So Wokae?
So woahu sɛ Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi so wɔ mfaso ma wo? Ɛnde dɛn nti na womfa nsɛmmisa a edidi so yi nsɔ w’adwene nhwɛ?
◻ Harmagedon bɛyɛ te sɛ dɛn? (Adiyisɛm 16:14, 16)
Ɛrenyɛ nuklea ɔsɛe anaa asiane bi a nnipa na wɔde ba. Dabi, ɛyɛ Onyankopɔn ko a ɛde nnipa akodi nyinaa bɛba awiei, na ayi wɔn a wɔhyɛ akodi a ɛtete saa ho nkuran nyinaa afi hɔ de nokware asomdwoe abrɛ wɔn a wɔdɔ asomdwoe. Ɛrenka akyiri. (Habakuk 2:3)—4/15, kratafa 17.
◻ Ayeforohyia bɛn na ɛhyɛ Yehowa anuonyam?
Ayeforohyia a honhom fam nneɛma abunkam wiase akwan so wɔ ase no bɛhyɛ Yehowa anuonyam nokware mu. Sɛ Kristofo ani begye adeyɛ no ho a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ twe wɔn ho fi wiase no amammerɛ ahorow a ɛmfata, gyidihunu ne nneyɛe a ɛtra so ho; ɛnsɛ sɛ wɔma etwitware teokrase dwumadi ahorow mu; na ɛsɛ sɛ ɛda ahobrɛase adi mmom sen ahohoahoa.—4/15, kratafa 26.
◻ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi yɛ nokwaredifo?
Nokwaredifo yɛ obi a ɛnyɛ sɛ ne yɔnko nipa nko na onya ne mu ahotoso, na mmom nea ehia titiriw no, Onyankopɔn. Onipa a ɔte saa no koma mu a ɛtew no da adi wɔ ne nnwuma mu. Ɔnyɛ nyaatwom. Ɔnyɛ ɔdaadaafo anaa dwowtwafo. (2 Korintofo 4:2)—5/1, kratafa 6.
◻ Dɛn nti na Yeremia kae sɛ: “Eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔndua ne mmerantebere mu”? (Kwadwom 3:27)
Sua a obi sua sɛ obegyina sɔhwɛ ahorow ano bere a ɔyɛ abofra no boa no siesie no ma otumi gyina ɔhaw ahorow ano bere a wanyin no. (2 Timoteo 3:12) Nokwaredi so mfaso no boro bere tiaa mu ahotɔ biara a sɛ yegyae yɛn mudi mu a ɛde bɛba no so koraa.—5/1, kratafa 32.
◻ Mose ne Elia a woyii wɔn ho adi wɔ ahosakra anisoadehu no mu no yɛɛ dɛn ho mfonini?
Wɔ ahosakra no mu no, na Mose ne Elia yɛ Yesu nuanom a wɔasra wɔn no ho mfonini a ɛfata. Yi a wɔne Yesu ‘yii wɔn ho adi anuonyam mu’ no yɛɛ mfonini a ɛkyerɛ sɛ ‘wɔbɛhyɛ’ Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no ne Yesu ‘anuonyam’ wɔ ɔsoro Ahenni nhyehyɛe no mu. (Luka 9:30, 31; Romafo 8:17; 2 Tesalonikafo 1:10)—5/15, nkratafa 12, 14.
◻ Dɛn ne Onyankopɔn “ahintasɛm kronkron” no? (1 Korintofo 2:7)
Onyankopɔn “ahintasɛm kronkron” no gyina Yesu Kristo so. (Efesofo 1:9, 10, NW) Nanso, ɛnyɛ hu a yebehu sɛ Yesu ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no kɛkɛ. Ɛfa ɔsoro nniso bi, Onyankopɔn Mesia Ahenni no ho, na nea ɛka ho ne dwuma a wɔde ahyɛ Yesu nsa sɛ onni wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu no.—6/1, kratafa 13.
◻ Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristoni bu mpanyinyɛ anaa ɔyare?
Sɛ́ anka obebu sɔhwɛ a ɛte saa no sɛ ɛrema ne som a ɔde ma Yehowa no so atew no, ɛsɛ sɛ ɔfa no sɛ ɛyɛ hokwan a ɛbɛma wakɔ so de ne ho ato Ne so kɛse. Ɛsɛ ɛsɛ ɔkae nso sɛ, ɛnyɛ nnwuma dodow a Kristoni bi yɛ nko na wɔde hu sɛnea ɔfata, na mmom wɔde ne gyidi ne ɔdɔ a emu dɔ nso hu. (Marko 12:41-44)—6/1, kratafa 26.
◻ Ɔkwan bɛn so na nnipa a Yehowa de wɔn dii dwuma ma wɔkyerɛw Bible no sen sɛ anka ɔde abɔfo bedi dwuma no ma ne nyansa da adi kɛse?
Sɛ nnipa ho nnim koraa a, anka ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛte Bible mu nsɛm no ase. Afei nso, Bible no kura nsɛm a ɛyɛ anika, nea egu ahorow, na ɛyɛ anigye, a nnipa ho a ɛwom no ma ɛda adi.—6/15, kratafa 8.
◻ Dɛn na ɛde abusua mu anigye ba?
Nea ɛde ba no gyina Onyankopɔn Asɛm, Bible, ne emu nnyinasosɛm ahorow te sɛ ahosodi, tiyɛ a wogye tom, nkitahodi pa, ne ɔdɔ a wɔde di dwuma so.—6/15, nkratafa 23, 24.
◻ Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yesu saa yare no yɛ soronko koraa wɔ nea wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ ayaresa tumi yɛ nnɛ no ho?
Nkurɔfokuw no anyɛ gyegyeegye biara, na Yesu nso anyɛ yɛ-ma-yɛnhwɛ biara. Nea ɛka ho no, amma da sɛ Yesu antumi ansa ayarefo bi yare a n’amanneɛ ne sɛ na wɔn ayɛyɛde sua anaasɛ na wonni gyidi.—7/1, kratafa 5.
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa aboa ne nkurɔfo ma wɔanya gyinabea wɔ ne soro atirimpɔw a ɛfa ne din ne N’ahenni ho no mu?
Nea edi kan, Yehowa de nokware no hyɛɛ ne nkurɔfo nsa. Nea ɛto so abien, ɔde ne honhom kronkron maa wɔn. Na nea ɛto so abiɛsa no, yɛwɔ yɛn wiase nyinaa nuayɛ no ne Yehowa ahyehyɛde no nhyehyɛe a ɛyɛ ma ɔsom no.—7/1, nkratafa 19, 20.
◻ Dɛn ne ɔbra pa?
Ɔbra pa yɛ abrabɔ a ɛkyɛn so, papayɛ, adeyɛ ne nsusuwii a ɛfata. Ɛnyɛ su bi a obi te nka wɔ ne mu kɛkɛ, na mmom ɛyɛ nea woyi no adi, a mfaso wɔ so. Ɔbra pa hwehwɛ pii sen bɔne a wɔbɛkwati; ɛkyerɛ nea ɛteɛ a wɔbɛyɛ. (1 Timoteo 6:11)—7/15, kratafa 14.
◻ Dɛn ne agyapade a ɛsom bo paa a awofo betumi de ama wɔn mma?
Agyapade a ɛsom bo paa a awofo betumi de ama wɔn mma ne wɔn ankasa nhwɛso a wɔbɛyɛ wɔ ɔdɔ a wobeyi no adi akyerɛ afoforo ho. Ɛho hia kɛse sɛ mmofra hu na wɔte sɛ wɔn awofo da nokware dɔ adi kyerɛ Onyankopɔn wɔ biribiara a wɔyɛ mu.—7/15, kratafa 21.
◻ Dɛn ne nneɛma bi a ɛho hia na ama abusua adesua atu mpɔn?
Ɛsɛ sɛ abusua adesua yɛ nea wɔyɛ no daa. Ɛsɛ sɛ ‘motɔ bere’ ma adesua no. (Efesofo 5:15-17) Ma mmofra no ani nnye adesua mmere no ho denam Bible no a wobɛma akasa so. Sɛ mmofra ani begye ho a, ɛsɛ sɛ wɔte nka sɛ wɔn nso ka ho.—8/1, nkratafa 26, 28.