Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 8/8 kr. 3-4
  • Ɛyɛ Nkrabea Anaa Ɛbɛbɔɔ mu Kwa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛyɛ Nkrabea Anaa Ɛbɛbɔɔ mu Kwa?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Momma Yɛnhwehwɛ Mu
  • Nea Nkrabea Kyerɛ
  • Nea Ɛde Adwene a Ɛte Saa Ba
  • So Bible no Kyerɛkyerɛ Nkrabea Mu Gyidi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • So Nkrabea Mu Gyidi Di W’asetra So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Sɛnea Adesamma Hwehwɛ Wɔn Nkrabea Mu
    Nyan!—1999
  • Nkrabea—So Ɛno Na Ɛkyerɛ Sɛnea Wo Daakye Bɛyɛ?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 8/8 kr. 3-4

Ɛyɛ Nkrabea Anaa Ɛbɛbɔɔ mu Kwa?

ATESƐM krataa International Herald Tribune bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nkrabea maa nnipa pii wuwui na etwaa afoforo nso gyae.” Afe a etwaam no, topae a amumɔyɛfo kɔto too America aban ananmusifo dwumadibea a ɛwɔ Kenya ne Tanzania no kunkum nnipa bɛyɛ 200 na epirapiraa ɔhaha pii nso. Nanso, atesɛm krataa no kaa sɛ, “mpanyimfo mpanyimfo paa no ti yɛɛ yiye sɛ na wonni hɔ.”

Nea ɛmaa wonyaa wɔn ti didii mu ne sɛ na wɔreyɛ nhyiam wɔ ɔdan no fã foforo a ɛmmɛn baabi a topae no tɔe no. Nanso topae no tɔɔ baabi a ɛbɛn aban nanmusini bi a odi mũ a na ɛsɛ sɛ ɔkɔ nhyiam no bi nanso wankɔ, na ekum no.

Atesɛm krataa no kaa sɛ: “Nkrabea anhu Arlene Kirk nso mmɔbɔ.” Bere a Arlene fi akwamma mu resan akɔ Kenya no, ohui sɛ nnipa a wɔakyerɛw wɔn din sɛ wɔbɛfa wimhyɛn no aboro so nti ɔyɛe sɛ obeyi ne din afi mu. Nanso, afoforo yii wɔn din fii mu gyaa no, enti ɛma onyaa wimhyɛn no mu kwan. Enti, da no ara a wɔtoo ɔtopae no too aban nanmusifo dwumadibea hɔ no na ɔwɔ hɔ, na ekum no bi.

Asiane nyɛ ade foforo mma nnipa. Nanso, ɛnyɛɛ mmerɛw da sɛ wɔbɛkyerɛ nea enti a asiane to nnipa. Daa nnipa binom wuwu na afoforo nso nya wɔn ti didi mu wɔ akwanhyia ne asiane ahorow a esisi wɔ wiase nyinaa no mu. Nanso, ɛnyɛ mmere a asiane asi nko na ebinom ka sɛ, ‘Me nkoaa me ti-bɔne.’ Sɛ ɛba no asetra mu nneɛma pa mu mpo a, nneɛma kɔ yiye ma ebinom sen afoforo. Bere a ɔbra yɛ ko daa ma nnipa pii no, ɛte sɛ nea nneɛma kɔ yiye ma afoforo. Enti ebia wubebisa sɛ, ‘So ebetumi aba sɛ wɔahyehyɛ ne nyinaa ato hɔ dedaw? Nea ebesi m’abrabɔ mu biara yɛ me nkrabea?’

Momma Yɛnhwehwɛ Mu

Bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni no, ɔhene nyansafo bi huu nneɛma a na wɔnhwɛ kwan a na ɛresisi no. Nkyerɛkyerɛmu a ɔde mae wɔ nsɛm yi ho ne sɛ: “Ɛbere ne asiane to wɔn nyinaa.” (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Ɛtɔ da bi a biribi a wɔnhwɛ kwan tumi si. Ɔkwan biara nni hɔ a wobetumi afa so ahu nea ɛbɛba. Mpɛn pii no, bere a wode yɛ biribi no na ɛbɛkyerɛ sɛ ebesi yiye anaa ensi yiye.

Nanso, ebia wo nso wugye di sɛ biribiara a ɛbɛto obiara no fi tumi foforo bi—nkrabea—na ɛnyɛ sɛ ɛbɛbɔɔ mu kwa. Nyamesom gyidi a akyɛ sen biara a nnipa pii kura mu biako ne nkrabea anaa hyɛberɛ.a Ɔbenfo François Jouan, a ɔyɛ kwankyerɛfo wɔ Beae a Wɔyɛ Atetesɛm mu Nhwehwɛmu wɔ Paris Sukuupɔn mu no ka sɛ: “Awo ntoatoaso biara mmae a ɛnkyerɛɛ nkrabea anyame bi mu gyidi . . . mfa nkyerɛkyerɛɛ nneɛma a asete yɛ den mu.” Ɛno nti na yɛtaa te sɛ nkurɔfo ka sɛ: “Ne bere nnui sɛ owu” anaa, “Saa na wɔahyehyɛ ato hɔ.” Nanso dɛn ne nkrabea?

Nea Nkrabea Kyerɛ

Engiresi asɛmfua a wɔkyerɛ ase “nkrabea” no fi Latin asɛmfua fatum mu, na ɛkyerɛ “biribi a wɔahyɛ ho nkɔm, adiyi, biribi a onyame bi ahyehyɛ.” Ɛmfa ho sɛ ɛtɔ da a wɔka sɛ tumi bi a wonhu nea efi na ɛkyerɛ nea ɛbɛba daakye wɔ ɔkwan a obiara ntumi nkwati na wontumi nkyerɛkyerɛ mu so no, mpɛn pii no, wɔka sɛ saa tumi yi yɛ onyame bi.

Nyamesom ho abakɔsɛm kyerɛwfo Helmer Ringgren kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ade titiriw a wɔde hu sɛ obi yɛ nyamesomni ne sɛ ɔbɛte nka sɛ nnipa hyɛberɛ nyɛ nea enni nnyinaso anaa biribi a esi ara kwa, na mmom efi tumi bi a etumi paw nea ɛpɛ na ɛbɔ ne tirim yɛ nneɛma.” Bere a mpɛn pii no wɔka sɛ yebetumi akwati nneɛma bi no, nnipa pii susuw sɛ adesamma ntumi nyɛ tebea a ɛboro wɔn ahoɔden so no ho hwee. Enti ‘nea ɛbɛto wɔn biara yɛ wɔn nkrabea.’

Bere tenten ni a nyamekyerɛfo ne nyansapɛfo de akwa wɔn ho sɛ wɔbɛkyerɛ nkrabea ase. The Encyclopedia of Religion ka sɛ: “Ɛmfa ho sɛ ɛsono sɛnea obiara ka ho asɛm, na ɛsono kasa a ɔde di dwuma, ne nkyerɛkyerɛmu a ɔde ma wɔ nkrabea ho no, wɔn nyinaa gye di sɛ ɛyɛ ahintasɛm.” Ntease biako a ɛwɔ adwenkyerɛ hwanyann yi nyinaa mu ne sɛ tumi bi a ɛkorɔn na edi nnipa asetra so. Wosusuw sɛ saa tumi yi ahyehyɛ ankorankoro ne aman asetra ato hɔ dedaw, na ama daakye ayɛ nea wontumi nyɛ ho hwee te sɛ mmere a atwam no.

Nea Ɛde Adwene a Ɛte Saa Ba

So gye a wubegye nkrabea adi no fa ho ankasa? Englandni nyansapɛfo Bertrand Russell kyerɛwee sɛ: “Nnipa asetram tebea yɛ ade titiriw a ɛma nkurɔfo de adwene bi hyɛ wɔn tirim, nanso ɔkwan foforo so no, nea wɔde hyɛ wɔn adwene mu no yɛ ade titiriw a ɛma wɔkɔ tebea bi mu.”

Nokwarem no, gye a yebegye nkrabea adi—sɛ́ biribi a ɛte saa wɔ hɔ anaa sɛ enni hɔ no—betumi akyerɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade. Esiane gye a nkurɔfo gye di sɛ anyame na ahyehyɛ ato hɔ nti, nnipa pii de amemenemfe fa wɔn tebea saa ara, ɛmfa ho sɛ ɛmfata wɔn anaa ano yɛ den no—te sɛ nea wɔn kyɛfa wɔ asetram ara ne no a biribiara ntumi nsesa no. Enti, nkrabea mu gyidi brɛ asɛyɛde a obi wɔ wɔ n’asetram no ase.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, gyidi a nkurɔfo wɔ wɔ hyɛberɛ mu no akanyan afoforo ma wɔayɛ wɔn ade wɔ ɔkwan foforo so. Sɛ nhwɛso no, abakɔsɛm akyerɛwfo ka sɛ nneɛma ahorow bi na ɛde nkɔso a ankorankoro aguadi anya ne nsakrae a mfiridwuma anya no aba. Nkrabea mu gyidi no ka ho. Protestant asɔre ahorow bi kyerɛkyerɛɛ sɛ Onyankopɔn ahyehyɛ ankorankoro a obegye wɔn nkwa no ato hɔ. Germanni nnipa fekubɔ ho nimdefo Max Weber ka sɛ: “Ɛrenkyɛ biara gyidini biara bebisa asɛm a ɛne sɛ, So meka wɔn a wɔapaw wɔn no ho?” Ankorankoro hwehwɛɛ sɛ wobehu sɛ ebia wɔwɔ Onyankopɔn nhyira ma enti wɔahyɛ ato hɔ sɛ wobenya nkwa a. Weber ka sɛ wɔnam wɔn “wiase no mu dwumadi” so na ɛyɛɛ eyi. Wobuu aguadi mu nkɔso ne ahode pii a wonya sɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ obi wɔ Onyankopɔn dom.

Nkrabea mu gyidi kanyan ebinom ma wɔyɛ nneɛma ma no tra so. Wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien mu no, ná Japan wimhyɛn akafo a wodii wɔn ho dɔm no gye kamikaze, anaa “mframa kronkron” no di. Wɔde nyamesom adwene a na wɔwɔ sɛ anyame no wɔ atirimpɔw ma enti wobetumi aboa ama atirimpɔw no abam no bataa ho ma ɛkowiee owu yawyaw mu. Wɔ mfe du a atwam ni no, wɔaka wimhyɛn akofo a na wodi wɔn ho dɔm wɔ Mediterranea Supɔw so no ho asɛm mpɛn pii wɔ wɔn ntua a ɛyɛ hu no ho. Nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm bi ka sɛ gyidi a ɛne sɛ wɔahyehyɛ biribiara atɔ hɔ dedaw no ka ho bi paa na “akodi a wodi wɔn ho dɔm wom a nyamesom na ɛde ba” yi aba.

Nanso dɛn nti na nnipa gye nkrabea di pii saa? Nhwehwɛmu kakraa bi a yɛbɛyɛ wɔ ne nhyɛase mu no de mmuae no bɛma.

[Ase hɔ asɛm]

a Adwene a nkurɔfo wɔ wɔ nkrabea ho no mu atrɛw araa ma sɛ wɔreka owu ho asɛm a, wɔ kasa pii mu no wɔtaa de asɛmfua “nkrabea” anaa “hyɛberɛ” na edi dwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena