Filemon ne Onesimo—Biako a Wɔyɛe Wɔ Kristofo Nuayɛ Mu
ƆSOMAFO Paulo nkrataa a ɔnam honhom so kyerɛwee no biako ka mmarima baanu bi a na wɔwɔ asɛm bi a na ne ka yɛ kana ho asɛm. Obiako ne Filemon, na nea ɔka ho ne Onesimo. Ná saa mmarima yi yɛ nnipa bɛn? Dɛn na ɛmaa wɔn tebea no ho asɛm hiaa Paulo?
Ná Filemon a wɔkyerɛw krataa no kɔmaa no no te Kolose wɔ Asia Kumaa. Ná Filemon tebea nte sɛ Kristofo afoforo pii a na wɔte saa beae no, efisɛ na onim Paulo, na ɛnam ɔsomafo no asɛnka adwuma so na obegyee asɛmpa no. (Kolosefo 1:1; 2:1) Ná Paulo nim no sɛ ne ‘dɔfo ne yɔnko dwumayɛni.’ Ná Filemon yɛ gyidi ne ɔdɔ ho nhwɛso. Ná ɔwɔ ahɔhoyɛ su, na na ɔma ne mfɛfo Kristofo nya ahomeka. Ɛda adi nso sɛ na Filemon yɛ sikani, efisɛ na ne fie sõ sɛnea ɛsɛ ma ɛhɔ asafo no tumi hyiaam wɔ hɔ. Wɔaka sɛ ɛbɛyɛ sɛ na nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔn din kaa ho, Apia ne Arkipo, yɛ ne yere ne ne babarima. Anyɛ hwee koraa no, na Filemon wɔ akoa biako, Onesimo.—Filemon 1, 2, 5, 7, 19b, 22.
Ɔkobɔfo a Ɔwɔ Roma
Kyerɛwnsɛm no nka nea enti a na Onesimo ka Paulo ho wɔ Roma, a na ɛne baabi a ofi no ntam kwan boro kilomita 1,400, faako a wɔkyerɛw krataa no de kɔmaa Filemon bɛyɛ 61 Y.B. mu no. Nanso Paulo ka kyerɛɛ Filemon sɛ: “Sɛ [Onesimo ayɛ] wo bɔne bi, sɛ nso ɔde wo ka bi a, bu brɛ me.” (Filemon 18) Saa nsɛm no ma ɛda adi pefee sɛ na Onesimo ne ne wura, Filemon, wɔ asɛm. Paulo kyerɛw krataa no sɛ ɔde rekosiesie mmarima baanu no ntam.
Wɔaka sɛ nea ɛmaa Onesimo bɛyɛɛ ɔkobɔfo ne sɛ, owiaa Filemon sika na ama watumi aguan akɔ Roma. Oduu hɔ no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛfra nnipadɔm no mu na obiara anhu no.a Wɔ Hela ne Roma wiase no mu no, na nkoa a woguan nyɛ asɛnnennen mma wɔn wuranom nko, na mmom ɔman mpanyimfo nso. Wɔka sɛ Roma ankasa “gyee dimmɔne sɛ guankɔbea” ma nkoa a wɔaguan.
Ɛyɛɛ dɛn na Paulo hyiaa Onesimo? Bible no nka nkyerɛ yɛn. Nanso, bere a ahofadi a Onesimo nyae no ho dɛ tu yerae no, ɛbɛyɛ sɛ obehui sɛ ɔde ne ho ato asiane kɛse mu. Wɔ Roma kurow mu no, na Polisifo kuw titiriw bi de wɔn ani si nkoa akobɔfo, a na wobu nea wɔayɛ no sɛ ɛyɛ bɔne a ɛsõ sen biara wɔ tete mmara ase no biako, so. Sɛnea Gerhard Friedrich kyerɛe no, “sɛ wɔkyere nkoa a wɔaguan a, na wɔbobɔ wɔn moma so akam. Ná wɔtaa yɛ wɔn ayayade . . . , de wɔn ma nkekammoa wɔ prama a wɔagye ho so, anaa wɔbɔ wɔn asɛndua mu de bɔ nkoa foforo kɔkɔ na amma wɔansuasua wɔn nhwɛso no.” Friedrich kyerɛ sɛ, ɛbɛyɛ sɛ bere a Onesimo sika a owiae no sae, na wannya ahintawee anaa adwuma no, ɔsrɛɛ Paulo, a na wate ne ho asɛm wɔ Filemon fie no, sɛ ɔmmɔ ne ho ban na ɔnka bi mma no.
Afoforo gye di sɛ Onesimo hyɛɛ da sɛ ɔreguan akɔ ne wura nnamfo no biako hɔ, a na n’ani da so sɛ sɛ ɔde ne ho gye asɛm no mu a, ɛbɛma ɔne ne wura a biribi nti, edi sɛ ne bo afuw no no ntam asan ayɛ yiye. Abakɔsɛm nhoma ahorow kyerɛ sɛ “na nkoa a wɔn ho aka mu taa fa ɔkwan” a ɛte saa so. Ɔbenfo Brian Rapske ka sɛ, sɛ saa na ɛte de a, ɛnde atirimpɔw nti a Onesimo bɔɔ korɔn no ne sɛ, na “ebetumi aboa no ma wadu ne kamafo Paulo nkyɛn, na mmom ɛnyɛ sɛ na ɔde reguan ntia.”
Paulo Boa No
Ɛmfa ho nea enti a oguanee no, ɛda adi sɛ Onesimo hwehwɛɛ Paulo mmoa na ama wasiesie ɔne ne wura a na ne bo afuw no no ntam. Ɛde asɛnnennen brɛɛ Paulo. Ná ɔyɛ akoa a kan no na ɔnyɛ gyidini a ɔyɛ kobɔfo mmaratofo. So ɛsɛ sɛ ɔsomafo no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa no, denam srɛ a ɔbɛsrɛ n’adamfo Kristoni no so, na ɔde asotwe a emu yɛ den a mmara ma no kwan sɛ otumi de ma no no akame no? Dɛn na na ɛsɛ sɛ Paulo yɛ?
Eduu bere a Paulo kyerɛw krataa no kɔmaa Filemon no, ɛda adi sɛ na oguanfo no ne ɔsomafo no atra kakra. Ná mmere abegu mu sɛnea ɛsɛ a enti Paulo betumi aka sɛ na Onesimo abɛyɛ ‘onua dɔfo.’ (Kolosefo 4:9) Paulo kaa n’ankasa honhom fam abusuabɔ a na ɔne Onesimo wɔ no ho asɛm sɛ: “Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyeree mu.” Ɛbɛyɛ sɛ amma Filemon adwene mu da sɛ tebea no betumi akowie saa. Ɔsomafo no kae sɛ akoa a kan no na “ne ho nni mfaso” no resan aba sɛ onua Kristoni. Afei de na Onesimo “ho bɛba mfaso,” anaa ɔbɛyɛ onipa a “oye,” ma ɛne ne din no nkyerɛase ahyia.—Filemon 1, 10-12.
Onesimo so baa ɔsomafo a na ɔda afiase no mfaso paa. Nokwarem no, anka Paulo betumi agye no aka hɔ, nanso, mmara a na ɛmma ho kwan no da nkyɛn a, anka saayɛ bɛma wagye hokwan a Filemon wɔ no afi ne nsam. (Filemon 13, 14) Wɔ krataa foforo a Paulo kyerɛw no bere koro no ara kɔmaa asafo a wohyiam wɔ Filemon fie no mu no, ɔkaa Onesimo ho asɛm sɛ “onua nokwafo dɔfo a ofi mo mu.” Eyi kyerɛ sɛ na Onesimo ada no adi dedaw sɛ wotumi de ho to ne so.—Kolosefo 4:7-9.b
Paulo hyɛɛ Filemon nkuran sɛ onnye Onesimo ayamye so, nanso wamfa ne tumi a ɔwɔ sɛ ɔsomafo no anhyɛ no sɛ ɔnyɛ saa anaa ɔmma n’akoa no ahofadi. Esiane wɔn adamfofa ne ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho nti, na Paulo wɔ ahotoso sɛ Filemon ‘bɛyɛ asen’ nea obisae no mpo. (Filemon 21) Wankyerɛ ɔkwan a na obetumi afa so ‘ayɛ asen’ saa no mu, efisɛ Filemon nkutoo na na ɔwɔ hokwan sɛ osi nea ɔde bɛyɛ Onesimo ho gyinae. Ebinom de ntease bi aka Paulo nsɛm no ho sɛ na ɛyɛ nyansa kwan a ɔrefa so asrɛ sɛ ɔmma oguanfo no ‘nsan mmra ne nkyɛn na ama watumi akɔ so aboa Paulo sɛnea na wafi ase reyɛ dedaw no.’
So Filemon penee Onesimo guantoa a Paulo de too n’anim no so? Biribiara nkyerɛ sɛ wanyɛ saa, ɛwom sɛ ɛbɛyɛ sɛ Kolosefo foforo a na wɔwɔ nkoa, a anka wɔbɛpɛ sɛ Onesimo nya asotwe, na ayɛ kɔkɔbɔ nhwɛso ama wɔn ankasa nkoa na wɔansuasua ne nhwɛso no, ani annye ho de.
Onesimo—Onipa Foforo
Sɛnea ɛte biara no, Onesimo de nipasu foforo na ɛsan kɔɔ Kolose. Esiane sɛ na asɛmpa tumi no asakra ne nsusuwii nti, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛyɛɛ Kristofo asafo a na ɛwɔ saa kurow no mu no muni a odi nokware. Kyerɛwnsɛm no nna no adi sɛ ebia ewiee ase koraa no, Filemon maa Onesimo dee ne ho. Nanso, honhom fam no, na kan oguanfo no abɛyɛ ɔbarima a ɔde ne ho. (Fa toto 1 Korintofo 7:22 ho.) Nsakrae a ɛtete saa kɔ so nnɛ. Sɛ nkurɔfo de Bible mu nnyinasosɛm bɔ wɔn bra a, wɔn nsɛm tebea ne wɔn nipasu sesa. Ɛboa wɔn a anka wobu wɔn sɛ wɔn so nni mfaso wɔ ɔman mu no ma wɔbɛyɛ ɔmamma a wɔhwɛ wɔn sua wɔn.c
Hwɛ nsakrae ara a efii nokware gyidi a onyae no mu bae! Bere a ebia na kan Onesimo no “ho nni mfaso” mma Filemon no, akyinnye biara nni ho sɛ Onesimo foforo no traa ase ma ɛne ne din no hyiae sɛ obi a “mfaso” wɔ ne so. Na nokwarem no, na ɛyɛ nhyira sɛ Filemon ne Onesimo abɛyɛ biako wɔ Kristofo nuayɛ mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Roma mmara kyerɛɛ servus fugitivus (akoa kobɔfo) ase sɛ ‘nea ofi ne wura hɔ a n’adwene ne sɛ ɔrenkɔ ne nkyɛn bio.’
b Ɛda adi sɛ bere a Onesimo retu kwan asan akɔ Kolose no, wɔde Paulo nkrataa abiɛsa a seesei ɛka Bible nhoma ahorow no ho maa ɔne Tihiko kɔe. Paulo nkrataa a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo ne Kolosefo no nso ka krataa a ɔde kɔmaa Filemon yi ho.
c Sɛ wopɛ ho nhwɛso ahorow a, yɛsrɛ wo hwɛ Nyan!, July 8, 1996, nkratafa 10-15; March 8, 1997 (Engiresi de), nkratafa 11-13; Ɔwɛn-Aban, August 1, 1989, nkratafa 30-1; February 15, 1997, nkratafa 21-4.
[Kratafa 30 adaka]
Sɛnea Na Romafo Mmara Bu Nkoa
Wɔ Romafo mmara a na ɛreyɛ adwuma wɔ afeha a edi kan Y.B. mu ase no, na akoa wura tumi gyina biribiara a ebesi ne tirim, n’akɔnnɔ, ne n’abufuw so yɛ no nea ɔpɛ biara. Sɛnea sɛnkyerɛwfo Gerhard Friedrich kyerɛ no, “wɔ asetra ankasa mu ne mmara mu no, na wommu akoa sɛ nipa, na mmom sɛ agyapade a ne wura betumi de ayɛ biribiara a ɔpɛ. . . . Ná wɔde [ɔno] ne afieboa, ɛne nnwinnade gyina gyinabea koro, na na ɔmamfo mmara mma no hokwan biara.” Sɛ obi de akoa fa kwammɔne so a, na obiara ntumi nka bi mma no wɔ mmara biara ase. Nea na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ara ne sɛ, ɔyɛ ne wura ahyɛde. Ná ne wura a ne bo afuw no betumi de asotwe biara a ɔpɛ ama no. Sɛ ɔyɛ biribi ketewaa bi mpo a, na obetumi akum no.*
Bere a na ɔdefo betumi anya nkoa ɔhaha pii no, na wotumi nya baanu anaa baasa wɔ fie a sɛ wɔde toto afoforo ho a na wonni pii no mpo mu. Ɔbenfo John Barclay ka sɛ: “Ná nnwuma a nkoa no yɛ wɔ fie no gu ahorow pii. Ná yɛwɔ nkoa a wɔhwɛ fie, wɔnoa aduan, wɔhwɛ adidibea, wɔprapra, wɔsomasoma wɔn, wɔhwɛ mmofra, ne wɔn a wɔyɛ nnwuma nyinaa bi, a wɔn a na wɔaben wɔ nnwuma ahorow bi yɛ mu, a wobetumi ahu wɔn wɔ atitiriw ne adefo afie mu no mpo da nkyɛn. . . . Sɛ yɛbɛka no yiye a, na asetra ko a akoa a ɔyɛ fie nnwuma benya no gyina ne wura suban so kɛse, na na ebetumi ayɛ nneɛma abien mu biako: sɛ obi kodi owura a ne tirim yɛ den nsam a, ebetumi ama wahyia ɔhaw ahorow a enni ano, nanso owura a ne yam ye na ɔyɛ adɔe no betumi ama asetra ayɛ anigye ne akomatɔyam. Yɛwɔ nhwɛso ahorow a agye din a ɛfa atirimɔdenne a awuranom bi de yɛɛ wɔn nkoa ho kyerɛwtohɔ wɔ Helafo nhoma ahorow mu, nanso yɛwɔ nkyerɛwee pii nso a edi abusuabɔ pa a na ɛda awuranom bi ne wɔn nkoa ntam ho adanse.”
*Ɛdefa nkoayɛ a ɛkɔɔ so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu wɔ tete mmere mu ho no, hwɛ Insight on the Scriptures a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii no, Po 2, nkratafa 997-9.