Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Yɛn Ho a Yɛbɛde Afi Adaemone Nkɛntɛnso Ase
AHONHONSƐM adi nnipa ɔpepem pii asetra so bere tenten. Nanso wobetumi ade wɔn ho afi ho ma ayɛ yiye! Saa na ɛbae wɔ nnipa pii fam wɔ tete kurow Efeso mu. Sɛnea Bible kyerɛwtohɔ kyerɛ no, “wɔn a wɔyɛ asumanne no mu bebree de wɔn nhoma bae bɛhyewee . . . Sɛnea [Yehowa, NW] asɛm nam ahoɔden so nyinii na ɛyɛɛ den ne no.”—Asomafo no Nnwuma 19:19, 20.
Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ no renyin saa ara. Sɛnea na ɛte wɔ Efeso no, wɔn a wɔadi ahonhonsɛm pɛn ka wɔn a wɔabɛyɛ gyidifo no ho. Osuahu a efi Zimbabwe a edi so yi kyerɛkyerɛ eyi mu.
Ná Gogo (Nanabea) Mthupha agye din yiye wɔ n’ahonhonsɛmdi ho. Nkurɔfo fi akyirikyiri te sɛ Zambia, Botswana, ne South Africa baa ne nkyɛn ma ɔde ne nhabannuru saa wɔn yare. Gogo Mthupha kyerɛɛ nkurɔfo sɛnea wɔyɛ n’anga anaa ɔkɔmfo nso. Na ɛtɔ mmere bi a na ɔkyekyere nkurɔfo!
Kwasida anɔpa bi Yehowa Adansefo a na wɔreyɛ afie afie asɛnka kɔsraa Gogo Mthupha. N’ani gyee nkɔmmɔ a wɔne no bɔ faa Bible no bɔhyɛ a ɛfa trenee wiase foforo, wiase a nkɛntɛnso bɔne biara nnim ho no ho paa. Ogyee Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So nhoma no biako, na ɔpenee so sɛ wɔne no nyɛ ofie Bible adesua.a Osuaa ade mprɛnsa pɛ no, ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow.
Ɛdenam Gogo Mthupha Bible adesua no so no, obehui sɛ ne tumi soronko no fi ahonhommɔne a na wɔatew atua atia Yehowa tumidi no hɔ. (2 Petro 2:4; Yuda 6) Osuae nso sɛ saa adaemone yi asi wɔn bo sɛ wɔbɛma obiara a wobenya no asɔre atia Yehowa ne ne som kronn. Dɛn na na ɔbɛyɛ bere a na dwuma a ɔne ahonhommɔne yi di so na ɔnam nya n’asetrade no?
Gogo Mthupha kaa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛtow ne nsɛbɛ ne nneɛma a ɔde di ahonhonsɛm no nyinaa agu no ho asɛm. Nea na ɛka eyinom ho ne ne ti a na osiesie no soronko ne “nantwi mmɛn a ɛkasa” a na ɔde di dwuma wɔ ne n’anga ayaresa mu no. Gogo Mthupha pɛe sɛ ɔtow nneɛma a ɛte saa no nyinaa gu na ama watumi asom nokware ne ɔteasefo Nyankopɔn koro, Yehowa.
Nanso, n’abusuafo bi sɔre tiae, efisɛ na ɔboa wɔn wɔ sika fam. Wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa nneɛma no ne n’ahonhommɔne tumi no mma wɔn, na ama wɔatumi akɔ so anya so mfaso. Gogo Mthupha ampene.
Ɛdenam Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔ no mmoa so no, ɔsesaa ahonhonsɛmdi nneɛma nkotoku akɛse abiɛsa kɔhyew ne nyinaa. Bere a Gogo Mthupha adwinnade ahorow a ɔde di ahonhonsɛm no redɛw no, ɔteɛɛm sɛ: “Monhwɛ! Saa abɛn no, entumi nnye ne ho.”
Bere bi akyi no, Gogo Mthupha de nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne anigye so. Ɔkwan bɛn na ɔfa so nya n’ano aduan seesei? Denam atosode a ɔtɔn so. Yiw, obi betumi ade ne ho afi adaemone som ho denam Onyankopɔn Asɛm no mu tumi so. Gogo Mthupha ka sɛ: “Me ho ntɔɔ me sei da.”
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.