Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 11/8 kr. 19-21
  • Nkrabea—So Ɛno Na Ɛkyerɛ Sɛnea Wo Daakye Bɛyɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkrabea—So Ɛno Na Ɛkyerɛ Sɛnea Wo Daakye Bɛyɛ?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Nkrabea Wɔ Wo So Tumi
  • Hokwan a Yɛwɔ Sɛ Yɛpaw Nea Yɛpɛ
  • Nea Enti a Adebɔne Ba Nnipa Pa So
  • Ɛyɛ Nkrabea Anaa Ɛbɛbɔɔ mu Kwa?
    Nyan!—1999
  • So Bible no Kyerɛkyerɛ Nkrabea Mu Gyidi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • So Nkrabea Mu Gyidi Di W’asetra So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Sɛnea Adesamma Hwehwɛ Wɔn Nkrabea Mu
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 11/8 kr. 19-21

Bible No Adwene

Nkrabea​—So Ɛno Na Ɛkyerɛ Sɛnea Wo Daakye Bɛyɛ?

NSA a wɔde popa fĩ fi abofra anim bɔkɔɔ yɛ ade a ɔdɔ wom a awofo pii taa yɛ. Saa tebea yi nkutoo na ɛyɛ soronko koraa. Abofra a wɔrebesie no no yɛ nnipa bɛboro 2,000 a wowuwui wɔ asiane bi a ɛmaa Indiafo nyinaa dii awerɛhow na ehu kaa nnipa a wɔaka a wɔwɔ wiase no mu nyinaa no mu biako. Asɛm yi sii bere a mframa bɔne bi bɔ faa kurow bi a wɔfrɛ Bhopal mu na ɛmaa nkurɔfo pirapirae na ebinom wuwui no akyi.

Indiafo binom hwɛɛ asiane yi na wɔteɛɛm sɛ, “Nkrabea!” Afoforo nyaa adwen horow te sɛ ‘Na wɔahyɛ ato hɔ,’ anaasɛ ‘Na wɔakyerɛw ato hɔ.’ Nanso ɛnyɛ Indiafo nyinaa na wɔkae sɛ Bhopal asiane no fi nkrabea.

Dɛn na wugye di? So nkrabea na ɛma ɛbae? So nkrabea na ɛkyerɛ sɛnea yɛn daakye bɛyɛ?

So Nkrabea Wɔ Wo So Tumi

Nkyerɛkyerɛ a ɛfa nkrabea ho kyerɛ sɛ “nsɛm a esisi yɛ nea wɔadi kan ahyehyɛ ato hɔ bere nyinaa wɔ ɔkwan a adesamma rentumi nsakra no so.” Hena na ɔhyehyɛe? Wɔn a wogye nkrabea di no mu binom bebua sɛ, “Ɛyɛ honhom bi a ɔkorɔn sen onipa.”

Afoforo gye di sɛ onyame bi adi kan ahyehyɛ obi asetra nyinaa a bere ne ɔkwan a ɔbɛfa so awu ka ho ato hɔ a biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ de asakra.

Nanso Bible no adwene ne eyi bɔ abira. Ɛka sɛ nsɛm a esisi ne nea ɛba nnipa pa ne abɔnefo so no mu binom yɛ nea wɔahyɛ ato hɔ nanso nea ɛbɛba ankorankoro so no age nea wɔahyɛ ato hɔ. Bere a Dictionary of the Bible reka asɛmfua nkrabea a wɔde adi dwuma wɔ Bible nkyerɛase biako mu ho asɛm no, ɛka sɛ: “Asɛm no mu nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wɔanka wɔ baabiara sɛ wɔadi kan ahyehyɛ nsɛm a esisi ato hɔ bere nyinaa a onipa ntumi nsakra no. Ɛtɔ bere bi a ɛka nea nnipa nyinaa wɔ wɔ asetra mu anaa ɔsɛe a nnipa de ba wɔn ho so anaa nea ɛba ɔman no so ho asɛm.”​—Hwɛ Numeri 16:29 wɔ Revised Standard Version no mu.

Hwɛ sɛnea Bible no ka nneyɛe ne nea efi mu ba ho nnyinasosɛm titiriw a ntease wom no ho asɛm bere a ɛka sɛ: “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Asɛm a nkyekyem yi ka no yɛ nokware. Enhia adanse biara ne “nea enti a ɛte saa.” Esiane sɛ nea yegu na yetwa nti, so ɛnna adi sɛ yɛn na yɛma nea efi nneɛma pii a ɛto yɛn no mu ba no ba? Ɛnyɛ nkrabea na ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ ɛba.

Hokwan a Yɛwɔ Sɛ Yɛpaw Nea Yɛpɛ

Yɛwɔ hokwan sɛ yɛpaw nea yɛpɛ. Nea ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ hokwan a ɛte saa no yɛ nea ɛda adi wɔ kyerɛwsɛm a edi so yi mu: “Mede nkwa ne ɔwu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wone wo asefo nya nkwa, na dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata no ho, efisɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodow.” (Deuteronomium 30:19, 20) Dɛn nti na Yahowa Nyankopɔn bɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmpaw nkwa sɛ yenni hokwan sɛ yɛyɛ saa a?

Sɛ yɛyɛ mfiri a obi a ɔwɔ soro adi kan ahyehyɛ nea ɛbɛyɛ nyinaa ato hɔ a, ɛnde mfaso bɛn na ɛwɔ Yesu afotu a ese “mompere nhyɛn ɔpon teateaa” a ɛkɔ daa nkwa mu no mu?

Anaa, ntease bɛn na ɛwɔ n’asɛm yi mu: “Na nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no”? Wɔrennye obiara! Obi a ɔda wɔ honhom mu rennya atirimpɔw biara nnyina so mmɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn anaa obegyina mu akodu awiei denam di a ɔbɛkɔ so adi Bible akwankyerɛ so no so.​—Luka 13:24; Mateo 24:13.

Sɛ Yesu akyidini Paulo gye dii sɛ wɔadi kan ahyehyɛ nea ɛbɛto no awiei koraa no ato hɔ dedaw a, ɛnde na ne nsɛm yi bɛyɛ nea ntease nni mu: “Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka, anaasɛ manya mawie pɛyɛ dedaw, na mmom mekɔ m’anim ara na me nsa aka, sɛnea Kristo Yesu nsa aka me no. Anuanom, me de, minsusuw sɛ me nsa anya aka biribi; nanso ade biako pɛ na meyɛ: Mema me werɛ fi akyiri de, na metwe me mu mepɛ anim de. Mede mmirika mepɛ botae no ho madu, na makonya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu afrɛ me no mu nkonimbo.”​—Filipifo 3:12-14.

So ɛbɛyɛ nea ntease wom ama Kristoni sɛ ‘ɔbɛtwe ne mu apɛ anim de’ na ‘ɔde mmirika apɛ botae no ho adu’ sɛ nkrabea akyerɛ nea obedi nkonim ansa na mmirikatu no fii ase a? Nokwarem no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ mmirikatu no mu koraa? ‘Nea ebesi biara yɛ nea ebesi ara” gyidi no ne Bible no adwene nhyia.

Enti yɛnyɛ abaduaba a yɛhyɛ obi a ɔwɔ tumi sen yɛn nsa a ɔkyerɛ ade biara a yɛyɛ no kwan. Wɔanni kan anhyehyɛ nea yɛn asetra bɛyɛ ansa na wɔwo yɛn.

Nea Enti a Adebɔne Ba Nnipa Pa So

Sɛ ɛnyɛ nkrabea na ɛkyerɛ sɛnea yɛn asetra bɛyɛ a, ɛnde dɛn nti na ɛte sɛ nea nnipa a wɔyɛ papa hyia tebea bɔne? Mmuae biako a Bible no de ma ne sɛ “Ebere ne akwanhyia” to yɛn nyinaa. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Akwanhyia betumi ama nkurɔfo awuwu. Ebia na wɔwɔ baabi a enye wɔ bere a enye mu.

Mmuae foforo a yehu wɔ Bible mu ne sɛ nnipa nyaa bɔne fii awo mu enti wɔnyɛ pɛ. “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Enti ɛnyɛ sɛ nnipa nneyɛe yɛ nea mfomso wɔ ho na enni mu nko, na mmom nneɛma a wɔyɛ no nso te saa ara. Yebetumi aka sɛ ahobammɔ ho nhyehyɛe a wobu wɔn ani gu so, kɔkɔbɔ a wɔde ma nanso wontie, adifudepɛ a ɛma wobu wɔn ani gu adwempa so ne nea ɛtete saa no fi pɛ a adesamma nyɛ no.

Enti ɛnyɛ nkrabea na ɛkyerɛ sɛnea yɛn daakye bɛyɛ; yɛwɔ hokwan sɛ yɛpaw nea yɛpɛ sɛ yenya daakye.

Britaniani anwensɛmfo kyerɛwfo William Ernest Henley daa gyidi a ɛte saa ara adi bere a ɔkae sɛ: “Mene me nkrabea wura; mene me kra so panyin.” Nanso bɛboro mfirihyia 3,000 ansa na Henley ka eyi no, Bible kyerɛwfo bi kyerɛwee ho asɛm pɛpɛɛpɛ. Na onim sɛ daakye bi a eye ne nea enye gyina n’ankasa so. Na egyina sɛ ebia ɔbɛpaw sɛ obetie Onyankopɔn anaa ɔrenyɛ osetie mma no no so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛnnɛ monpaw nea mobɛsom no mfa; Na me ne me fi de yɛbɛsom [Yehowa].”​—Yosua 24:15.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

So nkrabea na ɛma Bhopal asiane no bae?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

Nnipa pii gye di sɛ wɔadi kan ahyehyɛ obi asetra nyinaa ato hɔ a wobetumi ayɛ de asakra

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

Bible no ka sɛ nsɛm binom a esisi yɛ nea wɔahyɛ ato hɔ nanso ankorankoro asetra nyɛ nea wɔahyehyɛ ato hɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena