So Wɔadi Kan Ahyɛ Yɛn Daakye Ato Hɔ?
KRISTONI, Kramoni, Yudani, Hinduni, anaa obi a ɔwɔ ɔsom foforo mu gyidi—nnipa a wɔwɔ ɔsom ahorow nyinaa mu hyia amanehunu na wodi ho awerɛhow.
Sɛ nhwɛso no, asɛnkɛse bi a ɛyɛ hu sii wɔ Siberia kurow Irkutsk mu December 6, 1997. Bere a wimhyɛn kɛse bi a wɔde fa nneɛma AN-124 no maa ne mu so araa na ne engine abien gyaee adwuma yɛ. Wimhyɛn a na wɔde fango ahyɛ no ma no kɔhwee fie kɛse bi a emu adan dɔɔso a nnipa pii na ɛtete mu no mu. Ogya tɔɔ adan no pii mu, na ekunkum nnipa a wɔtete hɔ a na wontumi nyɛ ho hwee no pii, pirapiraa afoforo, a mmofra a wonnim hwee nso ka ho.
Ɛda adi sɛ nkurɔfo a wɔwɔ beae a saa akwanhyia no sii wɔ Siberia no kura ɔsom ho adwene a egu ahorow. Ebia ebinom bɛkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo, nanso na wobetumi asusuw sɛ asiane no yɛ nkrabea. Ná wɔne afoforo betumi ate nka sɛ, ‘Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ, na sɛ wɔn a wɔhweree wɔn nkwa no anwuwu wɔ saa kwan yi so a, anka wobewuwu wɔ kwan foforo so—ɛyɛ wɔn nkrabea.’
Sɛ́ wɔpae mu ka nsusuwii a ɛte saa anaa wɔnyɛ saa no, ɛda adwene bi a ɛwɔ ɔsom pii mu wɔ wiase nyinaa adi—nkrabea. Nnipa pii gye di sɛ ɔkwan bi so no, wɔadi kan ahyɛ yɛn daakye ato hɔ, efi yɛn awoda kosi yɛn wu da.
Nkrabea ho gyidi a nnipa wɔ no gu ahorow, ma enti ɛyɛ den sɛ yebenya nkyerɛkyerɛmu biako ama ne nyinaa. Nea nkrabea kyerɛ titiriw ne sɛ biribiara a ebesi, biribiara a obi bɛyɛ, adeyɛ biara—sɛ́ ɛyɛ papa anaa bɔne no—yɛ nea wontumi nsesa; wɔahyɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba efisɛ tumi bi a ɛboro nnipa de so na adi kan ahyehyɛ ato hɔ. Adwene a ɛte saa no wɔ nsoromma mu hwɛ, Hindusom ne Buddhasom mu karma mu, ne afei Kristoman nkyerɛkyerɛ a ɛne hyɛbea no mu. Wɔ tete Babilon no, na nkurɔfo gye di sɛ anyame no nam nkyerɛwee bi so na ɛkyerɛɛ nnipa nkrabea ne daakye asɛm. Sɛnea wɔkyerɛe no, na nyame biara a saa “nkrabea abopon” ahorow yi hyɛ ne nsa no betumi akyerɛ nnipa, ahenni ahorow, ne anyame no ankasa mpo hyɛbea.
Gyidifo pii wɔ adwene sɛ, Onyankopɔn nam ɔsoro ahyɛde a ɔhyɛ to hɔ ansa na wɔawo nnipa so kyerɛ biribiara a ɛbɛto nnipa, a ebi ne wɔn nkwa tenten, sɛ́ wɔbɛyɛ mmarima anaa mmea, asikafo anaa ahiafo, nnipa a wodi awerɛhow anaa wɔwɔ anigye. Wɔka sɛ eyi nyinaa wɔ Onyankopɔn adwene mu anaa wɔkyerɛw wɔ nhoma bi mu ansa na asi. Enti sɛ asiane bi si a, ɛnyɛ nwonwa sɛ gyidini bi bɛka sɛ, “mektoub,”—wɔakyerɛw ato hɔ. Wɔkyerɛ sɛ esiane sɛ Onyankopɔn nim biribiara a ebesi nti, ɛsɛ sɛ otumi kyerɛ wɔn a wobetie no ne wɔn a wontie no nso. Enti gyidifo pii gye di sɛ ansa na wɔbɛwo obi mpo no, na Onyankopɔn ahu dedaw sɛ ne nkrabea ne sɛ obenya daa anigye wɔ Paradise, anaasɛ obenya daa nnome.
Ebia wobɛte nka sɛ eyi te sɛ hyɛbea ho nkyerɛkyerɛ a wɔkyerɛkyerɛ wɔ Kristoman asɔre ahorow bi mu no pɛpɛɛpɛ. Protestantni a odii kan kyerɛkyerɛɛ hyɛbea ne afeha a ɛto 16 mu Franseni Ɔsesɛwfo, John Calvin. Ɔkyerɛɛ hyɛbea ase sɛ “nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ fi mmeresanten, a ogyinaa so kyerɛɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ onipa biara. Wɔammɔ nnipa nyinaa wɔ tebea koro mu, nanso wɔahyɛ daa nkwa ato hɔ ama ebinom ne daa nnome ama afoforo.” Calvin kae nso sɛ: “Ɛnyɛ onipa a odi kan no asehwe, ne n’asefo sɛe nko na Nyankopɔn hu siei; na mmom ofi ne pɛ mu nso hyehyɛ too hɔ.”
Nanso, ɛnyɛ ɔsom a wɔkyerɛkyerɛ hyɛbea anaa nkrabea no mufo nyinaa na wogye di. Ebinom ka wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ nyamesom nhoma ahorow ka sɛ nnipa tumi paw nea wɔpɛ. Nokwarem no, wɔagye akyinnye pii wɔ nnipa nneyɛe ho, sɛ́ ɛyɛ nea wofi wɔn pɛ mu na wɔyɛ anaa Onyankopɔn na wadi kan ahyɛ ato hɔ. Sɛ nhwɛso no, ebinom ka sɛ, ɛsɛ sɛ nnipa nya hokwan paw nea wɔbɛyɛ, efisɛ Onyankopɔn a obu atɛntrenee no de nnipa nneyɛe ho asodi to wɔn so, na ɔma wobu ho akontaa kyerɛ no. Afoforo nso ka sɛ Onyankopɔn na ɔde onipa akwan ba, nanso ɔkwan bi so no, nnipa na “wɔfa” saa akwan no so ma ɛho asodi bɛda wɔn so. Nanso, nnipa dodow no ara gye di sɛ asɛm biara a ebesi wɔ yɛn da biara da asetra mu, kɛse anaa ketewa no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.
Dɛn na wugye di? So Onyankopɔn ahyɛ nea wo daakye bɛyɛ ato hɔ dedaw? So nnipa tumi paw nea wɔpɛ ampa, paw nneɛma bi a etumi nya wɔn daakye so tumi ankasa? Nea ɛbɛto yɛn daakye no gyina yɛn ankasa nneyɛe so kodu he? Asɛm a edi so no bɛma nsɛmmisa yi ho mmuae.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
SEL/Sipa Press