Ne Nyinaa Fi Hena?
BERE a afeha a ɛto so 19 Franseni bi a okyinkyin hwehwɛ nsase so, Henri Mouhot, nam kwae birentuw mu wɔ Cambodia no, oduu nsuka kɛse bi a atwa asɔredan bi ho ahyia ho. Efi faako a ogyina bɛyɛ kilomita biako no, ohuu aban anum a esisi asɔredan no so a ne tenten boro mita 60. Ná ɛyɛ Angkor Wat, nyamesom nkaedum a ɛsõ sen biara wɔ asase so. Ebeduu bere a Mouhot kohui no, na agyina wim tebea horow ano mfe ahanson dedaw.
Ná Mouhot betumi aka no prɛko pɛ sɛ adan a ɛho afuw apopobibiri yi yɛ onipa nsa ano adwuma. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔdan a ɛbɛyɛ sɛ tete ɔdansifo bi a ne ho akokwaw te sɛ Michelangelo na esii yi sõ sen biribiara a Helafo anaa Romafo de agyaw yɛn.” Ɛmfa ho sɛ na wɔagyaw asi hɔ mfehaha pii no, na ogye di sɛ ɔyɛfo bi na osii dan fɛfɛ no.
Anigyesɛm ne sɛ nhoma bi a ɛma nyansa a wɔkyerɛw no mfehaha pii ni no de ntease a ɛte saa ara kyerɛkyerɛɛ nea enti a wiase a yɛte mu yi bɛyɛ Ɔyɛfo bi nsa ano adwuma. Biribiara kyerɛ sɛ wɔbɔe. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Efisɛ ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Hebrifo 3:4) Ebia ebinom rennye nsusuwii yi ntom, na wɔbɛka sɛ: ‘Ɛsono ɔdomankoma nnwuma na ɛsono nea onipa ayɛ.’ Nanso ɛnyɛ nyansahufo nyinaa na wogye saa nsusuwii no tom. Bere a Michael Behe a ɔyɛ abɔde a nkwa wom mu nnuru ho ɔbenfo abadiakyiri wɔ Lehigh Sukuupɔn no gye toom sɛ “abɔde a ɛte ase mu nnuru wɔ nkwa” akyi no, obisae sɛ: “So wobetumi afi nyansa mu ahyehyɛ abɔde a nkwa wom mu nnuru?” Ɔkɔ so kyerɛ sɛ mprempren, nyansahufo nam awosu mu nkwaadɔm a wɔhyehyɛ so reyɛ nsakrae atitiriw bi wɔ abɔde a nkwa wom mu. Ɛda adi pefee sɛ, wobetumi ayɛ abɔde a nkwa nnim ne nea nkwa wom nyinaa, na wobetumi ahyehyɛ nso! Bere a Behe reka nkwammoaa a aniwa ntumi nhu ho asɛm no, ɔka abɔde ahorow a emu nneɛma dɔɔso yiye a emu nneɛma no dan wɔn ho wɔn ho na ama wɔatumi ayɛ adwuma no ho asɛm. Ɔde baa awiei dɛn? “Nea afi mmɔden ahorow a wɔabɔ wɔ nkwammoaa mu nhwehwɛmu yi nyinaa mu aba—de ahwehwɛ nkwammoaa mu nneɛma nketenkete mu—no di adanse sɛ ‘wɔyɛe!’”
Amansan mu nhwehwɛmufo ne ade a wotumi so mu ho animdefo nso ahyɛ da asusuw wiase no ne amansan no ho akɔ akyiri, na wɔahu nokwasɛm ahorow bi a ɛyɛ nwonwa. Sɛ nhwɛso no, afei de wɔahu sɛ sɛ anka nsakrae baa amansan no mu nneɛma a ɛnsakra no mu biara mu kakraa bi a, anka yɛrennya nkwa wɔ amansan yi mu.a Amansan mu nhwehwɛmufo, Brandon Carter frɛɛ nokwasɛm ahorow yi, nsɛm a ɛne nsɛm hyia a ɛyɛ nwonwa. Nanso sɛ ɛba sɛ wuhyia nsɛm a ɛne nsɛm hyia a ɛyɛ nwonwa ntoatoaso a, so anyɛ yiye koraa no, worennya adwene sɛ efi obi?
Nokwarem no, abɔde a emu nneɛma bebree na nneɛma no nyinaa “ahyiahyia” fɛfɛɛfɛ no fi Ɔyɛfo bi. Ɔne hena? Ɔbenfo Behe gye tom sɛ: “Nyansahu kwan so a wɔbɛfa ahwehwɛ ɔyɛfo no betumi ayɛ den yiye,” na ogyaw asɛmmisa no ma “nyansapɛfo ne nyamekyerɛfo” sɛ wommua. Ebia wobɛte nka sɛ asɛmmisa no ho nhia wo. Nanso, sɛ wo nsa ka amenade bi a wɔakyekyere ho fɛfɛɛfɛ a wɔde nea wuhia pɛpɛɛpɛ na ahyem a, so worempɛ sɛ wubehu onii ko a ɔde brɛɛ wo?
Sɛnkyerɛnne kwan so no, yɛn nsa aka amenade bi a ɛte saa—amenade a akyɛde ahorow a ɛyɛ fɛ na etumi ma yɛtra ase nya nkwa mu anigye wom. Saa amenade no ne asase ne emu nneɛma a ɛda nsow a ɛma nkwa kɔ so no nyinaa. So ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ onii ko a ɔde akyɛde ahorow yi maa yɛn no akyi kwan?
Anigyesɛm ne sɛ, Nea ɔde amenade no bae no de krataa bi kaa ho. “Krataa” no ne tete nhoma a ɛma nyansa a yedii kan kaa ho asɛm—Bible no. Bible no nam ɔkwan ketewaa bi a ntease wom so ma yɛn asɛmmisa a ɛfa nea ɔde amenade no bae ho mmuae: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.”—Genesis 1:1.
Ɔbɔadeɛ no de ne din da ne ho adi wɔ ne “krataa” no mu: “Sɛ Onyankopɔn [Yehowa, “NW”], nea ɔbɔɔ ɔsoro . . . , na ɔyerɛw asase ne ne mfifii mu, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfo . . . no se ni.” (Yesaia 42:5; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Yiw, Onyankopɔn a ɔyɛɛ amansan no na ɔbɔɔ mmarima ne mmea wɔ asase so no din ne Yehowa. Nanso, hena ne Yehowa? Ɔyɛ Onyankopɔn bɛn? Na dɛn nti na ɛsɛ sɛ asase so nnipa nyinaa tie no?
[Ase hɔ asɛm]
a “Nneɛma a ɛnsakra” no yɛ nneɛma a ɛte sɛ nea entumi nsakra wɔ amansan yi mu baabiara. Ɛho nhwɛso abien ne sɛnea hann tu mmirika, ne abusuabɔ a ɛda tumi a ɛtwe ade ba fam ne nneɛma mu duru ntam no.
[Kratafa 3 mfonini]
Nnipa na esii Angkor Wat
[Kratafa 4 mfonini]
Sɛ wo nsa ka akyɛde bi a, so worempɛ sɛ wubehu onii ko a ɔde brɛɛ wo?