Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 9/1 kr. 4-7
  • So Bible no Kyerɛkyerɛ Nkrabea Mu Gyidi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Bible no Kyerɛkyerɛ Nkrabea Mu Gyidi?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Efi Hena?
  • “Bere ne Akwanhyia”
  • Sintɔ mu Haw Ahorow
  • Nkrabea mu Gyidi—Ɔhaw Ahorow a Ɛwom
  • Esiw Abusuabɔ a Yɛne Onyankopɔn Benya Kwan?
  • Wɔade Wɔn Ho Afi Nkrabea Nhyɛso Ase
  • Ɛyɛ Nkrabea Anaa Ɛbɛbɔɔ mu Kwa?
    Nyan!—1999
  • Nkrabea—So Ɛno Na Ɛkyerɛ Sɛnea Wo Daakye Bɛyɛ?
    Nyan!—1985
  • Nkrabea na Edi W’asetra So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • So Nkrabea Mu Gyidi Di W’asetra So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 9/1 kr. 4-7

So Bible no Kyerɛkyerɛ Nkrabea Mu Gyidi?

DINSƐE! NTWIRI! Sɛ obi a ɔmanfo bu no te nka sɛ wɔnam nkontompo so asɛe ne din anaa wɔagu n’anim ase a, ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ osiesie nsɛm. Ebi mpo a ɔbɛfa mmara kwan so ne wɔn a wɔsɛee ne din no adi.

Enti nkrabea mu gyidi yɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn a wotwiri no ankasa. Nkyerɛkyerɛ no ka sɛ Onyankopɔn ankasa na ɔma awerɛhosɛm ne asiane ahorow a ɛto adesamma no ba. Sɛ wugye nkrabea di a, ebia wubesusuw sɛ Amansan Hene no ayɛ nhyehyɛe a ɛkenkan sɛnea edidi so yi: ‘Ɛnnɛ, John bepira wɔ kar akwanhyia mu, atiridiinini bɛyɛ Fatou, ahum betu asɛe Mamadou fie’! So wubenya atenka ankasa sɛ wobɛsom Nyankopɔn a ɔte saa?

Wɔn a wogye nkrabea di no bisa sɛ, ‘Na sɛ asiane ahorow a ɛto yɛn no mfi Nyankopɔn a, ɛnde na efi hena?’ Ousmane, aberante a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no nso susuw eyi ho. Nanso na ɛho nhia sɛ ɔbɔ ne tirim anaa ɔde n’adwene bu kɛkɛ na ama wahu nokware no. Obehui sɛ Onyankopɔn nam nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ N’asɛm Bible mu no so asan ne ho wɔ ntwiri yi ho. (2 Timoteo 3:16) Ɛnde, momma yensusuw nea Bible ka wɔ asɛm yi ho.

Efi Hena?

Nsuyiri, ahum, asasewosow—wɔtaa ka sɛ asiane a ɛtete saa no yɛ Onyankopɔn nnwuma. Nanso Bible nkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔma asiane a ɛtete saa ba. Susuw awerɛhosɛm bi a esii wɔ Mediterranea Supɔw no so mfehaha a atwam ni no ho hwɛ. Bible kyerɛ yɛn sɛ nea ne nkutoo fii asiane yi mu kae no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Onyankopɔn gya [Hebri asɛm a ɛtaa kyerɛ anyinam] fi soro atɔ abɛhyew nguan ne mmerante no, na asɛe wɔn.”—Hiob 1:16.

Bere a na ɔbarima a ehu aka no yi besusuw sɛ ebia Onyankopɔn na ɔmaa ogya no bae no, Bible kyerɛ sɛ emfi No. W’ankasa kenkan Hiob 1:7-12 na wubehu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔmaa anyinam no paee, na mmom na ɛyɛ ne Tamfo—Satan Ɔbonsam! Ɛnyɛ asiane nyinaa na efi Satan tee. Nanso ɛda adi pefee sɛ ntease nnim sɛ yebenunu Onyankopɔn wɔ ho.

Nokwarem no, sɛ nneɛma ankɔ yiye a, mpɛn pii no efi nnipa. Nkogudi wɔ sukuu mu, adwumam, anaa wɔne afoforo ntam abusuabɔ mu no betumi afi mmɔden a wɔmmɔ, ahosiesie pa a wɔnyɛ anaa ebia afoforo ho a wonsusuw nti. Saa ara na anibiannaso betumi de nyarewa, akwanhyia, ne owu aba. Hwɛ, kar mu bɛlt kɛkɛ a obi bɛbɔ bere a ɔreka kar no betumi abɔ ne ho ban kɛse wɔ wu a obetumi awu wɔ kar akwanhyia mu no ho. Sɛ “nkrabea” a wonni so tumi na edi nsɛm tebea so a, anka kar mu bɛlt ho renhia. Aduruyɛ a ɛfata ne ahotew nso tew ɔpatuwu dodow so kɛse. Mpo, asiane ahorow bi a wɔtaa to din, “Onyankopɔn nnwuma” no yɛ nnipa nnwuma—apɛgyade a ɛyɛ awerɛhow a yenya fi asase a nnipa asɛe no no mu.—Fa toto Adiyisɛm 11:18 ho.

“Bere ne Akwanhyia”

Nokwarem no, nsɛm a ɛyɛ awerɛhow pii wɔ hɔ a yenhu nea ɛde ba ankasa. Nanso hyɛ nea Bible ka wɔ Ɔsɛnkafo 9:11, NW, no nsow: “Mesan mehwɛɛ owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, na ɛnyɛ animdefo de ne ɔdom, efisɛ ɛbere ne akwanhyia to wɔn nyinaa.” Enti ntease biara nnim sɛ yebegye adi sɛ Ɔbɔadeɛ no na ɔhyɛ akwanhyia akyi anaasɛ ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so twe wɔn a wohyia akwanhyia so.

Yesu Kristo ankasa kasa tiaa nkrabea ho adwene. Bere a ɔreka asiane bi a na n’atiefo nim ho asɛm yiye ho biribi no, Yesu bisae sɛ: “Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ekum wɔn no, mususuw sɛ wɔyɛ mmaratofo sen nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa? Mise mo sɛ: Ɛnte sa.” (Luka 13:4, 5) Ɛda adi sɛ Yesu ammu asiane no sɛ efi Onyankopɔn na mmom efi “ɛbere ne akwanhyia.”

Sintɔ mu Haw Ahorow

Na owu ne nyarewa a wontumi nte ase no nso ɛ? Bible de nnipa tebea ho nkyerɛkyerɛmu ma pen sɛ: “Wɔn nyinaa wu Adam mu.” (1 Korintofo 15:22) Owu ahaw adesamma fi bere a yɛn nana Adam sii asoɔden kwan so no. Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ kɔkɔ pɛpɛɛpɛ no, Adam de owu gyaw n’asefo. (Genesis 2:17; Romafo 5:12) Enti nea ekosi ara ne sɛ yɛn nyinaa nana Adam mu na nyarewa nyinaa fi bae. Abasamtu ne huammɔdi ahorow a yehyia wɔ asetra mu no nso pii fi yɛn mmerɛwyɛ a yenya fii awo mu no.—Dwom 51:5.

Susuw ohia ho hwɛ. Mpɛn pii no, nkrabea mu gyidi ma ahiafo fa asetra a ɛyɛ den a wɔwom no saa ara. Wogye di sɛ ‘Ɛyɛ yɛn nkrabea.’ Nanso Bible kyerɛ sɛ nnipa sintɔ na ɛde ba, emfi nkrabea. Ohia ka ebinom bere a ‘wotwa nea wɔagu’ a ɛnam anihaw, anaa nneɛma a wɔnhwɛ so yiye so no. (Galatifo 6:7; Mmebusɛm 6:10, 11) Ɔpepem pii di hia esiane adufudepɛfo a wodi tumi sisi wɔn nti. (Fa toto Yakobo 2:6 ho.) Bible ka sɛ: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Adanse biara nni hɔ a yebetumi agyina so de akyerɛ sɛ ohia nyinaa fi Onyankopɔn anaa nkrabea.

Nkrabea mu Gyidi—Ɔhaw Ahorow a Ɛwom

Asɛm foforo nso a ntease wom a wɔka tia nkrabea mu gyidi ne nkɛntɛnso a ebetumi anya wɔ wɔn a wogye nkrabea di no so. Yesu Kristo kae sɛ: “Dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne.” (Mateo 7:17) Momma yensusuw nkrabea mu gyidi “aba” biako ho—sɛnea enya adwene a nkurɔfo wɔ wɔ asɛyɛde ho so nkɛntɛnso.

Asɛyɛde ho adwempa a obi benya no ho hia. Ɛyɛ ade biako a ɛkanyan awofo ma wɔma wɔn mmusua ahiade, adwumayɛfo nso yɛ wɔn nnwuma, na aguadeyɛfo yɛ nneɛma papa. Nkrabea mu gyidi betumi akum saa atenka no. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ ɔbarima bi kar stia asɛe. Sɛ ɔyɛ obi a n’ani kũ asɛyɛde ho a, ɔbɛma wɔasiesie esiane ɔno ne afoforo a wɔbɛtra mu nkwa ho a osusuw nti. Ɔkwan foforo so no, ebia obi a ogye nkrabea di bebu n’ani agu asiane no so, asusuw sɛ, sɛ ɛyɛ ‘Onyankopɔn pɛ’ nkutoo de a, ɛbɛsɛe!

Yiw, ɛnyɛ den koraa sɛ nkrabea mu gyidi bɛhyɛ anibiannaso, anihaw, gye a obi rennye ne nneyɛe ho asɛyɛde ntom, ne su bɔne afoforo ho nkuran.

Esiw Abusuabɔ a Yɛne Onyankopɔn Benya Kwan?

Nea asiane wom sen biara no, nkrabea mu gyidi betumi abrɛ obi ani a ekũ asɛyɛde ho anaa n’asɛyɛde wɔ Onyankopɔn anim no ase. (Ɔsɛnkafo 12:13) Odwontofo no hyɛ adesamma nyinaa nkuran sɛ ‘wɔnka nhwɛ na wonhu sɛ Yehowa ye.’ (Dwom 34:8) Onyankopɔn de ahwehwɛde ahorow bi si hɔ ma wɔn a wobenya n’ayamye so mfaso no.—Dwom 15:1-5.

Saa ahwehwɛde no mu biako ne adwensakra. (Asomafo no Nnwuma 3:19; 17:30) Ɛno hwehwɛ sɛ yegye yɛn mfomso ahorow tom na yɛyɛ nsakrae a ehia. Sɛ́ nnipa a yɛtɔ sin no, yɛn nyinaa wɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ yɛyɛ mu nsakrae. Nanso sɛ obi susuw sɛ nkrabea di ne so a ontumi nyɛ ho hwee a, ɛyɛ den sɛ ɔbɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔsakra n’adwene anaasɛ ogye ne mfomso ahorow ho asɛyɛde tom.

Odwontofo no ka faa Onyankopɔn ho sɛ: “W’adɔe ye sen nkwa.” (Dwom 63:3) Nanso nkrabea mu gyidi ama ɔpepem pii agye adi sɛ wɔn haw fi Onyankopɔn. Sɛnea ɛnyɛ nwonwa no, eyi ama nnipa pii afa ne ho abufuw, na ama wɔmpɛ sɛ wɔne Ɔbɔadeɛ no benya abusuabɔ a emu yɛ den ankasa. Efisɛ ɛbɛyɛ dɛn na wubetumi anya ɔdɔ ama obi a wususuw sɛ ɔno na ɔde wo haw ne w’abɛbrɛsɛ nyinaa ba wo so no? Enti nkrabea mu gyidi de akwanside si Onyankopɔn ne onipa ntam.

Wɔade Wɔn Ho Afi Nkrabea Nhyɛso Ase

Ná nkrabea mu gyidi ayɛ aberante Ousmane, a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no akoa. Nanso bere a Yehowa Adansefo boaa no ma ogyinaa Bible so hwehwɛɛ ne nsusuwii no mu no, ɛkaa Ousmane ma ɔpow gyidi a na ɔwɔ wɔ nkrabea mu no. Nea efi mu bae ne ahotɔ kɛse nka a ɔtee, ne asetra ho adwene foforo a ɛyɛ papa a onyae. Nea ehia sen saa no, wabehu Yehowa sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ “mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.”—Exodus 34:6.

Ousmane abehu nso sɛ ɛmfa ho sɛ Onyankopɔn nhyehyɛ yɛn asetra mu biribiara no, ɔwɔ atirimpɔw ma yɛn daakye.a Sɛnea 2 Petro 3:13 ka no: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” Yehowa Adansefo aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔanya asetra a enni awiei sɛ́ “asase foforo” a w’ahyɛ ho bɔ yi mufo mu anidaso. Wɔbɛpɛ sɛ wɔboa wo nso.

Bere a wunya Bible mu nokware nimdeɛ pii no, wobɛba abehu sɛ wo daakye nnyina nkrabea a wɔahyɛ ato hɔ a wuntumi nyɛ ho hwee so. Mose nsɛm a ɔka kyerɛɛ tete Israelfo no fata yiye: “Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa, na dɔ Awurade wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho.” (Deuteronomium 30:19, 20) Yiw wowɔ wo daakye so tumi. Enni nkrabea nsam.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ nsɛm pii a ɛfa hu a Onyankopɔn tumi hu nea ɛbɛba daakye ho a, hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban, July 15, 1984, nkratafa 3-7.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 6, 7]

Ná saa asiane ahorow yi ‘mfi Onyankopɔn’

[Nsɛm Fibea]

U.S. Coast Guard mfonini

WHO

UN MFONINI 186208 /M. Grafman

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena