Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 3/15 kr. 24-25
  • Wɔannye Din Kɛse Amfa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔannye Din Kɛse Amfa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkogudi Korakora
  • Nimrod—Otuatewfo a Ommu Ade
  • Nnipa To Aban Kɛse
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Adɛn Nti Na Yehia Onyankopɔn Ahenni?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • Genesis Nhoma no Mu Nsɛntitiriw​—I
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 3/15 kr. 24-25

Wɔannye Din Kɛse Amfa

BIBLE no mmobɔ nnipa a wosii Babel abantenten a agye dimmɔne no din. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɛnna wɔkae sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekye kurow, na yɛnto abantenten a n’atifi bedu soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.”—Genesis 11:4; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

Henanom na “wɔkae”? Asɛm no sii bɛyɛ mfe 200 wɔ Nsuyiri no akyi. Saa bere no, na Noa a wadi bɛyɛ mfe 800 no ne n’asefo mpempem pii na ɛte. Ná wɔn nyinaa ka kasa koro, na na wɔte faako, wɔ baabi a ɔne ne mma no soɛe wɔ Nsuyiri no akyi no. (Genesis 11:1) Bere bi akyi no, nnipakuw a na wɔadɔɔso yi bi tu kɔɔ apuei fam, na “wohuu [bon mu, NW] asasetaw bi wɔ Sinear asase so.”—Genesis 11:2.

Nkogudi Korakora

Saa bon yi mu na nnipakuw no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtew atua atia Nyankopɔn. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, Yehowa Nyankopɔn daa n’atirimpɔw adi bere a ɔmaa nnipa baanu a wodi kan no ahyɛde sɛ “monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma” no. (Genesis 1:28) Wɔsan kaa eyi kyerɛɛ Noa ne ne mma wɔ Nsuyiri no akyi. Onyankopɔn maa wɔn ahyɛde sɛ: “Mo de, monwo na monnɔ, na monyɛ asase so manyamanya, na monnɔɔso wɔ so.” (Genesis 9:7) Nea ɛne Yehowa akwankyerɛ bɔ abira no, nkurɔfo no kyekyee kurow bi na amma ‘wɔanhwete asase nyinaa ani.’

Afei nso nkurɔfo no fii ase sii abantenten bi a atirimpɔw no ne sɛ wɔde ‘begye din kɛse.’ Nanso sɛnea na wɔnhwɛ kwan no, wɔansi abantenten no anwie. Bible kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ Yehowa yɛɛ wɔn kasa basaa ma enti na obi nte ne yɔnko kasa. Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka sɛ: “Efi hɔnom na [Yehowa, NW] bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani, na wogyaee kurow no kyekye.”—Genesis 11:7, 8.

Nea edi adanse sɛ saa botae yi dii nkogu koraa ne nokwasɛm a ɛne sɛ saa adansifo yi ‘annye din kɛse,’ anaa wɔammɔ wɔn din mmaa nyinaa da. Nokwarem no, yennim wɔn din, na ayera afi nnipa abakɔsɛm mu. Na Noa nanankanso Nimrod nso ɛ? Ɛnyɛ ɔno na odii atua a wɔtew tiaa Nyankopɔn yi anim? So wɔmmɔ ne din mmaa nyinaa?

Nimrod—Otuatewfo a Ommu Ade

Akyinnye biara nni ho sɛ Nimrod na odii atuatew no anim. Genesis ti 10 da no adi sɛ “ɔbɔmmɔfo a ɔsɔre tia Yehowa.” (Genesis 10:9, NW) Kyerɛwnsɛm no ka nso sɛ “ɔno na ofii ase yɛɛ otumfoɔ asase so.” (Genesis 10:8) Ná Nimrod yɛ ɔkofo, obi a ɔpɛ basabasayɛ. Ɔbɛyɛɛ onipa a odi kan a odii afoforo so tumi wɔ Nsuyiri no akyi, sii ne ho hene. Ná Nimrod yɛ ɔdansifo nso. Bible kyerɛ sɛ ɔkyekyee nkurow awotwe, a Babel ka ho.—Genesis 10:10-12.

Enti akyinnye biara nni ho sɛ Nimrod—obi a ɔsɔre tiaa Nyankopɔn, na ɔyɛ Babel hene, ne obi a ɔkyekyee nkurow—nyaa Babel abantenten no si mu kyɛfa. So wannye din kɛse amfa? Ɛdefa edin Nimrod ho no, Apuei famfo asetra ho ɔbenfo E. F. C. Rosenmüller kyerɛwee sɛ: “Woyii din no fii [ma·radhʹ], ‘ɔtew atua,’ ‘ɔwaee,’ sɛnea Hebri ntease no kyerɛ no, mu na wɔde maa Nimrod.” Afei Rosenmüller kyerɛkyerɛ mu sɛ “edin a Apuei famfo de ma wɔn akunini wɔ wɔn wu akyi na wɔtaa de frɛ wɔn, na ɛno na ɛtɔ mmere bi a ɛma nkurɔfo din ne wɔn suban sɛ ma ɛyɛ nwonwa no.”

Nhomanimfo bebree nso kura adwene a ɛne sɛ edin Nimrod no nyɛ nea wɔde too no wɔ awo mu. Mmom no, wobu no sɛ edin a wɔde maa no akyiri yi ma ɛfataa n’atuatew su a ɛbɛdaa adi no. Sɛ nhwɛso no, C. F. Keil ka sɛ: “Edin Nimrod a efi [ma·radhʹ], ‘yɛbɛtew atua,’ mu no twe adwene si atua a emu yɛ den a wɔtew tia Nyankopɔn so. Ɛne ne suban hyia araa ma ne bere sofo nkutoo na na wobetumi de ama no, na ɛnam so bɛyɛɛ ne din ankasa.” Wɔ nkyerɛkyerɛmu bi mu no, Keil fa abakɔsɛm kyerɛwfo Jacob Perizonius asɛm a ɔkyerɛwee ka sɛ: “Ɛyɛ me sɛ nea ɛbɛyɛ a ɔbɛkanyan nnipa a aka no ma wɔatew atua no, na ɔbarima [Nimrod] yi a na ɔyɛ bɔmmɔfo a n’ani yɛ den a ne mfɛfo atwa ne ho ahyia no taa ka saa asɛm no tĩ mu pii sɛ ‘nimrod, nimrod,’ a ɛkyerɛ sɛ, ‘Momma yɛntew atua! Momma yɛntew atua!’ Enti, akyiri yi, afoforo de saa asɛmfua no frɛɛ no sɛ ne din ankasa, a Mose ankasa mpo ka ho.”

Ɛda adi pefee sɛ, Nimrod annye din kɛse amfa. Ɛkame ayɛ sɛ yennim din a wɔde maa no wɔ awo mu. Ayera wɔ abakɔsɛm mu, te sɛ wɔn a wodii n’akyi no. Wannya mma mpo amfa ne din anto wɔn so. Sɛ́ anka obenya anuonyam ne abodin no, wɔabɔ no dimmɔne mmom. Edin Nimrod no ada no adi sɛ otuatewfo a ommu ade a odii nkwaseasɛm sɔre tiaa Yehowa Nyankopɔn, na aka hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena