Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛkyerɛ Anisɔ?
HARLEY akyi berɛmo mu oprehyɛn a wɔyɛe maa ɛho behiae sɛ ogyae mfiri ho adwumayɛ bɛyɛ adwumayɛdan mu krakye. Bere a wobisaa Harley sɛnea ɔte nka wɔ nsakrae yi ho no, ɔkae sɛ: “M’ani gyina mfiri ho adwuma no. Nanso, nokwarem ni, m’ani gye adwuma a mereyɛ no seesei no ho sen kan de no.”
Bere a Harley rekyerɛ nea enti a ɔwɔ akomatɔyam no, ɔkae sɛ: “Efi su a nnipa a me ne wɔn yɛ adwuma no da no adi no. Nea seesei ɔyɛ m’adwuma sohwɛfo no ne me mfɛfo adwumayɛfo no nte sɛ wɔn a wɔwɔ baabi a kan na meyɛ adwuma no, na wɔkyerɛ nea meyɛ ho anisɔ, a wonnyae me kamfo. Eyi na aboa me kɛse.” Esiane sɛ Harley te nka sɛ ɔsom bo nti, seesei ɔyɛ odwumayɛni a ɔwɔ anigye.
Nkamfo anaa nsɛm a wɔka de kyerɛ anisɔ a ɛyɛ ne kwan so de ma akomatɔyam ankasa. Nanso bonniayɛ betumi de awerɛhow aba sɛnea Shakespeare kae no: “Bɔ oo, bɔ, awɔwbere mu mframa, wo tirim nyɛ den te sɛ onipa bonniayɛ.” Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔde atirimɔdenne a ɛte saa adi nnipa pii.
Hwɛ Yiye Wɔ Bonniayɛ Ho
Ɛnnɛ wiase yi mu no, nsɛm a efi komam a wɔka de kyerɛ anisɔ reyera. Sɛ nhwɛso no, nhoma kyerɛwfo bi bisae sɛ: “Sɛ ayeforo tumi nyaa bere kyerɛw nkrataa de too nsa frɛɛ nnipa 200 baa ayeforohyia ase a, dɛn nti na onnya bere nkyerɛw nkrataa nkɔda nnipa 163 a wɔkyɛɛ no ade no ase?” Asɛm tiawa, “meda wo ase” no nyɛ nea wɔtaa ka. Me-de-na-ehia su rebunkam so ntɛmntɛm. Saa tebea yi ka nea ɛhyɛ nna a edi akyiri no agyirae ho. Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, . . . bonniayɛfo.”—2 Timoteo 3:1, 2.
Ɛtɔ mmere bi nso a, sɛ anka wɔbɛkyerɛ anisɔ no, wɔdɛfɛdɛfɛ mmom. Nsɛm a wɔka de kyerɛ anisɔ yɛ nea efi komam, a mfasopɛ adwene biara nni akyi. Nanso, adɛfɛdɛfɛ a ɛntaa mfi komam na ɛtra so no betumi afi adwemmɔne a obi nya sɛ ɔbɛsen afoforo anaa n’ankasa benya mfaso horow bi mu. (Yuda 16) Tɛkrɛmakyene a ɛte saa no daadaa nea wɔka kyerɛ no no, na efi ahantan ne ahomaso mu na ɛba nso. Ɛnde hena na n’ani begye ho sɛ wɔbɛka adɛfɛdɛfɛsɛm a emfi komam akyerɛ no de adaadaa no? Nanso nokware anisɔ ma akomatɔyam ankasa.
Nea ɔkyerɛ anisɔ no nya mfaso fi mu. Abotɔyam a onya esiane sɛ ofi komam kyerɛ anisɔ nti no ma n’ani gye na n’asom dwo no. (Fa toto Mmebusɛm 15:13, 15 ho.) Na esiane sɛ anisɔ yɛ su pa nti, ɛbɔ ne ho ban fi su a ɛmfata te sɛ abufuw, ahoɔyaw, ne menasepɔw ho.
“Monyɛ Nnipa a Wɔwɔ Ayɛ”
Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya anisɔ su na yɛnna ase. Paulo kyerɛwee sɛ: “Monna ase ade nyinaa mu, na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, Kristo Yesu mu wɔ mo ho.” (1 Tesalonikafo 5:18) Na Paulo tuu Kolosefo no fo sɛ: “Kristo asomdwoe nni panyin mo koma mu . . . na monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ.” (Kolosefo 3:15) Nnwom no pii kura aseda nsɛm, na ɛkyerɛ sɛ anisɔ a efi komam yɛ su pa. (Dwom 27:4; 75:1) Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yɛkyerɛ anisɔ wɔ da biara da asetra mu dwumadi mu a, Yehowa Nyankopɔn ani gye ho.
Nanso nneɛma bɛn na ɛma anisɔ a yɛbɛkyerɛ no yɛ den wɔ wiase a nkurɔfo nni ayɛ yi mu? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada anisɔ adi wɔ da biara da asetra mu? Yebebua nsɛmmisa yi wɔ asɛm a edi hɔ no mu.