɛnka adwuma no. Da bi a na me ne ɔbea bi rekasa wɔ turo bi kwan ano no, owura bi a ɔnhyɛ asraafo atade faa m’akyi kyeree me de me kɔhyɛɛ kar bi mu, na ɔde me kɔɔ Lugano. Ɔde me maa polisifo wɔ hɔ. Bere a wobisabisaa me nsɛm no, mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa Nyankopɔn ahyɛ yɛn sɛ yɛnka asɛm no.

Polisini no de ahomaso kae sɛ: “Yɛn na yɛde ahyɛde ma wɔ asase yi so. Onyankopɔn betumi de ahyɛde ama wɔ ɔsoro!”

Wɔ ɔko no mu no, na ɛho hia titiriw sɛ yetie Yesu afotu a ɛse “monyɛ anifere sɛ awɔ, na monyɛ kronn sɛ mmorɔnoma” no. (Mateo 10:16) Ɛno nti mede me nhoma no dodow no ara siee bɔtɔ a ɛwɔ me hyɛɛt mu no mu. Na sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara remfi mu ntɔ fam no, mehyɛɛ nika a ɛso a ekodu me kotodwe.

Bere bi akyi no, wɔmaa me akwankyerɛ sɛ mintu nkɔ Engadine obon no mu, baabi a mekɔɔ so ne polisifo no dii ahintahintaw. Eyi yɛ obon bi a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ Switzerland mmepɔw Alps no apuei fam, a sɛ edu awɔw bere a sukyerɛmma kata so, enti memaa wɔde me nnua a mede fa sukyerɛmma mu brɛɛ me na aboa me wɔ asasesin no mu.

Ahyɛnsa a ɛma ɔhyew ho hia bere a obi retu kwan wɔ awɔw bere mu no. Esiane sɛ na metaa hyɛ me de no nti, ankyɛ na efii ase tetewee. Hwɛ anisɔ ara a minyae bere a da koro bi me nsa kaa amenade a ɛyɛ ataade a wɔde ko awɔw a wɔde nsa anwene ne ahyɛnsa a emu yɛ duru! Onuawa Kristoni bi a na me ne no wɔ me kan asafo mu wɔ Bern na ɔyɛ maa me. Na seesei mpo sɛ misusuw ho a, meda no ase pii wɔ me koma mu.

Hokwan Bebree a Ɛyɛ Anigye

Wɔ 1943 mu no, tebea a na ɛwɔ Switzerland fii ase yɛɛ yiye, na wɔfrɛɛ me sɛ menkɔsom wɔ Betel. Esiane nsɛnnennen bi a na ɛwɔ asafo a wɔka Franse kasa wɔ Lausanne, a na ɛwɔ bɛyɛ kilomita 100 no mu nti, wɔma mekɔɔ kurow no mu daa kɔboaa adawurubɔfo no sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya adwene a ɛfata wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no ho.

Akyiri yi mesomee wɔ Franse asafo horow a ɛwɔ Switzerland no mu sɛ ɔmansin sohwɛfo kosii bere bi. Wɔ dapɛn no mfiase no na meyɛ adwuma wɔ Betel, nanso na mede Fida, Memeneda, ne Kwasida srasra asafo foforo bi dapɛn biara de bɔ mmɔden sɛ mɛboa wɔn honhom mu. Afei nso, bere a wɔtew asafo a wɔka Franse kasa wɔ Bern wɔ 1960 mu no, meyɛɛ ɛso hwɛfo guamtrani. Mesom saa kosii 1970 mu, bere a woyii Betel fii Bern kɔɔ beae a ɛhɔ yɛ fɛ wɔ Thun kurow mu mprempren no.

M’ani gyei sɛ mihuu Adansefo kuw ketewa bi a wɔka Italia kasa wɔ Thun no, na mifii ase ne wɔn yɛɛ adwuma. Bere bi akyi no yɛtew asafo, na mesom sɛ ɛso hwɛfo guamtrani mfe bebree kosii sɛ anuanom nkumaa no bi fata maa saa asɛyɛde no.

Nea mabu no sɛ ɛyɛ hokwan a anigye wom titiriw ne Yehowa nkurɔfo amanaman ntam nhyiam a mekɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1950 mu no, wɔyɛɛ Teokrase Nkɔso Nhyiam a wɔkae no yiye wɔ Yankee Stadium, New York. Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, a mekɔsraa hɔ no nyaa me so nkɛntɛnso kɛse. Afei nso me werɛ remfi ɔkasa a Onua Milton G. Henschel mae wɔ afe a edi hɔ no mu wɔ Ɔsom a Ɛho Tew Nhyiam a wɔyɛe wɔ London wɔ England a esii Yesu asɛm yi so dua no da, “Mise mo sɛ: Eyinom mua wɔn ano a, anka abo mpo bɛteɛm”. (Luka 19:40) Onua Henschel bisae sɛ, “Mususuw sɛ ɛsɛ sɛ abo teɛm?” Meda so ara kae nnyeso dennen “Dabi!” a efi nnipa mpempem pii hɔ bae no.

Bere a mesan kɔɔ Betel wɔ 1937 mu no, me papa a na onim sɛ sika kakraa bi na wɔde ma yɛn no bisae wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ wahaw so sɛ, “Me ba, wobɛyɛ dɛn ahwɛ wo ho wɔ wo nkwakoraa bere mu?” Mede odwontofo Dawid asɛm no maa mmuae sɛ: “Minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.” (Dwom 37:25) Nokwarem no, saa nsɛm yi anya mmamu wɔ me fam.

Anigye bɛn ara na manya sɛ wɔ mfe 80 a atwam no, Berta Weibel waree Paapa na denam ne nhwɛso ne n’akwankyerɛ so no mihuu Yehowa ne ne su ahorow! Ɛwom sɛ abusua no mufo foforo dii ne ho fɛw de, nanso ɔde nokwaredi som Yehowa kosii sɛ owui wɔ 1983 mu. Wannu ne ho da sɛ ɔsom ne Nyankopɔn, Yehowa; saa ara na me nso minnuu me ho sɛ mede m’asetra nyinaa asom Yehowa wɔ sigyadi mu.

[Kratafa 25 mfonini]

Mereyɛ adwuma wɔ Betel

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena