Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 7/1 kr. 3
  • So Anwonwakwan so Ayaresa Da So Ara Wɔ Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Anwonwakwan so Ayaresa Da So Ara Wɔ Hɔ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adesamma Anwonwakwan so Ayaresa Abɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Sɛnea Gyidi Betumi Aboa Ayarefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • ‘Anwonwakwan so Ayaresa’ a Ɛwɔ hɔ Nnɛ—So Efi Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • So Onyankopɔn Pene Gyidi Ayaresa So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 7/1 kr. 3

So Anwonwakwan so Ayaresa Da So Ara Wɔ Hɔ?

“GYE Yesu di, na nya ayaresa!” Nsɛm a ɛte sɛ eyi maa Alexandre a ɔkɔ Evangelical asɔre no nyaa gyidi bi sɛ ne yare no ho aduru a ɔbɛfa no bɛkyerɛ sɛ onni gyidi. Obegye dii sɛ ne gyidi nkutoo na ɛbɛma wanya anwonwakwan so ayaresa a ohia no. Bere a Benedita a ɔyɛ Katolekni amapa no tee sɛ wɔresa yare anwonwakwan so wɔ Aparecida do Norte asɔredan a ɛwɔ São Paulo mantam a ɛwɔ Brazil mu no, ɛkaa ne koma paa. Benedita de nsɛm bi a na ne maame panyin akyerɛ no kankye bɔɔ Yɛn Awuraa a ofi Aparecida, Anthony, ne “ahotefo” foforo mpae sɛ wɔmma no ahoɔden a ɔde bɛsa yare.

Ɛkame ayɛ sɛ bere a afeha a ɛto so 20 yi rekɔ n’awiei mpo no, nnipa pii da so gye anwonwakwan so ayaresa di—nanso dɛn ntia? Ɛda adi sɛ, sɛ nnuruyɛfo antumi anni ebinom adɔfo, nkanka wɔn mma yare, wɔn yaw, ne wɔn amanehunu ho dwuma yiye a, ɛma wɔn ho yeraw wɔn. Ebia wɔn a wɔwɔ nyarewa a enni sabea no bɛte nka sɛ esiane sɛnea nnuru a aba nnansa yi bo yɛ den nti, ɛnsɛe hwee sɛ wɔbɛhwehwɛ gyidi ayaresa. Ebinom hu asɔre ahorow ne ankorankoro a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ AIDS, adwenemhaw, kokoram, adammɔ, mogyammoroso, ne nyarewa foforo pii ano aduru, wɔ TV so. Sɛ́ wɔwɔ nsɛm a ɛtete saa mu gyidi anaa ɛnte saa no, ebia wɔde wɔn ani bɛto so sɛ ɛno ne wɔn anidaso a aka. Afoforo nso a wogye di sɛ ahonhommɔne na ɛde yare no aba wɔn so no betumi ate nka sɛ ahoɔden a ebetumi aboa wɔn nni aborɔfoduru mu.

Afei nso, yɛwɔ ebinom a wɔmpene adwene a ɛne sɛ “ahotefo” a wɔawuwu anaa ayaresafo a wɔte ase betumi asa yare wɔ anwonwakwan so no so koraa, na wɔka ho nsɛmmɔne mpo. Sɛnea Jornal da Tarde kyerɛ no, akwahosan ho bammɔ ho ɔdenimfo Dráusio Varella te nka sɛ saa gyidi no “ma wɔn a wɔn ani nni wɔn ho so ne wɔn a wɔn ho yeraw wɔn gyidi yɛ ɔkwa.” Ɔde ka ho sɛ: “Nnipa pii betumi de wɔn ani ato anwonwade so na wɔapo aduruyɛ ankasa esiane saa nnaadaafo yi nti.” Na The New Encyclopædia Britannica no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ mmere a atwam no, wɔde anwonwakwan so ayaresa bataa akronkrommea ne ɔsom amanneɛ ahorow ho, na na nnuruyɛ ho adesua taa kyerɛ sɛ ayaresa a ɛte saa nyinaa fi biribi a wohuw gu nkurɔfo ani so ara kwa a ehyia tebea pa.” Nanso nnipa pii gye di sɛ wɔnam anwonwakwan so saa wɔn yare ankasa. Wɔn fam no, ayaresa no dii nkonim!

Wɔn a wonim Bible mu no nim sɛ Yesu Kristo saa nyarewa pii, na ɔde “Onyankopɔn ahoɔden” na ɛyɛɛ saa. (Luka 9:42, 43) Enti ebia wobebisa sɛ, ‘Onyankopɔn ahoɔden da so ara yɛ adwuma ma wɔde sa yare anwonwakwan so nnɛ?’ Sɛ saa a, dɛn nti na mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsa nkurɔfo yare no ntumi nyɛ yiye sɛnea wɔhyɛ ho bɔ no? Ɛyɛ gyidi a ɛsɛ a ɔyaresafo no nni anaa ne ntoboa a esua ntia? Ɛbɛyɛ papa sɛ Kristoni bɛhwehwɛ anwonwakwan so ayaresa bere a ɔrete yaw nka anaa ebia wanya yare a enni sabea bi no? Na so anwonwakwan so ayaresa a edi mũ te sɛ nea Yesu yɛe no bɛsan aba bio da bi? Wubetumi anya saa nsɛmmisa a ɛho hia yi ho mmuae wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena